Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 May kr. 6-7
  • May 27–June 2

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • May 27–June 2
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 May kr. 6-7

MAY 27–JUNE 2

DWOM 42-44

Dwom 86 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Ma Yehowa Nkyerɛkyerɛ Nwura Wo Komam Na Wubenya Nhyira

(Simma 10)

Nneɛma a yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no, wo ne anuanom mmom nyɛ; wubetumi ne wɔn ayɛ no fon anaa tablɛt so, nanso ne papa mu ne sɛ mubehyia faako ayɛ (Dw 42:​4, 5; w06 6/1 9 ¶4)

Sɛ worebesua Onyankopɔn Asɛm a, bɔ mpae ansa (Dw 42:8; w12 1/15 15 ¶2)

Ma Bible no nkyerɛ wo kwan wɔ biribiara mu (Dw 43:3)

Anuanom mmea bi wɔ nhyiam ase. Wɔayɛ aso retie asɛm no yiye paa na wɔrekyerɛkyerɛw bi ato hɔ.

Sɛ yɛma Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn a, ɛhyɛ yɛn den ma yetumi gyina sɔhwɛ mu. Afei nso ɛbɔ a yɛahyɛ Yehowa sɛ yɛbɛsom no daa no, ɛboa yɛn ma yetumi di so.—1 Pe 5:10; w16.09 5 ¶11-12.

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 44:19—Asɛm a ɛne “sakraman tenabea” no, ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ sɛn? (it-1 1242)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 44:​1-26 (th adesua 11)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Ka kyerɛ fiewura no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible. (lmd adesua 5 nkyekyɛm 5)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 5) AFIE AFIE ASƐNKA. To nsa frɛ nipa no sɛ ommetie baguam kasa a yɛbɛma no bi. Afei video a yɛato din Ɛdeɛn na Yɛyɛ wɔ Ahennie Asa So? no, ka kyerɛ no sɛ wopɛ sɛ wuyi kyerɛ no (nanso nyi), na mommɔ ho nkɔmmɔ. (lmd adesua 7 nkyekyɛm 5)

6. Ɔkasa

(Simma 3) lmd nkekaho A nkyekyɛm 4—Asɛmti: Obiara Benya Apɔwmuden a Edi Mu. (th adesua 2)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 21

7. Worepɛ Adwuma a Wobɛyɛ Anaa Sukuu a Wobɛkɔ a, Pɛ Nea Ɛbɛboa Wo

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Mfoni: Onua aberante bi rekan  Bible. Owie sukuu a, nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ no, ɔredwen ho wɔ ne tirim. 1. Ɔne tikayini bi a otu sukuufo fo rekasa. 2. Ɔkɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu. 3. Ɔreka asɛmpa no wɔ ɔman foforo so.

Mmerante ne mmabaa, sɛ muwie ntoaso sukuu a, dɛn na mobɛyɛ? Moredwen ho anaa? Ebia wode adwuma bi asi w’ani so a ɛbɛboa wo ama woabɛyɛ ɔkwampaefo. Ebi nso a woredwen ho sɛ wubesua nsaanodwuma bi, anaa wobɛkɔ sukuu kakra aka ho na woanya adansedi krataa bi te sɛ license anaa diploma a ɛbɛboa wo ama woanya adwuma bi atwitwa wo ho de ayɛ akwampae adwuma no. Nea ɛwom ne sɛ, wo mmere ni; baabi a wopɛ sɛ wode w’ani kyerɛ biara, bere no ni. Nneɛma a wubetumi ayɛ de, bebree kwa, enti ebetumi ama w’ani so atan so. Yɛreka yi nso, ebinom pɛ sɛ wɔkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ, na wo nso wompɛ sɛ wudi wɔn huammɔ. Weinom nyinaa betumi akɔfa adwinnwen abɛto wo so. Dɛn na ɛbɛboa wo ama woatutu anammɔn pa?

Kenkan Mateo 6:​32, 33. Afei bisa sɛ:

  • Adɛn nti na ehia sɛ wudi kan de botae si w’ani so wɔ Yehowa som mu ansa na woadwen adwuma a wopɛ sɛ woyɛ anaa sukuu a wopɛ sɛ wokɔ ho?

  • Sɛn na awofo betumi aboa wɔn mma ama wɔde asɛm a ɛwɔ Mateo 6:​32, 33 no ayɛ adwuma?—Dw 78:​4-7

Hwɛ yiye na woamma sika anaa anuonyam ankyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ. (1Yo 2:​15, 17) Kae sɛ, sɛ obi wɔ ahonyade bebree a, ɛno nko ara betumi ama ayɛ den ama no sɛ ɔde Ahenni no bedi kan wɔ n’asetena mu. (Lu 18:​24-27) Ahonyade akyidi, ɛne Yehowa som mu nkɔso nkɔ; ebiara nam ne kwan.—Mt 6:24; Mr 8:36.

Yi VIDEO a yɛato din Hwɛ Yiye Na Woamfa Wo Ho Anto Ade a Edi Huammɔ So!—Ahonyade. Afei bisa sɛ:

  • Sɛn na asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 23:​4, 5 no betumi aboa wo ama woatutu w’anammɔn yiye?

WEI BETUMI ABOA WO

  • Fa botae a wubetumi adu ho seesei ara ne nea wopɛ sɛ wudu ho daakye sisi w’ani so

  • Hwɛ hu sɛ sukuu a wopɛ sɛ wokɔ ne adwuma a wopɛ sɛ woyɛ no rensɛe botae a wode asisi w’ani so no

  • Pɛ adwuma a ɛbɛboa wo, na mfa w’ani nsi adwuma baako pɛ bi so. Sɛ woyɛ w’adwene sɛ wubesua nsaanodwuma anaa wobɛkɔ sukuu kakra aka ho a, hwɛ hu sɛ nea wubesua no, ɛrenyɛ den sɛ wubenya adwuma ayɛ

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 10 ¶5-12

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 47 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena