Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb25 January kr. 12-13
  • February 17-23

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • February 17-23
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
mwb25 January kr. 12-13

FEBRUARY 17-23

MMEBUSƐM 1

Dwom 88 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

Ɔhene Solomon ne ne babarima te abɔnten; ɔretu ne ba no fo.

Mfoni a ɛwɔ nhoma no anim: Solomon babarima ayɛ komm retie ne papa nteɛso a ɔde rema no wɔ ɔdɔ mu

1. Mmerante Ne Mmabaa—Hena Na Mubetie No?

(Simma 10)

[Yi VIDEO a yɛato din Mmebusɛm Nhoma no Nnianim Nsɛm.]

Yɛ onyansafo na tie w’awofo asɛm (Mme 1:8; w17.11 29 ¶16-17; hwɛ mfoni no)

Ntie wɔn a wɔyɛ nneɛma bɔne (Mme 1:​10, 15; w05 2/15 19-20 ¶11-12)

Onua aberante bi wɔ baabi a wɔsesã wɔn ho wɔ sukuu; ne sukuufo no bi rehyɛ no sɛ ɔmfa ne smatfon nyɛ biribi a ɛmfa kwan mu. Ɔredwen ho sɛ ɔnyɛ nea wɔreka no anaa mma ɔnyɛ.

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Mme 1:22—Sɛ Bible ka “kwasea” anaa “nkwaseafo” a, mpɛn pii no, henanom ho asɛm na ɛyɛ a na ɛreka? (it-1 846)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Mme 1:​1-23 (th adesua 10)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 2) BAGUAM ADANSEDI. Onipa no pɛ sɛ ɔne wo gye akyinnye. (lmd adesua 6 nkyekyɛm 5)

5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 2) BAGUAM ADANSEDI. Obi akyerɛ asɛm no ho anigye. Gye ne tɛlefon nɔma na fa wo de ma no, anaa ma ɔnkyerɛ wo baabi a wo nsa bɛka no. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 5)

6. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 2) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Ka Bible adesua a yɛne nkurɔfo yɛ no ho asɛm kyerɛ no, na ma no Bible adesua kaad no bi. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 5)

7. Yɛ Asuafo

(Simma 5) lff adesua 16 nkyekyɛm 6. Wo suani bi adwene nsi no pi sɛ anwanwade a Yesu yɛe no, esii paa anaa ansi. Fa nsɛm a ɛwɔ “Yɛ Nhwehwɛmu” afã hɔ no baako boa no. (th adesua 3)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 89

8. Asafo Mu Ahiade

(Simma 15)

9. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 22 ¶15-21

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 80 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena