Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 September kr. 5-16
  • September 16-22

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • September 16-22
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 September kr. 5-16

SEPTEMBER 16-22

DWOM 85-87

Dwom 41 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

Ɔhene Dawid rebɔ mpae afi ne komam.

1. Mpaebɔ Boa Ma Yetumi Mia Yɛn Ani Gyina Sɔhwɛ Ano

(Simma 10)

Bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmma wunnya anigye (Dw 86:4)

Bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo mma wɔnkɔ so nni nokware mma no (Dw 86:​11, 12; w12 5/15 25 ¶10)

Nya awerɛhyem sɛ, Yehowa betie wo mpaebɔ (Dw 86:​6, 7; w23.05 13 ¶17-18)


BISA WO HO SƐ, ‘Sɛ mihyia ɔhaw a, ɛyɛ a metaa bɔ mpae, na mebɔ a, mebɔ kyɛ?’—Dw 86:3.

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 86:11—Dɛn na Dawid mpae no ma yehu fa onipa koma ho? (it-1 1058 ¶5)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 86:1–87:7 (th adesua 12)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Ka kyerɛ ofiewura no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible. (lmd adesua 3 nkyekyɛm 5)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Fa no sɛ bere bi a wo ne nipa no bɔɔ nkɔmmɔ no, mokaa biribi a asi ho asɛm, na ɔkaa sɛ saa ade no haw no paa. Ka kyerɛ no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible. (lmd adesua 7 nkyekyɛm 4)

6. Yɛ Asuafo

(Simma 5) lff adesua 15 nkyekyɛm 5. Fa no sɛ nnawɔtwe a ɛreba no wobɛkɔ baabi, enti worentumi ne wo Bible suani no nkosua ade. Wo ne osuani no nka ho asɛm na onhu nhyehyɛe a woayɛ a ɛbɛma adesua no akɔ so saa nnawɔtwe no. (lmd adesua 10 nkyekyɛm 4)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 83

7. Mpa Abaw

(Simma 5) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Yi VIDEO no. Afei bisa sɛ:

  • Adɛn nti na ɛtɔ da a, yɛn abam betumi abu wɔ asɛnka adwuma a yɛreyɛ no ho?

  • Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw?

8. Kɔ So Hwehwɛ Nkurɔfo a Wo Ne Wɔn Besua Bible

(Simma 10) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Onuawa bi redi ɔbea bi adanse wɔ baabi a nkurɔfo fa kar.
Onua bi ne ne yere gyina trɔk ho reyɛ baguam adansedi. Asɛm a ɛwɔ trɔk no anim ne sɛ, yɛne nkurɔfo sua Bible a yennye sika biara. Maame bi nam hɔ a ɔrehwɛ trɔk no.
Onua bi ne ne yere reyɛ afie afie asɛnka. Wɔde “Wubetumi Anya Anigye Daa!” nhomawa no bi rema papa bi.

Asɛnka titiriw a yɛreyɛ wɔ saa bosome yi mu no, wugu so? Woatumi ne obi afi Bible adesua ase wɔ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhomawa no mu anaa? Sɛ woatumi a, ɛnde ɛbɛyɛ sɛ w’ani gye a agye no, ɛnyɛ bi ni! Na yenim sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, nea woayɛ no ahyɛ anuanom afoforo nso den. Ebia wo de, wuntumi ne obiara mfii Bible adesua ase, enti anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ asɛnka adwuma a woreyɛ no, mfaso biara nni so. Dɛn na wubetumi ayɛ na w’abam ammu?

Yi VIDEO a yɛato din ‘Yɛwɔ Abotare a, Edi Yɛn Ho Adanse Sɛ Yɛyɛ Onyankopɔn Asomfo’—Bere a Yɛreka Asɛmpa No. Afei bisa sɛ:

  • Asɛnka adwuma a yɛreyɛ no, sɛ ɛyɛ yɛn sɛ ‘yɛreyɛ gu mframa mu’ a, sɛn na 2 Korintofo 6:​4, 6 betumi aboa yɛn?

  • Fa no sɛ woayɛ ayɛ ara nso wunnya obi ne no nyɛ Bible adesua. Sɛ saa na ɛte a, dɛn ne dɛn saa na wubetumi ayɛ de asakra asɛnka adwuma a woyɛ no mu?

Kae sɛ, ɛnyɛ Bible adesua dodow a yɛatumi afi ase anaa dodow a yetumi yɛ na ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ani gye. Nim a yenim sɛ Yehowa ani sɔ mmɔden a yɛrebɔ wɔ asɛnka adwuma no mu no, ɛno mmom na ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ani gye. (Lu 10:​17-20) Enti kɔ so yɛ asɛnka adwuma titiriw a yɛreyɛ yi bi. Fa wo koma nyinaa hyɛ mu, na kae sɛ wo “brɛ renyɛ ɔkwa Awurade mu”!—1Kor 15:58.

9. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 15 ¶13-14, ne adaka a ɛwɔ kr. 121

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 39 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena