Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb25 January kr. 5-16
  • January 20-26

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • January 20-26
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
mwb25 January kr. 5-16

JANUARY 20-26

DWOM 138-139

Dwom 93 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Ɛnsɛ Sɛ Ayamhyehye Nti Woka W’ano Tom

(Simma 10)

Yɛpɛ sɛ yɛde yɛn koma nyinaa yi Yehowa ayɛ (Dw 138:1)

Sɛ wopɛ sɛ woma mmuae wɔ adesua ase na sɛ wo yam hyehye wo a, bɔ Yehowa mpae ma ɔmmoa wo (Dw 138:3)

Sɛ wo yam hyehye wo a, ɛnyɛ bɔne (Dw 138:6; w19.01 10 ¶10)

Onuawa bi ama ne nsa so rebɛma mmuae wɔ asafo nhyiam ase.

NYANSAHYƐ: Sɛ yɛrema mmuae na yɛma ɛyɛ ntiantiaa a, ɛremma yɛn yam nhyehye yɛn pii.—w23.04 21 ¶7.

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 139:​21, 22—Bɔne biara na ɛsɛ sɛ Kristofo de kyɛ anaa? (w97 12/1 kr. 19 ¶15)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 139:​1-18 (th adesua 2)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) BAGUAM ADANSEDI. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 3)

5. Yɛ Asuafo

(Simma 4) BAGUAM ADANSEDI. Ka kyerɛ onipa no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible. Afei wo ne no nsua ade kakra na onhu sɛnea yɛyɛ Bible adesua. (lmd adesua 10 nkyekyɛm 3)

6. Ɔkasa

(Simma 5) ijwyp asɛm 105—Asɛmti: Mɛyɛ Dɛn Adi Fɛre So? (th adesua 16)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 59

7. Ɛwom Sɛ Wofɛre Ade, Nanso W’ani Betumi Agye Wɔ Wo Som Adwuma Mu

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Wobɛka sɛ woyɛ obi a wofɛre ade? Ɛyɛ a wompɛ sɛ nnipa ani ba wo so anaa? Sɛ ɛba wo tirim sɛ wo ne nkurɔfo nkasa a, ɛyɛ a na wo yam nkosua nyinaa abobɔ anaa? Ɛtɔ da a, fɛre ka yɛn hyɛ, na ɛmma yentumi nyɛ nneɛma a yɛpɛ sɛ yɛyɛ. Nanso nnipa pii a wɔfɛre ade atumi ne nkurɔfo abɔ Bible mu nkɔmmɔ, na mpo wɔn ani abegye ɔsom adwuma no ho. Nea saa nnipa no ayɛ no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

Yi VIDEO a yɛato din Mefɛre Ade, Nanso Mereyɛ Nea Metumi Biara. Afei bisa sɛ:

  • Onuawa Lee nanabea tuu no fo sɛ, ‘ɔnyɛ nea obetumi biara mfa nsom Yehowa.’ Ɔde saa afotu no yɛɛ adwuma. Sɛn na aboa no?

Bible ma yehu sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Mose, Yeremia, ne Timoteo nyinaa fɛre ade. (Ex 3:11; 4:10; Yer 1:​6-8; 1Ti 4:12) Nanso esiane sɛ na Yehowa ka wɔn ho nti, wɔtumi yɛɛ nneɛma akɛseakɛse wɔ Yehowa som mu. (Ex 4:12; Yer 20:11; 2Ti 1:​6-8)

Collage: 1. Mose kura abopon mmienu a Mmara Nsɛm Du wɔ so no. 2. Yeremia rebɔ mpae. 3. Timoteo rekenkan nhoma mmobɔwee bi.

Kenkan Yesaia 43:​1, 2. Afei bisa sɛ:

  • Ɛbɔ bɛn na Yehowa ahyɛ n’asomfo?

Ɛnnɛ, wɔn a wɔfɛre ade no, sɛn na Yehowa betumi aboa wɔn ama wɔn ani agye asɛnka adwuma no ho?

Yi VIDEO a yɛato din Sɛnea W’asubɔ No Bɛma Anigye a Woanya No Ayɛ Kɛse—Ne Fã Bi. Afei bisa sɛ:

  • Asɛm bɛn na Onuawa Jackson kae a ɛma yehu sɛ Yehowa aboa no wɔ n’asɛnka adwuma mu, na ɔde ne tumi taa n’akyi?

  • Sɛn na asɛnka adwuma no betumi aboa obi a ɔfɛre ade?

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 21 ¶8-13, ne adaka a ɛwɔ kr. 169

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 151 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena