Wɔn Gyidi Nti Wɔde Wɔn Agu Afiase—Eritrea
Mfe pii ni na Eritrea aban akyere Yehowa Adansefo bi agu afiase, nanso wɔnnii wɔn asɛm anaa wɔnhyɛɛ da mmɔɔ wɔn kwaadu. Esiane Adansefo no som nti, wɔakyere wɔn mu mmarima ne mmea, mmofra, nkwakoraa ne mmerewa mpo de wɔn agu afiase. October 25, 1994 no, Ɔmampanyin Afwerki de tumi a ɔwɔ sɛ ɔmampanyin no twaa hokwan a Adansefo no wɔ sɛ ɔman mma no mu. N’asɛm nyinaa ne sɛ, bere a na wɔretow aba afe 1993 de ahwehwɛ fahodi no, Adansefo no antow bi. Afei nso, wɔkyerɛ sɛ wɔn ahonim mma wɔn kwan sɛ wɔnkɔ sogya. Ansa na Eritrea atumfoɔ no rebɛhyɛ mmara de ahyɛ nkurɔfo sɛ wɔnkɔ sogya no, na ɔman no wɔ nhyehyɛe a ɛma obi fa ɔkwan foforo so som ne man a na asɛm biara nni ho. Aban kɔe na aban bae, na Adansefo bebree faa saa kwan no so som wɔn man. Atumfoɔ no maa nkurɔfo a na wɔfa saa kwan no so som wɔn man no abɔdin krataa (“Certificates of Completed National Service”), na mpɛn pii no, wɔkamfoo wɔn wɔ adwuma a na wɔyɛ no ho. Efi saa bere no, Eritrea asogyafo ne apolisifo akyere Yehowa Adansefo agu afiase, ayɛ wɔn aninyanne, ateetee wɔn. Nea wɔreka ara ne sɛ Adansefo no nnyae wɔn som.
Yɛrekasa yi Yehowa Adansefo 36 da so gu afiase (mmarima 26 ne mmea 10). December 4, 2020 no, wɔyii Yehowa Adansefo 28 fii afiase (mmarima 26 ne mmea 2). Nea ɔdaa hɔ kyɛe paa no twaa mfe 26, ɛnna nea wankyɛ koraa nso twaa mfe 5. January 29, 2021 no, wɔyii ɔbarima bi a ɔyɛ Yehowa Danseni fii afiase. Ná wada afiase bɛboro mfe 12. February 1, 2021 no, wɔyii Adansefo mmiɛnsa (baako yɛ ɔbarima, mmienu yɛ mmea). Nea ɔdaa mu kyɛe paa dii mfe nkron, nea wankyɛ koraa nso dii mfe nnan.
Afiase Asetena Yayaayaw Nti Adansefo Bi Ahwere Wɔn Nkwa
Yehowa Adansefo nnan bi wuwui bere a na wɔgu afiase wɔ Eritrea. Yehowa Adansefo mmiɛnsa a wɔn ani afi nso de, afiase asetena yayaayaw a wɔfaa mu nti, wɔyii wɔn baa fie na wɔbewuwui.
Afe 2018 no, wɔyii Adansefo mmienu fii afiase bi de wɔn kɔɔ Mai Serwa Prison, na wɔkowuu wɔ hɔ. Habtemichael Tesfamariam wui January 3, 2018, na wadi mfe 76. Habtemichael Mekonen nso wui March 6, 2018. Ná ɔno nso adi mfe 77. Eritrea atumfoɔ de mmarima mmienu yi guu afiase wɔ afe 2008 a wɔammɔ wɔn sobo biara.
Afe 2011 ne 2012 no, wɔde Yehowa Adansefo mmienu bi faa aninyanne mu wɔ Meitir Prison Camp ma wɔwuwui. Beae bi wɔ Meitir Prison Camp a wɔtwe nneduafo aso, wɔfrɛ hɔ “underground,” anaa afiase. Esiane ɔhyew a ano yɛ den a ɛteetee ɔdeduani baako a na ne din de Misghina Gebretinsae wɔ hɔ nti, owui July 2011; na wadi mfe 62. Yohannes Haile nso wui August 16, 2012; na wadi mfe 68. Ɔno nso, bɛyɛ mfe nnan a na ɔda Meitir Camp hɔ no, ɔfaa ateetee koro no ara mu. Adansefo mmiɛnsa bi a wɔn ani afi nso, ateetee a wɔde wɔn faa mu wɔ Meitir Camp nti, wɔyii wɔn fii afiase baa fie no na wɔwui. Yɛfrɛ wɔn Kahsai Mekonnen, Goitom Gebrekristos, ne Tsehaye Tesfariam.
Wɔantie Ahyehyɛde a Edi Akoten Wɔ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm Mu Afotu
Nhyehyɛe a wɔde agu akwan mu a ɛbɔ nnipa ahofadi ho ban wɔ wiase nyinaa no, Eritrea asisiw n’aso wɔ ho; wɔmfa nyɛ adwuma. Ahyehyɛde akɛseakɛse a ɛpere nnipa ahofadi no akasa atia Eritrea sɛ wɔtiatia nnipa fahodi so, na wɔaka akyerɛ wɔn mpɛn pii sɛ wɔnnyae nea wɔreyɛ no.
Afe 2014 no, Asoɛe a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So (HRC) no nyaa amanneɛbɔ bi fii obi a ɔde n’ani di nsɛm a ɛkɔ so wɔ aman horow so akyi, na wɔn nso soo mu. Ná saa amanneɛbɔ no fa nnipa fahodi ho nsɛm a ɛrekɔ so wɔ Eritrea no ho. Amanneɛbɔ no mu no, ɔkaa sɛ, obiara a n’ahonim nti ɔbɛka sɛ ɔrenkɔ sogya no, Eritrea man no mpanyimfo nnye ntom “sɛnea wiase aman nyinaa agye atom no.” Nea ɛka ho ne sɛ “wɔnhwɛ na ɔdeduani biara ho antɔ kyima; wɔn a ehia sɛ wɔhwɛ wɔn yare no, wɔnhwɛ sɛ wɔbenya ayaresa . . . wɔnhwɛ sɛ wɔbɛma afiase asetena ayɛ kama sɛnea amansan susudua hwehwɛ.” Afe 2015 no, HRC no sii gyinae titiriw bi, na wɔka kyerɛɛ Eritrea aban sɛ “obiara a n’ahonim nti, ɔmpɛ sɛ ɔkɔ sogya no, wɔnnye ntom.”
Afe 2016 no, bagua bi a ɛhwehwɛ nnipa ahofadi ho nsɛm mu wɔ Eritrea hui sɛ Eritrea aban mpanyimfo ayɛ “bɔne-kɛse atia adasamma,” efisɛ “ɔsom ne mifi-ha-mifi-ha nti, wɔtan” Yehowa Adansefo ne afoforo ani.
Afe 2017 no, bagua bi a wɔaben wɔ mmofra ahofadi ne wɔn yiyedi ho nsɛm ho wɔ Afrika no kaa sɛ, ɛmfa ho sɛ mmara wɔ hɔ a ɛbɔ mmofra ho ban no, “Yehowa Adansefo mma de,” saa hokwan yi abɔ wɔn na wɔdi wɔn ani. Saa bagua no kyerɛe sɛ, “abofra biara wɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ n’adwene, ɔde n’ahonim yɛ adwuma, na ɔkyerɛ ɔsom a ɔpɛ, na ɛsɛ sɛ Eritrea man no gye tom a wɔnyɛ nyiyim, na wɔhwɛ ma ɛyɛ adwuma.”
Afe 2018 no, Asoɛe a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So Wɔ Afrika ka kyerɛɛ Eritrea aban no sɛ, “obiara a wɔatiatia ne fahodi so de no ato afiase a . . . Yehowa Adansefo ka ho no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi ntɛm ara. Afei nso, Asoɛe no kaa sɛ, Adansefo a ada adi sɛ wɔawu wɔ afiase no, wɔnyɛ mu nhwehwɛmu. Asoɛe no sii so dua sɛ hokwan a “Adansefo no wɔ sɛ ɔman mma” no, ɛsɛ sɛ Eritrea aban no san de ma wɔn.
May 2019 no, Amanaman Nkabom Bagua a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi So (CCPR) no ka kyerɛɛ Eritrea aban no sɛ, wɔmma obiara kwan ma ɔmpaw ɔsom a ɔpɛ ne nea ɔpɛ sɛ ogye di, na “wɔn a wɔn som nti wɔde wɔn agu afiase a Yehowa Adansefo ka ho no, wɔnnyaa wɔn nyinaa.” Saa bagua yi san kaa sɛ, “obiara a ne gyidi nti ɔmpɛ sɛ ɔbɛkɔ sogya no, [Eritrea aban no] “nhwɛ na wɔnnye ntom wɔ mmara mu na wɔmma no adwuma foforo a ɛmfa sogya ho.”
Amanneɛbɔ bi a ɛbaa May 12, 2021 no, Amanaman Nkabom no amanneɛbɔfo titiriw no ka kyerɛɛ Eritrea aban no sɛ, “nnipa a wɔn gyidi nti wɔde wɔn agu afiase a wɔmmɔɔ wɔn sobo anaa wɔnnii wɔn asɛm, a Yehowa Adansefo 20 ka ho no, wɔnnyaa wɔn nyinaa ntɛm ara ma wɔmfa wɔn ho nni koraa.” Afei nso, “gyinae a na aban no asi sɛ wɔbegye hokwan a Yehowa Adansefo wɔ sɛ ɔman mma no afi wɔn nsam esiane wɔn gyidi nti no, wɔnsan nsusuw ho. Bio nso, asɛm a Asoɛe a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So Wɔ Afrika no kaa sɛ hokwan a Yehowa Adansefo wɔ sɛ ɔman mma no, ɛsɛ sɛ aban no san de ma wɔn, na Yehowa Adansefo a ada adi sɛ wɔawu wɔ afiase no, wɔnyɛ mu nhwehwɛmu.”
Wɔde Ebinom Gu Afiase a Wɔnhyɛ Da a Wɔbeyi Wɔn
Adansefo mmarima a wɔde wɔn agu afiase no, wɔn mu dodow no ara wɔnhyɛ da a wɔde beyi wɔn, na wɔnni anidaso biara sɛ wɔbegyaa wɔn gye sɛ wɔawu anaa wɔreyɛ awu. Esiane sɛ mmara nyɛ adwuma wɔ hɔ papa nti, Adansefo no nnya baabiara mfa wɔn asɛm nkɔ. Wei nti, yebetumi aka sɛ wɔde wɔn gu afiase afebɔɔ.
Bere a Nsɛm No Sisii
May 20, 2024
Adansefo 39 na wɔgu afiase.
February 1, 2021
Wɔyii Adansefo mmiɛnsa fii afiase.
January 29, 2021
Wɔyii Ɔdansefo baako fii afiase.
December 4, 2020
Wɔyii Adansefo 28 fii afiase.
March 6, 2018
Habtemichael Mekonen wui. Ɛyɛ bere a wɔyii no fii afiase bi kɔɔ Mai Serwa Prison akyi na owui; ná wadi mfe 77.
January 3, 2018
Habtemichael Tesfamariam wui. Ɛyɛ bere a wɔyii no fii afiase baako mu kɔɔ Mai Serwa Prison akyi na owui; ná wadi mfe 76.
July 2017
Wɔde Adansefo a na wɔwɔ Meitir Camp no nyinaa kɔɔ Mai Serwa Prison; ɛwɔ Asmara kurow no akyi.
July 25, 2014
Wɔgyaa wɔn a wɔkyeree wɔn April 14 no mu dodow no ara, nanso wɔn a wɔkyeree wɔn April 27 no de, wɔn mu 20 da so ara wɔ afiase.
April 27, 2014
Wɔkyeree Adansefo 31 a na wɔahyiam resua Bible.
April 14, 2014
Wɔkyeree Adansefo bɛboro 90, ná wɔahyiam rekae Kristo Wu no.
August 16, 2012
Yohannes Haile wui, ná ɔrefa ateetee mu wɔ afiase; ná wadi mfe 68.
July 2011
Misghina Gebretinsae wui, ná ɔrefa ateetee mu wɔ afiase; ná wadi mfe 62.
June 28, 2009
Atumfoɔ bɔ wuraa Ɔdansefo bi fie kɔkyeree Adansefo 23 a na wɔahyiam resom no nyinaa. Ná nea osua no adi mfe 2, na na nea wanyin paa no nso adi mfe 80.
April 28, 2009
Atumfoɔ no yii Yehowa Adansefo a wɔde wɔn agu afiase wɔ police station ahorow nyinaa mu de wɔn kɔɔ Meitir Prison Camp. Ɔdansefo baako pɛ na wɔamfa no ankɔ.
July 8, 2008
Atumfoɔ no fii ase bɔ wuraa Adansefo afie ne wɔn nnwuma mu kɔkyeree wɔn mu 24. Wɔn mu dodow no ara yɛ nkurɔfo a wɔn na na wɔma wɔn mmusua nya wɔn ano aduan.
May 2002
Ɔsom nnan na na aban no agye atom. Ɔsom biara a na ɛnka nnan no ho no, aban no barae.
October 25, 1994
Ɔmampanyin no hyɛɛ mmara ma wɔgyee hokwan a Adansefo no wɔ sɛ ɔman mma no fii wɔn nsam. Afei nso, hokwan a ɔman ba biara wɔ no, wɔgyee ne nyinaa fii wɔn nsam.
September 17, 1994
Wɔde Paulos Eyasu, Isaac Mogos, ne Negede Teklemariam guu afiase a wɔammɔ wɔn kwaadu anaa wɔanni wɔn asɛm.
Efi afe 1940 reba
Wɔnyaa Yehowa Adansefo kakra wɔ Eritrea.