MARCH 18-24
DWOM 19-21
Dwom 6 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)
1. “Ɔsoro Pae Mu Ka Onyankopɔn Anuonyam”
(Simma 10)
Yehowa abɔde ma yehu n’anuonyam (Dw 19:1; w04 1/1 8 ¶1-2)
Sɛnea Yehowa bɔɔ awia no, ɛyɛ nwanwa (Dw 19:4-6; w04 6/1 11 ¶8-10)
Momma yensua biribi mfi nneɛma a Nyankopɔn abɔ mu (Mt 6:28; g95 11/8 7 ¶2)
YEBETUMI DE WEI AYƐ ABUSUA SOM: Monhwɛ nneɛma a Onyankopɔn abɔ. Afei nea ɛma yehu fa Yehowa ho no, mommɔ ho nkɔmmɔ.
2. Tweetwee Bible Mu
(Simma 10)
Dw 19:7-9—Sɛnea wɔahyehyɛ kyerɛwnsɛm yi mu nsɛm no, ɛyɛ kwan baako a na wɔfa so hyehyɛ anwensɛm wɔ Hebri kasa mu. Dɛn na ɛma yehu saa? (it-1 1073)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
3. Bible Akenkan
(Simma 4) Dw 19:1-14 (th adesua 11)
4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 3) BAGUAM ADANSEDI. Fa Nkaedi nsato krataa no bi ma obi, na kɔ jw.org kɔhwehwɛ baabi a ɛbɛn no a obetumi akɔ Nkaedi no bi. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 3)
5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Gye obi a ɔbaa Nkaedi no bi fɛw so. Onua bi de nsato krataa no bi kɔhyɛɛ ne pon ase. Ɛno na ɛma ɔbaa bi. Biribiara a ɔnte ase no, yɛ nhyehyɛe a wode bɛkɔ akɔkyerɛkyerɛ no mu. (lmd adesua 3 nkyekyɛm 4)
6. Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu
(Simma 5) Ɔkasa. ijwfq 45—Asɛmti: Sɛnea Yehowa Adansefo Hyɛ Awurade Anwummere Aduan No Ho Fã No Ne Asɔre a Aka No De Nyɛ Pɛ. Adɛn Ntia? (th adesua 6)
Dwom 141
7. Ma Abɔde Nhyɛ Wo Gyidi Den
(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi VIDEO no. Afei bisa sɛ:
Abɔde ahorow a ɛwɔ video no mu no, sɛn na ɛhyɛ wo gyidi den wɔ Ɔbɔadeɛ no mu?
8. Asafo Bible Adesua
(Simma 30) bt ti 7 ¶9-13, ne adaka a ɛwɔ kr. 56