Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 July kr. 3
  • July 8-14

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • July 8-14
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 July kr. 3

JULY 8-14

DWOM 60-62

Dwom 2 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

Mfoni: 1. Ɔbarima bi de mmirika rekɔ abantenten bi mu akɔbɔ ne ho aguaa. 2. Ɔbarima bi de anigye rema ahɔho akwaaba aba ne ntamadan mu. Ahɔho no bi wɔ ntamadan no mu dedaw a wɔredidi. 3. Ɔbotan kɛse bi.

1. Yehowa Yɛ Yɛn Abannennen, Ɔbɔ Yɛn Ho Ban, Na Ɔnsesa N’ano

(Simma 10)

Yehowa yɛ abannennen (Dw 61:3; it-2 1118 ¶7)

Yehowa ma yɛn kwan ma yɛsoɛ ne ntamadan mu (Dw 61:4; it-2 1084 ¶8)

Yehowa yɛ ɔbotan (Dw 62:2; w02 4/15 16 ¶14)


BISA WO HO SƐ, ‘Efi bere a mibehuu Yehowa a mede me ho too ne so yi, sɛn na ama m’abrabɔ adi mu?’

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 62:11—Sɛ Bible ka sɛ ‘Onyankopɔn nsam na tumi wɔ’ a, ɛkyerɛ sɛn? (w06 6/1 11 ¶7)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 60:1–61:8 (th adesua 10)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Fa no sɛ obi ayɛ wo papa. Wo ne no mfi nkɔmmɔbɔ ase. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 3)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Ka JW Library® app no ho asɛm kyerɛ no, na kyerɛ no sɛnea obetumi atwe bi ato ne fon anaa ne tablɛt so. (lmd adesua 7 nkyekyɛm 4)

6. Ɔkasa

(Simma 5) w22.02 4-5 ¶7-10—Asɛmti: Nya Yehowa Mu Ahotoso Bere a N’ahyehyɛde No De Akwankyerɛ Bi Ama Yɛn. (th adesua 20)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 12

7. Biribiara Rentumi ‘Ntew Yɛn Mfi Onyankopɔn Dɔ Ho’

(Simma 10) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Yi VIDEO no. Afei bisa sɛ:

  • Bere a Onua Nyirenda hyiaa ɔsɔretia no, akwan pɔtee bɛn na Yehowa faa so boaa no?

8. Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo—Wopɛ Sɛ Wobɔ Asu a, Wobɛyɛ Dɛn?

(Simma 5) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi VIDEO no. Afei, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛ nhyehyɛe ma mmofra no bi mmra asɛnka agua no so na bisabisa wɔn nsɛm yi: Sɛ wopɛ sɛ wobɔ asu a, ɛnyɛ mfe a woadi na ehia paa. Wohwɛ a, dɛn paa na ehia? Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woatumi abɔ asu?

9. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 12 ¶7-13, ne adaka a ɛwɔ kr. 97

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 63 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena