Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 November kr. 14-16
  • December 30, 2024–January 5, 2025

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • December 30, 2024–January 5, 2025
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 November kr. 14-16

DECEMBER 30–JANUARY 5

DWOM 120-126

Dwom 144 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

Israelfo no de anigye retwa wɔn hwiit a asow dɔsɔɔ no.

Israelfo a wɔsan fii Babilon bae no de anigye retwa wɔn nnɔbae, efisɛ Yehowa hyiraa adwumaden a wɔyɛe no so

1. Wɔde Nisu Na Egui, Nanso Wɔde Ahurusi Na Etwae

(Simma 10)

Bere a Yehowa yii Israelfo fii Babilon sɛ wɔnkɔhwɛ mma nokwaresom nsan mfa ne ntama pa mfura no, wɔn ani gyei (Dw 126:​1-3)

Ɛbɛyɛ sɛ wɔn a wɔsan kɔɔ Yudea no bi sui esiane adwumaden a na ɛda wɔn anim no nti (Dw 126:5; w04 6/1 16 ¶10)

Israelfo no ampa abaw, na Yehowa hyiraa wɔn (Dw 126:6; w21.11 24 ¶17; w01 7/15 18-19 ¶13-14; hwɛ mfoni no)

Israelfo reyɛ adwumaden wɔ afuw mu. Ɔbarima baako regu aba, ɛnna baako nso refuntum asaase no.

DWINNWEN WEI HO: Sɛ wɔgye yɛn fi wiase dedaw yi mu wɔ Armagedon a, nsɛnnennen bɛn na yebehyia bere a yɛresan asisi adan na yɛresiesie nneɛma a ɛwɔ asaase so no? Nhyira bɛn na yebenya?

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 124:​2-5—Sɛnea Yehowa bɔɔ Israel man no ho ban wɔ honam fam no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ saa ara ama yɛn anaa? (cl 73 ¶15)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 124:1–126:6 (th adesua 5)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) BAGUAM ADANSEDI. (lmd adesua 3 nkyekyɛm 5)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Bere a edi kan a wokɔɔ nipa no nkyɛn no, na ne nsɛm a ɔreka kyerɛ sɛ onnye nni sɛ Bible mu nsɛm yɛ nokware. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 5)

6. Yɛ Asuafo

(Simma 5) lff adesua 16 no nnianim asɛm ne nkyekyɛm 1-3 (lmd adesua 11 nkyekyɛm 3)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 155

7. Di Onyankopɔn Bɔhyɛ Ahorow Ho Ahurusi

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Ɛbɔ ahorow a Yehowa hyɛɛ ne nkurɔfo a na wɔakodi Babilon no, odii so. Ogyee wɔn, na ɔde wɔn bɔne a na wɔayɛ atwam no kyɛɛ wɔn. (Yes 33:24) Bere a wɔtuu Yudafo no fii wɔn asaase so kɔɔ Babilon no, agyata ne nkekaboa afoforo yɛɛ bebree wɔ asaase no so. Yebetumi aka sɛ Yehowa bɔɔ Yudafo no ne wɔn ayɛmmoa ho ban bere a wɔsan baa wɔn asaase so no. (Yes 65:25) Ná wɔbetumi atena wɔn ankasa afie mu na wɔadi wɔn bobefuw mu aba. (Yes 65:21) Onyankopɔn hyiraa wɔn nsa ano adwuma so, na wɔdii nna kyɛe.—Yes 65:​22, 23.

Video a yɛato din, “Onyankopɔn Bɔhyɛ Ahorow a Ɛbɛma Yɛanya Asomdwoe No, Di Ho Ahurusi​—Ne Fã Bi” no, emu mfoni na ɛwɔ ha yi. Mfoni: 1. Anuanom mmarima ne mmea te baabi regye wɔn ani. 2. Mfoni a wɔtwaa wɔ wim; wutumi hu mmepɔw ne kwae. 3. Odiyifo Daniel a wɔanyan no afi awufo mu; ɔnam kwae mu. 4. Abofra kumaa bi a wɔanyan no afi awufo mu; n’awofo reyɛ no atuu. 5. Apampaa bi si hɔ a wɔahyehyɛ nnuaba ne atosode wɔ so. 6. Nsu resian waawaa fi mmepɔw mu.

Nsu a ɛresian fi mmepɔw mu: Maridav/stock.adobe.com; mmepɔw: AndreyArmyagov/stock.adobe.com

Yi VIDEO a yɛato din Onyankopɔn Bɔhyɛ Ahorow a Ɛbɛma Yɛanya Asomdwoe No, Di Ho Ahurusi—Ne Fã Bi. Afei bisa sɛ:

  • Dɛn na ɛma yehu sɛ saa nkɔmhyɛ yi reba mu nnɛ?

  • Wiase foforo no mu no, sɛn na saa nkɔmhyɛ no benya mmamu kɛse?

  • Nkɔmhyɛ ahorow no mu nea ɛwɔ he paa na worehwɛ kwan?

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 20 ¶8-12, ne adaka a ɛwɔ kr. 161

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 58 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena