Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 July kr. 13
  • August 19-25

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • August 19-25
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 July kr. 13

AUGUST 19-25

DWOM 75-77

Dwom 120 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Adɛn Nti Na Ɛnsɛ Sɛ Yɛhoahoa Yɛn Ho?

(Simma 10)

Sɛ obi hoahoa ne ho a, Onyankopɔn ani nnye ne ho (Dw 75:4; 1Ti 3:6; w18.01 28 ¶4-5)

Hokwan anaa dwumadi biara a yebenya wɔ asafo no mu no, ɛyɛ adom bi na Yehowa de adom yɛn, efisɛ wohwɛ mu a, yɛn mu biara nni hɔ a ɔfata (Dw 75:​5-7; w23.04 5 ¶11, 12)

Wɔn a wɔma wɔn ho so no, Yehowa bɛbrɛ wɔn ase; ebi ne wiase atumfoɔ a wɔmoma wɔn mmati so no (Dw 76:12)

Mfoni: 1. Onua bi rema ɔkasa wɔ ɔmansin nhyiam ase. 2. Akyiri yi, anuanom bebree aba ne nkyɛn rekamfo no, nanso esiane sɛ ɔbrɛ ne ho ase nti, wannye anuonyam no amfa.

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 76:10—“Onipa bo fuw” a, sɛn na etumi de ayeyi brɛ Yehowa? (w06 7/15 11 ¶4)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 75:1–76:12 (th adesua 11)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Ka kyerɛ nipa no sɛ, yɛn video a ɛwɔ jw.org no, wopɛ sɛ wuyi baako wɔ ne kasa mu kyerɛ no (nanso nyi). Wuwie a, wo ne no mmɔ video no ho nkɔmmɔ. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 4)

5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Fa no sɛ nipa no aka akyerɛ wo sɛ onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Sesa asɛm a wode nam no, na ka biribi foforo a ɛfa n’asɛm no ho. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 5)

6. Yɛ Asuafo

(Simma 5) lff adesua 15 nkyekyɛm 4 (lmd adesua 11 nkyekyɛm 3)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 127

7. Sɛ Nkurɔfo Kamfo Wo a, Kyerɛ Sɛ Wudi Nokware Ma Yehowa

(Simma 7) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Yi VIDEO a yɛato din Sɛ Wɔkamfo Wo Mpo a,—Di Nokware Te Sɛ Yesu. Afei bisa sɛ:

  • Bere a anuanom kamfoo Sergei no, ɔkyerɛe sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Dɛn na wusua fi nea ɔyɛe no mu?

8. Yɛbɛyɛ Asɛnka Adwuma Titiriw Bi Wɔ September Mu a Ɛbɛma Yɛde Wubetumi Anya Anigye Daa! Nhoma No Afi Bible Adesua Ase

(Simma 8) Ɔkasa. Ɔsom adwuma sohwɛfo na ɔbɛma. Ka nsɛm a ɛbɛma anuanom de anigye ahwɛ asɛnka adwuma titiriw no kwan, na ma wɔnhu nhyehyɛe a mo asafo no ayɛ a mode bɛyɛ asɛnka adwuma titiriw no.

9. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 14 ¶7-10, ne adaka a ɛwɔ kr. 110

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 95 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena