Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 July kr. 14-15
  • August 26–September 1

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • August 26–September 1
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 July kr. 14-15

AUGUST 26–SEPTEMBER 1

DWOM 78

Dwom 97 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

Mfoni: Israelni barima bi rekaakae sɛnea na asetena te wɔ Egypt. Waka n’anim asi so, ɛnna ɔde ne nsa asum n’ano. Wasa mana agu ne nsam na ɔrehwie agu. 1. Ɔredi wɔtamɛlon. 2. Israelfo a wɔyɛ nkoa wɔ Egypt no, Egyptfo no reboro wɔn, na wɔredwoodwoo wɔn.

1. Bɔne a Israelfo Yɛe No Yɛ Biribi a Ɛbɔ Yɛn Kɔkɔ

(Simma 10)

Israelfo no werɛ fii Yehowa anwanwadwuma (Dw 78:​11, 42; w96 12/1 29-30)

Israelfo no yii Yehowa bonniayɛ; nneɛma pa a ɔde maa wɔn no, wɔn ani ansɔ (Dw 78:19; w06 7/15 17 ¶16)

Bɔne a Israelfo no yɛe no, wɔansua hwee amfi mu; mpɛn pii na wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ Yehowa (Dw 78:​40, 41, 56, 57; w11 7/1 10 ¶3-4)


DWINNWEN WEI HO: Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛannan yɛn akyi ankyerɛ Yehowa?

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 78:​24, 25—Adɛn nti na Bible frɛ mana “aduan a efi soro” anaa “atumfo aduan”? (w06 7/15 11 ¶5)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 78:​1-22 (th adesua 5)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. Ka kyerɛ fiewura no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible. (lmd adesua 5 nkyekyɛm 5)

5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. Fa yɛn nkratawa no bi fi nkɔmmɔbɔ ase, na ka kyerɛ no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible. (lmd adesua 5 nkyekyɛm 4)

6. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 1) AFIE AFIE ASƐNKA. Fa no sɛ fiewura no aka akyerɛ wo sɛ bɔ no tau. Ka kyerɛ no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 5)

7. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Nka Bible mu asɛm pɔtee biara nkyerɛ nipa no, nanso fa kwan bi so ma onhu sɛ woyɛ Yehowa Danseni. Wuwie a, ka kyerɛ no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 4)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 96

8. Suasua Ɔsɛmpakafo Filipo

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Ɔsɛmpakafo Filipo rekyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu akyerɛ Etiopiani barima bi wɔ ne teaseɛnam mu.

Nnipa bebree na wɔn ho asɛm wɔ Bible mu. Ná wɔn mu bi suban ye; ná ebi nso de nye. Yɛbɛyɛ dɛn asua biribi afi wɔn mu biara hɔ? Gye sɛ yenya adaagye na yemia yɛn ani sua wɔn ho ade. Sɛ yɛkenkan wɔn ho asɛm a, na yenwiei; adesuade a yebenya afi mu no, ɛsɛ sɛ yɛde kɔ adwinnwen mu na ɛboa yɛn ma yɛsesa yɛn suban.

Ɔsɛmpakafo Filipo sei, wobɔ ne din a, na obiara nim no sɛ ɔyɛ Kristoni a ‘honhom ne nyansa ayɛ no ma.’ (Aso 6:​3, 5) Yɛhwɛ sɛnea ɔbɔɔ ne bra no a, adesuade bɛn na yebetumi anya afi mu?

Yi VIDEO a yɛato din Sua Biribi Fi Wɔn Hɔ—Ɔsɛmpakafo Filipo. Afei bisa sɛ:

  • Bere a ɔtaa nti na ɛsɛ sɛ Filipo yɛ ntɛm guan fi baabi a ɔte no, dɛn na ɔyɛe, na dɛn na yesua fi mu? —Aso 8:​1, 4, 5

  • Wohwɛ nhyira a Filipo nyae bere a oyii ne yam kɔsom wɔ baabi a mmoa ho hia no a, dɛn na yesua fi mu?—Aso 8:​6-8, 26-31, 34-40

  • Wohwɛ nhyira a Filipo ne ne yere ne wɔn mma nyae bere a wɔsom afoforo hɔho no a, dɛn na yesua fi mu?—Aso 21:​8-10

  • Abusua a wɔwɔ video no mu no, wohwɛ anigye a wɔnyae bere a wɔsuasuaa Filipo no a, dɛn na yɛfa fi mu?

9. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 14 ¶11-20

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 101 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena