Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 July kr. 4-5
  • July 15-21

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • July 15-21
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 July kr. 4-5

JULY 15-21

DWOM 63-65

Dwom 108 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. “Wo Dɔ a Enni Huammɔ Ye Sen Nkwa”

(Simma 10)

Adamfofa a ɛda yɛne Onyankopɔn ntam no, ɛsom bo kyɛn nkwa mpo (Dw 63:3; w01 10/15 15-16 ¶17-18)

Ɔdɔ a enni huammɔ a Yehowa ada no adi akyerɛ yɛn no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛma yɛn ani sɔ nneɛma a wayɛ ama yɛn no paa (Dw 63:6; w19.12 28 ¶4; w15 10/15 22 ¶7)

Onyankopɔn dɔ a enni huammɔ no, sɛ yenya ho anisɔ a, ɛbɛka yɛn ama yɛde anigye ayi no ayɛ (Dw 63:​4, 5; w09 7/15 16 ¶6)

Mfoni: Onuawa bi rekenkan Bible. 1. Ɔne onuawa bi nam asɛnka mu, na wuhu sɛ n’ani agye. 2. Ɔrema mmuae wɔ adesua ase.

YEBETUMI DE WEI AYƐ ABUSUA SOM: Dɛn ne dɛn na Yehowa ayɛ ama mo abusua no a ɛkyerɛ sɛ wada ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ mo? Mommɔ ho nkɔmmɔ.

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 64:3—Wohwɛ kyerɛwsɛm yi a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn anom kasa yɛ dɛ? (w07 11/15 15 ¶6)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 63:1–64:10 (th adesua 12)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 2) AFIE AFIE ASƐNKA. Fa no sɛ fiewura no nte kasa a woka no. (lmd adesua 3 nkyekyɛm 4)

5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 2) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Fa no sɛ mohyɛɛ ase sɛ morebɔ nkɔmmɔ, nanso ankyɛ koraa na nkɔmmɔ no so twae, enti woantumi anni no adanse. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 4)

6. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) BAGUAM ADANSEDI. Fa w’ani to fam hwɛ nea nipa no ani gye ho anaa bisa no ma ɔnkyerɛ. Afei yɛ nhyehyɛe a wode bɛyɛ sankɔhwɛ. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 5)

7. Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu

(Simma 4) Ɔyɛkyerɛ. ijwfq 51—Asɛmti: Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Kɔ Obi Nkyɛn Na Ɔka Sɛ “M’ani Nnye Ho” a, Yɛsan Kɔ Ne Nkyɛn? (lmd adesua 4 nkyekyɛm 3)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 154

8. Nea Yɛyɛ De Kyerɛ Sɛ Yɛdɔ Onyankopɔn

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Yehowa “dɔ a enni huammɔ nni ano.” (Dw 86:15) Bible ka “ɔdɔ a enni huammɔ” a, ɛkyerɛ ɔdɔ a efi komam; ɔdɔ a ɛto ntwa da. Nea ɛma obi da saa ɔdɔ yi adi kyerɛ obi ne sɛ, ɔne no wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den, ɔpɛ sɛ odi nokware ma no, anaa ɔmpɛ sɛ odi no huammɔ. Ɛwom sɛ Yehowa da ne dɔ adi kyerɛ nnipa nyinaa, nanso ne dɔ a enni huammɔ no de, ɔda no adi kyerɛ n’asomfo, kyerɛ sɛ, wɔn a wɔne no wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den no. (Dw 33:18; 63:3; Yoh 3:16; Aso 14:17) Yɛn nso, sɛ yebetumi akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yehowa dɔ a enni huammɔ no a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛdɔ no bi. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ no? Ɛne sɛ yebedi n’ahyɛde so. N’ahyɛde no bi ne sɛ, yɛbɛboa nkurɔfo ama ‘wɔabɛyɛ asuafo.’—Mt 28:19; 1Yo 5:3.

Yi VIDEO a yɛato din Kɔ So Da Ɔdɔ a Ɛto Ntwa Da Adi Wɔ Asɛnka Mu. Afei bisa sɛ:

Sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛaka asɛmpa no

    Video a yɛato din “Kɔ So Da Ɔdɔ a Ɛto Ntwa Da Adi Wɔ Asɛnka Mu” no, emu mfoni no bi na ɛwɔ ha yi. Onua a ɔwɔ video no mu no fi adwuma aba fie. Wabɛtena akongua mu, na wafa mu ada.
  • bere a yɛabrɛ?

  • Video a yɛato din “Kɔ So Da Ɔdɔ a Ɛto Ntwa Da Adi Wɔ Asɛnka Mu” no, emu mfoni no bi na ɛwɔ ha yi. Onua no ne ne ba nam asɛnka mu. Wɔakɔ obi fie, na fiewura no reteɛteɛm gu onua no so.
  • bere a nkurɔfo resɔre tia yɛn?

  • Video a yɛato din “Kɔ So Da Ɔdɔ a Ɛto Ntwa Da Adi Wɔ Asɛnka Mu” no, emu mfoni no bi na ɛwɔ ha yi. Onuawa no a ɔwɔ video no mu no, ɔne ne ba kɔ supamakɛt, na ɔne adetɔnfo no bi rebɔ nkɔmmɔ.
  • bere a yenni asɛnka mu?

9. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 12 ¶14-20

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 79 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena