Afrika—Ntetee Ho Mmɔden A Wɔrebɔ
“Abibifo kura su horow bi a ɛyɛ fɛ. Wɔntaa nyɛ ade a ɛmfata . . . Dwoodwoo asetra a edi mu wɔ wɔn aman mu. Ɔkwantuni ne ɔman no muni nsuro adwowtwafo.”
Eyi ne asɛm a wiase kwantuni Ibn Battutah, a ɔkɔsraa Afrika Atɔe bɛyɛ mfirihyia 600 a atwam no kyerɛwee. Na ɔreka abibifo a wɔte Mali Ahemman kɛse a na Ɔhene Mansa Musa di so no ho asɛm.
Hwɛ anigye a ɛbɛyɛ, sɛ atɛntrenee ne dwoodwoo asetra a wɔka ho asɛm yi bɛyɛ nea ɛwɔ hɔ nnɛ, a ɛnyɛ nea ɛwɔ Afrika nkutoo na mmom wiase mu no nyinaa mu ɛ! Ɛda adi pefee sɛ sɛ asɛm a wɔka yi yɛ nokware a, ɛnde na tumi horow bi wɔ hɔ a enya saa abibifo no adwene so nkɛntɛnso.
So wunim sɛ saa abibirim anaa Afrika abakɔsɛm bere, a wɔfrɛ no Mfe Pa no ne bere a na nhomanim rekɔ so kɛse wɔ abibifo mu? Nkuropɔn a ɛwɔ saa Mali Ahemman kɛse yi biako mu—Timbuktu—yɛ nea wonim wɔ wiase nyinaa sɛ beae a wosua nhoma na wɔde adwene mu mmɔdenbɔ yɛ nneɛma horow. Afeha a ɛto so dunsia no mu ɔkwantufo ne abakɔsɛm kyerɛwfo Leo Africanus kyerɛkyerɛɛ sɛnea kurow no te wɔ ne nna no mu no sɛ:
“Na atemmufo, nnuruyɛfo ne akrakyefo pii wɔ hɔ a ɔhene no tua wɔn ka kɛse. Ɔde obu kɛse ma nhomanimfo. Na wɔhwehwɛ nhoma pii a wɔde nsa akyerɛw a wɔkra fi Barbary (North Africa) . Na wonya mfaso pii fi nhoma aguadi no mu kyɛn aguadi biara.”
Nnipa pii na wɔte nka sɛ saa ɔkyerɛkyerɛ ahorow yi ne nhomasua mu mmɔdenbɔ no na ɛmaa wɔn anibuei bɛyɛɛ nea na akɔ anim na wobu ɔbra pa nso no. Enti, nnipa pii wɔ hɔ a nnɛ wɔde wɔn ani ato nhomasua so, anaasɛ wɔbɛfa adenim so ama wɔn nsa aka abibifo anaa Afrikafo adwene, na wɔatumi afa so anya ɔhaw ahorow a ɛrehaw Afrika no ano aduru. Enti akodi rekɔ so wɔ eyi mu anaasɛ wɔrebɔ ntetee ho mmɔden na wɔn nsa aka nnipa no adwene wɔ nea wose wɔfrɛ no “Asase Kɛse a Anibuei Nni So” no so!
Ɔhaw Ahorow a Emu yɛ Den na Ɛhaw Asase Kɛse No
Abibifo a wonim ade no mu pii na wɔpene so sɛ ɔhaw horow a emu yɛ den na esisi wɔn anim. Nea ɛbɔ sikasɛm mu nkɔso a akɔ anim wɔ mmeae ahorow no abira ne ohia ankasa a nnipa dodow no ara te mu.
Awudi rekɔ so wɔ Afrika nkurow ahorow pii mu. Kurow a wɔfrɛ no Soweto, a ɛwɔ Johannesburg no ayɛ beae a wɔbɔ amanneɛ sɛ “nsɛmmɔnedi a ɛyɛ hu rekɔ so wɔ hɔ. Wɔ nokwarem no, sɛ ebi wɔ hɔ mpo a na nkurow kakraa bi pɛ na ɛwɔ wiase a ɛbɛto Soweto wɔ nsɛmmɔnedi mu.” Wɔbɔɔ amanneɛ bere bi sɛ wodii nnipa a wɔn ano dodow yɛ 145 awu wɔ ɔsram biako pɛ mu wɔ hɔ!
Sɛnea ɛte wɔ wiase afanan ahorow no, nneɛma a ne bo yɛ den, adenim a enni hɔ, adifudepɛ ne ɔporɔw ama nkɔso ayɛ den. Ebony nsɛmma nhoma no tintim titiriw bi faa Afrika ho na ɛkae sɛ “adesamma ɔpepem 400 . . . reko tia ohia, ade a wonnim, ɔyare ne atubra nniso.”
Afrika Ɔhaw Ahorow—Ɛyɛ Wiase Ɔhaw
Adesamma abusua no mu nkyem du mu biako, a wɔte asase kɛse a Asia nkutoo na ɛkyɛn no no so no ho ɔhaw horow bɛyɛ nea ebenya wiase mu no so nkɛntɛnso. Eyi te saa titiriw esiane sɛ nea ayɛ ma wɔ saa asase kɛse no so ne asase mu nneɛma pa a sika kɔkɔɔ, aboɔden abo, ne nnade pa ankasa ka ho nti.
Wɔ Saudi Arabia akyi no, Nigeria ne aman a odi hɔ a otu ngo fi fam tɔn ma U.S. Amerika. Asase mu ade a wɔfrɛ no uranium a wɔde di atɔmik ho dwuma no mu nkyem abiɛsa mu biako, ne gas a wotu fi fam no mu ɔha mu nkyem 15, ne ngo ankasa a wonya no mu ɔha mu nkyem 10 yɛ nea wonya fi Afrika. Wiase a ngo a wɔde gu mfiri mu yɛ adwuma ho kɔm de no no remmu n’ani ngu nneɛma a ɛtete sɛɛ so efisɛ ɛno de ɔhaw kɛse bɛba aman a anya nkɔso no mu. Ebetumi anya wo so nkɛntɛnso.
Sɛnea ɛbɛyɛ na abibifo mpanyimfo atumi adi eyi so nkonim no, wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔn nsa bɛka nnipa dodow no ara adwene anaa wɔbɛtete wɔn. Wɔayɛ ntetee ne adesua ho nhyehyɛe akɛse wɔ Afrika aman horow so. Akwankyerɛfo yi mpo abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nkurɔfo ate sɛnea ɛho hia no ase denam frɛ a wɔfrɛ wɔn “Ɔkyerɛkyerɛfo” ne “Ɔkwankyerɛfo” so. Nanso, ntetee ne nhomasua nyɛ mmerɛw. Dɛn ntia?
Tumi Horow Pii na Wɔpere Hwehwɛ sɛ Wodi Abibifo Adwene So
Ɔmampanyin Houphouet-Boigny a ofi Ivory Coast no kae sɛ, “abusua mu mpaapaemu na ɛrehaw Afrika.” Abusua mu mpaapaemu yɛ adwene mu tumi a ɛde ɔko ba. Ɛkyerɛ nokware a wobedi ama obi abusua a wɔwoo no wɔ mu. Bere a obi betumi ayi ayamye ne nokwaredi adi akyerɛ n’ankasa n’abusua no mufo no, ɔntaa nnye afoforo a wofi mmusua foforo mu no nni, na onya wɔn ho tan. An Associated Press atesɛm krataa no fi abibirim man no biako mu kae sɛ, “abusua mu mpaapaemu abɛyɛ ade biako a ɛhaw Afrika man biara.”
Saa ara nso na nnipa pii mpɛ nnipa a wofi ɔman foforo mu no asɛm. Aman horow mu mpaapaemu nso ayɛ asɛm wɔ Afrika nyinaa. Oburoni bi a ɔte ɔman no biako a mpaapaemu yi mu yɛ den wɔ hɔ kae sɛ: “Ɛte sɛ wowɔ ɔtopae bi wɔ wo dan akyi.”
Afei nso wɔrentumi mmu ani ngu honam fam ade dodow akyidi a afei de ɛreba Afrika mmusua horow mu no so. Abibifo pii na wɔabu wɔn ani agu tete amanne ahorow so a afei de nnɛ bere mu anibuei akyi na wodi. Nea wɔhwehwɛ wɔ wɔn asetra mu nyinaa ne sɛ wɔde nnɛ bere mu anibuei mu nneɛma no bɛhyehyɛ wɔn ho. Mmeae ahorow pii wɔ Afrika a sika na edi tumi wɔ hɔ te sɛ “ɔhene” a ɔnte ade nka, na nnipa bɛfa akwan nyinaa so—korɔnbɔ, awudi, nsisi ne nea ɛkeka ho so—ama wɔn nsa aka! Enti honam fam ade dodow akyidi rehaw obibini adwene.
Tumi foforo a emu yɛ den a ɛno nso repere hwehwɛ sɛ edi abibifo adwene so ne amansɛm. Abibifo a wɔyɛ amansɛmdifo abɔ mmɔden sɛ wɔbɛka wɔn manfo abom denam nokware a wɔbɛma wɔn manfo ate nka sɛ ɛsɛ sɛ wodi ɔman no so. Abibirim anaa Afrika aman pii anya ahofadi nnansa yi, na nnipa pii anya ahomaso honhom wɔ wɔn mu esiane nea wɔatumi ayɛ yi nti.
Enti tumi horow a ɛne abusua mu mpaapaemu, honam fam ade dodow akyidi, ne amansɛm ntumi nnii Afrika ɔhaw horow no so nkonim ɛ. Dɛn ntia? Efisɛ, sɛnea abibifo pii a wonim ade hu no, ɛsɛ sɛ wɔtete adwene no wɔ mmeae foforo, sɛ ebetumi aba sɛ wobetumi anya asomdwoe ne biakoyɛ ankasa de a.
Ehia Ɔkyerɛkyerɛ Pa A Ɛfa Dɛn Ho?
“WƆHWEHWƐ EYI: ABRABƆ PA HO MMARA MA NIGERIAFO NYINAA.” Saa asɛmti yi na epuee wɔ Abibiman a nnipa dɔɔso sen biara wɔ mu no atesɛm krataa mu. Nsɛm a wɔkyerɛw de dii akyi no dii awerɛhow wɔ abrabɔ pa anaasɛ obu a enni nnipa mu wɔ ɔman no mu no ho. Wɔ nkɔanim a anya wɔ ntetee ne mfiridwuma ho nimdeɛ nyinaa akyi no’, ɛkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ Nigeriafo nyinaa san susuw ade ho bio. Ɛsɛ sɛ ɔman biara gyina abrabɔ ho mmara bi so ansa na atumi atra ase sɛ ɔman.” Dɛn ntia?
Atesɛm krataa kyerɛwfo bi a ɔyɛ obibini dii awerɛhow kae sɛ:
“Yɛasɛe sika akɛse de ayɛ akwan ne mmɔnten kwan akɛse, nanso yentumi ntu kwan wɔ so bio a yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛkɔ akodu beae a yɛrekɔ no dwoodwoo. Afasu a atwa yɛn afie horow ho ahyia mpo ntumi mmɔ yɛn ho ban. . . . Yɛn nyinaa tete osuro mu, na yesuro ma yɛn ankasa nkwa ne yɛn adɔfo nso de. Eyi ne nea ɛkyerɛ sɛ obi bɛyɛ Nigeriani nnɛ. Na asetra bɛn koraa ni?”
Dɛn na wɔkamfo kyerɛ sɛ wɔbɛfa so de adi so nkonim? Atesɛm krataa a yɛafa mu asɛm aka a ɛwɔ atifi hɔ no hyɛ nkuran sɛ: “Ɛsɛ sɛ aman a wɔrenya nkɔso no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwɛ asakra wɔn nnipa no adwene.”
Yiw, ɛho hia sɛ wɔsakra nnipa no “adwene” sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi anya “abrabɔ pa ho mmara.” Nanso saa ntetee yi nyɛ mmerɛw. Wobetumi atete nnipa ma wɔahu akenkan ne akyerɛw. Nanso sɛ́ wɔbɛkyerɛkyerɛ abrabɔ pa no nyɛ sɛ wɔn nsa bɛka adwene no nkutoo na mmom sɛ wɔn nsa bɛka koma no nso. Wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛyɛ abrabɔ ho mmara ahorow no mu no, aban mpanyimfo a wɔreko na wɔatete abibifo no bu adwene ho adwuma a ɛte sɛɛ no sɛ “wɔrebɔ mmɔden ayɛ biribi a ne yɛ renyɛ yiye.” Nanso ɔkyerɛkyerɛ a ɛte sɛɛ yɛ nea ɛho hia sen biara.
Mmusua horow a emu yɛ den na wotumi hyehyɛ nkurow ne nkuropɔn a emu yɛ den, na wɔn nso na wɔyɛ aman horow a emu yɛ den. Esiane eyi nti, ɔmampanyin bi a ɔyɛ Obibini na ɔsan yɛ Kramoni hyɛɛ “abusua no a wɔbɛsan ahyehyɛ no foforo” sɛ yɛn man no nhyɛase titiriw ho nkuran. Enti, ɔkyerɛkyerɛ ho hia na ahyɛ Afrikafo abusua a ɛresɛe bere biara no mu den. Mmofra titiriw na ɛho hia sɛ wɔtete wɔn, efisɛ nnipa a wɔwɔ Afrika no mu ɔha mu nkyem 45 yɛ wɔn a wonnii mfirihyia 15 ɛ!
Nea ehia titiriw sen biara ne adwene pa a wobenya wɔ obi a ofi abusua anaa ɔman foforo mu no ho. Sɛnea yɛadi kan ahu no abusua ne aman horow mu mpaapaemu na apaapae Afrika mu nnɛ. Amanneɛbɔ a ɛfa tebea a ɛwɔ ɔman biako mu no de ne nsɛm baa awiei denam anidaso a ɛdaa no adi yi so: “Ɛmmra sɛ obibini de ne nsa bɛto oburoni nsa yam wɔ adamfofa mu na ɛde asomdwoe aba Rhodesia wɔ ɔkwan a ɛbɛfata yɛn asase fɛfɛ no so.”
Sɛ asase anaasɛ ɔman bi bɛyɛ nea ɛyɛ fɛ ampa a, ɛsɛ sɛ emu nnipa no tumi ne wɔn ho wɔn ho tra wɔ asomdwoe mu. Nanso ɛsɛ sɛ wɔn nsa ka adwene horow no nyinaa na atumi de adamfofa su a ɛte saa aba. Wɔrentumi nhyɛ mmara mma ɔdɔ ne abrabɔ pa a ɛfata. Enti ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ a ehia sen biara no nya nkɛntɛnso pa wɔ abrabɔ so, na ɛhyɛ abusua no den na wɔanya ɔdɔ ama nnipa a wofi mmusua ne aman horow mu na wɔn ani gye wɔn ho nso.
Nnipa pii bɛka sɛ “eyi rentumi nyɛ yiye!” Nanso ɛnyɛ sɛ yɛ na wɔatumi ayɛ ama ayɛ yiye nko, na mmom ɛrekɔ so fɛfɛɛfɛ wɔ nnipa mu, anyɛ yiye koraa no wɔ Afrika aman horow 41 ne ɛho nsupɔw ahorow mu. Ɛhefo na wɔreyɛ saa adwuma yii? Akwan a wɔfa so yɛ no bi ne dɛn? Dɛn nti na afe 1978 asram a etwa to no ho hia kɛse yiye wɔ saa ɔkyerɛkyerɛ nhyehyɛe yi mu? Fa anigye kenkan mmuae no wɔ asɛm a edi hɔ yi mu.