Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbv asɛm 10
  • Yosua 1:9—“Nya Akokoduru Na Ma Wo Ho Nyɛ Den”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yosua 1:9—“Nya Akokoduru Na Ma Wo Ho Nyɛ Den”
  • Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yosua 1:9 Kyerɛ
  • Yosua 1:9 Ho Nsɛm
  • Ma Yosua Mmoa Wo Na Som Yehowa Akokoduru So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nea Yosua Kaee
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • “Nya Akokoduru Na Yɛ Den”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Yehowa Yɛn Nyankopɔn Na Yɛbɛsom No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu
ijwbv asɛm 10

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Yosua 1:9—“Nya Akokoduru Na Ma Wo Ho Nyɛ Den”

“Menka nkyerɛɛ wo sɛ nya akokoduru na ma wo ho nyɛ den anaa? Nsuro, na mmɔ hu, efisɛ baabi a wobɛkɔ biara, Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.”—Yosua 1:9, Wiase Foforo Nkyerɛase.

“Menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma wo bo nntu anaa? Efisɛ Awurade wo Nyankopɔn di w’akyi nea wokɔ nyinaa.”—Yosua 1:9, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

Nea Yosua 1:9 Kyerɛ

Yehowaa Nyankopɔn kaa saa asɛm yi kyerɛɛ ne somfo nokwafo Yosua. Ɔde maa no awerɛhyem sɛ, ɔhaw akɛse a ɔbɛfa mu biara ne nneɛma a ebetumi ahunahuna no biara, obetumi anya ‘akokoduru na ne ho ayɛ den.’ Sɛ Yosua tie Onyankopɔn nko ara de a, na ɛnsɛ sɛ osuro nea ɛbɛba daakye, efisɛ Yehowa bɛka ne ho na waboa no ama asi no yiye. Nea Onyankopɔn yɛ de kyerɛe sɛ ɔka Yosua ho ne sɛ, ɔmaa no akwankyerɛ, na ɔma odii n’atamfo so nkonim.

Dɛn na na ɛsɛ sɛ Yosua yɛ na ama wanya ‘akokoduru na ne ho ayɛ den’? Saa bere no, na Yehowa ama wɔakyerɛw ne nsɛm bi ato hɔ, na na ebetumi aboa no ama wanya akokoduru ne ahoɔden. Nea na Yehowa ama wɔakyerɛw no bi yɛ “Mmara a [Yehowa akoa] Mose de maa [Yosua] no nyinaa.”b (Yosua 1:7) Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ ‘ɔnkenkan na onnwinnwen ho awia ne anadwo.’ (Yosua 1:8) Sɛ Yosua kenkan saa nsɛm no dwinnwen ho a, na ɛbɛboa no ama wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Afei, na ehia nso sɛ ɔde nea wasua afi Onyankopɔn Asɛm mu no yɛ adwuma, na odi “nea wɔakyerɛw wom nyinaa so pɛpɛɛpɛ.” Sɛ ɔyɛ saa a, ɛbɛma wayɛ n’ade nyansam na asi no yiye. Saa pɛpɛɛpɛ nso na ɔyɛe. Yosua hyiaa ɔhaw, nanso ɔde nokwaredi som Yehowa mfe pii, na n’ani nso gyei.—Yosua 23:14; 24:15.

Nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no, ɛnnɛ yi nyinaa obi kan a ɛhyɛ no den. Saa nsɛm no ma yehu sɛ Yehowa dwen n’asomfo nyinaa ho paa, ɛnkanka bere a wɔrefa ɔhaw mu. Ɔpɛ sɛ esi wɔn yiye te sɛ Yosua. Sɛ wɔkenkan Onyankopɔn Asɛm Bible no da biara, na wɔdwinnwen ho, na wɔde emu nsɛm no bɔ wɔn bra a, wɔn nso betumi ‘anya akokoduru na wɔn ho ayɛ den’ te sɛ Yosua.

Yosua 1:9 Ho Nsɛm

Mose wui no, Yehowa kaa sɛ Yosua nni Israel man no anim. (Yosua 1:1, 2) Saa bere no, na aka kakraa bi ama Israelfo no akɔ Bɔhyɛ Asaase no, kyerɛ sɛ, Kaanan asaase so. Nanso na ɛsɛ sɛ wɔne atamfo a wɔn ho yɛ den ko. Atamfo a Yosua ne wɔn kɔkoe no bi ne Kaananfo a na bɔne adonnɔn no.c (Deuteronomium 9:5; 20:17, 18) Kaananfo no, na wɔdɔɔso nso kyɛn Israelfo no, na nneɛma a wɔde kɔ ɔko nso, na wɔwɔ pii sen Israelfo no. (Yosua 9:1, 2; 17:18) Nanso Yosua nyaa akokoduru dii Yehowa akwankyerɛ so. Onyankopɔn nso taa n’akyi, efisɛ Israelfo no de mfe nsia pɛ na edii wɔn atamfo dodow no ara so nkonim.—Yosua 21:43, 44.

Kenkan Yosua ti 1, na hwɛ ase hɔ nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ mu ne kyerɛwnsɛm foforo a ɛfa ho.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din a yɛakyerɛ ase afi Hebri kasa mu aba Twi kasa mu. Hebri nkyerɛwde nnan a wɔde gyina hɔ ma edin no ne יהוה (YHWH), na wɔfrɛ no Tetragrammaton. Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe mu no, wɔakyerɛ din no ase wɔ saa nkyekyɛm yi mu sɛ “Awurade.” Sɛ wopɛ nsɛm pii a ɛfa Yehowa ho ne nea enti a Bible nkyerɛase bi mfa edin Yehowa no nyɛ adwuma a, hwɛ asɛm a yɛato din “Hena Ne Yehowa?”

b Nsɛm a na Yehowa ama ebinom akyerɛw a na Yosua wɔ bi no, ɛbɛyɛ sɛ ebi ne nhoma nnum a Mose kyerɛwee no (Genesis, Exodus, Leviticus, Numeri, ne Deuteronomium), Hiob nhoma no, ne Nnwom nhoma no ti baako anaa mmienu bi. Ɛnnɛ, ne nyinaa wɔ Bible mu, na yɛn mu biara betumi akenkan.

c Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a na ɛho hia sɛ wodi saa akõ no a, hwɛ asɛm a wɔato din, “Onyankopɔn Atemmu—Ɛkyerɛ sɛ Ne Tirim Yɛ Den Anaa?” Ɛwɔ May 1, 2013 Ɔwɛn-Aban no kratafa 6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena