Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 March kr. 10-11
  • April 8-14

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • April 8-14
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 March kr. 10-11

APRIL 8-14

DWOM 26-28

Dwom 34 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

Ɔhene Dawid ayi ne koma mu rebɔ mpae.

1. Dɛn Na Dawid Yɛe a Otumi Dii Nokware Maa Yehowa?

(Simma 10)

Dawid srɛɛ Yehowa sɛ onsiesie no anaa ɔmma n’abrabɔ nni mu (Dw 26:​1, 2; w04 12/1 14 ¶8-9)

Dawid ne abɔnefo ammɔ fekuw (Dw 26:​4, 5; w04 12/1 15 ¶12-13)

Ná Dawid pɛ Yehowa som (Dw 26:8; w04 12/1 16 ¶17-18)



Ɛwom, Dawid dii mfomso pii, nanso ɔde “koma a edi mu” som Yehowa. (1Ah 9:4) Sɛnea na Dawid dɔ Yehowa ne sɛnea ɔde ne koma nyinaa som no no, ɛma yehu sɛ na odi nokware ma Yehowa.

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 27:10—Sɛ yɛte nka sɛ yɛn nnamfofo apo yɛn a, sɛn na kyerɛwsɛm yi betumi akyekye yɛn werɛ? (w06 7/15 28 ¶15)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 27:​1-14 (th adesua 2)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 2) AFIE AFIE ASƐNKA. Nkratawa a ɛwɔ Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ mu no, fa baako yɛ adwuma. (th adesua 3)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Ɛda a wokɔsraa no no, wode kratawa bi maa no. Asɛmmisa a ɛwɔ kratawa no akyi no, wo ne no mmɔ ho nkɔmmɔ. Afei kɔ jw.org, na fa nneɛma a ɛwɔ hɔ no bi kyerɛ no. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 3)

6. Ɔkasa

(Simma 5) lmd nkekaho A nkyekyɛm 3—Asɛmti: Efĩ Ne Biribi Foforo Biara a Ɛsɛe Yɛn Asaase Yi Befi Hɔ, Na Asaase Bɛsan Ayɛ Kama. (th adesua 13)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 128

7. Mmabun a Wɔmmu Brabɔne

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Aberante bi akenkan kyerɛwsɛm bi, na ɔredwinnwen ho. Tablɛt bi da ne nkyɛn, na wohwɛ so a, wuhu sɛ na ɔrehwɛ video a yɛato din “Me Mmabunbere Mu​—Sɛ Nkurɔfo Pɛ Sɛ Wɔhyɛ Me Ma Mebɔ Aguaman a, Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Ano?” Mfoni a ɛwɔ tablɛt no so no, ɛyɛ Yosef a ɔreguan afi Potifar yere nkyɛn.

Mmabun a wɔsom Yehowa no, ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho paa ansa na wɔatumi atwe wɔn ho afi brabɔne ho. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, bɔne wɔ nnipa ho, enti wɔn nso, akɔnnɔ bɔne tumi ba wɔn mu. Afei nso, honam akɔnnɔ tumi yɛ kɛse paa wɔ mmabun mu, na etumi piapia wɔn ma wɔkɔyɛ bɔne. (Ro 7:21; 1Ko 7:36) Ebinom nso mma Kristofo mmabun yi ho ntɔ wɔn. Wɔde guan wɔn ho daa sɛ wɔmma nkurɔfo ne wɔn nna. Wɔtumi mpo ka kyerɛ wɔn sɛ mmea betumi ne mmea ada ama mmarima nso ne mmarima ada. Weinom nyinaa, ɛsɛ sɛ Kristofo mmabun yi ko tia. (Efe 2:2) Mmabun a wɔsom Yehowa a wɔmmu brabɔne no, yɛbɔ wɔn aba so.

Yi VIDEO a yɛato din Me Mmabunbere Mu—Sɛ Nkurɔfo Pɛ Sɛ Wɔhyɛ Me Ma Mebɔ Aguaman a, Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Ano? Afei bisa sɛ:

  • Atipɛnfo nhyɛso bɛn na Cory ne Kamryn hyiae?

  • Dɛn na ɛboaa wɔn ma wɔdii nokware maa Yehowa?

  • Nea ɛtoo wɔn no, sɛ ebi to wo a, Bible nnyinasosɛm bɛn na ebetumi aboa wo?

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 8 ¶5-12

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 38 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena