JUNE 9-15
MMEBUSƐM 17
Dwom 157 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)
Israelfo awarefo bi redidi; aduan a wɔredi no nyɛ sɔkyee, nanso wɔwɔ asomdwoe
1. Nea Ɛbɛma Woanya Asomdwoe Wɔ W’aware Mu
(Simma 10)
Asomdwoe mma kwa; gye sɛ woyɛ ho adwuma, nanso mfaso wɔ so (Mme 17:1; hwɛ mfoni no)
Ɛnyɛ nsɛm nyinaa na ɛsɛ sɛ wudi akyi (Mme 17:9; g 9/14 11 ¶2)
Hyɛ wo ho so (Mme 17:14; w08 5/1 10 ¶6–11 ¶1)
2. Tweetwee Bible Mu
(Simma 10)
Mme 17:24—Sɛ Bible ka sɛ ‘ɔkwasea ani deda asaase ano akyirikyiri’ a, ɛkyerɛ sɛn? (it-1 790 ¶2)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
3. Bible Akenkan
(Simma 4) Mme 17:1-17 (th adesua 10)
4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. (lmd adesua 3 nkyekyɛm 5)
5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 4) BAGUAM ADANSEDI. Ka kyerɛ onipa no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible. (lmd adesua 6 nkyekyɛm 4)
6. Ɔkasa
(Simma 5) ijwbv asɛm 60—Asɛmti: Mmebusɛm 17:17 Kyerɛ Sɛn? (th adesua 13)
Dwom 113
7. Yɛ Nneɛma a Ebetumi Ama Moabɔ Nkɔmmɔ Yiye
(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.
Sɛ abusua mu bɛyɛ dɛ a, ɛsɛ sɛ emufo tumi bɔ nkɔmmɔ. Sɛ abusua no mufo tumi yi wɔn yam ne wɔn ho wɔn ho bɔ nkɔmmɔ a, wɔbetumi ayɛ nea wɔde asisi wɔn anim biara, na wɔaboa wɔn ho wɔn ho wɔ mmere a emu yɛ den mu. (Mme 15:22) Ɛdɛn na wubetumi ayɛ de aboa ama abusua no muni biara atumi aka ne koma mu asɛm?
Munnya bere mma mo ho mo ho, na mommom nyɛ ade. (De 6:6, 7) Sɛ abusua mufo bom yɛ ade, wɔbom kɔ adesua ne asɛnka, na wɔbom gye wɔn ani a, ɔdɔ a ɛwɔ abusua no mu no, ɛma emu yɛ den, na obiara gye ne yɔnko di. Ɛma abusua no mufo nya kwan bɔ nkɔmmɔ ma wɔn ani gye. Ɛtɔ da a, ɛho behia sɛ wode nneɛma a w’ani gye ho gu nkyɛn, na wo ne abusua no mufo a aka no bom yɛ nneɛma a wɔpɛ sɛ wɔyɛ. Ebewie ase no, wubehu sɛ mfaso wɔ so paa sɛ woyɛɛ saa! (Flp 2:3, 4) Ɛdɛn na mobɛyɛ na moatumi de mo bere ayɛ adwuma yiye?—Efe 5:15, 16.
Yi VIDEO a yɛato din, Monkɔ So Nyɛ Nneɛma a Ɛbɛma Asomdwoe Atena Mo Abusua Mu—Munnye Bere Mmɔ Nkɔmmɔ. Afei bisa sɛ:
Sɛ abusua bi mufo amfa ɛlɛtrɔnik mfiri anyɛ adwuma yiye a, ɛbɛka nkɔmmɔ a wɔbɛbɔ wɔ abusua no mu sɛn?
Dɛn bio na wuhui wɔ video yi mu a ɛfa nkɔmmɔbɔ a etu mpɔn ho?
Yɛ aso tie. (Yak 1:19) Sɛ mmofra hu sɛ wɔka wɔn adwene na obiara rennye wɔn ano nsi bɔne, anaa ɔrenkasa ntia wɔn a, ɛma wɔyi wɔn yam ka wɔn komam asɛm. Sɛ wo ba ka asɛm bi na ɛhaw wo a, bɔ mmɔden paa sɛ woremma wo bo mfuw. (Mme 17:27) Mmom, yi wo yam tie no. Bɔ mmɔden sɛ wobɛte no ase, na ama woatumi aka ne koma ato ne yam, anaa woayi wo yam aboa no.
8. Asafo Bible Adesua
(Simma 30) bt ti 27 ¶19-22, ne adaka a ɛwɔ kr. 212