Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 March kr. 9-16
  • April 1-7

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • April 1-7
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 March kr. 9-16

APRIL 1-7

DWOM 23-25

Dwom 4 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. “Yehowa Ne Me Hwɛfo”

(Simma 10)

Yehowa kyerɛ yɛn kwan (Dw 23:​1-3; w11 5/1 31 ¶3)

Yehowa bɔ yɛn ho ban (Dw 23:4; w11 5/1 31 ¶4)

Yehowa ma yɛn nea yebedi (Dw 23:5; w11 5/1 31 ¶5)

Oguanhwɛfo bi de oguan ba bi abɔ ne bo.

Yehowa hwɛ ne nkurɔfo te sɛ oguanhwɛfo a ne nguan ho hia no paa.

BISA WO HO SƐ, ‘Dɛn na Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ odwen me ho paa?’

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 23:3—Dɛn ne “ɔkwantrenee” no, na dɛn na yɛyɛ a ɛremma yɛmman mfi so? (w11 2/15 24 ¶1-3)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 23:1–24:10 (th adesua 5)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Obi aka akyerɛ wo sɛ, sɛnea nnipa resɛe asaase no, ɛhaw no. Ka Bible mu asɛm bi fa kyekye ne werɛ. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 5)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Wode Wubetumi Anya Anigye Daa! nhomawa no bi ama obi. Kɔ ne nkyɛn na wo ne no nsua kakra na onhu sɛnea mode nhomawa no bɛyɛ Bible adesua. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 3)

6. Yɛ Asuafo

(Simma 5) lff adesua 14 nkyekyɛm 4 (lmd adesua 11 nkyekyɛm 3)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 54

7. Ntie Ahɔho Nne

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Oguanhwɛfo bi refrɛ ne nguan, ɛnna ɔhɔho bi nso refrɛ wɔn. Nguan no atie oguanhwɛfo no, na wɔrekɔ ne nkyɛn.

Nguan nim wɔn wura nne na wɔdi n’akyi. Nanso hɔho a wɔnnim ne nne de, wɔguan fi ne nkyɛn. (Yoh 10:5) Yɛn nso, yetie Yehowa ne Yesu nne, efisɛ wɔyɛ ahwɛfo a wɔdɔ yɛn, wɔnni yɛn huammɔ, na wɔboa yɛn ma yɛn gyidi yɛ den. (Dw 23:1; Yoh 10:11) Ahɔho a “wɔnam adɛfɛdɛfɛsɛm so” pɛ sɛ wɔsɛe yɛn gyidi no de, yentie wɔn nne.—2 Pe 2:​1, 3.

Genesis ti mmiɛnsa ma yehu bere a nnipa dii kan tee ɔhɔho nne wɔ asaase so. Satan kɔɔ Hawa nkyɛn. Wanyi n’anim, enti Hawa anhu sɛ Satan na ɔne no rekasa. Satan yɛɛ ne ho sɛ ɔpɛ Hawa asɛm, na asɛm a na Yehowa aka no, Satan danee no. Afei nso ɔkaa sɛ Yehowa nnwen nnipa ho. Awerɛhosɛm ne sɛ, Hawa tiee no, na ɛkɔfaa amanehunu bebree brɛɛ Hawa ne ne fiefo.

Ɛnnɛ nso, Satan ayere ne ho sɛ ɔbɛsɛe yɛn adwene wɔ Yehowa ne n’asafo no ho. Otumi ma nkurɔfo keka Yehowa ne n’asafo no ho nsɛmmɔne. Afei nso, nsɛm a ebinom keka fa asafo no ho no, wobɛhwɛ na wama wɔakyinkyim no. Ɛtɔ da nso a, nsɛm a ɔma nkurɔfo keka no, wobɛhwɛ mu no, na nokware baako koraa nnim. Sɛ yɛte ɔhɔho nne a, ɛsɛ sɛ yeguan! Sɛ asɛmpɛ nti yekotie ketekete mpo a, ebetumi adi yɛn awu. Satan ne Hawa nkɔmmɔbɔ no ankyɛ koraa. Nsɛmfua kakraa bi na otumi de nyaa Hawa. (Ge 3:​1, 4, 5) Yɛmfa no sɛ yɛn ho nipa bi a ɔpɛ yɛn asɛm a ɔwɔ yɛn ho adwempa pɛ sɛ ɔkeka Yehowa asafo no ho nsɛmmɔne kyerɛ yɛn. Ɛbaa saa a, yɛbɛyɛ no dɛn?

Yi VIDEO a yɛato din Ntie “Ahɔho Nne.” Afei bisa sɛ:

Bere a na Jade maame pɛ sɛ Jade kenkan Yehowa Adansefo ho nsɛm a ɛnyɛ nokware no, wohwɛ kwan a Jade faa so dii ho dwuma no a, dɛn na wofa fi mu?

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 8 ¶1-4, ne nnaka a ɛwɔ kr. 61-62

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 55 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena