Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 159
  • Mmoa Bɛkɔ Soro Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmoa Bɛkɔ Soro Anaa?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Mmoa wɔ akra anaa?
  • Ɔkra tumi wu anaa?
  • Mmoa tumi yɛ bɔne anaa?
  • Ɛfata sɛ yɛyɛ mmoa ayayade anaa?
  • Mmoa
    Nyan!—2015
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Mmoa a Wɔyɛ Wɔn Ayayade—So Ɛyɛ Bɔne?
    Nyan!—1998
  • So Ɛyɛ Mfomso sɛ Yebedi Nam?
    Nyan!—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 159
Ɔkraman

Mmoa Bɛkɔ Soro Anaa?

Nea Bible ka

Wohwɛ abɔde a ɛwɔ asase so nyinaa a, nnipa kakraa bi na Bible kyerɛ sɛ wɔbɛkɔ soro. (Adiyisɛm 14:1, 3) Nea enti a wɔbɛkɔ soro ne sɛ, wɔrekɔyɛ ahemfo ne asɔfo na wɔne Yesu adi ade. (Luka 22:28-30; Adiyisɛm 5:9, 10) Asase so nnipa a aka no, wobenyan wɔn mu dodow no ara ama wɔabɛtena paradise asase so.—Dwom 37:11, 29.

Bible nkaa wɔ baabiara sɛ nkraman anaa mmoa foforo wɔ baabi a wɔte wɔ soro. Ntease wom, efisɛ nneɛma a ɛma obi fata ma “ɔsoro frɛ” no, mmoa ntumi nyɛ. (Hebrifo 3:1) Saa nneɛma no bi ne sɛ, ɛsɛ sɛ onii no nya nimdeɛ ne gyidi, na ɛsɛ sɛ odi Onyankopɔn mmara so. (Mateo 19:17; Yohane 3:16; 17:3) Nnipa nko ara na wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa.—Genesis 2:16, 17; 3:22, 23.

Sɛ obi betumi akɔ soro a, gye sɛ wonyan no fi awufo mu. (1 Korintofo 15:42) Bible ka owusɔre ahorow bi a ɛkɔɔ so ho asɛm. (1 Ahene 17:17-24; 2 Ahene 4:32-37; 13:20, 21; Luka 7:11-15; 8:41, 42, 49-56; Yohane 11:38-44; Asomafo Nnwuma 9:36-42; 20:7-12) Nanso emu baako mpo nni hɔ a wonyan aboa; nnipa nko ara na wonyan wɔn.

  • Mmoa wɔ akra anaa?

  • Ɔkra tumi wu anaa?

  • Mmoa tumi yɛ bɔne anaa?

  • Ɛfata sɛ yɛyɛ mmoa ayayade anaa?

Mmoa wɔ akra anaa?

Dabi. Bible ka sɛ mmoa ne nnipa nyinaa yɛ akra. (Numeri 31:28) Bere a Onyankopɔn bɔɔ onipa a odi kan Adam no, wamfa ɔkra anhyɛ ne mu, mmom ‘ɔbɛyɛɛ ɔkra teasefo.’ (Genesis 2:7) Nneɛma mmienu na ɛka bom yɛ ɔkra: “fam dɔte” ne “nkwa home.”

Ɔkra tumi wu anaa?

Yiw, Bible kyerɛkyerɛ sɛ ɔkra tumi wu. (Leviticus 21:11; Hesekiel 18:20) Sɛ onipa anaa aboa wu a, ɔsan kɔ dɔte mu. (Ɔsɛnkafo 3:19, 20) Wei kyerɛ sɛ ɔntena nkwa mu bio.

Mmoa tumi yɛ bɔne anaa?

Dabi. Sɛ yɛka sɛ obi ayɛ bɔne a, nea ɛkyerɛ ne sɛ biribi a onii no dwen ho, sɛnea ɔte nka, anaa biribi a wayɛ tia Onyankopɔn mmara. Sɛ obi bɛyɛ bɔne a egyina ɔno ara ne so, kyerɛ sɛ, ɔno ara na osi gyinae sɛ ɔbɛyɛ biribi a eye anaa enye. Wei nyɛ biribi a mmoa betumi ayɛ. Mmoa ntumi nnwen; wɔn nkwa nna nyinaa wofi nkate mu na ɛyɛ ade. (2 Petro 2:12) Enti ɛmfa ho sɛ wɔnyɛ bɔne no, sɛ bere tenten a wotumi de tena nkwa mu no so a, wowu.

Ɛfata sɛ yɛyɛ mmoa ayayade anaa?

Dabi. Onyankopɔn de mmoa hyɛɛ nnipa nsa sɛ wonni wɔn so, na ɛnyɛ sɛ wɔnyɛ wɔn ayayade anaa wɔnteetee wɔn. (Genesis 1:28; Dwom 8:6-8) Onyankopɔn dwen aboa biara yiyedi ho; nnomaa nketewa mpo, odwen wɔn ho. (Yona 4:11; Mateo 10:29) Tete no, ɔka kyerɛɛ n’asomfo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ mmoa ayayade.—Exodus 23:12; Deuteronomium 25:4; Mmebusɛm 12:10.

Nea Bible ka fa mmoa ho

Genesis 1:28: “Onyankopɔn hyiraa [nnipa a wodi kan no], na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asase so mã na munni so, na ɛpo mu mpataa ne wim ntuboa ne mmoa a wɔnenam asase so nyinaa, munni wɔn so.’”

Nea ɛkyerɛ: Onyankopɔn de mmoa hyɛɛ nnipa nsa sɛ wonni wɔn so.

Numeri 31:28: “Na gye mmarima a wɔkɔɔ ɔko no hɔ tow . . . . Nnipa ne anantwi ne mfurum ne nguan ahanum biara, gye mu ɔkra biako.”

Nea ɛkyerɛ: Mmoa ne nnipa nyinaa yɛ akra.

Mmebusɛm 12:10: “Ɔtreneeni ani kũ n’afieboa kra ho.”

Nea ɛkyerɛ: Atreneefo ani kũ mmoa ho, ɛnkanka mmoa a wɔne wɔn te fie.

Mateo 10:29: “Wɔntɔn nkasanoma abien nnye kaprɛ? Nanso emu biako mpo ntɔ fam a mo Agya nnim ho hwee.”

Nea ɛkyerɛ: Onyankopɔn dwen aboa biara yiyedi ho; nnomaa nketewa mpo, odwen wɔn ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena