Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb25 January kr. 6-7
  • January 27–February 2

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • January 27–February 2
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
mwb25 January kr. 6-7

JANUARY 27–FEBRUARY 2

DWOM 140-143

Dwom 44 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Sɛ Wobɔ Mpae Hwehwɛ Yehowa Mmoa a, Yɛ Ho Adwuma

(Simma 10)

Brɛ wo ho ase gye afotu tom (Dw 141:5; w22.02 12 ¶13-14)

Sɛnea Yehowa gyee ne nkurɔfo tete, ɛne sɛnea waboa wo mmere bi a atwam no, dwinnwen ho (Dw 143:5; w10 3/15 32 ¶4)

Sɛnea Yehowa hu nneɛma no, bɔ mmɔden sɛ wo nso wubehu no saa ara (Dw 143:10; w15 3/15 32 ¶2)

Onua aberante bi reyɛ kokoam adesua. Mfoni ahorow: 1. Ɔte abɔnten rebɔ mpae. 2. Ɔne onua bi a ne mfe akɔ anim abom reyɛ asɛnka adwuma; ɔretie onua a ne mfe akɔ anim no afotu.

Dwom 140-143 ma yehu mpae a Dawid bɔ de hwehwɛɛ Yehowa mmoa, na ɛsan nso ma yehu sɛ Dawid yɛɛ mpae a ɔbɔe no ho adwuma.

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 140:3—Adɛn nti na Dawid de abɔnefo tɛkrɛma totoo ɔwɔ de ho? (it-2 1151)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 141:​1-10 (th adesua 12)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Yɛ biribi boa onipa no. Wuwie a, wo ne no mmɔ Bible mu asɛm bi ho nkɔmmɔ. (lmd adesua 3 nkyekyɛm 5)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 3) BAGUAM ADANSEDI. Onipa no aka akyerɛ wo sɛ onni adaagye. (lmd adesua 7 nkyekyɛm 3)

6. Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu

(Simma 5) Ɔyɛkyerɛ. ijwfq asɛm 21—Asɛmti: Adɛn Nti na Munnye Mogya? (th adesua 7)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 141

7. Yɛ Ahoboa Ma Ayaresa Ho Nsɛm a Ebetumi Asɔre

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ “ahohia mu boafo a ɔwɔ hɔ daa.” (Dw 46:1) Sɛ ayaresa ho asɛm bi sɔre, anaa ehia sɛ wɔyɛ yɛn oprehyɛn a, ebetumi agyaw yɛn adwinnwen paa. Nanso Yehowa ama yɛn biribiara a ɛbɛma yɛatumi asiesie yɛn ho ama tebea a ɛte saa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Yehowa asafo no ama yɛn nsa aka DPA anaa mogya kratasin, Identity Card anaa mmofra mogya kratasin,a ayaresa ho nkrataa afoforo,b ne Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw (anaa HLC). Saa nkrataa yi ne HLC no boa yɛn ma yetumi di Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho no so.—Aso 15:​28, 29.

Onuawa bi rehyehyɛ mogya kratasin.

Yi VIDEO a yɛato din Woayɛ Ahoboa Ama Ayaresa Ho Nsɛm a Ebetumi Asɔre Anaa? Afei bisa sɛ:

  • Sɛn na ebinom a wɔhyehyɛɛ DPA no nyaa so mfaso?

  • Krataa a yɛato din Nsɛm a Wɔde Ma Apemfo (S-401) no, sɛn na aboa ebinom?

  • Sɛ dɔkta ka sɛ wɔbegye wo ato ayaresabea, wɔbɛyɛ wo oprehyɛn, anaa wɔbɛfa ɔkwan foforo bi so asa yare bi te sɛ kansa, na ɛyɛ wo sɛ mogya ho asɛm biara remma mu mpo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wobɔ anuanom a wɔka HLC ho no amanneɛ ntɛm ara?

WOAYƐ AHOBOA?

  • Gyinae a woasi no, kyerɛw ne nyinaa wɔ wo DPA no so

  • Frɛ HLC no ntɛm

  • Siesie wo ho sɛ wobɛma wo dɔkta ahu w’adwene wɔ nea edidi so yi ho: mogya, ne mogya mu nneɛma nketenkete, ne wo ara wo mogya a wɔde bɛyɛ wo ho adwuma wɔ ayaresa mu.—Hwɛ lff adesua 39

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 21 ¶14-22

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 103 Ne Mpaebɔ

a Adawurubɔfo a wɔabɔ asu betumi akɔ onua a ɔhwɛ nhoma so no hɔ akogye DPA no bi, na wɔagye Identity Card no bi ama wɔn mma nkumaa nso.

b Sɛ wuhia fɔɔm a edidi so yi bi a, hu asafo mu mpanyimfo no na wɔmma wo bi: Nsɛm a Wɔde Ma Apemfo (S-401), Nsɛm a Wɔde Ma Wɔn a Wɔhia Sɛ Wɔyɛ Oprehyɛn Anaa Wɔma Wɔn Nnuru a Ano Yɛ Den (S-407), ne Sɛnea Awofo Bɛbɔ Wɔn Mma Ho Ban Na Wɔamma Wɔn Mogya (S-55).

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena