JUNE 30–JULY 6
MMEBUSƐM 20
Dwom 131 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)
1. Nea Woyɛ a Ɛbɛma W’aware Nhyehyɛe Akɔ Yiye
(Simma 10)
Adwene a Yehowa wɔ wɔ aware nhyehyɛe ho no, mma wo werɛ mmfi (Mme 20:24, 25; w24.05 26-27 ¶3-4)
Fa w’ani to fam hwɛ onipa no ansa mpo na wo ne no afi ase atu anammɔn (Mme 20:18; w24.05 22 ¶8)
Sɛ moreyɛ aware nhyehyɛe a, obiara mmɔ mmɔden nhu ne yɔnko yiye (Mme 20:5; w24.05 28 ¶7-8)
KAE SƐ: Sɛ yɛka sɛ aware nhyehyɛe bi akɔ yiye a, ɛnyɛ daa na ekowie aware mu; ɛtɔ da a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔatwa nhyehyɛe no mu.
2. Tweetwee Bible Mu
(Simma 10)
Mme 20:27—Ɔkwan bɛn so na “onipa ahome te sɛ Yehowa kanea”? (it-2 196 ¶7)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
3. Bible Akenkan
(Simma 4) Mme 20:1-15 (th adesua 5)
4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 4) AFIE AFIE. Ofiewura no aka akyerɛ wo sɛ nnansa yi ara na otu fii ne man mu baa ha. (lmd adesua 3 nkyekyɛm 3)
5. Yɛ Sankɔhwɛ
(Simma 4) BAGUAM ADANSEDI. Ka JW Library® app no ho asɛm kyerɛ onipa no, na boa no ma ɔntwe bi ngu ne fon anaa ne tablɛt so. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 5)
6. Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu
(Simma 4) Ɔyɛkyerɛ. ijwbq asɛm 159—Asɛmti: Mmoa Bɛkɔ Soro Anaa? (lmd adesua 3 nkyekyɛm 4)
Dwom 78
7. Hyɛ Nkurɔfo Nkuran Sɛ Wɔne Yɛn Nsua Bible
(Simma 5) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.
Asɛnka adwuma a yɛyɛ no, ne fã baako a ɛho hia ne sɛ yɛbɛka akyerɛ nkurɔfo sɛ yɛpɛ sɛ yɛne wɔn sua Bible. Wo de hwɛ o, sɛ yɛne nkurɔfo ansua Bible a, yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn ama wɔabɛyɛ asuafo? (Ro 10:13-15) Adɛn nti na womfa nsi w’ani so sɛ bere biara a wobɛyɛ afie afie asɛnka no, wobɛka akyerɛ nkurɔfo sɛ wopɛ sɛ wo ne wɔn sua Bible? Nea edi kan no, pɛ asɛm a wohwɛ a ofiewura no ani begye ho. Afei wo ne no nsua nhoma a yɛne nkurɔfo de sua Bible no kakra, na ma onhu sɛnea ebetumi aboa no ama wanya nsɛm a ɛkyere n’adwene ho mmuae. Biribi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de aboa no nso a, yɛ.
Sɛ wokɔ jw.org a, wubehu link bi a yɛato din, “Sɛnea Yɛne Afoforo Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ No, Sɔ Hwɛ.” Sɛ woreka akyerɛ obi sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible a, wubetumi de saa link no ayɛ adwuma.
Link a ɛwɔ jw.org a yɛato din, “Sɛnea Yɛne Afoforo Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ No, Sɔ Hwɛ” no, sɛn na wubetumi de ayɛ adwuma bere a woreka akyerɛ obi sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible?
Baabi a wote no, sɛ wopɛ sɛ wo ne nkurɔfo sua Bible a, dɛn ne ɔkwan a wofa so a wuhu sɛ ɛboa paa?
8. Video a yɛato din, Nneɛma a Asafo No Atumi Ayɛ
(Simma 10) Yi June de no.
9. Asafo Bible Adesua
(Simma 30) bt ti 28 ¶8-15