Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 173
  • Bere Bɛn Na Onyankopɔn Fii Ase Bɔɔ Ɔsoro Ne Asaase?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere Bɛn Na Onyankopɔn Fii Ase Bɔɔ Ɔsoro Ne Asaase?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Nna nsia a wɔde bɔɔ ade no, ɛyɛ nna mmaako mmaako nsia a da biara yɛ nnɔnhwerew 24 anaa?
  • Dɛn na ɛkɔɔ so wɔ nna nsia a wɔde bɔɔ ade no mu?
  • Nea Genesis nhoma no aka no, ɛne nyansahu hyia anaa?
  • Bere bɛn na wɔbɔɔ owia, ɔsram, ne nsoromma?
  • Sɛ yɛhwɛ nea Bible aka a, asaase no adi mfe sɛn?
  • Nea Bible No Ma Yehu
    Nyan!—2021
  • Adebɔ Ho Nokwasɛm
    Nyan!—2014
  • Genesis 1:1—“Mfiase No Onyankopɔn Bɔɔ Ɔsoro Ne Asaase”
    Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu
  • Yɛn Okyinnsoromma Kuw A Ɛda Nsow No—Nea Ɛyɛe A Ɛbae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 173
Okyinnsoromma ne nsoromma a ɛwɔ wim.

Bere Bɛn Na Onyankopɔn Fii Ase Bɔɔ Ɔsoro Ne Asaase?

Nea Bible ka

Bible ankyerɛ bere a Onyankopɔn fii ase bɔɔ ɔsoro ne asaase ne bere dodow a ɔde bɔe. Nea ɛkae ara ne sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asaase.” (Genesis 1:1) Bere a Bible kaa “mfiase” no, ankyerɛ bere pɔtee no. Nanso wohwɛ sɛnea Genesis nhoma no kaa ɔkwan a wɔfaa so bɔɔ nneɛma nnidiso nnidiso no a, ɛma yehu sɛ, “mfiase” no bae ansa na “nna” nsia a Onyankopɔn de bɔɔ nneɛma no refi ase.

  • Nna nsia a wɔde bɔɔ ade no, ɛyɛ nna mmaako mmaako nsia a da biara yɛ nnɔnhwerew 24 anaa?

  • Dɛn na ɛkɔɔ so wɔ nna nsia a wɔde bɔɔ ade no mu?

  • Nea Genesis nhoma no aka no, ɛne nyansahu hyia anaa?

  • Bere bɛn na wɔbɔɔ owia, ɔsram, ne nsoromma?

  • Sɛ yɛhwɛ nea Bible aka a, asaase no adi mfe sɛn?

Nna nsia a wɔde bɔɔ ade no, ɛyɛ nna mmaako mmaako nsia a da biara yɛ nnɔnhwerew 24 anaa?

Daabi. Sɛ Bible ka “da” a, etumi kyerɛ bere tenten bi. Nea wɔreka ho asɛm no na ɛbɛkyerɛ bere no tenten. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Bible reka bere tenten a Onyankopɔn de bɔɔ ade nyinaa ho asɛm no, ɛkaa wɔ baabi sɛ ɛyɛ “ɛda.”—Genesis 2:4.

Dɛn na ɛkɔɔ so wɔ nna nsia a wɔde bɔɔ ade no mu?

Onyankopɔn maa asaase a na ɛda hɔ “kwa a wunhu n’adeban” no sesae, na ɛbɛyɛɛ baabi a nnipa ne mmoa betumi atena. (Genesis 1:2) Afei Onyankopɔn bɔɔ nnipa ne mmoa guu so. Nna nsia anaa bere tenten a Onyankopɔn de bɔɔ ade no, Bible ma yehu nneɛma a ɔyɛe wɔ emu biara mu.

  • Hann ne sum.

    Da 1: Onyankopɔn maa hann hyerɛn asaase so, na ɛma yebenyaa adekyee ne adesae.—Genesis 1:3-5.

  • Ewim ne ɛpo.

    Da 2: Onyankopɔn maa ewim baa nsu ntam, anaa ɔpaee nsu mu ma ebi kodii soro na ebi kaa fam.—Genesis 1:6-8.

  • Asaase kesee ne afifide.

    Da 3: Onyankopɔn maa asaase kesee bae. Ɔsan maa nneɛma fifii asaase so.—Genesis 1:9-13.

  • Obi gyina asaase so a, otumi hu owia, ɔsram, ne nsoromma.

    Da 4: Onyankopɔn maa owia, ɔsram, ne nsoromma yii wɔn ho wɔ wim maa emu biara hyerɛnee asaase so.—Genesis 1:14-19.

  • Abɔde a nkwa wom a ɛwɔ nsu mu ne ntuboa.

    Da 5: Onyankopɔn maa abɔde a nkwa wom baa nsu mu, na ɔmaa ntuboa nso bae.—Genesis 1:20-23.

  • Mmoa a wɔnam asaase so ne nnipa.

    Da 6: Onyankopɔn bɔɔ mmoa a wɔnam asaase so ne nnipa.—Genesis 1:24-31.

Bere a da ɛto so nsia no baa awiei no, Onyankopɔn homee anaa ogyaee adebɔ.—Genesis 2:1, 2.

Nea Genesis nhoma no aka no, ɛne nyansahu hyia anaa?

Asɛm a Bible aka afa sɛnea wɔbɔɔ wiase ho no, amfa abɔde mu nyansahu mu nsɛm ankyerɛkyerɛ mu ankɔ akyiri. Mmom, Bible kyerɛɛ adebɔ no mu wɔ ɔkwan bi so a, wɔn a na wɔte ase bere a wɔrekyerɛw Bible no mpo betumi ate ase na wɔahu sɛnea wɔbɔɔ nneɛma nnidiso nnidiso. Adebɔ ho nsɛm a ɛwɔ Bible mu no ne abɔde ho nyansahu a edi mu hyia. Okyinnsoromma ho nimdefo Robert Jastrow kyerɛw sɛ: “Sɛnea Genesis nhoma no akyerɛkyerɛ nsɛm mu ne sɛnea okyinnsoromma ho abenfo kyerɛkyerɛ mu no, nsonsonoe da ntam, nanso nea ehia paa wɔ asɛm no mu de, ne nyinaa yɛ pɛ; sɛnea nneɛma kɔɔ so nnidiso nnidiso kosii sɛ nnipa bae no, ne nyinaa fii ase prɛko pɛ wɔ mmere pɔtee bi mu.”

Bere bɛn na wɔbɔɔ owia, ɔsram, ne nsoromma?

Ná owia, ɔsram, ne nsoromma wɔ hɔ dedaw. Ɛka “ɔsoro” a Onyankopɔn bɔɔ no “mfiase no” ho. (Genesis 1:1) Nanso, ɛbɛyɛ sɛ na owia, ɔsram, ne nsoromma no hann ntumi nhyerɛn asaase so, efisɛ na biribi a ayɛ sɛ kuntu asiw kwan ama asaase so ayɛ sum tumm. (Genesis 1:2) Enti ɛwom sɛ da a edi kan no, hann baa asaase so, nanso na wuntumi nhu baabi a hann no fi. Ɛda a ɛto so nnan no, ɛbɛyɛ sɛ ade a asiw hann no kwan no mu buei. Bible ka sɛ, owia, ɔsram, ne nsoromma ‘hyerɛnee asaase so.’ Ɛbɛyɛ sɛ, sɛnea obi wɔ asaase so a obehu no no, saa na Bible kaa no.—Genesis 1:17.

Sɛ yɛhwɛ nea Bible aka a, asaase no adi mfe sɛn?

Bible nka mfe a asaase no adi. Nea Genesis 1:1 ka ara ne sɛ, ɔsoro ne asaase a yɛn ani tua yi wɔ mfiase. Saa asɛm yi ne nhwehwɛmu a edi mu a nyansahufo ayɛ hyia, na ɛne nsɛm a nyansahufo aka afa mfe a asaase adi ho no hyia.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena