Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 September kr. 6-7
  • September 23-29

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • September 23-29
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 September kr. 6-7

SEPTEMBER 23-29

DWOM 88-89

Dwom 22 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Ɔhene Biara Ne Yehowa Nsɛ

(Simma 10)

Yehowa mfa ne tumi nsisi obiara; obu atɛntrenee bere nyinaa (Dw 89:14; w17.06 28 ¶5)

Sɛnea Yehowa di tumi no, ɛma yenya anigye amapa (Dw 89:​15, 16; w17.06 29 ¶10-11)

Yehowa tumidi bɛtena hɔ daa (Dw 89:​34-37; w14 10/15 7 ¶14)

Mfoni: Sɛnea Yehowa di nnipa so ne sɛnea wiase atumfoɔ di nnipa so no, onua bi redwinnwen ho. 1. Amanyɔkuw bi nkurɔfo abɔ gua, na wɔn mpanyimfo de wɔn anisoadehu reto gua. Ebinom regye akyinnye wɔ hɔ. 2. Anuanom de anigye rekyiakyia wɔn ho wɔ asafo nhyiam ase.

Ɛsɛ sɛ yɛkae daa sɛ, sɛnea Yehowa di nnipa so no, ɛda mu fua; eye sen nnipa de koraa. Sɛ yedwen ho saa a, asɛm biara nni hɔ a obi bɛka a ɛbɛma yɛakogyina amanyɔkuw bi akyi

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 89:37—Sɛ yɛka sɛ ɔsram yɛ nokwafo a, ɛkyerɛ sɛn, na yɛka sɛ onipa yɛ nokwafo a, ɛno nso kyerɛ sɛn? (cl 281 ¶4-5)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 89:​1-24 (th adesua 11)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) BAGUAM ADANSEDI. Fa no sɛ nipa a woredi no adanse no, ɔsom a ɔwom no nyɛ Kristosom. Ka kyerɛ no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible. (lmd adesua 5 nkyekyɛm 5)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Ka kyerɛ ofiewura no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua ade kakra de kyerɛ no sɛnea yɛne nkurɔfo sua Bible. (th adesua 9)

6. Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu

(Simma 5) Ɔkasa. ijwbq 181—Asɛmti: Dɛn Na Bible Ka Ho Asɛm? (th adesua 2)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 94

7. Yehowa Mmara, Ɛda Mu Fua

(Simma 10) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Bible mmara a ɛfa ɔbea ne barima nna ne aware ho no, nnipa bebree bu no sɛ ntease nnim, na atwam. Wo nso ɛ? Wugye tom paa sɛ Yehowa mmara na ɛbɛboa wo wɔ abrabɔ mu, na ɛrenni wo huammɔ da?—Yes 48:​17, 18; Ro 12:2.

    Video a yɛato din, “Nea Enti a Mewɔ Gyidi​—Mintie Nyankopɔn Anaa Menyɛ Nea Mepɛ?” no, emu mfoni na ɛwɔ ha yi. Hugo ne Clara.
  • Ɔkwan a wiase no pɛ sɛ yɛfa so bɔ yɛn bra no, adɛn nti na enni sɛ yedi akyi? (Yer 10:23; 17:9; 2Ko 11:​13-15; Efe 4:​18, 19)

  • Mfoni: Video a yɛato din, “Nea Enti a Mewɔ Gyidi​—Mintie Nyankopɔn Anaa Menyɛ Nea Mepɛ?” no, emu mfoni na ɛwɔ ha yi. 1. Tablɛt bi da hɔ, ɛnna jw.org ahyɛnsode no da so. 2. Hugo te bɔs mu, ɛnna ɔrekenkan Bible wɔ ne smatfon so. 3. Clara rebɔ mpae.
  • Mmara a Yehowa de ama yɛn sɛ yɛmfa mmɔ yɛn bra no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya gyidi sɛ ɛno paa na eye? (Yoh 3:16; Ro 11:33; Tit 1:2)

Bible kyerɛ sɛ wɔn a wɔmfa Onyankopɔn mmara nyɛ adwuma no “rennya Onyankopɔn Ahenni no.” (1Ko 6:​9, 10) Nanso wohwɛ a, ɛno nko ara nti na ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn mmara bɔ yɛn bra?

Yi VIDEO a yɛato din Nea Enti a Mewɔ Gyidi—Mintie Nyankopɔn Anaa Menyɛ Nea Mepɛ? Afei bisa sɛ:

  • Mmara a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ yɛmfa mmɔ yɛn bra no, sɛn na ɛbɔ yɛn ho ban?

8. Asafo Mu Ahiade

(Simma 5)

9. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 15 ¶15-20

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 133 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena