Ɔkyerɛkyerɛ Ho Nhyehyɛe A Edi Nkonim Wɔ Afrika
SO WUBETUMI asusuw amanaman ntam ntetee nhyehyɛe bi—a akyerɛkyerɛfo, nhoma horow, sukuu adan, na wɔde ɔkyerɛkyerɛ ho nhyehyɛe a eye sen biara di dwuma a wɔyɛ bi mpo wɔ afie mu ka ho—a ɛrekɔ so, anyɛ yiye koraa no wɔ Afrika aman horow bɛyɛ 41 mu no ho? Nea ɛka saa amanaman ntam nhyehyɛe yi ho ne afotu a ɛfa abrabɔ pa, abusua mu asetra, ne sɛnea wobeyi ɔdɔ adi akyerɛ nnipa no ho.
Afei nso ɛyɛ ɔkyerɛkyerɛ ho nhyehyɛe a wɔn a wɔde wɔn ho ahyɛ mu no fi wɔn pɛ mu yɛ saa, yiw, wɔn dodow bɛyɛ mpem ahanu aduonum. Saa nnipa yi de nnɔnhwere pii di dwuma de kyerɛkyerɛ afoforo ade a wontua wɔn ka wɔ wɔn som no ho.
Nhyehyɛe a ɛte sɛɛ no te sɛ nea ɛrentumi nyɛ yiye nnɛ wɔ wiase no mu. Nanso eyi ankasa ne nea Yehowa Adansefo ayɛ wɔ Afrika, nea ɛboro mfirihyia 50 ni. Wɔde nnɔnhwere a ɛboro ɔpepem 40 dii ɔman mu som adwuma a ɛte sɛɛ ho dwuma. Sɛ wɔ kyekyem a, eyi yɛ simma asia ma ɔbarima, ɔbea ne abofra biara a ɔwɔ Afrika asase kɛse no no nsupɔw a atwa ho ahyia no nyinaa so! Nsase kakraa bi pɛ na ɛwɔ Afrika a ɛso nnipa no nnim anigye a Yehowa Adansefo wɔ sɛ́ wɔpɛ sɛ wɔboa afoforo no.
Wɔn nhoma titiriw a wogyina so kyerɛkyerɛ “abrabɔ ho mmara” no ne Bible. Adansefo no ne mmusua horow a wɔboro 200,000 yɛɛ dapɛn biara Bible mu adesua wɔ afe a etwaa mu no mu, na nea ɛka eyi ho ne nhyiam horow a wɔyɛ ho nhyehyɛe de kyerɛkyerɛ ade dapɛn biara wɔ wɔn Ahenni Asa ahorow so. Ɛnyɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ nnipa mpem bebree ɔkwan a wɔfa so kenkan nhoma na wɔkyerɛw ade nko, (Adansefo no mu nnipa a wɔyɛ ɔha mu nkyem 77 nim akenkan ne akyerɛw, bere a wɔde to ɔha mu nkyem 20 pɛ a wonim akenkan ne akyerɛw wɔ Afrika aman horow bi mu no ho no) , na mmom nea ehia titiriw no, wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn abrabɔ pa ho nnyinasosɛm.
“Nkonimdi Gyidi” Nhyiam Horow Dii Dwuma Titiriw
Nhyiam akɛse nso yɛ ɔkyerɛkyerɛ adwuma yi fa. 1978 afe no awiei mu ne 1979 afe no mfiase mu na wɔyɛɛ nhyiam horow 72 wɔ Afrika ne ɛho nsupɔw nyinaa so. Nnipa a wɔn ano dodow yɛ 524,571 na wɔbaa ase!
Ɔhene bi a wagye din yiye wɔ Ghana a ne hemmaa ne ɔhene no mpanyimfo ka ho kɔɔ saa nhyiam horow yi biako ase. Ɔhene no teɛɛm kae sɛ: “Mo nhyiam yi ne mo nhyehyɛe ne mo abrabɔ wɔ saa nhyiam yi ase no ama m’ani agye, ama me ho adwiri me.” Dɛn nti na ɔne mpem bebree ho ‘dwirii’ wɔn saa?
Ɛnyɛ nhyehyɛe pa ne abrabɔ pa no nkutoo nti, na mmom titiriw no, esiane ɔkasa ho nhyehyɛe no nti, ɔkasa horow no ne nhoma horow a ɛte sɛ Making Your Family Life Happy no boa mmusua horow ma wotumi gyina ɔhaw horow a ɛkɔ so wɔ ofie no mu no ano.
So Wotumi De Ɔkasa ho Nhyehyɛe No Di Dwuma Ma Ɛyɛ Yiye Anaa?
Nea ɔkɔɔ Nigeria nhyiam horow no biako ase ne ɔbarima bi a na bere bi no na ɔyɛ basabasa ko ntɔkwaw wɔ amammui nhyiam ase. Ɔtaa ne wɔn a wɔsɔre tia amammui kuw ko a ɔwɔ mu no ko bere nyinaa. Wahyehyew wɔn mu binom afie na wapirapira bebree! Sɛnea onye koraa fa nti nnipa pii ntaa nkɔ sini horow a ɔkɔ ase no ase. Ɛbae bere bi sɛ na sini a ɔkɔ ase no sohwɛfo no yɛ Ɔdansefo. Ofii ase ne saa ɔbarima yi suaa Bible no, na ankyɛ na saa ɔbarima yi sesaa n’asetra kwan na ɔbɛyɛɛ Yehowa Dansefo.
Saa ɔbarima a kan na onye koraa no fii ase sɛ ɔkyerɛkyerɛ afoforo Bible no. Bere a odii kan kɔɔ adansedi no, sɛ nkurɔfo hu no a woguan gyaw no. Egyee bere ansa na nkurɔfo no rehu sɛ wasakra. Nanso na wasakra ampa! Ɔreboa afoforo mprempren ma wɔn nso wɔayɛ nsakrae wɔ wɔn asetra mu.
Eyi yɛ asɛm a ɛntaa mma? Dabi! Aguamammɔfo, akorɔnfo, asabofo, ne wɔn a wɔde nnuru bɔne di dwuma pii yɛ wɔn a wɔaboa wɔn ama wɔayɛ nsakrae wɔ wɔn asetra mu. Afoforo nso a wohu nsakrae akɛse yi ho adwiri wɔn ama wɔn nso wɔabɛdan Adansefo.
Sɛ nhwɛso no, ɔdansefo bi kɔɔ oburoni bi a ɔwɔ afuw kɛse bi mu wɔ Rhodesia no hɔ, na sɛnea ɛte no obisaa kwan sɛ ɔpɛ sɛ ɔne ɔbarima no apaafo a wɔyɛ adwuma ma no no bi kasa. Ɛno na oburoni yi bisaa ɔdansefo no sɛ: ‘Dɛn koraa na worekɔ akɔkyerɛkyerɛ m’adwumayɛfo no?” Ɔdansefo no maa mmuae sɛ: “Bible no ne emu nnyinasosɛm.” Oburoni no bisae sɛ: “Te sɛ dɛn?” Ɔdansefo no maa mmuae sɛ: “Adwene a Bible no kura wɔ nokwaredi, ahotew, anidahɔ, abrabɔ pa, ne adwene a ɛsɛ sɛ wonya wɔ adwumayɛ ho.” Oburoni no ho dwirii no, efisɛ eyi ne ɔhaw horow a ohu sɛ ɛda ɔne n’adwumayɛfo no ntam!
Afei nso ohui sɛ adwumayɛfo no mu binom yɛ Yehowa Adansefo wɔ n’afuw no mu no, ɔkɔɔ so bisaa Ɔdansefo no sɛ: “Ɛhefo koraa na wɔyɛ Yehowa Adansefo wɔ saa afuw yi mu?” Wo de hwɛ n’ani a egyei ne ne ho a edwirii no bere a ɔdansefo no bɔɔ anuanom bi din a saa anuanom yi kɔdan oburoni no adwumayɛfo a woye sen biara no! N’ani gyei yiye, enti ɔne ne yere fii ase hwehwɛɛ ɔkyerɛkyerɛ ko a atumi anya saa abibifo yi adwene so tumi ama wɔatumi ayɛ nsakrae a ɛte saa no. Ankyɛ na wɔbɔɔ oburoni yi ne ne yere asu sɛ Adansefo a wɔrekyerɛkyerɛ afoforo nso ade.
Yehowa Adansefo nokwaredi ayɛ abakɔsɛm wɔ abibirim mmeae ahorow. Ahɔho a wɔkɔ nhyiam horow no ase ho dwiri wɔn sɛ wohu beae a wɔakyerɛw abɔ anim sɛ “Lost and Found Department.” Ɔdansefo bi a ofi Kenya kae sɛ: “Wɔ Abibifo mu no, sɛ wo sika yera a, na ayera de kosi daa; sɛ́ wobehu sika na wɔasan de akɔma onii ko a ne sika ayera no yɛ ade a Abibifo nnim.” Nanso sika—akɛse ne nketewa nyinaa—yɛ nea wɔn a wohu no san de ba na wɔn a wɔn ade ayera no behu na wɔfa kɔ.
Wɔhyɛ Mmusua Horow Den
Na abusua asetra nso ɛ! South Afrika kurow a wɔfrɛ no Mdantsane no mankrado kaa asɛm yi wɔ baguam:
“Mfirihyia asia atwam, nanso mentee asɛm biako pɛ bi mpo a ɛfa Adansefo no ho sɛ wɔantua wɔn adan ka, wɔne wɔn yerenom reko anaasɛ wɔrebisa awaregyae da. Eyi nti na mewɔ obu kɛse ma wɔn no.”
Sɛ wubetumi ahu nkɛntɛnso pa a Bible mu ɔkyerɛkyerɛ nya wɔ wɔn so a, ɛnde nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wokɔ wɔn nhyiam horow no biako ase na woahu sɛnea mmofra mpem bebree ka wɔn awofonom ho kɔ ase wɔ osetie mu no. Ɔdansefo bi a ɔretu kwan akɔ nhyiam horow a wɔyɛ wɔ wiase no bi no kae bere a wɔawie Abijan, Ivory Coast nhyiam no sɛ:
“Mmofra bɛn mpo ni! Wurenhu mmofra a wɔwɔ ntetee pa na wobu ade kɛse wɔ nhyiam ase te sɛ Afrika ha. Wɔne wɔn awofo tra ase nnɔnhwere pii a ɛte sɛ nea owia a ano yɛ den ne awɔw ne nkongua a ɛso tra yɛ den a wɔtete so no mfa wɔn ho.”
Afrika Adansefo no de anigye kɛse kyiaa Yehowa Adansefo asafo ti a ɛwɔ New York no muni bi a wadi mfirihyia 89 no wɔ anigye mu. Bere a wakokyin bɛyɛ sɛ ɔsram akyi akɔ nhyiam horow wɔ wiase afanan ahorow no, wobisaa Grace DeCecca sɛ: “Dɛn na ɛmaa w’ani gyee yiye wɔ w’akwantu yi mu”. Wantwentwɛn ne nan ase koraa na ɔmaa mmuae sɛ: “Ɛno ne sɛnea nnipa no ho dwo fa, titiriw mmarima no. Wuhu sɛnea mmusua horow bom wɔ nhyiam ase, a agyanom susuw abusua no mufo ho yiye na wɔboa mmofra no.”
Wo de susuw eyi ho hwɛ, sɛ mmusua horow a wɔwɔ Afrika no nyinaa yɛ ade akwan so akwan so, yi odwo su adi kyerɛ, na wodi nokware a, anka dɛn! So ɛnyɛ eyi na obi a ɔwɔ ntease no bɛpene so sɛ ɛde dwoodwoo asetra bɛba?
Mmusua ne Ɔkasa Mu Biakoyɛ
Wobɛte nka afa obi a ofi abusua foforo mu a ɔpam w’abusuafo fii wɔn afie mu na okunkum wɔn mu pii no ho dɛn? So wugye di sɛ wobɛdɔ onii ko a ɔte saa?
Eyi ankasa ne nea esii wɔ Watutsi (Tutsi) abusua a agye din wɔ wiase no ne Hutufo no ntam. Wɔn akodi no kɔ akyiri bɛyɛ sɛ mfirihyia 400 a atwam ni! Wɔn ntawtawdi no dan ɔko koraa wɔ 1963 mu, a wokunkum Tutsifo mu wɔn a wɔboro 10,000 na wɔhyɛɛ abusua no mufo a aka no ma wɔnantewee sɛ ahɔho a wɔhwehwɛ guankɔbea. Nanso amanneɛbɔ a epuee wɔ Kenya nhyiam a wɔyɛɛ wɔ Nairobi no ase ne nea edidi so yi:
“Adansefo mmarima ne mmea a wofi Tutsi abusua a agye din no mu no fi Rwanda bae a wɔne Adansefo afoforo a wɔyɛ Hutu abusuafo no mufo resom. Bere a mpaapaemu kɛse wɔ mmusua horow yi mufo mu no, ɛyɛ anigye sɛ wubehu sɛnea saa abusua yi mufo a wɔadan Yehowa Adansefo no atow saa mpaapaemu yi agu wɔn akyi na afei wɔfrɛ wɔn ho wɔn ho sɛ ‘onuabarima’ ne ‘onuabea.’”
Abibifo ne aborɔfo bom som wɔ mmeae ahorow a honam ani hwɛbea mu mpaapaemu mu yɛ den wɔ hɔ. South Afrika nhyiam a edi kan a nnipa a wɔn honam ani hwɛbea sonosonoe boom yɛe nea edi kan no baa so wɔ Cape Town, faako a mpaapaemu no mu yɛ den wɔ hɔ no. Nnipa 6,959 a wɔbaa nhyiam no ase no ani gyei sɛ abibifo ne aborɔfo nyinaa adi afra wɔ biakoyɛ mu. Amaneɛbɔ bi a efi South Afrika kae sɛ: “Adansefo no yɛɛ eyi te sɛ nea wɔayɛ saa mfe pii ni. Biakoyɛ ne asomdwoe ne ɔdɔ na ɛdaa adi wɔ saa nhyiam no ase.”
Saa honam ani hwɛbea mu biakoyɛ yi nyɛ “aniani de” ara kwa, na mmom ɛyɛ nea ɛkɔ akyiri a ɛwɔ Adansefo no nkate mu. Adansefo a wɔyɛ aborɔfo ne abibifo de mfe pii ayɛ adwuma wɔ biakoyɛ mu sɛ asɛmpatrɛwfo. Ɔdɔ hama bi na akyekyere wɔn. Eyi ho mfatoho ne ɔsɛmpatrɛwfo a wasom wɔ Afrika bɛboro mfirihyia 30 a ɔyare a afei de wada mpa mu asram abiɛsa no. Ɔhwɛfo kwantufo bi bisaa no sɛ so ɔpɛ sɛ ɔsan kɔ ne man mu wɔ Canada anaa? Mmuae a ɔmae ni: “Dabi! Ɛha ne mifie, na mepɛ sɛ me ne saa nkurɔfo yi tra me nkwa nna a aka no mu!”
Ɔdansefo a ɔbɛsraa asafo ahorow no ho dwirii no wɔ saa mmuae yi nti, nanso ɔde eyi kaa n’amaneɛbɔ a ɔrekyerɛw no ho:
“Ɛyɛ saa tu a wɔatu wɔn ho ama Yehowa koraa yi na ɛkyekyere Yehowa Adansefo nyinaa bom yɛ wɔn biako sɛ anuanom a wontumi mpaapae wɔn mu na amanaman ntam ɔhye, mmusua horow, amanne anaasɛ ɔkasa ntumi nsɛe no no.”
“Kristo Adwene” a Wɔde Hyɛ Wɔn Mu
Nnipa mpem ɔhaha beree na wɔabɛyɛ wɔn a abrabɔ ho mmara a etim hɔ pintinn di wɔn so, a nea afi mu aba ne mmusua horow a emu yɛ den a woyi ɔdɔ adi kyerɛ nnipa nyinaa. So w’ani rennye sɛ wubenya nnipa a wɔte saa sɛ w’afipamfo? Wɔde “Kristo adwene” no ahyɛ wɔn mu, a ɛkyerɛ sɛ, wɔde wɔn nsusuwii ne wɔn abrabɔ di nhwɛso ne ɔkyerɛkyerɛ a Yesu Kristo de too hɔ no akyi.—1 Kor. 2:16.
Nkonim a wɔadi no yɛ nea wiase hwehwɛ. Oxford nhomanimfo, Bryan Wilson kaa eyi bere a wasua Adansefo no ho nsɛm pii wɔ Afrika no sɛ:
“Adansefo . . . nkutoo na wɔatumi ama wɔn akyidifo akura abrabɔ pa ho gyinapɛn a ɛkorɔn ne ntetee pa mu asen kuw biara.
“Wɔde adwumaden, bere sodi, odwo ne obu a ɛsɛ sɛ wonya ma wɔn ankasa ho hyɛ wɔn mu. Wɔn mmusua horow no mu dwo, na biakoyɛ a ɛsen biara da wɔn ntam kyɛn East Afrika mmusua horow nyinaa. Ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ ade no tu mpɔw sen afoforo a aka nyinaa de. . . .
“Nea Afrika amansɛmdifo de ayɛ asɛm a wɔka ara ne sɛ wɔkasa tia abusua mu mpaapaemu. Nanso nea wɔnhwɛ kwan ne sɛ, Adansefo no na ebia wɔadi nkonim wɔ abusua mu biakoyɛ mu mpaapaemu afi wɔn kuw no mufo mu asen biara.”
Wɔn a wokura “Kristo adwene” no nso hu sɛ wɔn asetra yɛ nea anigye ne mfaso wom wɔ wiase a emu ahaw yi mu. Nea ɛka ho bio no, wɔde anigye hwɛ anidaso a Bible no de ma a ɛne wiase a atɛnkyea nnim, na “trenee te mu” na nnipa nyinaa bɛtra ase dwoodwoo no kwan. Ɛbɛyɛ nhyehyɛe a Onyankopɔn ankasa bɛyɛ, ebeyi nhyehyɛe dedaw a wɔde agyina pɛsɛmenkominya so no afi hɔ. Wɔn a wɔbɛtra tebea a edi mu yi ase no bɛyɛ wɔn a wɔmaa kwan maa Bible mu nkyerɛkyerɛ a wɔde ma no sakraa wɔn asetra wɔ nkonimdi mu no.—2 Pet. 3:13; Dw. 85:8-13; 145:20.
[Box on page 21]
Nea Abibifo Ka Faa Nhyiam Horow No Ho
“Minhuu nnipa a wɔyɛ adwuma denneennen sɛɛ da! Motra ase sɛnea mo gyidi no te ampa; titiriw no mmofra a wɔwɔ mo mu no.”
—Club grounds Sohwɛfo—Senegal.
“Nnaanu a mede ahwɛ ɔkwan a mo nhyiam no retwetwe nnipa a wofi aman horow nyinaa so bom no ayɛ me fɛ ne nwonwa nso.”
—Ɔkramoni Ɔwɛmfo—Ghana.
[Kratafa 21 mfoni]
Abibifo abusua bi nya Bible nkyerɛkyerɛ mu anigye