MAY 19-25
MMEBUSƐM 14
Dwom 89 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)
1. Sɛ Atoyerɛnkyɛm Si a, Anammɔn Biara a Wubetu No, Susuw Ho Yiye
(Simma 10)
Ɛnyɛ “asɛm biara” a wobɛte na ɛsɛ sɛ wugye di (Mme 14:15; w23.02 22-23 ¶10-12)
Mfa wo ho nto nea w’adwene yɛ wo, anaa osuahu a woanya pɛn so (Mme 14:12)
Wɔn a wɔmfa akwankyerɛ a Yehowa asafo de ma no nyɛ adwuma no, ntie wɔn (Mme 14:7)
DWINNWEN WEI HO: Sɛ atoyerɛnkyɛm si a, asafo mu mpanyimfo, moayɛ krado sɛ mubedi akwankyerɛ so na mode mo ho ato Yehowa so anaa?—w24.07 5 ¶11.
2. Tweetwee Bible Mu
(Simma 10)
3. Bible Akenkan
(Simma 4) Mme 14:1-21 (th adesua 11)
4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 3) BAGUAM ADANSEDI. Onipa no aka akyerɛ wo sɛ, ɔman no sikasɛm agyaw no adwinnwen. Pɛ Bible mu asɛm bi ka kyerɛ no. (lmd adesua 3 nkyekyɛm 3)
5. Yɛ Sankɔhwɛ
(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Da a etwa to a wo ne onipa no kasae no, ɔkaa sɛ ɔrepɛ asɛm bi mu nkyerɛkyerɛmu. Fa nsɛmma nhoma a ɛkyerɛkyerɛ saa asɛm no mu ma no. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 4)
6. Yɛ Asuafo
(Simma 5) Hyɛ wo Bible suani nkuran ma ɔnkenkan Bible da biara, na kyerɛ no nea ɛbɛboa no ama watumi ayɛ saa. (th adesua 19)
Dwom 126
7. Yɛ Ahoboa Ma Atoyerɛnkyɛm
(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.
Asafo mu panyin na ɔbɛyɛ dwumadi yi. Sɛ Betel de atoyerɛnkyɛm ho akwankyerɛ bi ama a, ka ho asɛm, na fa nea mpanyimfo kuw no de ama nso ka ho.
Yɛte “awiei mmere no” mu, enti yɛhwɛ kwan sɛ yebehyia ɔhaw pii. (2Ti 3:1; hwɛ Mt 24:8 ho adesua asɛm; ɛwɔ nwtsty-E anaa Adesua Bible, Borɔfo de no mu.) Sɛ atoyerɛnkyɛm bi rebobɔ ba anaa ebi si a, mpɛn pii no, Yehowa nkurɔfo nya akwankyerɛ a ebetumi ama wɔanya wɔn ti adidi mu. Akwankyerɛ a ɛte saa no, ɛyɛ a ɛba wɔ bere a ɛfata mu. Sɛ biribi saa si a, nea ebetumi ama yɛanya yɛn ti adidi mu ne sɛ yɛbɛyɛ osetie aboaboa yɛn ho asie nnɛ, na yɛahwɛ ama yɛne Yehowa ntam ayɛ papa.—Mme 14:6, 8.
Hwɛ sɛ wo ne Yehowa ntam yɛ papa: Kenkan Bible na sua ade daa. Hwɛ sɛ wobɛma wo ho akokwaw wɔ asɛnka adwuma no afã nyinaa mu. Atoyerɛnkyem bi nti, sɛ wo ne w’asafo mufo ntam tetew bere tiaa bi mu a, mma wo yam nnhyehye wo. (Mme 14:30) Kae sɛ, baabiara a wohyɛ no, Yehowa Nyankopɔn ne Kristo Yesu ka wo ho.—od 176 ¶15-17
Yɛ ahoboa: Ɛsɛ sɛ obiara hyehyɛ nneɛma kakra a obehia gu ne go-bag mu si hɔ. Ɛno da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ abusua biara pɛ nnuan, nsu, nnuru, ne nneɛma a ɛtete saa kakra gu hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ biribi si na ɛsɛ sɛ mohyɛ fie bere tenten a, mo ho renkyere mo.—Mme 22:3; g17.5 4
Hwɛ VIDEO a yɛato din, Woasiesie Wo Ho Ama Atoyerɛnkyɛm? Afei bisa sɛ:
Sɛ atoyerɛnkyɛm si a, ɛdɛn na Yehowa betumi ayɛ de aboa yɛn?
Ɛdɛn na yebetumi ayɛ seesei de aboaboa yɛn ho?
Nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn?
8. Asafo Bible Adesua
(Simma 30) bt ti 26 ¶18-22, ne adaka a ɛwɔ kr. 209