Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr24 January kr. 1-12
  • “Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma” Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma” Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2024
  • Nsɛmti Nketewa
  • JANUARY 8-14
  • JANUARY 15-21
  • JANUARY 22-28
  • JANUARY 29–FEBRUARY 4
  • FEBRUARY 5-11
  • FEBRUARY 12-18
  • FEBRUARY 19-25
  • FEBRUARY 26–MARCH 3
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2024
mwbr24 January kr. 1-12

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

© 2023 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

JANUARY 1-7

BIBLE MU AKORADE | HIOB 32-33

Wɔn a Adwinnwen Ahyɛ Wɔn So No, Kyekye Wɔn Werɛ

it-1 710

Elihu

Elihu anyɛ nhwɛanim, na wammɔ obiara abodin amfa anhoahoa no. Ɔkaa sɛ ɔno nso te sɛ Hiob; dɔte na yɛde nwenee no, na ade nyinaa so Tumfoɔ no na ɛbɔɔ no. Elihu ankɔ sɛ ɔrekohunahuna Hiob, na mmom ɔne no kasae sɛnea obi ne n’adamfo a ɔda ne koma so kasa. Afei nso, ɔde Hiob din frɛɛ no; wei yɛ biribi a Elifas, Bildad, ne Sofar mu biara anyɛ.—Hio 32:21, 22; 33:1, 6.

w14 6/15 25 ¶8-10

Wuhu Nnipa Mmerɛwyɛ Sɛnea Yehowa Hu No?

Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya tema ama yɛn nuanom a wohia mmoa? Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ‘ɛnyɛ nea adwene pɛ ne sɛ ɔhow gya so.’ Yɛn nuanom bi wɔ hɔ a yare anaa adwenemhaw bi reteetee wɔn. Ebinom nso abusuafo nni asafo no mu. Yennim da a yɛn nso yɛbɛkɔ tebea a ɛte saa mu. Yɛnhwɛ Israelfo no. Wohuu amane paa wɔ Egyptfo nsam. Enti bere a aka kakra ma wɔadu Bɔhyɛ Asase no so no, Yehowa kaee wɔn sɛ ‘wɔmmma wɔn koma anaa wɔn nsam nnyɛ den’ wɔ wɔn nuanom so. Ná Yehowa hwɛ kwan sɛ wɔbɛboa ahiafo ne wɔn a wɔayɛ mmerɛw.—Deut. 15:7, 11; Lev. 25:35-38.

Sɛ biribi nti yɛn nuanom ho kyere wɔn a, ɛnsɛ sɛ yɛpere yɛn ho bu wɔn atɛn. Mmom ɛsɛ sɛ yɛkyekye wɔn werɛ na wɔde anigye som Yehowa. (Hiob 33:6, 7; Mat. 7:1) Mfatoho bi ni: Fa no sɛ obi de moto akonya akwanhyia ma wakɔ ayaresabea. Sɛ odu hɔ a, afei na dɔkotafo ne nɛɛsefo no rebedi n’asɛm ahwɛ sɛ ɔno na ɔmaa akwanhyia no bae anaa? Dabi. Onipa no nkwa da asiane mu, enti ntɛm ara wɔbɛhwɛ no ama no aduru. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ. Sɛ ɔhaw bi ama yɛn nua Kristoni bi abotow anaa wayɛ mmerɛw a, ɛsɛ sɛ yedi kan boa no ma ɔsɔre gyina ne nan so.—Monkenkan 1 Tesalonikafo 5:14.

Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase hwɛ tebea a yɛn nuanom wom a, ebia yebehu sɛ sɛɛ wɔnyɛ mmerɛw saa. Wo deɛ yɛnhwɛ anuanom mmaa a wɔn kununom nni asafo no mu. Wotumi hyia ɔsɔretia a ano yɛ den. Ampa ebia ebinom asɛm bɛyɛ mmɔbɔ na wohwɛ wɔn a wutumi hu sɛ wɔrebrɛ. Nanso wunhu sɛ egye akokoduru ne gyidi na obi atumi agyina tebea a ɛte saa ano? Afei hwɛ ɔbaatankoro bi a daa ɔne ne mma ba adesua. Ne gyidi ne n’ahokeka no mpusuw wo anaa? Na mmabun a nneɛma bɔne atwa wɔn ho ahyia wɔ sukuu, nanso ne nyinaa akyi no wokura nokware no mu nso ɛ? Sɛ yegye bere susuw yɛn nuanom ho na yɛhwɛ tebea a wɔrefa mu a, yebehu sɛ wɔyɛ “adefo wɔ gyidi mu” te sɛ yɛn a yesusuw sɛ yɛn ho yɛ den no.—Yak. 2:5.

w20.03 23 ¶17-18

Bere Bɛn Na Ɛfata Sɛ Yɛkasa?

Ɔbarima a ɔto so nnan a ɔkɔsra Hiob ne Elihu; ná Elihu yɛ Abraham busuani. Bere a Hiob ne mmarima mmiɛnsa no rekasa no, Elihu tiei. Yehu sɛ ɔyɛɛ aso tiee nea wɔkae no, efisɛ otumi maa Hiob afotu pa, na nea ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ no nso, ɔka kyerɛɛ no. Wei boaa Hiob ma ɔteɛteɛɛ ne nsusuwii. (Hiob 33:1, 6, 17) Ná ɛnyɛ nea ehia Elihu paa ne sɛ ɔbɛhyɛ ne ho anaa obi foforo anuonyam, na mmom na ɔpɛ sɛ ɔhyɛ Yehowa anuonyam. (Hiob 32:21, 22; 37:23, 24) Yehu wɔ Elihu asɛm no mu sɛ bere bi wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ komm na yetie asɛm. (Yak. 1:19) Afei nso, yɛahu sɛ, sɛ yɛretu afoforo fo a, nea ɛsɛ sɛ ehia yɛn paa ne sɛ yɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam na ɛnyɛ sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho anuonyam.

Kasa yɛ akyɛde a Yehowa de ama yɛn. Bible mu afotu a ɛfa bere a ɛsɛ sɛ yɛkasa ne sɛnea ɛsɛ sɛ yɛkasa ho no, sɛ yɛde yɛ adwuma a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ saa akyɛde no. Yehowa maa Ɔhene Solomon nyansafo no kyerɛwee sɛ: “Asɛm a wɔka wɔ bere a ɛfata mu no te sɛ sika aduaba a egu dwetɛ anwenne mu.” (Mmeb. 25:11) Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase tie nsɛm a afoforo ka na yedwen asɛm a yɛpɛ sɛ yɛka ho ansa na yɛakasa a, yɛn nsɛm bɛyɛ te sɛ saa sika aduaba a ɛyɛ fɛ na ɛsom bo no. Ɛba saa a, yɛpɛ kasa oo, yɛmpɛ kasa oo, nsɛm a yɛka bɛhyɛ afoforo den, na Yehowa ani begye yɛn ho. (Mmeb. 23:15; Efe. 4:29) Wei ara ne ɔkwan pa a yebetumi afa so akyerɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn yi ho anisɔ!

Tweetwee Bible Mu

w13 1/15 19 ¶10

Bɛn Yehowa

Afei nso yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛn ho yɛ fɛ. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma tra so sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo behu yɛn sɛ mmerante anaa mmabaa. Bible ka sɛ: “Atifi dwen, sɛ wohu no trenee kwan so a, ɛyɛ abotiri a ɛyɛ fɛ.” (Mmeb. 16:31) Enti mpanyinyɛ kura nidi ne ahoɔfɛ ankasa. Saa na Yehowa hu no, na ɛsɛ sɛ yɛn nso yehu no saa. (Monkenkan 1 Petro 3:3, 4.) Sɛ saa na asɛm no te a, wohwɛ a ɛbɛyɛ papa sɛ ahoɔfɛ nti wobɛyɛ oprehyɛn anaa wobɛsrasra nku bi anaa wobɛnom nnuru bi a ɛde w’apɔwmuden anaa wo nkwa bɛto asiane mu? Sɛ woanyin oo, wusua oo; wo ho yɛ den oo, wo ho nyɛ den oo, kae sɛ “Yehowa mu anigye” na ɛma yɛn nyinaa ho yɛ fɛ ankasa. (Neh. 8:10) Wiase foforo no mu na yebenya apɔwmuden a edi mũ. Saa bere no na yɛbɛsan asi yɛn mmerantebere ne yɛn mmabaabere mu. (Hiob 33:25; Yes. 33:24) Bere a yɛretwɛn no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yenya gyidi sɛ Yehowa bɔhyɛ bɛbam. Eyi bɛma yɛn ani agye na yɛabɛn Yehowa na yɛde yɛn bere adi dwuma yiye.—1 Tim. 4:8.

JANUARY 8-14

BIBLE MU AKORADE | HIOB 34-35

Apapafo Bɛbrɛ Akosi Da Bɛn?

wp19.1 8 ¶2

Onyankopɔn Suban Te Sɛn?

Bere nyinaa Onyankopɔn yɛ nea ɛteɛ. “Ɛmpare nokware Nyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne, ne ade nyinaa so Tumfoɔ sɛ ɔbɛyɛ nea ɛnteɛ!” (Hiob 34:10) N’atemmu nyinaa teɛ. Saa na odwontofo no kae bere a na ɔne Yehowa rekasa no. Ɔkaa sɛ: “Teeyɛ mu na wubebu aman atɛn.” (Dwom 67:4) Esiane sɛ ‘Yehowa hwɛ komam’ nti, obi a ɔyɛ nyaatwom ntumi nnaadaa no. Mmom no, bere nyinaa Onyankopɔn tumi hu nokwasɛm a ɛwɔ asɛm biara mu, na obu atɛntrenee. (1 Samuel 16:7) Bio nso, ntɛnkyea ne nsisi a ɛrekɔ so wɔ asase so nyinaa, Onyankopɔn nim. Wahyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ ‘obetwa abɔnefo afi asase so.’—Mmebusɛm 2:22.

w17.04 10 ¶5

Onyankopɔn Ahenni no Ba a, Dɛn na Ebefi Hɔ?

Dɛn na Yehowa bɛyɛ? Seesei, Yehowa ama nnebɔneyɛfo kwan sɛ wɔnsakra. (Yes. 55:7) Ankorankoro a wodi nsɛmmɔne no nnya nnyaa wɔn atemmu a etwa to. Mmom no, ɛyɛ wiase yi na wɔabu no fɔ. Nanso, ma yɛmfa no sɛ ɔdebɔneyɛfo bi ayɛ n’adwene sɛ ɔrensakra, na ɔkɔ so ara di wiase yi akyi kodu ahohiahia kɛse no mu. Dɛn na ɛbɛba no so? Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, obeyi nnebɔneyɛfo afi asase so korakora. (Kenkan Dwom 37:10.) Ebia nnebɔneyɛfo adwene bɛyɛ wɔn sɛ wobetumi aguan saa atemmu no. Abɔnefo pii asua sɛnea wɔyɛ bɔne wɔ sum ase. Saa wiase yi mu no, ɛte sɛ nea mpɛn pii no, nnebɔneyɛfo taa fa wɔn ho di wɔ wɔn nneyɛe bɔne ho a wommu wɔn atɛn, na wontwa so aba biara nso. (Hiob 21:7, 9) Nanso, Bible ma yehu sɛ: “[Onyankopɔn ani] tua onipa akwan, na n’anammɔn nyinaa ohu. Esum anaa esum kabii biara nni hɔ na abɔnefo ahintaw mu.” (Hiob 34:21, 22) Obiara nni hɔ a obetumi de ne ho asie Yehowa Nyankopɔn. Ɔdaadaafo biara nni hɔ a obetumi adaadaa Yehowa. Sɛnea Onyankopɔn hu ade kɔ akyiri paa no, ɛso bi nni. Enti esum kabii biara nni hɔ a ebetumi asiw kwan a ɛremma onhu nneɛma a ɛrekɔ so. Harmagedon akyi no, sɛ yɛhwehwɛ nnebɔneyɛfo tenabea a, yɛrenhu wɔn. Wɔbɛtɔre wɔn ase korakora!—Dw. 37:12-15.

w21.05 7 ¶19-20

Wobɛma Nea Yesu Yɛe Ato Wo Hintidua?

Ɛnnɛ nso saa na nkurɔfo te anaa? Yiw. Esiane sɛ yɛmfa yɛn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu nti, ɛnnɛ nnipa bebree ntie asɛmpa a yɛka no. Wɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛtow aba. Nanso Yehowa ani so no, yenim sɛ, sɛ yeyi onipa bi sɛ onni yɛn so a, ɛkyerɛ sɛ yɛapo Yehowa. (1 Sam. 8:4-7) Ebinom nso adwene yɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ yesisi sukuu ne ayaresabea na yɛyɛ ɔmanfo adɔe. Esiane sɛ yɛmfa yɛn adwene nsi ɔhaw a nnipa rehyia nnɛ so na yɛde yɛn adwene si asɛnka adwuma no so nti, nkurɔfo ntie asɛmpa a yɛka no.

Yɛbɛyɛ dɛn na biribiara anto yɛn hintidua? (Kenkan Mateo 7:21-23.) Ade a ɛsɛ sɛ ɛho hia yɛn paa ne sɛ yɛbɛyɛ adwuma a Yesu ahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no. (Mat. 28:19, 20) Ɛnsɛ sɛ yɛma amanyɔsɛm ne ɔhaw a nnipa rehyia no yi yɛn adwene fi asɛnka adwuma no so. Yɛdɔ yɛn yɔnko nnipa na ɔhaw a wɔrehyia no haw yɛn, nanso yenim sɛ ɔkwan papa a yebetumi afa so aboa wɔn ne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn Ahenni no ho ade, na yɛaboa wɔn ama wɔne Yehowa afa adamfo.

Tweetwee Bible Mu

w17.04 29 ¶3

Sɛ Wutu Wo Ho Ma a, Ma Ɛnhyɛ Yehowa Anuonyam!

Yehowa anteɛ Elihu so sɛ obisaa asɛm a edi hɔ yi. Elihu bisae sɛ: “Sɛ woyɛ nea ɛteɛ a, dɛn na ɛde ma [Onyankopɔn], na dɛn na onya fi wo nsam?” (Hiob 35:7) Enti nea na Elihu reka ne sɛ mfaso biara nni mmɔden a yɛrebɔ sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn no so anaa? Dabi. Nea na Elihu reka ne sɛ, sɛ yɛansom Yehowa a, hwee renhia no. Yehowa nhia obiara mmoa. Yɛrentumi mma onnya ne ho, anaa onnya tumi nka nea ɔwɔ no ho. Mmom no, suban pa, ɔdom akyɛde, ne ahoɔden biara a yɛwɔ no, Onyankopɔn na ɔde ama yɛn. Na ohu sɛnea yɛde akyɛde a ɛte saa no yɛ adwuma.

JANUARY 15-21

BIBLE MU AKORADE | HIOB 36-37

Dɛn Na Ɛma Wugye Di Sɛ Daa Nkwa a Onyankopɔn De Ahyɛ Yɛn Bɔ No Bɛba Ampa?

w15 10/1 13 ¶1-2

Wohwɛ a, Yɛbɛtumi Ahu Onyankopɔn?

ONYANKOPƆN TE HƆ DAA: Bible ka sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ “firi mmerɛsanten kɔsi mmerɛsanten.” (Dwom 90:2) Enti, Onyankopɔn nni mfiase, na ɔnni awiei. Yɛbɛtumi aka sɛ, “ne mfeɛ dodoɔ mu nni hwehwɛbea.”—Hiob 36:26.

Mfaso a ɛwɔ so: Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ sɛ yɛhwehwɛ no hu no a, ɔbɛma yɛn daa nkwa. (Yohane 17:3) Sɛ Onyankopɔn nte hɔ daa a, ɛbɛyɛ dɛn na wahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn daa nkwa? “Mmerɛsanten Hene” no nko ara na ɔbɛtumi ahyɛ bɔ a ɛte saa.—1 Timoteo 1:17.

w20.05 22 ¶6

W’ani Sɔ Nneɛma a Onyankopɔn De Akyɛ Yɛn No Anaa?

Nea enti a nsu wɔ asase so ne sɛ, ɔkwan a ɛda asase ne owia ntam no yɛ nea ɛfata paa. Sɛ asase no bɛn owia no kakraa bi a, anka nsu a ɛwɔ so nyinaa behuru ma ayow, na asase so bɛyɛ hyew ara ma abɔde biara rentumi ntena so. Sɛ asase no kɔɔ akyiri kakra fii owia no ho a, anka nsu a ɛwɔ so nyinaa bɛkyen, na sukyerɛmma ne nsukyenee bɛkata asase no so. Esiane sɛ Yehowa de asase no sɛn baabi a ɛfata paa nti, abɔde a ɛwɔ asase so nya nsu bere nyinaa. Ɛpo ne nsu a ɛwɔ asase so nyinaa no, owia bɔ so ma ɛyɛ hyehyeehyew, na ɛma nsu no bi dan ntutuw. Ntutuw yi kɔ wim ma ɛdan omununkum. Afe biara, nsu a owia no ma ɛdan ntutuw no, ɛdɔɔso sen nsu a ɛwɔ atare a ɛwɔ asase so nyinaa mu. Ntutuw yi kɔ wim a, edi bɛyɛ nnafua du ansa na atɔ osu anaa sukyerɛmma agu asase so. Nsu yi san kogu po ne nsu a ɛwɔ asase so nyinaa mu; saa na nsu yi di akɔneaba. Yehowa ahyɛ da ayɛ saa nhyehyɛe yi sɛnea ɛbɛyɛ a nsu rensa da wɔ asase so. Wei ma yehu sɛ Yehowa wɔ nyansa ne tumi.—Hiob 36:27, 28; Ɔsɛnk. 1:7.

w22.10 28 ¶16

Kɔ So Ara Hyɛ W’anidaso Mu Den

Daa nkwa ho anidaso a yɛwɔ no, ɛyɛ akyɛde a ɛsom bo a efi Onyankopɔn hɔ. Yɛrehwɛ daakye papa bi kwan; yenim sɛ ɛdan sɛ boɔ koraa a ɛbɛba. Ɛte sɛ sɛkyɛ. Sɛ yehyia sɔhwɛ, nkurɔfo tan yɛn ani, anaa wɔde owu hunahuna yɛn mpo a, ɛboa yɛn ma yegyina pintinn. Ɛte sɛ dade kyɛw. Ɛbɔ yɛn adwene ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a yebekyi bɔne, na yɛabata papa ho. Bible mu anidaso a yɛwɔ no twe yɛn bɛn Onyankopɔn, na ɛma yehu sɛ ɔdɔ yɛn paa. Sɛ yɛhyɛ yɛn anidaso mu den a, ɛboa yɛn paa.

Tweetwee Bible Mu

it-1 492

Kaseɛbɔ

Tete no, sɛ asɛm si baabi a, akwan pii na na ɛfa so trɛw. Ɔkwan titiriw a na ɛfa so trɛw ne sɛ obi de n’ano bɛka ama obi ate. Enti sɛ ɛyɛ asɛm a esii kurom hɔ oo, asɛm a esii ɔman foforo so oo, seesei ara na adu baabiara. (2Sa 3:17, 19; Hio 37:20) Saa bere no, na akwantufo taa bom tu kwan. Sɛ wɔgyina baabi anaa kurow bi so didi, na wɔnom nsu totɔ nneɛma a ehia wɔn a, na wɔka aman foforo so nsɛm kyerɛ ɛhɔfo no. Baabi a na Palestina asaase no da nti, sɛ obi rekɔ Asia, Africa, anaa Europe, anaasɛ ofi saa mmeae no bi reba a, na ɔkɔfa hɔ. Enti wɔn a na wɔte Palestina no, na wɔtaa te nea ɛrekɔ so wɔ aman horow so. Afei nso, sɛ obi kɔ gua mu a, ɛhɔ paa na na ɔbɛte nea ɛrekɔ so wɔ ne man mu ne aman foforo so.

JANUARY 22-28

BIBLE MU AKORADE | HIOB 38-39

Ɛyɛ a Wunya Adaagye De Hwɛ Nneɛma a Onyankopɔn Abɔ?

w21.08 9 ¶7

Wode Ntoboase Bɛtwɛn Yehowa?

Bere a Bible reka sɛnea Yehowa bɔɔ asaase no ho asɛm no, ɛkaa sɛ “osusuw too hɔ,” ɔde “ne nnyinaso sisii” hɔ, na “ɔde ne ntwea so bo tim hɔ.” (Hiob 38:5, 6) Ogyee bere mpo hwɛɛ nnwuma a wayɛ. (Gen. 1:10, 12) Sɛnea Yehowa bɔɔ nneɛma nkakrankakra no, abɔfo no hui no, wohwɛ a wɔtee nka sɛn? Ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gyei paa! Eduu baabi mpo de, ‘wɔbɔɔ ose.’ (Hiob 38:7) Dɛn na yesua fi mu? Egyee mfe mpempem pii ansa na Yehowa rebɔ ade awie, nanso bere a ɔhwɛɛ biribiara a watɔ ne bo ase abɔ no, ɔkaa sɛ “eye paa.”—Gen. 1:31.

w20.08 14 ¶2

Owusɔre No Ma Yehu Sɛ Yehowa Wɔ Ɔdɔ, Nyansa, Ne Abotare

Yehowa dii kan bɔɔ ne ba Yesu, na ɔnam ne Ba yi so ‘bɔɔ nneɛma a aka nyinaa’ a abɔfo ɔpepem pii nso ka ho. (Kol. 1:16) Yesu ani gyei paa sɛ ɔne ne Papa boom yɛɛ adwuma. (Mmeb. 8:30) Ɔsoro abɔfo no nso ani gyei paa. Bere a na Yehowa ne Yesu, ne dwumayɛni a ne ho akokwaw no rebɔ ade nyinaa no, na wɔn ani tua nea ɛrekɔ so. Dɛn na abɔfo no yɛe? Bere a Yehowa bɔɔ asase ne nneɛma foforo a aka no, wɔbɔɔ ose. Nanso bere a Yehowa bɔɔ nnipa no de, wɔbɔ gyee so paa. (Hiob 38:7; Mmeb. 8:31) Nneɛma a Yehowa abɔ yi nyinaa ma yehu sɛ ɔwɔ ɔdɔ ne nyansa.—Dw. 104:24; Rom. 1:20.

w23.03 17 ¶8

Sua Yehowa Ho Ade Pii Fi Nneɛma a Wabɔ Mu

Ɛfata sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so. Yehowa boaa Hiob ma onyaa ne mu ahotoso kɛse. (Hiob 32:2; 40:6-8) Nkɔmmɔ a Onyankopɔn ne Hiob twetwee no mu no, Onyankopɔn twee adwene sii nneɛma pii a wabɔ so. Nneɛma a ɔkaa ho asɛm no bi ne nsoromma, omununkum ne anyinam. Yehowa san kaa mmoa bi te sɛ ɛkoɔ ne ɔpɔnkɔ ho asɛm. (Hiob 38:32-35; 39:9, 19, 20) Wei nyinaa ma ɛdaa adi sɛ, Onyankopɔn tumi so, na ne dɔ ne ne nyansa nso nni ano. Saa nkɔmmɔbɔ yi nti, Hiob benyaa Yehowa mu ahotoso kɛse. (Hiob 42:1-6) Yɛn nso, sɛ yɛhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ na yedwinnwen ho a, ɛkae yɛn sɛ Yehowa wɔ nyansa ne tumi koraa sen yɛn. Yehowa betumi ayi yɛn haw nyinaa nso afi hɔ, na ɔbɛyɛ nso. Saa nokwasɛm yi betumi aboa yɛn ma yɛanya ne mu ahotoso kɛse.

Tweetwee Bible Mu

it-2 222

Mmarahyɛfo

Yehowa ne Mmarahyɛfo. Yɛreka Mmarahyɛfo paa wɔ amansan yi mu a, ɔno ne Yehowa. Ɔno na ɔhyehyɛɛ abɔde mu mmara maa nsoromma ne awia, asaase ne ɛpo nyinaa. (Hio 38:4-38; Dw 104:5-19) Ɔno ara nso na ɔhyehyɛɛ mmara maa mmoa. (Hio 39:1-30) Nnipa nso, ɛnam sɛ yɛka Yehowa abɔde ho nti, abɔde mu mmara a wahyehyɛ no ka yɛn bi. Ɛnyɛ ɛno nko, wasan ahyehyɛ abrabɔ mu mmara ama yɛn, efisɛ nnipa de, yetumi dwen sisi gyinae, na yetumi som Nyankopɔn. (Ro 12:1; 1Ko 2:14-16) Abɔfo nso, Yehowa ahyehyɛ mmara ama wɔn.—Dw 103:20; 2Pe 2:4, 11.

Abɔde mu mmara a Yehowa ahyehyɛ no, wubu so a ɛnyɛ yiye. (Yer 33:20, 21) Baabiara a wobɛkɔ wɔ amansan yi mu no, abɔde mu mmara no yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ; ɛnsesa. Ɛno nti nyansahufo tumi hwɛ ho bu akontaa ka sɛ ɛda sei anaa ɛda sei bosome bɛkyere awia, anaa okyinnsoromma wei bɛkɔ akɔda ha anaa ha, na ɛba mu saa pɛpɛɛpɛ. Sɛ obi bu abɔde mu mmara no bi so a, ɛhɔ ara onya ho nsunsuanso. Saa na abrabɔ mu mmara a Onyankopɔn ahyehyɛ no nso te; ɛnsesa, na sɛ obi bu so a, ɔremfa ne ho nni. Sɛnea obi bu abɔde mu mmara no bi so a onya ho nsunsuanso no, sɛ obu abrabɔ mu mmara no so a, ebia ɛso nsunsuanso no remma ntɛm de, nanso nea ɛbɛyɛ biara, ɛbɛba. “Onyankopɔn nyɛ obi a wodi ne ho fɛw, efisɛ nea onipa dua no, ɛno ara na otwa.”—Ga 6:7; 1Ti 5:24.

JANUARY 29–FEBRUARY 4

BIBLE MU AKORADE | HIOB 40-42

Hiob Asɛm No Nyinaa, Dɛn Na Yɛfa Fi Mu?

w10 10/15 3-4 ¶4-6

“Hena Na Wahu Yehowa Adwene?”

Sɛ yɛredwinnwen Yehowa nnwuma ho a, ɛnsɛ sɛ yegyina nnipa gyinapɛn so bu Onyankopɔn atɛn. Wɔaka saa adwene a ɛnteɛ yi ho asɛm wɔ asɛm a Yehowa kae a ɛwɔ Dwom 50:21 no mu sɛ: “Wususuw sɛ mɛyɛ sɛ wo ara.” Ɛte sɛ asɛm bi a Bible ho ɔbenfo bi kae bɛboro mfe 175 a atwam ni no. Ɔkae sɛ: “Nnipa taa gyina wɔn ankasa gyinapɛn so bu Onyankopɔn atɛn, na wosusuw sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn di mmara koro no ara a wɔn ankasa di so no so.”

Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannyina yɛn ankasa gyinapɛn ne nneɛma a yɛn ani gye ho so ankyerɛ nea ɛsɛ sɛ Yehowa yɛ. Dɛn nti na saa asɛm yi ho hia? Sɛ yɛresua Kyerɛwnsɛm no a, esiane sɛ yɛtɔ sin wɔ adwenem nti, yɛn adwene betumi ayɛ yɛn sɛ nneɛma bi a Yehowa ayɛ nteɛ. Tete Israelfo no nyaa adwene a ɛte saa, na ɛma wonyaa sɛnea Yehowa ne wɔn dii no ho adwene a ɛnteɛ. Hyɛ asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ wɔn no nsow. Ɔkae sɛ: “Mobɛka sɛ: ‘Yehowa akwan nteɛ.’ O Israel fie, monyɛ aso ntie. So m’akwan nteɛ ampa? Ɛnyɛ mo mmom na mo akwan nteɛ?”—Hes. 18:25.

Ade biako a ebetumi aboa yɛn na amma yɛanni mfomso annyina yɛn ankasa gyinapɛn so ammu Yehowa atɛn ne sɛ yebegye atom sɛ yɛn adwene sua, na ɛtɔ mmere bi a yentumi nsusuw nneɛma ho yiye koraa. Ná ehia sɛ Hiob te saa asɛm yi ase. Bere a na Hiob rehu amane no, n’abam bui, na ɛma ɔbɛyɛɛ obi a odwen ne nkutoo ho. Ne werɛ fii nneɛma a ɛho hia paa no. Nanso, Yehowa fi ɔdɔ mu boaa no ma osusuw nneɛma ho kɔɔ akyiri. Yehowa nam nsɛm bɛboro 70 a obisaa Hiob a wantumi anyi emu biara ano no so maa Hiob hui sɛ ne ntease sua. Hiob kasae ahobrɛase mu, na ɔsakraa n’adwene.—Monkenkan Hiob 42:1-6.

w17.06 25 ¶12

Fa W’adwene Si Asɛm a Ɛho Hia Paa no So

Ná Hiob agyina sɔhwɛ a emu yɛ den ano, nanso Yehowa teɛɛ ne so. Wei kyerɛ sɛ Yehowa ne Hiob anni no yiye anaa? Dabi. Hiob nso annya saa adwene no. Nea Hiob faa mu nyinaa akyi no, akyiri yi ɔkaa nsɛm bi de kyerɛe sɛ n’ani asɔ nteɛso no. Ɔkae mpo sɛ: ‘Matwe asan na manu me ho dɔte ne nsõ mu.’ Wei ma yehu sɛ, ɛmfa ho sɛ na Yehowa nteɛso no yɛ tẽẽ no, ɛkanyan Hiob ma otumi yɛɛ nsakrae. (Hiob 42:1-6) Afei nso, na aberante Elihu adi kan ateɛ Hiob adwene. (Hiob 32:5-10) Bere a Hiob gyee Onyankopɔn nteɛso toom na ɔsesaa n’adwene no, Yehowa maa afoforo hui sɛ n’ani asɔ sɛnea Hiob dii nokware wɔ sɔhwɛ mu no.—Hiob 42:7, 8.

w22.06 25 ¶17-18

“Fa W’ani To Yehowa So”

Ɛnyɛ Hiob nko ara ne Yehowa somfo a onyaa akokoduru gyinaa sɔhwɛ a emu yɛ den paa ano. Krataa a ɔsomafo Paul kyerɛw kɔmaa Hebrifo no mu no, ɔkaa nnipa pii nso ho asɛm sɛ wɔyɛ “adansefo mununkum kɛse.” (Heb. 12:1) Wɔn nyinaa hyiaa sɔhwɛ a emu yɛ den paa, nanso wɔkɔɔ so dii Yehowa nokware kosii awiei. (Heb. 11:36-40) Animia a wɔde gyinaa sɔhwɛ mu ne adwumaden a wɔyɛe no yɛɛ kwa anaa? Daabida! Ɛwom sɛ bere a wɔte ase no, wɔanhu sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa baa mu, nanso wɔkɔɔ so de wɔn ani too Yehowa so. Esiane sɛ na wogye di paa sɛ Yehowa gye wɔn tom nti, na wɔwɔ awerɛhyem sɛ ɔkwan biara so ne bɔhyɛ nyinaa bɛba mu ama wɔahu. (Heb. 11:4, 5) Wɔn nhwɛso no betumi ahyɛ yɛn den ma yɛakɔ so de yɛn ani ato Yehowa so.

Ɛnnɛ, wiase a yɛte mu no, nneɛma gye ara na ɛregye nsam. (2 Tim. 3:13) Satan nnyaee sɔhwɛ a ɔde ba Onyankopɔn nkurɔfo so no. Ɛmfa ho sɔhwɛ biara a yebehyia daakye no, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛyere yɛn ho asom Yehowa, na yennya awerɛhyem ‘mfa yɛn ani nto Onyankopɔn teasefo no so.’ (1 Tim. 4:10) Kae sɛ, bere a Hiob miaa n’ani gyinaa sɔhwɛ mu no, Onyankopɔn hyiraa no. Wei ma yehu sɛ “Yehowa wɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu.” (Yak. 5:11) Momma yɛn nso yɛnkɔ so nni Yehowa nokware, efisɛ yenim sɛ “wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no,” otua wɔn ka.—Kenkan Hebrifo 11:6.

Tweetwee Bible Mu

it-2 808

Fɛwdi

Ná Hiob yɛ ɔtreneeni. Ne nnamfo no dii ne ho fɛw yayaayaw; ne nyinaa mu no, odii Yehowa nokware. Nanso obenyaa adwene bi a ɛmfata, na ɛnam so ma odii mfomso, enti obi tenee n’adwene. Elihu kaa Hiob ho asɛm sɛ: “Ɔbarima bɛn na ɔte sɛ Hiob a ɔnom animtiaabu sɛ nsu?” (Hio 34:7) Anka ɛsɛ sɛ Hiob bu Onyankopɔn bem, nanso nea na ehia no ara ne sɛ obebu ne ho bem, na eduu baabi no, obuu ne ho sɛ ɔtene sen Nyankopɔn. (Hio 35:2; 36:24) Bere a ne nnamfo mmiɛnsa no dii ne ho fɛw yayaayaw no, anka ɛsɛ sɛ ohu sɛ Onyankopɔn na wɔde reyɛ no, nanso ogyee ne nyinaa maa ne ho. Ɛte sɛ obi a wagyaa ne ho ama nkurɔfo redi ne ho fɛw na ɔreka sɛ, ‘Mo de, mepɛ; momfa nyɛ me.’ Enti sɛnea kyerɛwsɛm no ka no, ogyee fɛwdi no maa ne ho te sɛ obi a ɔde anigye renom nsu. Akyiri yi, Onyankopɔn kyerɛɛ mu kyerɛɛ Hiob sɛ, wohwɛ mu paa a, ɛyɛ ɔno Nyankopɔn na na fɛwdifo no rekasa tia no. (Hio 42:7) Yɛhwɛ bere a Israelfo kaa sɛ wɔrepɛ ɔhene no sei a, ɛhɔ nso Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Samuel sɛ: “Ɛnyɛ wo na wɔapo wo; me mmom na wɔapo me a wɔmpɛ sɛ midi wɔn so hene bio.” (1Sa 8:7) Yesu nso ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Me din nti aman nyinaa bɛtan mo.” (Mt 24:9) Hyɛ no nsow sɛ Yesu anka sɛ biribi a yɛn yɛayɛ nti na aman nyinaa bɛtan yɛn. Sɛ Kristoni ma weinom nyinaa tena ne tirim a, ɛbɛboa no na sɛ nkurɔfo di ne ho fɛw a, wannye amma ne ho. Mmom obegyina pintinn, na ne nsa aka akatua no.—Lu 6:22, 23.

FEBRUARY 5-11

BIBLE MU AKORADE | DWOM 1-4

Gyina Onyankopɔn Ahenni Akyi

w21.09 15 ¶8

“Mɛwosow Aman Nyinaa”

Sɛn na nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ asɛmpa a yɛka no ho? Nnipa dodow no ara ntie. (Kenkan Dwom 2:1-3.) Amanaman no bo afuw. Wɔmpɛ Yehowa Hene a wapaw no no. Ahenni no ho asɛm a yɛka no, wommu no sɛ “asɛmpa.” Aman bi mpo so no, aban no abara asɛnka adwuma no! Ɛwom sɛ atumfo a ɛwɔ saa aman yi mu bebree ka sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso wɔmpɛ sɛ wogyae adedi no. Sɛnea atumfo a ɛwɔ Yesu bere so yɛe no, ɛnnɛ nso, atumfo a ɛwɔ hɔ no tan Yesu akyidifo anokwafo ani de kyerɛ sɛ wɔmpɛ Nea Yehowa Asra No no.—Aso. 4:25-28.

w16.04 24 ¶11

Nnyina Ɔfã Biara Wɔ Wiase a Emu Apaapae Yi Mu

Adedodowpɛ. Sɛ sika ne ahonyade ho asɛm da yɛn koma so paa a, ɛrenyɛ den sɛ yɛbɛkɔ akogyina ɔfã bi akyi. Afe 1970 akyi no, Adansefo pii a wɔwɔ Malawi hweree wɔn ahode nyinaa efisɛ wɔankɔdɔm amanyɔkuw bi. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ ebinom ani gyinaa asetena pa a na wɔwom no. Onuawa bi a ne din de Rut kae sɛ, “Wotwaa yɛn asu no, ebinom ne yɛn kɔe, nanso akyiri yi wɔde wɔn ho kɔbɔɔ amanyɔkuw no, na wɔsan wɔn akyi kɔɔ fie. Adɛn ntia? Wɔkae sɛ aguanfo atenae ne emu ahokyere de, wontumi.” Nanso, Onyankopɔn asomfo pii nte saa. Sɛ ɛba sɛ wɔannyina ɔfã biara akyi na ɛbɛma wɔadi hia anaa wɔahwere wɔn agyapade nyinaa mpo a, ɛmfa wɔn ho.—Hebrifo 10:34.

Tweetwee Bible Mu

it-1 425

Ntɛtɛ

Ɛyɛ ade hahaaha bi a edura ɛmo, ayuo, hwiit ne nneɛma a ɛtete saa ho. Sɛ Bible ka ntɛtɛ ho asɛm a, ɛde gyina hɔ ma biribi, nanso ɛma yehu sɛnea na tetefo huw hwiit ne ayuo ne nneɛma a ɛtete saa so. Sɛ wɔtwa ayuo anaa nnɔbae bi a ɛte saa wie a, ɛho ntɛtɛ no de, na mfaso biara nni so efisɛ wudi a ɛnyɛ yiye. Ɛno nti ɛfata sɛ yɛde ntɛtɛ gyina hɔ ma biribi a emu yɛ hare, biribi a mfaso nni so, anaa biribi a yɛmpɛ. Yeyiyi fi aba pa ho kɔtow gu.

Sɛ wɔtwa ayuo no a, na wɔdi kan boro ma ntɛtɛ no fi ho. Wɔwie a, na wɔahuw so ama mframa de ntɛtɛ no nyinaa kɔ. Sɛnea yeyi ntɛtɛ fi aba pa ho tow gu no, saa na Yehowa Nyankopɔn nso yi awaefo fi ne nkurɔfo mu, na ɔsɛe abɔnefo ne aman a wɔsɔre tia no no. (Hio 21:18; Dw 1:4; 35:5; Yes 17:13; 29:5; 41:15; Ho 13:3) Onyankopɔn Ahenni bɛyam n’atamfo muhumuhu ama mframa ahuw wɔn akɔ ntɛm sɛ ntɛtɛ.—Da 2:35.

Ntɛtɛ no, na wɔtaa boaboa ano de gya hyew sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrensan mmɔ mmɛfra ayuo a wɔahuw so no. Sɛnea yɛde gya hyew ntɛtɛ no, saa na Yohane Suboni ka too hɔ sɛ Onyankopɔn de gya bɛhyew wɔn a wɔnsom Yehowa nokwarem no. Ɔkaa sɛ Yesu Kristo bɛboaboa hwiit no ano, “na ntɛtɛwa no de, ɔde ogya a ennum da bɛhyew.”—Mt 3:7-12; Lu 3:17.

FEBRUARY 12-18

BIBLE MU AKORADE | DWOM 5-7

Sɛ Nkurɔfo Yɛ Biribi Tia Wo Mpo a, Kɔ So Ara Di Nokware Ma Yehowa

w21.03 15 ¶7-8

Nea Yɛyɛ a Ɛbɛma Yɛanya Ahoɔden Afi Kyerɛwnsɛm No Mu

W’adamfo anaa wo busuani bi adi wo huammɔ anaa wayɛ ade ama ahye wo anaa? Sɛ saa a, ɛnde sua Ɔhene Dawid ne ne ba Absalom ho ade na ɛbɛboa wo. Wubehu nea Dawid yɛe bere a ne ba Absalom dii no huammɔ na ɔyɛe sɛ obetu Dawid ade so no.—2 Sam. 15:5-14, 31; 18:6-14.

(1) Bɔ mpae. Bere a Ɔhene Dawid asɛm no wɔ w’adwenem no, ka nea obi de ayɛ wo ne sɛnea wote nka no kyerɛ Yehowa. (Dw. 6:6-9) Sɛnea wote nka no, ka ne nyinaa kyerɛ no. Afei srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na hu nnyinasosɛm a ebetumi aboa wo ama woahu nea wobɛyɛ de agyina ɔhaw no ano.

w20.07 8-9 ¶3-4

Gye Tom Sɛ Nea Wugye Di No Yɛ Nokware

Ɛnyɛ ɔdɔ a Onyankopɔn nkurɔfo dodɔ wɔn ho no nko ara na ɛsɛ sɛ ɛma yenya gyidi. Adɛn nti na yɛreka saa? Fa no sɛ yɛn nua Kristoni bi ayɛ bɔne a emu yɛ duru; ebi mpo a na ɔyɛ asafo mu panyin anaa ɔkwampaefo. Anaa ebia onua anaa onuawa bi ayɛ ade ama ayɛ wo yaw. Anaa ebia onua anaa onuawa bi abɛyɛ ɔwaefo na ɔkasa tia nokware no. Sɛ nsɛm a ɛte saa sisi a, ɛbɛto wo hintidua ama woagyae Yehowa som anaa? Nea yesua fi mu ni: Sɛ nea afoforo yɛ nko ara na ɛma wunya Onyankopɔn mu gyidi, na ɛnyɛ wo ne Yehowa abusuabɔ a, ɛremma wo gyidi nyɛ den. Sɛnea wuhu Yehowa ne ne nkurɔfo betumi aboa wo ama woanya gyidi de, nanso ɛho hia paa nso sɛ woyere wo ho sua Bible, wote nea woresua no ase, na woyɛ nhwehwɛmu na ama woagye adi sɛ nea woresua afa Yehowa ho no yɛ nokware.—Rom. 12:2.

Yesu kaa sɛ ebinom de “anigye” begye nokware no, nanso sɛ wohyia sɔhwɛ a, wɔn gyidi bɛyɛ mmerɛw. (Kenkan Mateo 13:3-6, 20, 21.) Ɛbɛyɛ sɛ wɔante ase sɛ, sɛ wobedi Yesu akyi a, wobehu amane na wobehyia nsɛnnennen nso. (Mat. 16:24) Anaa ebia na wosusuw sɛ, sɛ obi bɛyɛ Kristoni a, ɔrenhyia ɔhaw biara wɔ n’asetenam; nhyira nko ara na obenya. Nanso wiase bɔne yi mu de, yebehyia ɔhaw. Nneɛma betumi asesa ama yɛn anigye so atew.—Dw. 6:6; Ɔsɛnk. 9:11.

Tweetwee Bible Mu

it-1 995

Ɔdamoa

Asɛm a Ɔsomafo Paul kaa wɔ Romafo 3:13 no, ɔfa fii Dwom 5:9. Ɔkaa sɛ abɔnefo ne nnaadaafo mene mu te sɛ “ɔdamoa a ɛso abue.” Ɔdamoa a ɛso abue de, afunu ne nneɛma a aporɔw na yɛde gu mu anaa yɛde hyɛ no ma. Abɔnefo ne nnaadaafo nso, nsɛm a edi awu ne nsɛm a aporɔw na ayɛ wɔn mene mu anaa wɔn anom ma.—Fa toto Mt 15:18-20 ho.

FEBRUARY 19-25

BIBLE MU AKORADE | DWOM 8-10

“O Yehowa, Meyi Wo Ayɛ”!

w21.08 3 ¶6

Hokwan a Wowɔ Wɔ Yehowa Abusua Mu No, Ma Ɛnsom Bo Mma Wo

Yehowa hyɛɛ da yɛɛ baabi papa a yɛbɛtena maa yɛn. Bere tenteenten ansa na Yehowa rebɔ onipa a odi kan no, ɔtɔɔ ne bo ase paa siesiee asaase no. (Hiob 38:4-6; Yer. 10:12) Esiane sɛ Yehowa dwen yɛn ho na ne yam ye nti, wama yɛn nneɛma pa pii a ɛbɛma yɛn ani agye. (Dw. 104:14, 15, 24) Ɛwom ara a, na Yehowa gye bere hwɛ nneɛma a wabɔ no, na na ‘ohu sɛ eye.’ (Gen. 1:10, 12, 31) Nneɛma fɛfɛɛfɛ a wabɔ wɔ asaase so nyinaa, ɔde ‘ahyɛ nnipa nsa’ de akyerɛ sɛ odi yɛn ni. (Dw. 8:6) Nneɛma akɛseakɛse a Onyankopɔn abɔ no, ne pɛ ne sɛ nnipa a bɔne nni wɔn ho de anigye bɛhwɛ so daa. Bɔhyɛ a ɛma yenya anidaso yi, ɛyɛ a wotaa da Yehowa ase wɔ ho?

w20.05 23 ¶10

W’ani Sɔ Nneɛma a Onyankopɔn De Akyɛ Yɛn No Anaa?

Sɛnea yetumi kasa no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. Ade baako a yebetumi ayɛ de akyerɛ ho anisɔ ne sɛ yɛbɛma wɔn a wonnye nni sɛ obi na ɔbɔɔ ade no ahu nea enti a yegye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. (Dw. 9:1; 1 Pet. 3:15) Wɔn a wogye saa nkyerɛkyerɛ no di no pɛ sɛ yenya adwene sɛ ɛnyɛ obiara na ɔbɔɔ asase ne abɔde a nkwa wom a ɛwɔ so no. Sɛ yɛde Bible ne nsɛm a yɛasusuw ho wɔ adesua yi mu no bi yɛ adwuma a, yebetumi adi yɛn Agya a ɔwɔ soro no ho adanse, na yɛakyerɛkyerɛ mu akyerɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wotie no ama wɔahu nea enti a yegye di sɛ Yehowa na ɔbɔɔ ɔsoro ne asase.—Dw. 102:25; Yes. 40:25, 26.

w22.04 7 ¶13

Woyɛ ‘Nhwɛso Wɔ Ɔkasa Mu’?

Fi wo komam to dwom. Ade titiriw nti a yɛto Ahenni nnwom ne sɛ yɛde beyi Yehowa ayɛ. Onuawa bi a ne din de Sara te nka sɛ onnim nnwom to papa. Nanso ɔpɛ sɛ ɔto nnwom yi Yehowa ayɛ. Ɛno nti, sɛ ɔresua nea yebesua wɔ adesua ase no a, ohu sɛ, sɛ osua nnwom a yɛbɛto no nso ka ho a, ɛboa no. Ɔbobɔ nnwom no so, na ɔhwɛ sɛnea emu nsɛm no fa nea yebesua no ho. Ɔka sɛ, “Wei nti, sɛ mereto dwom no a, ɛmma memfa m’adwene nkɔ sɛnea mɛto no no so, mmom ɛma mede m’adwene si emu nsɛm no so.”

Tweetwee Bible Mu

it-1 832

Nsateaa

Sɛ Onyankopɔn yɛ adwuma bi a, Bible tumi ka sɛ ɔde ne “nsateaa” na ɛyɛe. Ebi ne bere a ɔkyerɛw Mmara Nsɛm Du no wɔ abopon so (Ex 31:18; De 9:10), bere a ɔyɛɛ anwanwade ahorow (Ex 8:18, 19), ne bere a ɔbɔɔ nneɛma a ɛwɔ soro no (Dw 8:3). Onyankopɔn “nsateaa” a ɔde bɔɔ ade no, egyina hɔ ma ne honhom kronkron no. Adɛn ntia? Efisɛ Genesis nhoma no ka sɛ, ná Onyankopɔn “honhom” (ruʹach) redi akɔneaba wɔ nsu no ani. (Ge 1:2) Nanso Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no de, esi no pi ma yehu ade pɔtee a “nsateaa” no kyerɛ. Wohwɛ Mateo nhoma no mu a, ɛka sɛ Yesu de ‘Onyankopɔn honhom kronkron’ na etuu ahonhommɔne. Nanso Luka de, ɔkaa no sɛ “Onyankopɔn nsateaa” na Yesu de yɛe.—Mt 12:28; Lu 11:20.

FEBRUARY 26–MARCH 3

BIBLE MU AKORADE | DWOM 11-15

Wiase Foforo a Asomdwoe Wom No, Fa No Sɛ Wowɔ Hɔ

w06 5/15 18 ¶3

Dwom Nhoma a Edi Kan no mu Nsɛntitiriw

11:3—Nnyinaso bɛn na wɔsɛe no no? Eyinom yɛ ade a adesamma abusua no gyina so ankasa—mmara, ahyɛde, ne atɛntrenee. Sɛ eyinom anyɛ adwuma yiye a, basabasayɛ ba ɔman mu na wommu atɛntrenee bio. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ɛsɛ sɛ “ɔtreneeni” de ne ho to Nyankopɔn so koraa.—Dwom 11:4-7.

wp16.4 11

Wiase Bi Bɛba A Basabasayɛ Nnim?

Bible hyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ koraa Onyankopɔn beyi basabasayɛ afi asase so. Ɛnnɛ wiase a basabasayɛ wom no, wɔbɛsɛe no wɔ Onyankopɔn “atemmu ne amumɔyɛfo sɛe da” no. (2 Petro 3:5-7) Basabasayɛfo remma afoforo nhu amane bio. Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔde ne ho gye nnipa nsɛm mu na oyi basabasayɛ fi hɔ?

Bible no ka sɛ “obiara a n’ani gye awudisɛm ho no, [Onyankopɔn] kyi no.” (Dwom 11:5) Ɔbɔadeɛ no pɛ asomdwoe na ɔdɔ atɛntrenee. (Dwom 33:5; 37:28) Ɛno nti, ɔrenhwɛ mma nnipa amumɔyɛfo nkɔ so ntena hɔ daa.

w17.08 6 ¶15

Wobɛtɔ Wo Bo Ase Atwɛn Anaa?

Adɛn nti na Dawid tɔɔ ne bo ase twɛnee? Dwom 13 mu no, Dawid bisae mpɛn nnan sɛ: ‘Enkosi da bɛn?’ Saa dwom no ara mu na ɔkyerɛɛ yɛn nea enti a ɔtoo ne bo ase twɛnee. N’anom asɛm ni: “Me de, w’adɔe so na mede me ho ato; ma me koma ani nnye wo nkwagye mu. Mɛto dwom ama Yehowa efisɛ ɔne me adi no yiye.” (Dw. 13:5, 6) Ná Dawid wɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛda adɔe adi akyerɛ no. Ɔde anigye hwɛɛ kwan sɛ Yehowa begye no, na nneɛma pa a Yehowa yɛ maa no no, odwinnwen ho. Enti, Dawid hui sɛ mfaso wɔ so sɛ ɔbɛtwɛn.

kr 236 ¶16

Ahenni no Bɛyɛ Onyankopɔn Apɛde Wɔ Asase So

Ahobammɔ. Awiei koraa no, anigyesɛm a ɛwɔ Yesaia 11:6-9 no benya ne mmamu ankasa wɔ honam fam mpo. Asase so baabiara a mmarima, mmea, ne mmofra bɛkɔ no, wɔrensuro. Abɔde biara—sɛ́ ɛyɛ onipa anaa aboa—renhunahuna obiara. Wo de, twa bere a ɛbɛba sɛ asase yi nyinaa bɛyɛ wo fie, wubetumi aguare nsubɔnten, atare, ne ɛpo mu; adi mmepɔw so aforosian; akyinkyin sare so a asiane biara rento wo no ho mfonini hwɛ. Afei, sɛ ade sã nso a, worensuro. Saa bere no, asɛm a ɛwɔ Hesekiel 34:25 no bɛbam ma Onyankopɔn nkurɔfo atumi ‘atena sare so dwoodwoo na wɔadeda kwae mu’ mpo.

Tweetwee Bible Mu

w13 9/15 19 ¶12

Woayɛ Wo Ho Foforo?

Awerɛhosɛm ne sɛ nnipa a atwa yɛn ho ahyia no te sɛ wɔn a Paulo kaa wɔn ho asɛm no ara. Woka kyerɛ wɔn sɛ ‘eyi yɛ papa,’ ‘eyi yɛ bɔne’ a, wosusuw sɛ wo bere atwam anaa woyɛ kyenkyenee dodo. Akyerɛkyerɛfo ne awofo gyae mmofra ma wɔyɛ nea wɔpɛ. Wɔkyerɛ wɔn sɛ ade a ɛyɛ bɔne anaa papa wɔ obi ani so no, ɛnte saa wɔ afoforo ani so enti yennyae ma obiara mpaw nea ɔpɛ. Wɔn a wɔseɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn mpo, ɛba nsɛm a ɛte saa a, wopia Onyankopɔn mmara to baabi. Wosusuw sɛ nea ɛteɛ wɔ wɔn ani so na ɛsɛ sɛ wɔyɛ. (Dw. 14:1) Ade a ɛte saa yɛ hu; ebetumi aka Kristofo. Sɛ yɛamma yɛn ani anna hɔ a yɛbɛpo akwankyerɛ a Onyankopɔn ahyehyɛde no de ma yɛn, na sɛ biribi ankɔ sɛnea yɛpɛ a ebia yɛbɛkeka ho nsɛm mpo. Anaa sɛ asafo no de Bible tu yɛn fo wɔ anigyede, Intanɛt ne nhomasua a ɛkɔ akyiri ho a, ebia yɛremfa yɛn ti nnye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena