Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb25 May kr. 12-13
  • June 16-22

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • June 16-22
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
mwb25 May kr. 12-13

JUNE 16-22

MMEBUSƐM 18

Dwom 90 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Hyɛ Wɔn a Wɔreko Yare Nkuran

(Simma 10)

Ma nyansa a efi Onyankopɔn hɔ nkyerɛ wo kwan wɔ wo kasa mu (Mme 18:4; w22.10 22 ¶17)

Nea onipa no refa mu no, bɔ mmɔden sɛ wobɛte no ase (Mme 18:13; mrt asɛm 19 adaka)

Yɛ adamfo a ɔyɛ ɔboafo na ɔwɔ abotare (Mme 18:24; wp23.1 14 ¶3–15 ¶1)

Ɔbea bi reka ne komam asɛm akyerɛ ne kunu; ne kunu no nso ayi ne yam retie no.

BISA WO HO SƐ, ‘Sɛ me kunu anaa me yere yare wɔ ne nipaduam, anaa wanya adwene mu yare a, ɛdɛn na metumi ayɛ de aboa no ama wagyina ano?’

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Mme 18:18—Tete no, adɛn nti na na wɔbɔ ntonto? (it-2 271-272)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Mme 18:​1-17 (th adesua 11)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 1) AFIE AFIE ASƐNKA. Kasa a onipa no ka no, wonte. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 5)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 3) BAGUAM ADANSEDI. Fa no sɛ onipa no aka akyerɛ wo sɛ bɔ no tau. (lmd adesua 7 nkyekyɛm 4)

6. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛntitiriw bi kyerɛ onipa no. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 5)

7. Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu

(Simma 4) Ɔyɛkyerɛ. ijwfq asɛm 29—Asɛmti: Mugye Di Sɛ Nnansia Paa Na Onyankopɔn De Bɔɔ Wiase? (lmd adesua 5 nkyekyɛm 5)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 144

8. Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Adɔfo Ama Wɔabɛn Yehowa ‘Bere a Yɛrenkasa Mpo’

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Yɛn mu pii nim obi a seesei ɔnsom Yehowa. Ebetumi ayɛ yɛn kunu anaa yɛn yere, yɛn ba, anaa yɛn adamfo bi a ɔnkɔ asɛnka ne adesua bio. Woaka no denneennen anaa mpo woahyɛ no sɛ ɔmmɛsom Yehowa pɛn? Ɛwom sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa onipa no de, nanso anhwɛ a nsɛm a yɛbɛka no betumi asɛe asɛm no koraa. (Mme 12:18) Ɛdɛn ne ɔkwampa a yebetumi afa so aboa onipa no?

Bible ka wɔ 1 Petro 3:1 sɛ, sɛ ɔbea bi kunu nsom Yehowa a, ‘obetumi anya no bere a ɔrenkasa mpo.’ Sɛ yɛn nuabea Kristoni bi kunu mpɛ sɛ ɔne no bɛka Bible ho asɛm koraa a, ɛno nkyerɛ sɛ ɔrentumi mmoa no mma ɔmmɛsom Yehowa. Onuawa no asua Bible ahu sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ n’ade wɔ ɔdɔ mu, ɔda ayamye adi, na ɔyɛ n’ade nyansam. Sɛ ɔyɛ saa a, ebetumi aboa ne kunu ama wabesua Yehowa ho ade. (Mme 16:23) Sɛ yɛda suban pa adi na yɛma yɛn kasa yɛ dɛ a, ebetumi aboa yɛn adɔfo a seesei wɔnyɛ Yehowa asomfo no.—Hwɛ Kol 4:6 ho asɛm a wɔato din “gracious”; ɛwɔ nwtsty-E anaa Adesua Bible, Borɔfo de no mu.

Yi VIDEO a yɛato din, Wɔn a Wɔako Denneennen Abɔ Gyidi No Ho Ban—Kristofo a Wɔn Ahokafo Nni Asafo No Mu. Afei bisa sɛ:

    Video a yɛato din, “Wɔn a Wɔako Denneennen Abɔ Gyidi No Ho Ban​—Kristofo a Wɔn Ahokafo Nni Asafo No Mu” no, emu mfoni na ɛwɔ ha yi: Onuawa Hideko Sasaki.
  • Onuawa Sasaki asɛm no, dɛn na ɛka kyerɛ wo?

  • Video a yɛato din, “Wɔn a Wɔako Denneennen Abɔ Gyidi No Ho Ban​—Kristofo a Wɔn Ahokafo Nni Asafo No Mu” no, emu mfoni na ɛwɔ ha yi: Onuawa Noriko Ito.
  • Onuawa Ito asɛm no, dɛn na ɛka kyerɛ wo?

  • Video a yɛato din, “Wɔn a Wɔako Denneennen Abɔ Gyidi No Ho Ban​—Kristofo a Wɔn Ahokafo Nni Asafo No Mu” no, emu mfoni na ɛwɔ ha yi: Onuawa Tomoe Okada.
  • Onuawa Okada asɛm no, dɛn na ɛka kyerɛ wo?

9. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 27 ¶23-26, ne nnaka a ɛwɔ kr. 214, 217

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 60 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena