MARCH 11-17
DWOM 18
Dwom 148 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)
1. “Yehowa Ne . . . Me Gyefo”
(Simma 10)
Yehowa te sɛ ɔbotan, abannennen, ne ɔkyɛm (Dw 18:1, 2; w09 5/1 14 ¶4-5)
Yɛkɔ ahohia mu na yesu frɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn a, otie yɛn (Dw 18:6; it-2 1161 ¶7)
Yehowa twitwa gye yɛn (Dw 18:16, 17; w22.04 3 ¶1)
Sɛ yɛkɔ ɔhaw mu a, Yehowa tumi yi saa haw no fi yɛn so, sɛnea edu baabi a na ɔyɛ ma Dawid no. Nanso mpɛn pii no, ‘ɔma kwan bɛda sɔhwɛ no ho’; ɛne sɛ, ɔma yɛn nea yehia a ɛbɛma yɛatumi agyina ɔhaw no ano.—1Ko 10:13.
2. Tweetwee Bible Mu
(Simma 10)
Dw 18:10—Adɛn nti na odwontofo no kaa sɛ Yehowa tena kerubim so tu? (it-1 432 ¶2)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
3. Bible Akenkan
(Simma 4) Dw 18:20-39 (th adesua 10)
4. Yi Wo Yam Boa Afoforo—Nea Yesu Yɛe
(Simma 7) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi VIDEO no. Afei lmd nhomawa no, adesua 3 nkyekyɛm 1-2 no, mommɔ mu nkɔmmɔ.
5. Yi Wo Yam Boa Afoforo—Suasua Yesu
(Simma 8) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ɛwɔ lmd nhomawa no, adesua 3 nkyekyɛm 3-5, ne ɔfã a yɛato din “Hwɛ Nea Edidi So Yi Nso.”
Dwom 60
6. Asafo Mu Ahiade
(Simma 5)
7. Video a yɛato din Nneɛma a Asafo No Atumi Ayɛ
(Simma 10) Yi March de no.
8. Asafo Bible Adesua
(Simma 30) bt ti 7 ¶1-8, ne adaka a ɛwɔ kr. 53