Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb25 May kr. 8
  • May 26–June 1

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • May 26–June 1
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
mwb25 May kr. 8

MAY 26–JUNE 1

MMEBUSƐM 15

Dwom 102 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Boa Afoforo Ma Wɔn Koma Ani Nnye

(Simma 10)

Sɛ yɛn nuanom refa sɔhwɛ a ani yɛ nyan mu a, wɔbetumi ate nka sɛ da biara nye mma wɔn (Mme 15:15)

To nsa frɛ anuanom a wɔrefa ɔhaw mu, na wo ne wɔn nkyɛ nea wowɔ (Mme 15:17; w10 11/15 31 ¶16)

Sɛ ‘w’anim yɛ serewserew,’ na woka nkuranhyɛ nsɛm kakra kyerɛ wɔn a, ebetumi akyekye wɔn werɛ paa (Mme 15:​23, 30, ase hɔ asɛm; w18.04 23-24 ¶16-18)

Aberante ne ababaa bi a wɔyɛ awarefo akɔ onuawa bi a ne mfe akɔ anim fie; wɔredidi.

BISA WO HO SƐ: ‘Hena na ɔwɔ yɛn asafo mu a ebia ohia nkuranhyɛ? Ɛdɛn na metumi ayɛ de aboa no?’

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Mme 15:22—Sɛ yɛrehwehwɛ ayaresa a, sɛn na Bible nnyinasosɛm yi betumi aboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa? (ijwbq asɛm 39 ¶3)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Mme 15:​1-21 (th adesua 2)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 5)

5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Ka kyerɛ fiewura no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 4)

6. Yɛ Asuafo

(Simma 5) Hyɛ Bible suani bi a n’abusuafo asɔre atia no nkuran. (th adesua 4)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 155

7. Ɛmfa Ho Sɛ Yɛwɔ Sɔhwɛ Mu No, Yebetumi Anya Anigye Wɔ Yɛn Koma Mu

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Yi VIDEO a yɛato din, Yebetumi Adi Ahurusi, Ɛmfa Ho Sɛ Yɛreteetee, Ɔkɔm Rede Yɛn, Na Yɛda Adagyaw. Afei bisa sɛ:

  • Osuahu ahorow yi, dɛn na ɛreka akyerɛ wo?

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 27 ¶1-9

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 100 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena