Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 November kr. 12-13
  • December 23-29

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • December 23-29
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 November kr. 12-13

DECEMBER 23-29

DWOM 119:​121-176

Dwom 31 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Nea Wobɛyɛ Na Woankɔfa Ɛyaw Bebree Ammɛto Wo Ho So

(Simma 10)

Ma w’ani nnye Onyankopɔn mmara ho (Dw 119:127; w18.06 17 ¶5-6)

Kyi bɔne (Dw 119:128; w93 4/15 17 ¶12)

Tie Yehowa, na ama woakwati mfomso a ‘wɔn a wɔnni nimdeɛ’ di no bi (Dw 119:​130, 133; Mme 22:3)

Bible a wɔabue mu ato hɔ; sika a wɔde sika kɔkɔɔ atwa gu Bible no nkyɛn.

BISA WO HO SƐ, ‘Nneɛma pɔtee bɛn na ehia sɛ meyɛ na ama m’ani akɔ so agye Onyankopɔn mmara ho, na makyi bɔne?’

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 119:160—Sɛnea kyerɛwsɛm yi ka no, dɛn na ɛsɛ sɛ yegye di? (w23.01 2 ¶2)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 119:​121-152 (th adesua 2)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 5)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Kyerɛ nipa no sɛnea obetumi ahwehwɛ biribi a n’ani gye ho wɔ jw.org. (lmd adesua 8 nkyekyɛm 3)

6. Yɛ Asuafo

(Simma 5) Wo ne wo Bible suani a ɔntaa mma adesua mmɔ nkɔmmɔ. (lmd adesua 12 nkyekyɛm 4)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 121

7. Nni Sika Akyi Nkɔtɔ Amane Mu

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Wɔn a wɔdi sika akyi no de “yaw bebree awowɔ wɔn ho nyinaa.” (1Ti 6:​9, 10) Sɛ yɛn ani bere sika na yɛma edi yɛn anim wɔ abrabɔ mu a, amane a ebetumi de yɛn akɔ mu no bi na edidi so yi:

  • Yɛrentumi ne Yehowa mfa adamfo yiye.—Mt 6:24

  • Ɛremma yɛn ani nsɔ nea yɛwɔ.—Ɔsɛ 5:10

  • Ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ yebedi atoro, yɛbɛbɔ korɔn, yebetwa nkontompo, anaa yɛbɛyɛ bɔne afoforo. (Mme 28:20) Sɛ yɛyɛ bɔne no wie nso a, yɛn ahonim bebu yɛn fɔ, ɛbɛsɛe yɛn din, na yɛne Onyankopɔn ntam bɛsɛe

Video a yɛato din, “Hwɛ Wo Sika Yiye” no, emu mfoni na ɛwɔ ha yi. Aberante bi kura susu adaka.

Kenkan Hebrifo 13:5. Afei munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ sika ho na yɛankɔtɔ amane mu? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya saa adwene no?

Sɛ yɛn ani mmere sika mpo, na yɛanhwɛ yɛn sika yiye a, ɛde yɛn bɛkɔ amane mu.

Yi NNEƐMA A WƆADRƆDRƆ AYƐ NO VIDEO a yɛato din Hwɛ Wo Sika Yiye. Afei bisa sɛ:

    Video a yɛato din, “Hwɛ Wo Sika Yiye” no, emu mfoni na ɛwɔ ha yi. Aberante ne ababaa bi; wɔn mu biara akyerɛkyerɛw nneɛma a wɔhia ne nea wɔnyae a anka wɔpɛ, ɛnna wɔakyerɛkyerɛw ne bo ahyɛ ho. Nneɛma a aberante no kyerɛwee ni: ade a yɛde hyehyɛ yɛn asom tie nnwom, mpaboa, aduan, ne keteke tekiti. Nea ababaa no kyerɛwee ne: bag, wɔɔkye, aduan, ne pɛtro.
  • Sika a yebedi no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ ho nhyehyɛe, anaa yɛyɛ bagyɛt, na yɛbɛyɛ no sɛn?

  • Video a yɛato din, “Hwɛ Wo Sika Yiye” no, emu mfoni na ɛwɔ ha yi. Nsu retɔ, enti ababaa no atɔ kyinii mmienu. Ɔtɔɔ baako fae, ɛnna ɔtɔɔ baako maa ne nuabarima a ɔno de ɔde ne sika tɔɔ ice cream.
  • Adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ wusie sika?

  • Video a yɛato din, “Hwɛ Wo Sika Yiye” no, emu mfoni na ɛwɔ ha yi. Wɔayɛ credit card bi te sɛ onipa; wɔde abankaba ato credit card no nsa, ɛnna wɔasan de ato aberante no nsa. Credit card foforo gyina nkyɛn baabi reserew kyerɛ aberante no.
  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛammoro ka angu hɔ?

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 20 ¶1-7, ne ɔfã 7 no nnianim nsɛm

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 101 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena