Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr25 May kr. 1-11
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • MAY 5-11
  • MAY 12-18
  • MAY 19-25
  • MMEBUSƐM 14
  • MAY 26–JUNE 1
  • JUNE 2-8
  • JUNE 9-15
  • JUNE 16-22
  • JUNE 23-29
  • JUNE 30–JULY 6
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2025
mwbr25 May kr. 1-11

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

© 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

MAY 5-11

BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 12

Adwumaden—Ɛso Wɔ Akatua

w16.06 30 ¶6

Suban Pa A Ɛsom Bo Sen Dɛnkyɛmmo

Yehowa asomfo bi wɔ hɔ a, sɛ́ ɛbɛyɛ na wɔn nsa akɔ wɔn ano mpo yɛ asɛm. Nanso, wɔmfa kwatikwan so mpɛ wɔn ano aduan. Mmom, wɔde nsi yɛ adwumaden de hwɛ wɔn ho. Saa a wɔyɛ no kyerɛ sɛ, Onyankopɔn suban a ɛkyɛn so te sɛ nokwaredi no, ɛho hia wɔn sen aduan ne ahonyade biara.—Mmeb. 12:24; Efe. 4:28.

w15 2/1 5 ¶4-6

Nea Ɛbɛma W’ani Agye Adwumaden Ho

Ɛsɛ sɛ wogye berɛ susu asɛmmisa a ɛtwa toɔ no ho ɛfiri sɛ, sɛ woyɛ adwuma na sɛ wohunu sɛ afoforɔ nya so mfasoɔ a, ɛma w’akoma tɔ wo yam paa. Yesu kaa sɛ: “Ɔma mu wɔ anigyeɛ pii sene ɔgyeɛ.” (Asomafoɔ Nnwuma 20:35) Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma a, ɛnyɛ wɔn a yɛne wɔn di dwa ne yɛn adwumawuranom nko ara na wɔnya so mfasoɔ. Nnipa afoforɔ nso nya so mfasoɔ. Wɔn mu binom ne yɛn mmusua ne wɔn a adeɛ ahia wɔn.

Yɛn Mmusua. Sɛ abusua ti yere ne ho yɛ adwuma a, anyɛ hwee koraa no, n’abusua nya mfasoɔ mmienu wɔ so. Baako ne sɛ, ɔma wɔnya nea wɔhia te sɛ aduane, ntadeɛ, ne baabi a wɔbɛda. Ɛno kyerɛ sɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ ne nsa sɛ “ɔnhwɛ ɔno ara ne nnipa” no, ɔyɛ no yie. (1 Timoteo 5:8) Nea ɛtɔ so mmienu, sɛ abusua ti yere ne ho yɛ adwuma a, ɛma n’abusua hu mfasoɔ a ɛwɔ adwumayɛ so. Ɔwɛn-Aban yi mu asɛm a ɛdi kan no mu no, yɛkaa Shane ho asɛm. Ɔkaa sɛ: “Me papa yɛ obi a ɔmfa n’adwuma nni agorɔ, enti wayɛ nhwɛsoɔ ama me. Ɔde mfeɛ pii ayɛ kapenta adwuma, na ɔdi nokorɛ wɔ n’adwuma ho paa. Me papa ama mahunu sɛ mfasoɔ wɔ so sɛ mede me nsa bɛyɛ adwuma ama afoforɔ anya so mfasoɔ.”

Wɔn a adeɛ ahia wɔn. Ɔsomafoɔ Paulo tuu Kristofoɔ fo sɛ ‘wɔnyɛ adwumaden na ama wɔanya biribi a wɔde bɛma deɛ adeɛ ahia no.’ (Efesofoɔ 4:28) Nokwasɛm ni, sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma hwɛ yɛn ho ne yɛn mmusua a, yɛbɛtumi aboa wɔn a biribi ahia wɔn no nso. (Mmebusɛm 3:27) Enti sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma ma afoforɔ nya so mfasoɔ a, yɛn ani bɛgye paa.

Tweetwee Bible Mu

ijwyp asɛm 95 ¶10-11

Meyɛ Obi a Memma Ɔhaw Mmu Mfa Me So Anaa?

● Ɛnyɛ biribiara na ɛsɛ sɛ woma ɛhaw wo. Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ, ɔhaw ahorow a yehyia no, ɛnyɛ ne nyinaa na ɛhaw adwene saa. Bible ka sɛ: “Ɔkwasea na ɔda n’abufuw adi da no ara, na onitefo kata animguase so.” (Mmebusɛm 12:16) Enti ɛnyɛ ɔhaw biara na ɛsɛ sɛ woma ebu fa wo so.

“Mmofra a me ne wɔn wɔ sukuu no, sɛ wohyia ɔhaw ketewaa bi mpo a, wɔka ho asɛm huhuuhu. Ɛba saa a, na wɔn nnamfo nso resosɔ wɔn so wɔ sohyial media so. Ɛno koraa na ɛsɛe asɛm no. Enti ɛyɛ asɛm bi a ɛsɛ sɛ wogyae akyi di mpo a, wobɛhwɛ na wɔda so ara kura mu.”—Joanne.

MAY 12-18

BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 13

Mma “Abɔnefo Kanea” Nnaadaa Wo

it-2 196 ¶2-3

Kanea

Nneɛma Foforo a Bible Tumi De Gyina Hɔ Ma. Bible tumi de kanea gyina hɔ ma biribi a obi ma ɛkyerɛ no kwan. Bible de kanea bu bɛ de kyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ atreneefo ne abɔnefo ntam. Ɛka sɛ: “Atreneefo kanea hyerɛn paa, na abɔnefo kanea de, wobedum no.” (Mme 13:9) Ɔtreneeni kanea kɔ so hyerɛn, nanso ɔbɔnefo kanea hyerɛn sɛ dɛn mpo a, sɛnea ɛte biara, Onyankopɔn bɛhwɛ ama esum aduru no. Sɛ ɛyɛ sɛ nea nneɛma rekɔ yiye ma no wɔ n’abrabɔ mu mpo a, Yehowa bɛma ne nan apem boɔ anaa wahintiw. Saa na ɛbɛto obi biara a ɔbɛdome ne papa ne ne maame.—Mme 20:20.

Sɛ ‘wɔdum obi kanea’ a, nea ɛsan kyerɛ nso ne sɛ, onni daakye ho anidaso biara. Ɛbɛ foforo ka sɛ: “Anidaso biara nni hɔ mma ɔbɔnefo biara; na wobedum abɔnefo kanea.”—Mme 24:20.

w12 7/15 12 ¶3

Som Onyankopɔn—Ɔno na Ɔma Ahofadi

3 Sɛ Satan tumi nyaa nnipa baanu a wɔyɛ pɛ ne abɔfo mpo ma wɔpoo Onyankopɔn tumidi a, ɛnde ɛrenyɛ den mma no koraa sɛ ɔbɛdaadaa yɛn. Satan nsesae, ɔnam ɔkwan koro no ara so na ɔdaadaa nnipa nnɛ. Ɔpɛ sɛ yenya adwene sɛ Onyankopɔn mmara yɛ den, ɛkyekyere yɛn dodo, na ɛmma yentumi nnye yɛn ani. (1 Yoh. 5:3) Sɛ yɛne nnipa a wokura adwene a ɛte saa bɔ a, yɛn nso yebenya adwene koro no ara bi. Onuawa bi a wadi mfe 24 kae sɛ: “Bere bi fekubɔne de me kɔɔ asiane mu, efisɛ me ne m’atipɛnfo hyia a, na mempɛ sɛ mɛtom.” Eyi ma obuu brabɔne. Yɛreka yi, ebia wo nso woakae bere bi a anka w’atipɛnfo reyɛ asɛe wo.

w04 7/15 31 ¶6

“Onitefo Yɛ N’ade Nyinaa Nimdeɛ Mu”

Onipa a ɔyɛ ɔbadwemma de nimdeɛ di dwuma, sɛ onni ahode pii mpo a. Mmebusɛm 13:23 ka sɛ: “Ahiafo adɔw ma aduan pii ba, nanso atɛntrenee nni hɔ a, wɔpra kɔ.” Mmɔdenbɔ ne Onyankopɔn nhyira ma ade ketewaa a ohiani wɔ no dɔɔso. Nanso, wɔamfa atɛntrenee anni dwuma a, atɛnkyea betumi ama obi ahwere ahode.

Tweetwee Bible Mu

w08 4/1 14 ¶3-5

Mmofra Ntetee wɔ Wiase a Wɔyɛ Nea Wɔpɛ Mu

Awofo pɛ sɛ wɔn mma yɛ te sɛ saa mmɛmma a ɛtene no—wɔyɛ nea ɛteɛ na wɔamman. Enti awofo a wonim nyansa no mmu wɔn ani ngu wɔn mma mfomso a anibere wom so, na mmom wofi ɔdɔ mu boa wɔn ma wosiesie. Esiane sɛ “agyimisɛm kyekyere abofra koma ho” nti, adwuma a ɛte saa pii wɔ abofra biara ho. (Mmebusɛm 22:15) Enti Bible tu awofo fo sɛ wɔnteɛ wɔn mma so. (Efesofo 6:4) Nokwarem no, nteɛso ho hia paa wɔ abofra adwene ne ne suban a wɔbɛteɛteɛ ho.

Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ Mmebusɛm 13:24 ka sɛ: “Nea ɔkora n’abaa tan ne ba, na nea ɔdɔ no no teɛ no so ntɛmso.” Wɔ asɛm yi mu no, nteɛso abaa no gyina hɔ ma akwan a wɔfa so teɛ abofra so. Sɛ ɔwofo bi fi ɔdɔ mu teɛ ne ba so a, na ɔresiesie mfomso a sɛ egye ntini wɔ abofra no mu a ɛbɛhaw no paa bere a wanyin no. Nokwarem no, sɛ wɔanteɛ abofra so a, na wɔnnɔ no; sɛ wɔteɛ no so a na wɔdɔ no.

Ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ nso boa ne ba ma ɔte nea enti a ɔhyehyɛ mmara ma no no ase. Enti nteɛso nkyerɛ mmara a wɔhyehyɛ ne ɛho asotwe nko, na mmom nea ehia paa ne sɛ wɔbɛma abofra no ate mmara no ase. Bible ka sɛ, “Nea obu mmara no yɛ ɔba nyansafo.”—Mmebusɛm 28:7.

MAY 19-25

BIBLE MU AKORADE

MMEBUSƐM 14

Sɛ Atoyerɛnkyɛm Si a, Anammɔn Biara a Wubetu No, Susuw Ho Yiye

w23.02 22-23 ¶10-12

Nkwa a Onyankopɔn De Ama Wo No, Ma Ɛnsom Bo Mma Wo

10 Ɛnyɛ bere nyinaa na yebetumi asiw asiane anaa akwanhyia ano. Nea yɛreka ho asɛm no bi ne atoyerɛnkyɛm, nsanyare, ne ɔko. Nanso sɛ asiane a ɛte saa si a, yebetumi ayɛ nneɛma bi de abɔ yɛn ho ban na yɛanya yɛn ti adidi mu. Ebi ne sɛ, sɛ aban no ka sɛ yemfi baabi a yɛwɔ no, mma yemmpue, anaa sɛ wɔhyɛ mmara pɔtee bi a, yebedi so. (Rom. 13:1, 5-7) Asiane no bi wɔ hɔ a, ɛbɔ yɛn nkae, enti akwankyerɛ biara a aban no de bɛma na aboa yɛn ama yɛasiesie yɛn ho ama atoyerɛnkyɛm no, ɛsɛ sɛ yedi so. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia ebehia sɛ yɛpɛ nsu, nnuan a ɛnsɛe ne nnuru kakra gu hɔ.

11 Sɛ nsanyare bi retrɛw wɔ baabi a yɛwɔ no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yetie akwankyerɛ a aban no de bɛma. Ebi ne sɛ yɛbɛhohoro yɛn nsa, yɛremmɛn afoforo pii, yɛbɛhyɛ mask, na sɛ yenya yare no bi a, yɛbɛhyɛ dan mu. Sɛ yɛbɔ mmɔden de akwankyerɛ no yɛ adwuma a, ɛkyerɛ sɛ nkwa a Onyankopɔn de ama yɛn no, yɛn ani sɔ paa.

12 Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, ebia yɛn nnamfo, wɔn a ɛte bɛn yɛn, ne nsɛm ho amanneɛbɔfo bɛtrɛw atosɛm mu. Sɛ́ anka yebegye “asɛm biara” a yɛbɛte adi no, ɛsɛ sɛ yetie nsɛm a ɛyɛ nokware a aban no ne adɔktafo bɛka no. (Kenkan Mmebusɛm 14:15.) Akwankyerɛ Kuw no ne Betel ahorow no yɛ nea wɔbetumi biara sɛ wɔn nsa bɛka nsɛm a ɛyɛ nokware, ansa na wɔde asafo nhyiam ne asɛnka adwuma no ho akwankyerɛ ama. (Heb. 13:17) Sɛ yetie wɔn a, ɛbɔ yɛne afoforo ho ban. Afei nso ebetumi ama mpɔtam hɔfo abɔ Yehowa Adansefo din pa.—1 Pet. 2:12.

w24.07 5 ¶11

Nya Akokoduru Te Sɛ Sadok

11 Sɛ yɛn nuanom nkwa da asiane mu na wɔde hyɛ yɛn nsa sɛ yɛnkɔboa wɔn a, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛwɔ akokoduru te sɛ Sadok? (1) Di akwankyerɛ so. Mmere a ɛte saa mu no, ɛho hia sɛ yɛyɛ baako. Sɛ Betel a ɛwɔ yɛn man mu de akwankyerɛ ma yɛn a, ɛsɛ sɛ yedi so pɛpɛɛpɛ. (Heb. 13:17) Nea ɛsɛ sɛ anuanom yɛ ansa na atoyerɛnkyɛm bi asi ne nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ bere a atoyerɛnkyɛm bi asi no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no taa susuw ho. (1 Kor. 14:33, 40) (2) Nya akokoduru, nanso yɛ ahwɛyiye. (Mmeb. 22:3) Ansa na wobɛyɛ biribi no, dwen ho yiye. Nyɛ biribiara a ɛde wo nkwa bɛto asiane mu. (3) Fa wo ho to Yehowa so. Kae sɛ, wo ne wo nuanom nyinaa, mo ahobammɔ ho hia Yehowa paa. Bere a woreboa wo nuanom no, obetumi ahwɛ wo so na wabɔ wo ho ban.

Tweetwee Bible Mu

it-2 1094

Onipa a Odwen Nneɛma Ho Yiye

Nanso, onipa a odwen nneɛma ho yiye paa no, nkurɔfo tumi tan no. Ɛbɛyɛ sɛ wei na wɔaka ho asɛm wɔ Mmebusɛm 14:17 no. Ɛhɔ ka sɛ: “Onipa a odwen nneɛma ho yiye no, wɔtan no.” Nkurɔfo a wɔnnwen nneɛma ho yiye no, mpɛn pii no, ɛyɛ a wɔn a wɔdwen nneɛma ho yiye no ho yɛ wɔn ahi. Afei nso, yɛbɛka paa a, nkurɔfo a wɔdwen nneɛma ho yiye de yɛ Onyankopɔn apɛde no, nkurɔfo tan wɔn. Yesu Kristo kaa sɛ: “Esiane sɛ monka wiase no ho, na mayi mo afi wiase no mu nti, wiase no tan mo.” (Yoh 15:19) Kasa a wɔdii kan de kyerɛw Bible no mu no, asɛm a wɔkyerɛɛ ase, ‘dwen nneɛma ho yiye’ no, etumi san kyerɛ “dwen adwemmɔne.” Enti Bible ahorow bi akyerɛ Mmebusɛm 14:17 ase sɛ: “Na onipa a odwen adwemmɔne no, nkurɔfo tan no.”—JP, Ro.

MAY 26–JUNE 1

BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 15

Boa Afoforo Ma Wɔn Koma Ani Nnye

w10 11/15 31 ¶16

Yɛbɛnantew Yɛn Mũdi Mu!

16 Ná Hiob pɛ ahɔhoyɛ. (Hiob 31:31, 32) Ɛwom sɛ ebia yɛnyɛ adefo de, nanso yebetumi ‘ama yɛn ani agye ahɔhoyɛ ho.’ (Rom. 12:13) Yebetumi ayɛ aduan kakra na yɛne afoforo adi, na ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ “nhabamma aduan a ɔdɔ wom ye sen nantwi a wadɔ na ɔtan bata ho.” (Mmeb. 15:17) Sɛ yɛne yɛn yɔnko bi a ɔyɛ mũdi mu kurafo didi wɔ ɔdɔ mu a, ɛbɛma aduan kakra a ɛte saa mpo a yebedi no ayɛ anigye, na akyinnye biara nni ho sɛ, ɛbɛhyɛ yɛn den wɔ Onyankopɔn som mu.

w18.04 23-24 ¶16-18

Momma Yɛnhyehyɛ Yɛn Ho Nkuran “Titiriw” Ɛnnɛ

16 Sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛrentumi nhyɛ afoforo nkuran efisɛ yennim nkɔmmɔ bɔ papa a, ɛyɛ mfomso. Ɛnyɛ den sɛ yɛbɛhyɛ afoforo nkuran; ebia nea ehia ara ne sɛ yɛbɛserew bere a yɛrekyia obi. Sɛ onii no anserew ankyerɛ yɛn a, ebetumi aba sɛ ebia na biribi haw no. Enti sɛ yetie no kɛkɛ mpo a, ebetumi akyekye ne werɛ.—Yak. 1:19.

17 Henri yɛ onua aberantewa. Bere a n’abusuafo binom gyaee nokware no, ne werɛ howee pa ara. Ná ne papa a ɔyɛ asafo mu panyin a anuanom bu no pa ara mpo ka ho. Ɔmansin sohwɛfo bi ne Henri pue kɔɔ adidibea bi kɔnom kɔfe; ɔmaa Henri kaa ne komam asɛm kyerɛɛ no. Wei hyɛɛ Henri nkuran. Henri hui sɛ nea obetumi ayɛ pa ara a ɛbɛboa n’abusuafo no ama wɔasan aba nokware no mu ne sɛ ɔbɛkɔ so de nokwaredi asom Yehowa. Ɔkenkan Dwom 46; Sefania 3:17; ne Marko 10:29, 30 ma ɛkyekyee ne werɛ pa ara.

18 Marthe ne Henri asɛm no ma yehu sɛ, sɛ onua anaa onuawa bi hia awerɛkyekye a, yebetumi ahyɛ no nkuran. Ɔhene Solomon kyerɛwee sɛ: “Asɛm a wɔka wɔ bere a ɛsɛ mu de, O hwɛ sɛnea eye! Aniwa a ɛhyerɛn ma koma di ahurusi; amanneɛbɔ pa ma nnompe yɛ akɛse.” (Mmeb. 15:23, 30) Afei nso, sɛ yɛkenkan Ɔwɛn-Aban anaa yɛkenkan biribi wɔ yɛn wɛbsaet hɔ kyerɛ obi a wabotow a, ebetumi ahyɛ no den. Paulo ma yehu sɛ, sɛ yɛbom to Ahenni dwom bi a, ebetumi ahyɛ yɛn nkuran. Ɔkaa sɛ: “Monkɔ so mfa nnwom, ayeyi, ne honhom mu nnwom a ɛho wɔ nyam nkyerɛkyerɛ mo ho mfa ntutu mo ho fo [anaa nhyehyɛ mo ho nkuran], na monto nnwom mo koma mu mma Yehowa.”—Kol. 3:16; Aso. 16:25.

Tweetwee Bible Mu

ijwbq asɛm 39 ¶3

Kristoni Bi Yare a, Obetumi Ahwehwɛ Ayaresa Anaa?

2. Nea oduruyɛfo a ɔrehwɛ me aka afa yare a abɔ me no ho no, ehia sɛ mikohu nnuruyɛfo foforo mmienu anaa mmiɛnsa na mibisa wɔn adwene wɔ ho anaa? Bible ka sɛ, mfaso wɔ “afotufo dodow” adwentoatoa so. Sɛ yare a abɔ wo no mu yɛ den a, saa bere no paa na ebehia sɛ woyɛ nea yɛreka yi.—Mmebusɛm 15:22.

JUNE 2-8

BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 16

Nsɛmmisa Mmiɛnsa a Ɛma Yetumi Sisi Gyinae Pa

w14 1/15 19-20 ¶11-12

Si Gyinae Pa Wo Babunbere Mu

11 Ade a ɛma yɛn ani gye paa ne sɛ yɛbɛsom Yehowa. (Mmeb. 16:20) Ɛbɛyɛ sɛ Yeremia kyerɛwfo Baruk werɛ fii saa nokwasɛm yi. Eduu baabi no na anigye a ɔde resom Yehowa atu ayera. Enti Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Nneɛma akɛse na worehwehwɛ. Gyae hwehwɛ. Na hwɛ, mede mmusu reba ɔhonam nyinaa so, . . . na mede wo kra bɛma wo sɛ asade, baabiara a wobɛkɔ.” (Yer. 45:3, 5) Wohwɛ a, dɛn na na ɛbɛma Baruk ani agye paa? Nneɛma akɛse a ɔbɛhwehwɛ anaa Onyankopɔn apɛde a ɔbɛyɛ na wanya ne ti adidi mu Yerusalem sɛe no mu?—Yak. 1:12.

12 Sɛ yɛreka wɔn a wɔasom afoforo ma wɔn ani agye a, wɔn mu biako ne onua bi a yɛfrɛ no Ramiro. Ɔkae sɛ: “M’akyi nni bi, akuraase na mifi wɔ Andes Bepɔw so. Enti bere a me nua panyin kae sɛ ɔde me bɛkɔ sukuupɔn no, na ɛyɛ akwannya kɛse. Nanso na mebɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo nkyɛe koraa. Mereka yi na ɔkwampaefo bi nso ato nsa afrɛ me sɛ memmɛka ne ho ma yɛnyɛ asɛnka adwuma no wɔ kurow bi mu. Enti misii gyinae sɛ mɛkɔ hɔ. Mekɔɔ hɔ no, mikosuaa etireyi. Ɛno ara na mede yɛ adwuma hwɛ me ho. Kurom hɔfo ani gye asɛmpa no ho paa, enti yɛne nnipa pii suaa Bible.” Akyiri yi Ramiro kɔɔ asafo bi a ɛde kurom hɔ kasa yɛ adesua mu. Wayɛ bere nyinaa som adwuma no mfe du. Ɔkae sɛ: “Sɛ mehwɛ hokwan a manya reboa nkurɔfo ma wɔasua nokware no wɔ wɔn kurom kasa mu a, midi ahurusi me komam. Adwuma biara nni hɔ a metumi de atoto eyi ho.”

w13 9/15 17 ¶1-3

Woayɛ Wo Ho Foforo?

OBI ahosiesie, ne kasa, aduan a ɔpɛ, ne ne nneyɛe nyinaa kyerɛ baabi a yɛteetee no anaa ntetee ko a onyae. Yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo nyinaa nsa wɔ saa ntetee no mu. Asɛm no ara ne sɛ nnipa a wɔatwa yɛn ho ahyia tumi nya yɛn so nkɛntɛnso wɔ akwan pii so.

2 Nanso nneɛma bi wɔ hɔ a ɛho hia koraa sen aduan a yedi anaa ɔkwan a yɛfa so siesie yɛn ho. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a yɛrenyin no yehui sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a asɛm biara nni ho, ebi nso wɔ hɔ a ɛmfata. Ɛno mpo no ɛsono obiara adwene; nea obi susuw sɛ enye no, ebia ɔfoforo remmu no saa. Sɛ yɛbɛyɛ biribi oo, sɛ yɛrenyɛ oo, ɛtɔ da a yɛn ahonim anaa yɛn tiboa na ɛbɛkyerɛ. Enti Bible ka sɛ: “Amanaman mufo a wonni mmara no fi awosu mu yɛ mmara no mu nneɛma.” (Rom. 2:14) Ɛnde, nea yɛreka yi kyerɛ sɛ, sɛ Onyankopɔn nhyɛɛ mmara pɔtee wɔ biribi ho a yɛbɛfa nea wɔde atete yɛn anaa yebedi ɔmanfo akyi?

3 Nneɛma abien bi nti na Kristofo nyɛ wɔn ade saa, kyerɛ sɛ wɔmma ntetee a wonyae anaa ɔmanfo nnya wɔn so nkɛntɛnso. Nea edi kan, Bible tu yɛn fo sɛ: “Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so, na n’awiei yɛ owu kwan.” (Mmeb. 16:25) Yɛnyɛ pɛ, enti yentumi nkyerɛ yɛn anammɔn kwan yiye. (Mmeb. 28:26; Yer. 10:23) Nea ɛto so abien, Bible ma yehu sɛ Satan ne “wiase yi nyame,” enti ne susudua na ɛkyerɛ wiase yi mu nnipa nea eye ne nea enye. (2 Kor. 4:4; 1 Yoh. 5:19) Enti sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa gye yɛn tom na yenya ne nhyira a, ɛsɛ sɛ yetie afotusɛm a ɛwɔ Romafo 12:2 no.—Monkenkan.

Tweetwee Bible Mu

it-1 629

Nteɛso

Onipa Gye Nteɛso Tom a, Nea Efi Mu Ba, Ɛne Nea Wannye Antom Nso a, Ekowie. Abɔnefo, nkwaseafo, ne wɔn a wɔn bra asɛe mfa Yehowa nteɛso nyɛ hwee. Wɔyɛ saa de kyerɛ sɛ wɔkyi Yehowa nteɛso. (Dw 50:16, 17; Mme 1:7) Nsunsuanso bɔne a efi nkwaseasɛm a ɛte saa mu ba no san yɛ nteɛso foforo ma wɔn, na mpɛn pii no, ɛyɛ a nteɛso a ɛte saa no mu yɛ den. Ɛbɛ bi a ɛwɔ Bible mu ka sɛ: “Nkwaseafo de, wɔn ankasa nkwaseasɛm na ɛteɛ wɔn so.” (Mme 16:22) Nsunsuanso bɔne a wɔde ba wɔn ho so no, ebi ne sɛ wɔtumi di hia buruburoo, wɔn anim tumi gu ase pɔtɔɔ, yare tumi bɔ wɔn, anaa mpo wɔtumi wu mpofirim. Israelfo abakɔsɛm ma yehu ɔhaw kɛse a ebetumi aba nkurɔfo a wɔte saa so. Nteɛso ne animka a Yehowa nam adiyifo no so de maa Israelfo no, wɔamfa anyɛ hwee. Eduu baabi no, na Yehowa mmɔ Israelfo no ho ban, na na wɔnnya ne nhyira bio. Nanso ne nyinaa akyi, wɔamfa Yehowa nteɛso anyɛ hwee. Ewiee ase no, nteɛso a emu yɛ den a na Yehowa adi kan aka no baa wɔn so. Ɛne sɛ, wɔn atamfo dii wɔn so nkonim, na wɔtu wɔn ase de wɔn kɔɔ obi man so.—Yer 2:30; 5:3; 7:28; 17:23; 32:33; Ho 7:12-16; 10:10; Sef 3:2.

JUNE 9-15

BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 17

Nea Ɛbɛma Woanya Asomdwoe Wɔ W’aware Mu

g 9/14 11 ¶2

Tirimka—Nea Ɛbɛma Afi Wo Mu

Hwehwɛ wo koma mu yiye. Bible ka sɛ nnipa bi yɛ ‘abufufafo,’ ɛnna ebi nso “koko haw” wɔn. (Mmebusɛm 29:22) Wohwɛ a, saa na woteɛ? Bisa wo ho sɛ: ‘Me koko haw me? Me bo fuw ntɛm? Asɛm ketewa biara a na mayɛ no asɛm?’ Bible ka sɛ ‘nea ɔtĩ asɛm mu no tetew nnamfo ntam.’ (Mmebusɛm 17:9; Ɔsɛnkafo 7:9) Nea Bible ka yi, ɛbɛtumi aba aware mu. Enti wohu sɛ wotaa fa wo kunu anaa wo yere tirimka a, bisa wo ho sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn anya me hokafo ho akoma?’—Bible nnyinasosɛm: 1 Petro 4:8.

w08 5/1 10 ¶6–11 ¶1

Sɛnea Wosiesie Ɔhaw Ahorow

1. Pɛ bere a mode besusuw asɛm no ho. “Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ . . . kommyɛ wɔ ne bere, na kasa wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:1, 7) Sɛnea ɛda adi wɔ akasakasa a yedii kan kaa ho asɛm no mu no, ɔhaw no bi betumi de abufuw aba. Sɛ ɛba saa a, hyɛ wo ho so na twa asɛm no so—‘yɛ komm’—ansa na wo anaa wo hokafo no abufuw mu ayɛ den. Sɛ wutie Bible afotu yi a, wubetumi akwati aware mu ɔhaw pii: “Atutuw mfiase te sɛ nsu ano tue, enti ɔham mu nnya nyɛɛ den no, gyae.”—Mmebusɛm 17:14.

Nanso, “kasa [nso] wɔ ne bere.” Ɔhaw te sɛ wura, sɛ wugyae no a, enyin ntɛmntɛm. Enti mmu w’ani ngu ɔhaw no so, na nhwɛ kwan sɛ ebefi hɔ. Sɛ wutwa asɛm no so a, hwehwɛ bere pa a wode bɛka ho asɛm fa kyerɛ sɛ wubu wo hokafo no, nanso hwɛ sɛ ɛrenkyɛ pii ansa na woayɛ saa. Biribi a ɛte saa a wobɛyɛ no bɛboa mo baanu nyinaa ma mode Bible mu afotu yi ayɛ adwuma: “Mommma owia nnkɔtɔ mo so mo abufuw mu.” (Efesofo 4:26) Nokwarem no ɛsɛ sɛ wohwɛ di ho dwuma sɛnea wobɔɔ wo tirim no.

Tweetwee Bible Mu

it-1 790 ¶2

Ani

Ɔkwan a onipa bi fa so dannan n’ani no, etumi kyerɛ sɛnea ɔte nka paa. Ebetumi akyerɛ sɛ obi asɛm yɛ no mmɔbɔ anaa ɛnyɛ no mmɔbɔ. (De 19:13) Obi betumi apa n’ani akyi anaa wabu obi anikyew. Ɔyɛ saa de bu onii no animtiaa, na bere a ɔrebɔ pɔw bɔne nyinaa, na ɔrebubu n’ani. (Dw 35:19; Mme 6:13; 16:30) Sɛ onipa bi mpɛ sɛ ohu biribi anaa ɔmpɛ sɛ ɔyɛ biribi ma obi a, yebetumi aka sɛ wakata n’ani anaa wayi n’ani. (Mt 13:15; Mme 28:27) Bible ka sɛ, ɔkwasea ani ‘deda asaase ano akyirikyiri.’ Nea wei kyerɛ ne sɛ, otwa n’ani kurukurukuru, ontumi mfa nsi ade baako so. Nea anka ɛsɛ sɛ ɔde n’adwene si so no, ɛnyɛ ɛno mmom na ɔde n’adwene si so. Wobɛhwɛ no, na n’adwene nenam baabi foforo koraa. (Mme 17:24) Sɛ wohwɛ obi ani a, wubetumi mpo ahu sɛ ɔnyare, ne ho yɛ den, anaa ɔwɔ anigye mu. (1Sa 14:27-29; De 34:7; Hio 17:7; Dw 6:7; 88:9) Ɔhene Yehosafat ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Wo na yɛn ani da wo so.”—2Be 20:12.

JUNE 16-22

BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 18

Hyɛ Wɔn a Wɔreko Yare Nkuran

w22.10 22 ¶17

Nyansa Reteɛm

17 Dwen ansa na woakasa. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛn anom kasa betumi de ɔhaw kɛse aba. Bible ka sɛ: “Nsɛm a wotu no bumbum no, ɛte sɛ nea wɔde sekan rewowɔ obi, na anyansafo tɛkrɛma de, ɛsa yare.” (Mmeb. 12:18) Sɛ yɛammɔ nkurɔfo mmerɛwyɛ dawuru a, ɛbɛma asomdwoe atena yɛne wɔn ntam. (Mmeb. 20:19) Sɛ yɛmpɛ sɛ yɛn anom kasa pira afoforo, na mmom ɛsa wɔn yare a, ɛsɛ sɛ yɛde nimdeɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no dua yɛn koma mu. (Luka 6:45) Yedwinnwen Bible mu nsɛm ho a, yɛn anom kasa bɛyɛ sɛ “nyansa asuti” a ɛma afoforo ho dwo wɔn.—Mmeb. 18:4.

mrt asɛm 19 adaka

Nea Ɛsɛ Sɛ Woyɛ Bere a Yare Abɔ Wo Mpofirim

Ɔrekasa a, yɛ aso tie no. Ade baako a eye a wubetumi ayɛ de aboa w’adamfo no paa ne sɛ, sɛ ɔpɛ sɛ ɔkasa a, yɛ aso tie no. Nnya adwene sɛ, nea ɔbɛka biara, kyenkyen ara a, ɛsɛ sɛ woka bi anaa wuyi ano. Mpɛn pii no, nea ohia ara ne obi a obetie no. Bɔ mmɔden sɛ wubenya ne ho abotare. Nka nkyerɛ no sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔka nea ɔreka no. Nnya adwene sɛ wunim nea w’adamfo no refa mu. Wei hia paa, titiriw, bere a wohwɛ w’adamfo no a, ne ho nkyerɛ sɛ ɔyare no.—Mmebusɛm 11:2.

Ka nsɛm a ɛbɛma ne koma atɔ ne yam. Ebia na wunhu asɛm a wonka, nanso sɛ woka asɛm tiawa bi kyerɛ w’adamfo no de kyerɛ sɛ woahu sɛ ɔrebrɛ paa a, ɛbɛkyekye ne werɛ sen sɛ worenka hwee koraa. Sɛ wunhu nea wonka a, wo de, bɔ mmɔden ka asɛm tiawa bi fa ka w’adamfo no koma to ne yam. Wubetumi aka sɛ: “Minhu nea menka, nanso mepɛ sɛ wuhu sɛ midwen wo ho.” Hwɛ na woankeka nsɛm bi te sɛ, “Obi deɛ kyɛn wo deɛ yi,” anaa “Wo deɛ yi mpo deɛ, wofa ho dwane . . . ”

Yare a abɔ w’adamfo no, wubetumi asua ho ade de akyerɛ sɛ wudwen ne ho. Mmɔden a worebɔ sɛ wubehu nea w’adamfo no refa mu no, n’ani bɛsɔ, na ɛbɛma nsɛm a wobɛka akyerɛ no no ayɛ nea ɛbɛka ne koma ato ne yam. (Mmebusɛm 18:13) Nanso, hwɛ yiye na woantu no fo bere a ommisaa wo hwee.

Yɛ nneɛma bi fa boa no. Nyɛ w’adwene sɛ wunim nea wobɛyɛ de aboa no, mmom bisa no nea ɔpɛ sɛ woyɛ ma no. Nanso, kae sɛ, ebia w’adamfo no bɛka sɛ onhia hwee, efisɛ ɔmpɛ sɛ ɔbɛhaw wo anaa ɔbɛyɛ adesoa ama wo. Ɛba saa a, bɔ mmɔden ka nea wopɛ sɛ woyɛ ma no no kyerɛ no. Wubetumi aka akyerɛ no sɛ, wopɛ sɛ wukodi gua brɛ no, wusiesie ne fie hɔ, anaa woyɛ adwuma foforo bi ma no.—Galatifo 6:2.

Mpa abaw. Bere a w’adamfo no reko yare no, ɛtɔ da a, sɛ wo ne no yɛ nhyehyɛe a, ebia obetwam, anaa ɔbɛka sɛ ɔmpɛ sɛ ɔne wo kasa. Sɛ ɛba saa a, te no ase, na nya ne ho abotare. Ɔda so ara hia wo mmoa, enti kɔ so ara boa no.—Mmebusɛm 18:24.

wp23.1 14 ¶3–15 ¶1

Sɛnea Wobɛboa Wɔn a Wɔwɔ Adwene Mu Yare

‘Kyekye ne werɛ.’—1 TESALONIKAFO 5:14.

Ebetumi aba sɛ dadwen ahyɛ w’adamfo no so, anaa ebia ɔte nka sɛ ne so nni mfaso. Sɛ woma ohu sɛ wudwen ne ho, na wunhu nea wonka mpo a, dwen a wudwen ne ho no nko ara betumi akyekye ne werɛ na ahyɛ no den.

“Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa.”—MMEBUSƐM 17:17.

Yɛ nneɛma bi fa boa no. Nyɛ w’adwene sɛ wunim nea woyɛ a ɛbɛboa no; sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bisa no sɛ dɛn na ɔpɛ sɛ woyɛ de boa no. Sɛ ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛka a, wubetumi de adwenkyerɛ bi aba sɛ munkotu mpase anaa sɛ ohia biribi a, wubetumi akɔtotɔ abrɛ no. Wubetumi aboa no ama wasiesie ne fie anaa wubetumi aboa no ama wayɛ adwuma foforo biara.—Galatifo 6:2.

‘Nya abotare.’—1 TESALONIKAFO 5:14.

Ɛnyɛ daa na w’adamfo no ani begye ho sɛ ɔbɛkasa. Ma no nhu sɛ bere biara a ɔpɛ sɛ ɔkasa no, wowɔ hɔ ma no. Ne yare no nti, ebia ɔbɛka biribi anaa ɔbɛyɛ biribi ama no ahye wo. Ebi wɔ hɔ a, moahyehyɛ ho sɛ mobɛyɛ biribi no, obetumi atwam. Ebetumi nso aba sɛ biribi kakra bi a na ne bo afuw. Enti wugu so reboa no no, nya ne ho abotare na te no ase.—Mmebusɛm 18:24.

Tweetwee Bible Mu

it-2 271-272

Ntonto

Tete no, sɛ asɛm bi sɔre a, na wɔbɔ ntonto de hwehwɛ nokware a ɛwɔ asɛm no mu, anaa wɔde siesie. Ná wɔde mmosea, nnua nketenkete, anaa abo nketenkete gu kuku mu. Ná wɔtumi nso de saa nneɛma no gu obi ataade a wabu agu so mu, kyerɛ sɛ, wɔ ‘onipa no srɛ so’; afei, na wɔawosow. Nea ne ntonto befi kuku anaa ataade no mu atɔ fam, anaa wɔbeyi ne ntonto afi mu no, ɔno na na wɔyi no. Ntontobɔ, ɛte sɛ ntamka, ɛyɛ mpaebɔ. Sɛ wɔrebɔ ntonto a, ɛyɛ a Yehowa asomfo tumi bɔ mpae ka ho. Ná wɔsrɛ Yehowa mmoa, na na wɔhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛma wɔn mmuae. Hebri kasa goh·ralʹ a wɔkyerɛɛ ase ntonto no, ɛtɔ da a, na wɔde gyina hɔ ma ntonto ankasa, ɛnna ɛtɔ da nso a, na wɔde gyina hɔ ma “kyɛfa” a obi benya wɔ biribi mu.—Yos 15:1; Dw 16:5; 125:3; Yes 57:6; Yer 13:25.

Sɛnea na wɔde ntonto yɛ adwuma. Mmebusɛm 16:33 ka sɛ: “Onipa srɛ so na wɔbɔ ntonto, nanso nea efi mu ba biara fi Yehowa.” Tete Israel no, ɔkwampa a na wɔfa so de ntonto yɛ adwuma ne sɛ, sɛ mente-me-ho-ase bi sɔre, na wɔrepɛ mu nokware anaa wɔpɛ sɛ wɔsiesie asɛm no a, ɛnna na wɔbɔ ntonto. (Mme 18:18) Ɛnyɛ agodi, agokansi, anaa kyakyatow nti na na wɔbɔ ntonto. Ná wɔmmɔ ntonto mmfa nntwa bɛt, anaa loto. Sɛ wɔbɔ ntonto a, na obiara nni nkonim, na saa ara nso na na obiara mmɔ ka. Ná wɔmmɔ ntonto mmfa mmpɛ sika nngu asɔrefie anaa mmfa mmpɛ sika mma asɔfo no. Saa ara nso na na wɔmmɔ ntonto mmfa mmpɛ sika nnyɛ adɔe. Nanso Roma asraafo no de, pɛsɛmenkominya na ɛma wɔbɔɔ Yesu ntaade so ntonto, sɛnea Dwom 22:18 hyɛɛ ho nkɔm no.—Mt 27:35.

JUNE 23-29

BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 19

Yɛ Adamfo Pa Ma Wo Nuanom Kristofo

w23.11 12-13 ¶16-17

Ɔdɔ a Yɛwɔ Ma Yɛn Ho Yɛn Ho No, Yɛbɛyɛ Dɛn Ahyɛ Mu Den?

16 Fa w’adwene si wo nuanom Kristofo suban pa so, na ɛnyɛ wɔn mfomso. Yɛnhwɛ mfatoho yi. Yɛmfa no sɛ wo ne anuanom bi ahyiam regye mo ani. Mo ani gyei ara ma muwiei no, moboom twaa mfoni. Mutwaa mmienu kaa ho sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ nea edi kan no anyɛ fɛ a, mubenya foforo a ɛyɛ fɛ. Enti afei de woanya mfoni mmiɛnsa. Nanso bere a wohwɛɛ emu baako no, wuhui sɛ onua baako anyinya n’anim. Saa mfoni no, wobɛyɛ no dɛn? Wubeyi afi mu, efisɛ mmienu a aka no, obiara a ɔwom no reserew fɛfɛɛfɛ.

17 Nea yɛreka yi, momma yɛmfa ntoto nneɛma a esisi wɔ yɛn asetenam a yɛkaakae no ho. Mpɛn pii no, sɛ yɛne yɛn nuanom bɔ a, nneɛma pa a ɛkɔɔ so no, ɛyɛ a yetumi kaakae. Nanso fa no sɛ bere bi a wo ne anuanom bɔe no, onua anaa onuawa bi yɛɛ biribi anaa ɔkaa asɛm bi ma ɛyɛɛ wo yaw. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Sɛnea wubeyi mfoni a ɛnyɛ fɛ no afi nea aka no mu no, adɛn nti na wommɔ mmɔden nyi wei nso mfi w’adwenem? (Mmeb. 19:11; Efe. 4:32) Bɔne ketewa a yɛn nua Kristoni no de ayɛ yɛn no, yebetumi ayi afi yɛn adwenem, efisɛ yɛne no abom ayɛ nneɛma pii ama yɛn ani agye a yebetumi akaakae. Nneɛma a ɛma yɛn ani gye saa na yɛpɛ sɛ ɛtena yɛn adwenem na yɛkaakae, efisɛ ɛsom bo ma yɛn.

w23.07 9-10 ¶10-11

Ma Ɔdɔ a Wowɔ No Nkɔ So Nnyin

10 Yɛn nso, yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so aboa anuanom. (Heb. 13:16) Momma yɛnhwɛ Anna a yɛkaa ne ho asɛm wɔ adesua a edi wei anim mu no. Bere a ahum bi tui akyi no, ɔne ne kunu kɔsraa abusua bi a wɔyɛ Adansefo, na wɔhui sɛ ahum no ama wɔn dan no nkuruso abu agu mu. Ɛno nti na wɔn ntaade nyinaa mu asɛe. Anna ka sɛ: “Yɛsesaw wɔn ntaade no kɔhoroe, na yɛtow so bobɔw no kama san de kɔmaa wɔn. Yɛn de, yɛanhu no sɛ ɛyɛ ade kɛse biara na yɛyɛe, nanso ama yɛne wɔn afa nnamfo denneennen abesi nnɛ.” Ɔdɔ a Anna ne ne kunu wɔ ma anuanom no, ɛno na ɛkanyan wɔn ma wɔboaa wɔn.—1 Yoh. 3:17, 18.

11 Sɛ yɛda ɔdɔ adi na yeyi yɛn yam boa afoforo a, mpɛn pii no, wɔhu sɛ yɛrebɔ mmɔden sɛ yebesuasua Yehowa. Afei nso, sɛnea wɔn ani bɛsɔ yɛn ayamye no, ebia ɛbɛyɛ den sɛ yebehu. Khanh a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kae wɔn a wɔboaa no no paa. Ɔka sɛ: “Anuanom mmea a wɔne me kɔɔ asɛnka no nyinaa, m’ani sɔ nea wɔyɛe no paa. Ná wɔbɛfa me wɔ fie, wɔto nsa frɛ me ma yekodidi, yewie a na wɔakosi me wɔ fie. Seesei mahu sɛ, sɛɛ na adwuma wom paa, nanso wɔde anigye na ɛyɛe.” Ɛwom, ɛnyɛ obiara na yɛyɛ biribi ma no a ɔbɛkyerɛ ho anisɔ. Khanh ka wɔn a wɔboaa no no ho asɛm sɛ: “Ayamye bebrebe a wɔyii no adi kyerɛɛ me no, minyae a anka mɛhyɛ wɔn ananmu, nso minnim baabi a wɔn nyinaa te. Nanso, Yehowa nim, na mebɔ mpae sɛ, nea wɔayɛ ama me no, ɔnhyɛ wɔn ananmu.” Nokwasɛm na Khanh aka no. Ayamye biara a yɛbɛda no adi akyerɛ afoforo no, sɛ esua mpo a, Yehowa hu. Ohu no sɛ ɛyɛ afɔrebɔ a ɛsom bo, anaa biribi a yɛde abɔ no bosea a obetua.—Kenkan Mmebusɛm 19:17.

w21.11 9 ¶6-7

Obiara Nkɔ So Nyi Ɔdɔ a Enni Huammɔ Adi Nkyerɛ Ne Yɔnko

6 Ɔdɔ a obiara tumi da bi adi no, momma yɛmfa asɛm bi a esii nkyerɛkyerɛ mu. Bere bi na ɔsomafo Paul ne nkurɔfo bi te po so hyɛn bi mu, na hyɛn no bɔe. Wei ma wokopuee supɔw bi a wɔfrɛ no Malta so. Ná nnipa a ɛte supɔw no so no nnim akwantufo a na wɔn asɛm ayɛ mmɔbɔ yi wɔ baabiara, nanso woyii wɔn yam daa ahɔhoyɛ adi kyerɛɛ wɔn. (Aso. 28:2, 7) Ahɔhoyɛ a wɔdaa no adi kyerɛɛ akwantufo no, ɛyɛ ɔdɔ a obiara tumi da bi adi, na ɛnyɛ ɔdɔ a enni huammɔ.

7 Yɛaka ɔdɔ a obiara tumi da bi adi ho asɛm wɔ nkyekyɛm 6 no mu. Dɛn ne nsonsonoe a ɛwɔ ɛno ne ɔdɔ a enni huammɔ mu? Adwene a ɛma obi yɛ biribi na ɛkyerɛ. Dɛn na ɛkanyan Onyankopɔn nkurɔfo a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu ma wɔdaa ɔdɔ a enni huammɔ adi? Wɔn a wɔdaa ɔdɔ a enni huammɔ adi no, wɔn koma na ɛkaa wɔn ma wɔyɛɛ saa, na ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ara nti na wɔyɛe. Momma yɛnhwɛ Dawid nhwɛso no. Dawid koma kaa no ma ɔdaa ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛɛ ne yɔnko berɛbo Yonatan, ɛmfa ho sɛ na Yonatan papa repɛ Dawid akum no no. Yonatan wu akyi mfe pii mpo, Dawid kɔɔ so daa ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛɛ Yonatan ba Mefiboset.—1 Sam. 20:9, 14, 15; 2 Sam. 4:4; 8:15; 9:1, 6, 7.

Tweetwee Bible Mu

it-1 515

Afotu, Ɔfotufo

Yehowa de, obi biara nyansa nto no. Ɔno nko ara na onhia afotu. (Isa 40:13; Ro 11:34) Nea ɛma Yehowa Ba Yesu Kristo yɛ “Ɔfotufo Nwonwafo” a ɔde akwankyerɛ ma nnipa ne sɛ, n’Agya tuu no fo, na ɔde afotu no yɛɛ adwuma, na ɔwɔ Onyankopɔn honhom nso. (Yes 9:6; 11:2; Yoh 5:19, 30) Wei ma yehu paa sɛ, sɛ yebenya afotu so mfaso a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea efi Yehowa hɔ. Afotu biara a ɛne Ɔsorosoroni no de nhyia no, ɛyɛ afotu a mfaso biara nni so. Yɛrentumi mfrɛ no afotu mpo.—Mme 19:21; 21:30.

JUNE 30–JULY 6

BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 20

Nea Woyɛ a Ɛbɛma W’aware Nhyehyɛe Akɔ Yiye

w24.05 26-27 ¶3-4

Nea Woyɛ a Ɛbɛma W’aware Nhyehyɛe Akɔ Yiye

3 Sɛ obi yɛ aware nhyehyɛe a, ebetumi ama n’ani agye. Nanso ɛsan yɛ aniberesɛm, efisɛ ebetumi akowie aware mu. Ayeforohyia da no, awarefo ka ntam wɔ Yehowa anim sɛ wɔbɛdodɔ wɔn ho na wɔada obu adi akyerɛ wɔn ho akosi owu mu. Ansa na yɛbɛka ntam biara no, ɛsɛ sɛ yesusuw ho yiye paa. (Kenkan Mmebusɛm 20:25.) Aware ntam no nso, saa ara na ɛte. Aware nhyehyɛe boa ɔbea ne ɔbarima ma wɔhu wɔn ho yiye na ama wɔatumi asi gyinae pa. Ɛboa wɔn ma wɔtumi si gyinae sɛ wɔbɛware, anaa wɔsi gyinae sɛ biribi nti wɔbetwa nhyehyɛe no mu. Sɛ ɔbea ne ɔbarima bi twa wɔn aware nhyehyɛe mu a, ɛno nkyerɛ sɛ nhyehyɛe no ankɔ yiye. Mmom nea ɛkyerɛ ne sɛ, nhyehyɛe no boaa wɔn ma wɔhui sɛ wɔfata wɔn ho anaa.

4 Adɛn nti na ehia sɛ yehu aware nhyehyɛe botae? Sɛ asigyafo nim aware nhyehyɛe botae a, obiara a wɔnyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛware no no, wɔne no renyɛ nhyehyɛe. Nanso, ɛnyɛ asigyafo nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhu aware nhyehyɛe botae. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara nso hu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebinom te nka sɛ, sɛ ɔbea ne ɔbarima bi ayɛ nhyehyɛe a, ɔkwan biara so ɛsɛ sɛ wɔware. Sɛ yɛwɔ adwene a ɛte saa a, ɛma Kristofo a wɔnwaree no te nka sɛn? Onuawa sigyani bi a ɔwɔ United States a ne din de Melissa ka sɛ: “Sɛ ɔbea ne ɔbarima bi yɛ nhyehyɛe a, ɛyɛ a anuanom bi te nka sɛ ɔkwan biara so ɛsɛ sɛ wɔware. Enti sɛ wɔreyɛ nhyehyɛe no na wɔhu sɛ wɔmfata wɔn ho mpo a, wɔntumi ntwam. Wei ara nso nti na asigyafo no bi nhaw wɔn ho mpo sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe no. Wei tumi kɔfa adwinnwen bebree ba.”

w24.05 22 ¶8

Wobɛyɛ Dɛn Anya Obi Aware No?

8 Sɛ wopɛ sɛ wode w’ani to fam hwɛ obi a wopɛ sɛ wo ne no yɛ aware nhyehyɛe a, wobɛyɛ no sɛn? Sɛ wokɔ adesua anaa muhyiam sɛ moregye mo ani a, ebia wubehu ne suban anaa sɛnea ɔne Yehowa ntam te. Henanom ne ne nnamfo, na dɛn na ɔka ho asɛm? (Luka 6:45) Botae a esi n’ani so no, ɛno ara bi na esi w’ani so anaa? Wubetumi ne n’asafo mu mpanyimfo anaa Kristofo afoforo a wɔn ho akokwaw a wɔnim no yiye adi nkɔmmɔ. (Mmeb. 20:18) Wubetumi abisa wɔn ne suban anaa sɛnea ɔte ho asɛm. (Rut 2:11) Bere a wopɛ sɛ wuhu sɛnea ɔte yiye no, hwɛ na woantaataa no amma wanyɛ basaa.

w24.05 28 ¶7-8

Wobɛyɛ Dɛn Anya Obi Aware No?

7 Sɛnea onii no te paa no, wobɛyɛ dɛn ahu? Ɔkwan baako a mobɛfa so ahu ne sɛ obiara befi ne komam akasa a ɔmfa biribiara nsie. Afei nso, ɛsɛ sɛ obiara bisa nsɛm, na ɔyɛ aso tie ne yɔnko. (Mmeb. 20:5; Yak. 1:19) Wei nti, ebia mubetumi ayɛ nneɛma bi abom a ɛbɛma moatumi abɔ nkɔmmɔ. Ebi ne sɛ mubedidi abom, mubetu mpase wɔ baabi a nnipa wɔ, anaa mobɛbom akɔ asɛnka. Sɛ mokɔsra mo abusuafo anaa mo nnamfo nso a, obiara betumi de ahu ne yɔnko yiye. Afei nso, mubetumi ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma moayɛ nneɛma afoforo. Wei betumi ama obiara ahu sɛnea ne yɔnko yɛ n’ade wɔ tebea ahorow ahorow mu. Aschwin a ofi Netherlands no, momma yɛnhwɛ nea ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ. Tie n’anom asɛm bere a na ɔne Alicia reyɛ aware nhyehyɛe no: “Yɛhwɛɛ nneɛma a yɛyɛ a ɛbɛboa ama obiara ahu ne yɔnko yiye. Mpɛn pii no, na ɛyɛ nneɛma nketenkete. Ebi ne sɛ na yɛbom noa aduan, na na yɛbom yɛ nnwuma nketenkete nso. Yɛyɛɛ saa no, ɛboaa yɛn mu biara ma ohuu nea ne yɔnko bɔ mu mmɔden ne nea ɔtɔ mu sin.”

8 Sɛ mobom sua Bible no a, ɛno nso betumi aboa mo ama moahu mo ho yiye. Sɛ moware a, ɛsɛ sɛ mopɛ bere de yɛ abusua som, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nsa bedi aboa mo wɔ mo aware no mu. (Ɔsɛnk. 4:12) Enti saa bere yi a moreyɛ nhyehyɛe no, adɛn nti na mompɛ bere mfa nsua ade mmom? Ɛwom, sɛ ɔbea ne ɔbarima reyɛ aware nhyehyɛe a, ɛnkyerɛ sɛ wɔyɛ abusua, na afei nso ɔbarima no nnya nyɛɛ ɔbea no ti. Nanso sɛ motaa bom sua ade a, mo mu biara behu sɛnea ne yɔnko ne Yehowa ntam te ankasa. Max ne Laysa yɛ awarefo a wɔfi United States. Bere a wɔreyɛ aware nhyehyɛe a na wɔbom sua ade no, wɔhui sɛ ɛboaa wɔn wɔ ɔkwan foforo so. Max ka sɛ: “Bere a yefii ase sɛ yɛreyɛ nhyehyɛe no, yefii ase suaa asafo nhoma a ɛka aware nhyehyɛe, aware, ne abusua asetena ho asɛm. Nneɛma bebree a ɛho hia a anka ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛbɔ ho nkɔmmɔ no, saa nhoma ahorow a yesuae no buee hokwan maa yetumi kaa ho asɛm.”

Tweetwee Bible Mu

it-2 196 ¶7

Kanea

Mmebusɛm 20:27 ka sɛ: “Onipa ahome te sɛ Yehowa kanea, ɛhwehwɛ nea ahintaw biara wɔ onipa mu.” ‘Onipa home’ a efi ne hwene mu pue, kyerɛ sɛ, asɛm a efi n’anom pue, sɛ́ eye anaa enye no, ɛma yehu ne suban, anaa nea ɛwɔ ne koma mu.—Fa toto Aso 9:1 ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena