MAY 12-18
MMEBUSƐM 13
Dwom 34 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)
1. Mma “Abɔnefo Kanea” Nnaadaa Wo
(Simma 10)
Abɔnefo nni daakye ho anidaso biara (Mme 13:9; it-2 196 ¶2-3)
Nkurɔfo a wɔma bɔne yɛ sɛ papa no, ɛnsɛ sɛ wo ne wɔn bɔ (Mme 13:20; w12 7/15 12 ¶3)
Yehowa hyira ɔtreneeni (Mme 13:25; w04 7/15 31 ¶6)
Nkurɔfo a wɔdi wiase akɔnnɔ akyi no, anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ wɔn ani gye, nanso ɛnte saa koraa. Wɔn a wɔyɛ Yehowa apɛde no mmom na wɔn ani gye paa
2. Tweetwee Bible Mu
(Simma 10)
Mme 13:24—Saa kyerɛwsɛm yi, ɔdɔ ne nteɛso ho asɛm bɛn na ɛka kyerɛ yɛn? (w08 4/1 14 ¶3-5)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
3. Bible Akenkan
(Simma 4) Mme 13:1-17 (th adesua 10)
4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. Fi ase ne ofiewura no mmɔ asɛm bi a ɛda nnipa dodow no ara ano ho nkɔmmɔ. Afei dan kɔ Bible mu asɛm bi a wuhu sɛ ɛbɛboa no paa so. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 5)
5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. To nsa frɛ onipa no ma ɔmmra adesua. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 3)
6. Ɔkasa
(Simma 5) lmd nkekaho A nkyekyɛm 9—Asɛmti: Mmofra a Wɔbu Wɔn Awofo Na Wɔtie Wɔn No, Ebesi Wɔn Yiye. (th adesua 16)
Dwom 77
7. “Atreneefo Kanea Hyerɛn Paa”
(Simma 8) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.
Nimdeɛ ne nyansa a ɛso bi nni wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Sɛ yɛma ɛkyerɛ yɛn kwan a, yɛn ani begye, na ebesi yɛn yiye wɔ yɛn asetena mu. Wei yɛ biribi a wiase no twe ne mu tann mpo a, ɛrentumi mma yennya.
Yi VIDEO a yɛato din, Wiase No Ntumi Mma Wunya Biribi a Enni. Afei bisa sɛ:
“Atreneefo kanea hyerɛn paa” sen “abɔnefo kanea.” Sɛn na Onuawa Gainanshina asɛm no ma yehu sɛ wei yɛ nokware turodoo?—Mme 13:9
Nsɛe wo bere nnwinnwen nneɛma a ɛwɔ wiase yi mu ho. Gyinae a woasisi a ɛma wutumi som Yehowa no, nnu wo ho wɔ ho da. (1Yo 2:15-17) Mmom, fa w’adwene si “nimdeɛ a ɛkyɛn so” a woanya no so.—Flp 3:8.
8. Asafo Mu Ahiade
(Simma 7)
9. Asafo Bible Adesua
(Simma 30) bt ti 26 ¶9-17