Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 May kr. 2-3
  • May 6-12

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • May 6-12
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 May kr. 2-3

MAY 6-12

DWOM 36-37

Dwom 87 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. “Mma Wo Bo Mmfuw Esiane Nnebɔneyɛfo Nti”

(Simma 10)

Nipabɔnefo ma yehu amane, na wɔma yedi yaw (Dw 36:​1-4; w17.04 10 ¶4)

Sɛ yɛde “nnebɔneyɛfo” ho abufuw hyɛ yɛn mu a, ɛno nso betumi ahaw yɛn (Dw 37:​1, 7, 8; w22.06 10 ¶10)

Sɛ yenya gyidi sɛ Yehowa bɔhyɛ nyinaa bɛba mu a, ɛma yenya asomdwoe (Dw 37:​10, 11; w03 12/1 13 ¶20)

Onuawa bi rekan kaseɛbɔ wɔ ne fon so. Wuhu sɛ wabɔ hu. Wahu mfoni a ɛka kaseɛbɔ no ho. Ebi yɛ nkurɔfo a wɔatu wɔn ho agu mmɔnten so reyɛ ɔyɛkyerɛ, polisini bi a ɔregye braeb, asogyafo a wɔretotow atuo, obi a ɔde tuo akogyina baabi a nkurɔfo de wɔn kar asisi, nkurɔfo a wɔabɔ awura sotɔɔ bi mu resesaw hɔ nneɛma, nkurɔfo a wɔreyɛ basbasa wɔ kurom, ne kar akwanhyia bi a asi ama ebinom abedu hɔ reboa wɔn.

BISA WO HO SƐ, ‘Kaseɛbɔ a ɛfa awudisɛm ne nsɛmmɔnedi ho no, ɛyɛ a mitie no bebree anaa?’

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 36:6—Bere a odwontofo no kaa sɛ Yehowa trenee te sɛ “mmepɔw akɛse [anaa, “Onyankopɔn mmepɔw,” ase hɔ asɛm]” no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔrepɛ akyerɛ sɛn? (it-2 445)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 37:​1-26 (th adesua 10)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 5)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Obi a bere bi ɔkaa sɛ ɔmpɛ sɛ yɛne no sua Bible no, ka kyerɛ no sɛ wopɛ sɛ wo ne no yɛ Bible adesua. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 4)

6. Ɔkasa

(Simma 5) ijwbv 45—Asɛmti: Asɛm a Ɛwɔ Dwom 37:4 No Kyerɛ Sɛn? (th adesua 13)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 33

7. Woayɛ Ahoboa Ama “Ahohia Bere”?

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Atoyerɛnkyɛm a ɛresisi, akokoakoko, ne ɔhaw afoforo a nnipa akɔfa aba ama anuanom bebree ahwere wɔn agyapade, na ebinom nso ahwere wɔn adɔfo. Wei rekɔ so wɔ wiase baabiara. (Dw 9:​9, 10) Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, “ahohia bere” de, etumi ba putupuru; ɛreba a, ɛmmɔ nkae. Enti ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa di kan yɛ ahoboa.

Nnuan ne nnuru ne nneɛma a ɛtete saa akyi no,a dɛn bio na yebetumi ayɛ de ayɛ ahoboa ama ahohia bere?

  • Yɛ w’adwene yiye: Ma ɛntena wo tirim sɛ, atoyerɛnkyɛm betumi ato wo bere biara. Enti dwen ho hwɛ sɛ, ebi to wo a, dɛn na wobɛyɛ. Mfa wo koma nhyɛ w’agyapade mu. Ɛbɛboa na asɛm bi si a, woasi gyinae pa ntɛm, na woamfa wo nkwa ne w’ahobammɔ ansesa w’agyapade. (Ge 19:16; Dw 36:9) Afei nso, ɛbɛboa wo ama woate ase sɛ, agyapade de, etumi fi yɛn nsa bere biara. Enti sɛ atoyerɛnkyɛm si na wohwere w’agyapade a, ɛrenhaw wo kɛse.—Dw 37:19

  • Fa wo werɛ hyɛ Yehowa mu: Nya Yehowa mu gyidi sɛ, obetumi ahwɛ wo, na ɔbɛyɛ nso. (Dw 37:18) Ansa na atoyerɛnkyɛm besi no, kae wo ho da biara sɛ Yehowa bɛkyerɛ ne nkurɔfo kwan na waboa wɔn; sɛ yɛn agyapade nyinaa fi yɛn nsa na sɛ yɛn ‘nkwa nko ara na yebenya no sɛ asade’ mpo a, Yehowa bɛhwɛ yɛn.—Yer 45:5; Dw 37:​23, 24

Sɛ yɛma Yehowa bɔhyɛ tena yɛn tirim da biara a, ɛkyerɛ sɛ yɛde no ayɛ yɛn “ahohia bere mu guankɔbea.”—Dw 37:39.

Mfoni: Video a yɛato din “Woasiesie Wo Ho Ama Atoyerɛnkyɛm?” no afa bi. 1. Onua bi rekan Bible. 2. Po a ɛrebu fa so denneennen. 3. Mframa gyampantrudu/mframa a etu kɔ soro. 4. Nkurɔfo a ɛsoso wɔn nneɛma nam nsu a ayiri mu.

Yi VIDEO a yɛato din Woasiesie Wo Ho Ama Atoyerɛnkyɛm? Afei bisa sɛ:

  • Sɛ atoyerɛnkyɛm si a, dɛn na Yehowa betumi ayɛ de aboa yɛn?

  • Dɛn ne dɛn na yebetumi ayɛ de ayɛ ahoboa?

  • Wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn?

FA WEI SI W’ANI SO

  • Sɛ worekan Bible a, ɛyɛ a hwehwɛ kyerɛwnsɛm a ebetumi akyekye wo werɛ, ne nea wubetumi de akyekye afoforo werɛ. Saa kyerɛwnsɛm no, wubetumi ama no din anaa wode tag ato so wɔ JW Library® app no so, sɛnea ɛbɛyɛ a wokɔ “Personal Study” anaa “Kokoam Adesua” afã hɔ a, wubehu ne nyinaa. Wokɔ jw.org na wokan asɛm a yɛato din “Dɛn Na Bible Ka Fa Atoyerɛnkyɛm Ho?” a, wubehu kyerɛwnsɛm a yɛreka ho asɛm yi bi wom.

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 9 ¶8-16

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 57 Ne Mpaebɔ

a Hwɛ Nyan! No. 5 2017, kratafa 4-6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena