Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 May kr. 8-9
  • June 3-9

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • June 3-9
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 May kr. 8-9

JUNE 3-9

DWOM 45-47

Dwom 27 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

Yesu ne n’ayeforo a ogyina hɔ ma 144,000 no. Wɔwɔ soro; waso ne nsa na wɔrehwɛ asaase so.

Yesu Kristo ne n’ayeforo a ogyina hɔ ma 144,000 no

1. Ɔhene Bi Aware Ho Nnwom

(Simma 10)

Dwom 45 no ka Mesia Hene no ayeforohyia ho asɛm (Dw 45:​1, 13, 14; w14 2/15 9-10 ¶8-9)

Ɔhene no ayeforohyia no bɛba so wɔ Armagedon akyi (Dw 45:​3, 4; w22.05 17 ¶10-12; hwɛ mfoni a ɛwɔ nhoma yi anim no)

Ayeforohyia yi de nhyira bebree bɛbrɛ nnipa nyinaa (Dw 46:​8-11; it-2 1169)


BISA WO HO SƐ, ‘Me koma ka me sɛ menka yɛn hene Yesu Kristo ho asɛmpa nkyerɛ nkurɔfo?’—Dw 45:1.

Mmarima ne mmea a wɔn ani agye wɔ Paradise.

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 45:16—Dɛn na saa kyerɛwsɛm yi ma yehu fa Paradise asetena ho? (w17.04 11 ¶9)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 45:​1-17 (th adesua 5)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 3)

5. Ɔkasa

(Simma 5) ijwbv 26—Asɛmti: Asɛm a Ɛwɔ Dwom 46:10 No Kyerɛ Sɛn? (th adesua 18)

6. Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu

(Simma 4) Ɔyɛkyerɛ. ijwyp 59—Asɛmti: W’adwene Ne Sɛn Wɔ Barima Ne Barima Nna Ne Ɔbea Ne Ɔbea Nna Ho? (lmd adesua 6 nkyekyɛm 5)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 131

7. Kɔ So Ara Kyerɛ Wo Dɔ Wɔ W’aware Mu

(Simma 10) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Video a yɛato din “Wopɛ Sɛ Anigye Ba W’aware Mu a, Wo Ne Wo Hokafo Nni Dɔ” no, emu mfoni no bi na ɛwɔ ha yi. Onua bi ne ne yere te benkyi so, ɛnna ɔrefew ne yere no tiri ho.

Wokɔ ayeforo ase a, anigye nko ara. (Dw 45:​13-15) Nneɛma a ɛma awarefo ani gye paa no, baako ne da a wɔyɛɛ ayeforo. Ɛnde, dɛn na awarefo no mmienu betumi ayɛ na ama saa anigye no atena wɔn aware mu daa? —Ɔsɛ 9:9.

Sɛ obiara kyerɛ ne dɔ a, ɛbɛma anigye atena aware no mu. Awarefo betumi asuasua nea Isak ne ne yere Rebeka yɛe no. Bible kyerɛ sɛ, wɔn aware no dii mfe 30 ne akyi mpo no, na obiara kyerɛ ne dɔ kyerɛ ne yɔnko. (Ge 26:8) Dɛn na ɛbɛboa awarefo ama wɔakyerɛ wɔn dɔ saa bi?

Yi VIDEO a yɛato din Wopɛ Sɛ Anigye Ba W’aware Mu a, Wo Ne Wo Hokafo Nni Dɔ. Afei bisa sɛ:

  • Sɛ awarefo wɔ hɔ a, dɛn na ebetumi ama obiara ayi n’adwene afi ne yɔnko so?

  • Dɛn na awarefo no mu biara betumi ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ ne yɔnko na odwen ne ho?—Aso 20:35

8. Asafo Mu Ahiade

(Simma 5)

9. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 10 ¶13-21

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 111 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena