Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwex asɛm 7
  • Osuaa Biribi Fii Nneduafo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Osuaa Biribi Fii Nneduafo Hɔ
  • Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn Gyidi Nti Wɔde Wɔn Agu Afiase—Eritrea
    Wɔn Gyidi Nti Wɔde Wɔn Agu Afiase
  • Ahenni Aba a Yebegu no Bere Biara
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nokwaredi Ho Kyerɛwtohɔ
    Nyan!—1981
  • Migyae Amammuisɛm Bɛyɛ Kristoni a Onni Ɔfã Biara
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
ijwex asɛm 7
Obi a ɔda afiase de aduan rema ne yɔnko deduani

Osuaa Biribi Fii Nneduafo Hɔ

Ɔbarima bi tu fii Eritrea kɔtenaa Norway sɛ otubrafo wɔ afe 2011 mu. Da bi, Yehowa Adansefo kɔbɔɔ ne pon mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wahyia Adansefo no bi wɔ Eritrea pɛn. Ɔkaa sɛ, bere a na ɔyɛ sogyani wɔ Eritrea no, ohuu sɛ, Adansefo no bi sii wɔn bo sɛ, esiane wɔn gyidi nti, wɔrenkɔ sraadi. Wei nti, wɔde wɔn guu afiase na wodii wɔn ani.

Akyiri yi, biribi sii ma wɔkyeree ɔbarima yi kɔtoo afiase. Oduu afiase hɔ no, ohyiaa Adansefo mmiɛnsa bi a wɔn gyidi nti wɔde wɔn agu afiase. Ná wɔada afiase hɔ fi afe 1994. Saa Adansefo no din ne Paulos Eyasu, Negede Teklemariam, ne Isaac Mogos.

Bere a ɔda afiase hɔ no, ohui sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ no de nea wɔkyerɛkyerɛ afoforo no bɔ wɔn bra. Ná wodi nokware, na na wɔn yam ye. Sɛ aduan mpo na wobenya a, na wɔne nneduafo no kyɛ. Afei nso, ohui sɛ, da biara, Adansefo a na wogu afiase hɔ no bom sua Bible, na na wɔto nsa frɛ afoforo ma wɔbɛka ho. Ɛwom ara a, na wɔde to Adansefo no anim sɛ, sɛ wɔde nsa hyɛ krataa ase, na wɔka sɛ wɔrensom Yehowa bio a, wobegyaa wɔn, nanso Adansefo yi amfa wɔn ti annye.

Nhwɛso pa a Adansefo yi yɛe no kaa ɔbarima no koma. Enti bere a otu kɔtenaa Norway no, na ɔpɛ sɛ ohu nea enti a Yehowa Adansefo wɔ gyidi saa. Enti, bere a Adansefo no bɛbɔɔ ne pon mu no, wantwentwɛn ne nan ase koraa, ofii ase ne wɔn suaa Bible, na ankyɛ na ofii ase kɔɔ asafo nhyiam.

September afe 2018 mu no, ɔbɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Danseni. Seesei, hokwan a obenya biara, ɔde ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo a wofi Eritrea ne Sudan. Ɛyɛ a ɔhyɛ wɔn nkuran sɛ wonsua Bible na wɔn gyidi nyɛ den.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena