Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb25 January kr. 14-15
  • February 24–March 2

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • February 24–March 2
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
mwb25 January kr. 14-15

FEBRUARY 24–MARCH 2

MMEBUSƐM 2

Dwom 35 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Woyere Wo Ho Yɛ Kokoam Adesua?

(Simma 10)

Ɛbɛkyerɛ sɛ Yehowa som ho hia wo (Mme 2:​3, 4; w22.08 18 ¶16)

Ɛbɛboa wo ama woasisi gyinae pa (Mme 2:​5-7; w22.10 19 ¶3-4)

Ɛbɛhyɛ wo gyidi den (Mme 2:​11, 12; w16.09 23 ¶2-3)

Israelni barima bi hyɛ ɔbodan bi mu; ɔde “pickax” retutu fam.

BISA WO HO SƐ, ‘Mɛyɛ dɛn ayɛ kokoam adesua daa, na mama akɔ yiye?’

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Mme 2:7—Sɛn na Yehowa yɛ “ɔkyɛm ma wɔn a wɔn abrabɔ di mu”? (it-1 1211 ¶4)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Mme 2:​1-22 (th adesua 12)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Kyerɛ onipa no sɛnea obetumi ahwehwɛ biribi a ebetumi aboa awarefo wɔ jw.org. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 3)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Da a etwa to a wo ne onipa no kasae no, ɔkaa sɛ ɔrepɛ asɛm bi mu nkyerɛkyerɛmu. Fa nsɛmma nhoma a ɛkyerɛkyerɛ saa asɛm no mu ma no. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 3)

6. Ɔkasa

(Simma 5) lmd nkekaho A nkyekyɛm 8—Asɛmti: Okunu Ne Ɔyere Nyinaa, Ɛnsɛ Sɛ Obiara Fi Ne Yɔnko Akyi. (th adesua 13)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 96

7. Wopɛ Sɛ Wohwehwɛ Ade Kamakama Bi a Wɔde Asie Anaa?

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Mmofra, mopɛ sɛ muhu ade kamakama bi a wɔde asie anaa? Sɛ saa a, ɛnde ade kamakama paa bi wɔ Bible mu a mubetumi ahwehwɛ ahu. Ɛno ne ade a ɛho hia paa wɔ wiase! Saa ade kamakama no, ɛno ne Onyankopɔn ho nimdeɛ anaa ne ho nsɛm! (Mme 2:​4, 5) Wopɛ sɛ wuhu ade kamakama yi a, ɛyɛ a gye bere fa kenkan Bible da biara, na yɛ nea wokan no ho nhwehwɛmu. Sɛ woyɛ saa a, w’ani begye, na wubehu Yehowa ho nsɛm bebree!

  • Nsɛm bɛn saa na wubetumi abisa wo ho bere a worekan Bible? (w24.02 32 ¶2-3)

  • Ɛhe na wubetumi anya mmuae?

Abarimaa bi ahyehyɛ ne ho te sɛ nea ɔrekyinkyin apɛ agude; wahu adaka bi a agude ayɛ no ma, na ɔde anigye rebue so.

Video a ɛba toatoa so a yɛato din, Sua Biribi Fi Yehowa Nnamfo Hɔ no betumi aboa wo, na sɛ wokan Bible a, woahu sɛnea wubetumi adwinnwen emu nsɛm no ho.

Onua abarimaa bi te ɔpon ho resua Bible wɔ kokoam. Nhomawa a yɛato din “Was Life Created?” da ɔpon no so.

Yi VIDEO a yɛato din Sua Biribi Fi Yehowa Nnamfo Hɔ—Habel.

Kenkan Genesis 4:​2-4 ne Hebrifo 11:4. Afei bisa sɛ:

  • Dɛn na Habel yɛe a ɛkyerɛ sɛ na Yehowa yɛ n’adamfo?

  • Ɛdɛn na Habel yɛe a ɛma onyaa Yehowa mu gyidi kɛse?

  • Ɛdɛn na wobɛyɛ na ama wo gyidi ayɛ kɛse?

NYANSAHYƐ

Sɛ worekan Bible a, nnipa, mmeae, ne nneɛma a wobɛkan ho ade no, yɛ ho nhwehwɛmu. Nea ɛyɛ wo sɛ wunim yiye paa mpo, ɛyɛ a yɛ ho nhwehwɛmu. Sɛ wusua Bible saa a, ɛbɛma w’ani agye!

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 23 ¶1-8 ne ɔfã 8 no nnianim nsɛm

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 102 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena