Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 July kr. 10-16
  • August 5-11

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • August 5-11
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 July kr. 10-16

AUGUST 5-11

DWOM 70-72

Dwom 59 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. ‘Ka Onyankopɔn Tumi Ho Asɛm Kyerɛ Awo Ntoatoaso’

(Simma 10)

Dawid yɛ abofra no, Yehowa bɔɔ ne ho ban (Dw 71:5; w99 9/1 18 ¶17)

Dawid nkwakoraabere mu nso, Yehowa annyaw no. Ɔno ara hui sɛ Yehowa bɔ ne ho ban (Dw 71:9; g04 10/8 23 ¶3)

Dawid kaa nea Yehowa ayɛ ma no nyinaa kyerɛɛ mmabun anaa nkyirimma de hyɛɛ wɔn nkuran (Dw 71:​17, 18; w14 1/15 23 ¶4-5)

Nnawɔtwe a etwaam adesua no fã a na yɛato din “Nea Ɛbɛma Yɛn Abusua Som Atu Mpɔn” no, abusua a na wɔn mfoni wom no na ɛwɔ ha yi. Wɔato nsa afrɛ awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim aba wɔn abusua som ase. Awarefo no de mfoni bi rekyerɛ abusua no, na wɔreka wɔn abrabɔ mu nsɛm nso akyerɛ wɔn. Abusua no de anigye retie.

BISA WO HO SƐ, ‘Asafo no mufo a wɔasom Yehowa akyɛ no, wɔn mu hena na mepɛ sɛ ɔba yɛn Abusua Som ase ma yɛne no twetwe nkɔmmɔ?’

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 72:8—Ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ Abraham a ɛwɔ Genesis 15:18 no, ɛbaa mu sɛn wɔ Ɔhene Solomon ahenni mu? (it-1 768)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 71:​1-24 (th adesua 5)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. Fa no sɛ ofiewura no ayɛ n’adwene sɛ nea wobɛka biara ɔne wo bɛtwe. Ɛba saa a, twa nkɔmmɔ no so bɔkɔɔ, ɛnyɛ abufuw mu. (lmd adesua 4 nkyekyɛm 5)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Fa no sɛ wo ne wo busuani bi hyɛɛ nkɔmmɔ ase, ɛnna woretoa so. Wobɛka akyerɛ no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible, nanso ɔbɛtwetwe ne ho. (lmd adesua 8 nkyekyɛm 4)

6. Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu

(Simma 5) Ɔkasa. ijwfq 49—Asɛmti: Nea Yehowa Adansefo Gye Di No, Adɛn Nti Na Ebi Wɔ Hɔ a Wɔasesa No? (th adesua 17)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 76

7. Nea Mubetumi De Ayɛ Abusua Som

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Abusua a yɛreka wɔn ho asɛm no, wɔasɔre agyina hɔ resua sɛnea yɛto asafo dwom bi.
Abusua no rehwɛ JW Broadcasting.
Maame no ne ne mma mmea no mu baako reyɛ ɔyɛkyerɛ bi; abofra no rekyerɛ asɛm bi mu akyerɛ no.

Abusua Som yɛ mmere pa a mmofra betumi de asua Yehowa “nteɛso ne ne kasakyerɛ.” (Efe 6:4) Adesua yɛ adwuma, nanso ebetumi ayɛ dɛ, ɛnkanka bere a mmofra no ani abegye Bible a wɔresua no ho no. (Yoh 6:27; 1 Pe 2:2) Adaka a yɛato din “Nea Mubetumi De Ayɛ Abusua Som” no, bɔ emu nsɛm no mua. Ɛbɛboa awofo ama wɔahu sɛnea wɔbɛma wɔn abusua som ayɛ dɛ na obiara anya so mfaso. Wuwie a, bisa nsɛm a edidi so yi:

  • Adaka no mu nsɛm no, nea ɛwɔ he na mopɛ sɛ mosɔ hwɛ?

  • Mowɔ biribi foforo a ɛboa mo anaa?

NEA MUBETUMI DE AYƐ ABUSUA SOM

BIBLE:

  • Nnawɔtwe biara Bible akenkan no, mubetumi abɔ ɔdio no atie. Mo ara nso mubetumi akenkan ama apue mo ano; wei kan bi a, na wei nso akan bi. Nnipa a ɛwɔ akenkan no mu no, mopɛ a mubetumi akyekyɛ ama mo ho ama obiara akan bi

  • Nnawɔtwe biara Bible akenkan no, pɛ ho nsɛmmisa gu hɔ, na abusua no muni biara nyi baako nkɔyɛ ho nhwehwɛmu. Afei obiara betumi de nea osuae no aba ama moabɔ ho nkɔmmɔ

  • Fa asɛmmisa bi to gua, anaa ka ɔhaw anaa tebea bi a mo mu bi betumi akɔ mu. Afei nhoma a yɛato din, Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra no, monkɔ mu, na monhwehwɛ Bible nnyinasosɛm a ɛfa asɛm no ho

  • Momfa Bible mu asɛm bi nyɛ drama

  • Nnawɔtwe biara, kyerɛw kyerɛwsɛm baako mu nsɛm gu krataa so, na obiara nkyere ngu ne tirim. Wubetumi anya kyerɛwnsɛm no bi afi nhomawa a yɛato din Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo no, nkekaho A. Nnawɔtwe biara sɛ muhyia a, monhwɛ sɛ mokae kyerɛwnsɛm a moakyere agu mo tirim dedaw no anaa

  • Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no, munsua kakra

  • Sɛ wokɔ jw.org na wohwɛ BIBLE NKYERƐKYERƐ afã hɔ a, wubehu nsɛm a ɛba toatoa so a yɛato din “Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae” ne “Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu.” Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ ebiara ase no, mubetumi de emu bi ahyɛ obi nsa sɛ ɔnkɔkenkan na ɔmmɛka nea osuae

ASAFO NHYIAM:

  • Mubetumi asua nea yebesua wɔ adesua ase no bi

  • Mubetumi asiesie mmuae a mobɛma na moabobɔ so. Mmuae a mobɛma no, ɛyɛ a momfa bere nto ho

  • Mubetumi ato asafo nnwom no bi

  • Mubetumi adwen ho ahwɛ nsɛm a mobɛka de ahyɛ obi nkuran ansa na adesua ahyɛ ase anaa bere a yɛapɔn; afei mubetumi abobɔ so

  • Sɛ mo mu bi wɔ dwumadi wɔ adesua ase a, obetumi ayɛ akyerɛ abusua no

ASƐNKA:

  • Nsɛm a mode bɛyɛ afie afie asɛnka no, mubetumi abobɔ so

  • Sankɔhwɛ a mowɔ yɛ no, mubetumi ahwɛ sɛnea mobɛyɛ no

  • Mubetumi ahwɛ sɛnea mo ne nkurɔfo befi nkɔmmɔbɔ ase bere a munni asɛnka mu. Mubetumi afa no sɛ mowɔ sukuu mu, adwumam, gua so, anaa baabi foforo. Afei sɛnea mubefi nkɔmmɔbɔ ase no, mommobɔ so

  • Mubetumi adwen ho sɛ, sɛ edu Nkaedi bere, akwamma bere, anaa bere a adwumayɛfo mfa nkɔ adwuma a, ɔkwan bɛn na mobɛfa so ayɛ pii wɔ asɛnka mu

NEA ABUSUA NO HIA:

  • Ɔhaw a mo mu bi rehyia anaa ɔhaw a mubetumi ahyia no, monhwɛ nea mubetumi ayɛ afa ho, na mommobɔ so. Ebi ne sɛ, sɛ obi poopoo n’ani kyerɛ mo mu bi a, dɛn na ɔbɛyɛ? Afei nso sɛ amanyɔsɛm, ɔbea ne barima nantew, anaa afahyɛ a Bible kasa tia ho asɛm sɔre a, mobɛyɛ dɛn?

  • Mubetumi ama mmofra no akɔyɛ asɛm bi mu nhwehwɛmu. Sɛ wɔwie a, na awofo no ayɛ wɔn ho sɛ mmofra no, na mmofra no nso ayɛ wɔn ho sɛ awofo no. Afei nea mmofra no suae no, wɔbetumi ne awofo no asusuw ho ama atɔ wɔn asom

NNEƐMA FOFORO A MUBETUMI AYƐ:

  • Mubetumi ahwɛ JW Broadcasting® dwumadi no bi na moabɔ ho nkɔmmɔ

  • Mubetumi akan nsɛm a ɛwɔ jw.org no bi anaa moahwɛ video a ɛwɔ hɔ no bi na moabɔ ho nkɔmmɔ

  • Sɛ wokɔ jw.org na wohwɛ BIBLE NKYERƐKYERƐ afã hɔ a, wubehu ɔfã a yɛato din “Mmerante Ne Mmabaa” ne “Mmofra.” Mubetumi asusuw nsɛm a ɛwɔ hɔ no bi ho

  • Nneɛma a mohyɛɛ no nsow wɔ ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam bi a mokɔe ase no, mommɔ ho nkɔmmɔ

  • Nneɛma a Onyankopɔn abɔ no, monto mo bo ase nhwɛ bi, anaa monyɛ ho nhwehwɛmu. Afei nea saa abɔde no ma muhu fa Yehowa ho no, mommɔ ho nkɔmmɔ

  • Ɛwom ara a, mubetumi ato nsa afrɛ onua bi, na mo ne no atwetwe nkɔmmɔ

  • Mubetumi de botae asisi mo ani so wɔ Yehowa som mu, na moahwɛ nea mobɛyɛ de adu ho

  • Mubetumi ayɛ Noa adaka no anaa biribi a ɛte saa; afei nso map ne nnaka a ɛwɔ asafo nhoma mu no, mubetumi asusuw bi ho

Yi VIDEO a yɛato din Ma W’abusua Som Nkɔ Yiye. Afei bisa sɛ:

  • Sɛ onua bi ne ne yere nko ara na ɛte fie na mmofra biara nka wɔn ho a, wɔbɛyɛ dɛn ama wɔn abusua som ayɛ anika?

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 13 ¶17-24

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 123 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena