MAY 5-11
MMEBUSƐM 12
Dwom 101 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)
1. Adwumaden—Ɛso Wɔ Akatua
(Simma 10)
Nni nneɛma hunu akyi mmfa nnsɛe wo bere (Mme 12:11)
Yere wo ho yɛ adwuma, na bɔ wo ho mmɔden (Mme 12:24; w16.06 30 ¶6)
Woyɛ adwumaden a, wubenya so akatua (Mme 12:14)
NYANSAHYƐ: Sɛ yɛde yɛn adwene si sɛnea adwumaden a yɛyɛ tumi boa nkurɔfo so a, ɛma yɛn ani gye.—Aso 20:35; w15 2/1 5 ¶4-6.
2. Tweetwee Bible Mu
(Simma 10)
Mme 12:16—Nnyinasosɛm a ɛwɔ kyerɛwsɛm yi mu no, sɛn na ebetumi ahyɛ obi den na ɔhaw ammu amfa ne so? (ijwyp asɛm 95 ¶10-11)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
3. Bible Akenkan
(Simma 4) Mme 12:1-20 (th adesua 5)
4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 2) AFIE AFIE ASƐNKA. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 4)
5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. Ka kyerɛ ofiewura no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible. (lmd adesua 5 nkyekyɛm 4)
6. Yɛ Sankɔhwɛ
(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Fa yɛn wɛbsaet no kyerɛ obi a ɔwɔ mma. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 3)
7. Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu
(Simma 3) Ɔyɛkyerɛ. ijwfq asɛm 3—Asɛmti: Mote Nka sɛ Mo Nko Ara Mo Som na Ɛyɛ Papa? (lmd adesua 4 nkyekyɛm 3)
Dwom 21
8. Wo Ho Kyere Wo Wɔ Sikasɛm Mu a, Hwehwɛ Yehowa Mmoa
(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.
Woredwen sɛnea wubenya adwuma ayɛ ho anaa? Anaa woredwen nea w’adwuma fi wo nsa a wobɛyɛ ho? Anaa ebi mpo a sika a wunya no seesei no, ɛnso wo? Anaasɛ woredwen ho sɛ, sɛ wobɔ akwakoraa anaa aberewa a, sika a wubenya renso wo? Wiase a yɛte mu yi, ne sikasɛm totow sisi. Nanso, Yehowa ama yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yɛde ɔno di kan a, ɔbɛma yɛn nsa aka nea yehia bere nyinaa. Sɛ mpo, yɛn sikasɛm tetew pansam a, ɔbɛhwɛ yɛn.—Dw 46:1-3; 127:2; Mt 6:31-33.
Yi VIDEO a yɛato din, Yehowa Nnii Yɛn Huammɔ Da. Afei bisa sɛ:
Onua Alvarado asɛm no, dɛn na ɛka kyerɛ wo?
Kenkan 1 Timoteo 5:8. Afei bisa sɛ:
Yehowa mu gyidi a wowɔ sɛ ɔbɛhwɛ n’asomfo a wɔyɛ n’abusua no, sɛn na saa kyerɛwsɛm yi hyɛ mu den?
Hwɛ Bible nnyinasosɛm kakraa bi a ebetumi aboa wo bere a wowɔ sikasɛm mu ahokyere mu:
Nyɛ akɛsesɛm. Mmoro ka ngu wo ho so, na nyɛ atotɔatotɔ.—Mt 6:22
Gyinae a wubesisi wɔ adwuma a wobɛyɛ ne sukuu a wobɛkɔ ho no, ma ɛnyɛ nea ɛbɛma woatumi de Yehowa som adi kan.—Flp 1:9-11
Brɛ wo ho ase, na sɛ mmere dane a, dane wo ho bi. Sɛ w’adwuma fi wo nsa a, adwuma a wo nsa bɛka a ɛbɛma woatumi ahwɛ wo ho ne w’abusua no, gye tom na yɛ. Sɛ ɛyɛ adwuma a nkurɔfo mmu mpo a, mia w’ani na yɛ.—Mme 14:23
Sɛ wo nsam nni bi mpo a, kakra a wowɔ no, yi wo yam na wo ne afoforo nkyɛ.—Heb 13:16
9. Asafo Bible Adesua
(Simma 30) bt ti 26 ¶1-8, ne nnaka a ɛwɔ kr. 204, 208