Nea Enti A Abusua No Resɛe
BƐYƐ mfe 80 anaa 90 a atwam ni no, nnipa pii traa nkurow nketewa mu ne nkuraase. Nnɛyi nkurow akɛse mu asetra ne emu mfiri ahorow a ɛyɛ nwonwa no de nsakrae kɛse aba nkurɔfo asetra mu. Ebetumi aba sɛ saa nsakrae yi ka ho na ama abusua no resɛe anaa?
Yiw, asetra abɛyɛ soronko koraa wɔ nnɛyi nkurow akɛse mu. Nkurɔfo nsusuw afoforo yiyedi ho nnɛ sɛnea na anka wɔyɛ mfe bi a atwam no. Sɛ nhwɛso no: Na akwakora bi da ɔkwan nkyɛn rewu wɔ Oklahoma kurom. Na mogya retu no kɛse na ne tɛkrɛma tua n’ano. Atesɛm krataa bi bɔɔ amanneɛ sɛ:
“Nnipa ɔhaha pii twaam wɔ ne nkyɛn. Ebinom tiatiaa no so. Mfirikafo pii twaam a wɔannyina.
“Ofirikafo bi a ɔretwam, Lawyer Henry W. Nicholas Jr., gyinae sɛ ɔbɛboa ɔyarefo no, na akyiri yi obehui sɛ ɔne Clinton Collins, a wadi mfe aduɔson-ason, wɔ Bethany kurom. Na bere a ɔyɛɛ saa no, nnipa pii twaam a anyɛ sɛnea wɔahu nea ɛrekɔ so no mpo, na wobuu ani guu srɛ a wɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛboa no no so.”
Ɛyɛ awerɛhow, ɛnte saa anaa? Nanso, nneyɛe a ɛtete saa abu so. Na ɔkwan biara so no afoforo ho a wonsusuw no bɛka wɔn mmusua. Dɛn nti na wonsusuw afoforo ho saa?
Suban mu Nsakrae
Efi nsakrae titiriw bi a aba wɔ nkurɔfo suban mu no. Na nnɛyi asetra mu nnɛema horow nso ka ho na su horow mu nsakare yi aba. Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, sɛnea ɛbɛyɛ na woatumi atan nneɛma pii a wɔyɛ no, wiase yi ma nkurɔfo te nka sɛ anigye gyina saa nneɛma yi a wobenya so. Asɛm a wɔka kyerɛ wɔ baabiara ne sɛ: ‘Pɛnkoro pɛ na wotra ase, enti nya nea wubetumi nyinaa NNƐ.’
Enti wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wodi kan susuw ahotɔ ne anigye a wɔn ankasa benya ho. Nea efi mu ba ne nnɛyi nnipa a obiara susuw n’ankasa ho kan. Wɔ nyansahufo a wɔagye din yiye nhyiam bi a wɔyɛɛ no ahohuru bere a etwaam no ase no, ɛda adi sɛ nea efi adwene a ɛte saa mu aba no haw wɔn. Nhyiam no guamtrani Alfred E. Koenig kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nnipa pii susuw sɛ daakye yɛ afe biako anaa mfe abien pɛ, na wonsusuw nea ɛbɛba ɛno akyi no ho. Wɔnhaw wɔn ho anaasɛ wɔnyɛ nea ɛbɛba akyiri yi ho hwee.”
Yiw, daakye abɛyɛ nea wonnim nea ɛde bɛba araa ma nnipa pii ‘tra ase ma mprempren nkutoo. Na wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya nea wobetumi nyinaa afi asetra mu mprempren. Dɛn na mprempren anigye a wɔhwehwɛ yi de aba abusua no so?
Sɛnea Aka Abusua No
Wiɛ, esiane wiase nnadaa nti, nnipa bebree a wɔware nnɛ no susuw anigye a wɔn ankasa benya ho titiriw. Mpɛn pii no nna mu anigye a wobenya ne ade a ɛho hia kɛse. Enti, aware mu anigye a wɔhwɛ kwan no yɛ kɛse araa ma entumi mma mu saa. Enti wogyaa aware ntɛm na wɔhwehwɛ anigye no wɔ abusuabɔ foforo mu.
Suban a adesamma wɔ nnɛ sɛ obiara susuw ne nkutoo ho no aka nnipa pii a wɔaware bere tenteenten mpo. Ebinom nya adwene no sɛ wɔrehwere biribi, ne sɛ wobenya anigye kɛse wɔ ɔne onipa foforo nna mu. Dr. Robert Taylor a ɔkyerɛw eyi ho nsɛm pii no kae sɛ: “Migye di sɛ nkurɔfo ho a wodi kan susuw no ka ho na ɛde awaregu bebrebe a ɛrekɔ so nnɛ no aba.”
Ebia wɔn a wohu amane kɛse wom ne mmofra no. Bere a wosusuw wɔn ankasa anigye ho no, awofo pii nnya bere mma wɔn mma. Mfe kakraa a atwam no Detroit Free Press kae sɛ:
“Ɛnã bi a ɔte akuraase, a ɛkame ayɛ sɛ ne mma anyinyin se ohu nsonoe wɔ awarefo nkumaa, wɔn a wɔrebɛn mfe 30 no ho. Ose, ɛte sɛ nea wɔyɛ pɛsɛmenkominya, a wɔn ankasa ho nkutoo na wodwen. Sika, adwuma ne wɔn ankasa yiyedi na edi kan. Ose, mma ho asɛm nyɛ wɔn asɛm, nneɛma ho nkutoo no wodwen.”
Ade a ama nkurɔfo dwen wɔn ankasa ho nkutoo ne nea wɔfrɛ no abrabɔ foforo no, a ɛka sɛ: “Biribiara nni hɔ a wobetumi aka sɛ ɛyɛ ‘mfomso’ bere nyinaa.” Sɛnea saa nsusuwii yi kyerɛ no, ɔbarima ne ɔbea a wɔne wɔn ho bɛda ansa na wɔaware ye, na saa nso na afoforo a wɔne wɔn bɛda a wɔnyɛ aware mu ahokafo nso betumi ayɛ. Ne nyinaa gyina tebea no so, ɛne asɛm a wɔka. Nanso nea efi nsusuwii a ɛte sɛɛ mu aba no yehu—aboa ma abusua asetra asɛe.
Nea Enti a Abusua no Mfiase Ka Ho
Nneɛma ahorow a nnipa nam nnɛyi nyansahu so ayɛ no ama atumi ayɛ yiye sɛ nnipa benya nneɛma pii ho anigye, na wɔkyerɛ sɛ abrabɔ foforo no ama nnipa ade wɔn ho sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya mu anigye kɛse. Nanso mmusua kakraa wɔ hɔ a mprempren wɔwɔ anigye ne ahotɔ sen bere a na nneɛma horow a ɛwɔ hɔ nnɛ no nni hɔ. Dɛn ntia?
Titiriw no, efi eyi: Nnipa. a wɔn ani gye wɔn ankasa wɔn nimdeɛ ne nea wotumi yɛ ho no de adwene no aba sɛ aware ne abusua yɛ nnipa nhyehyɛe ara kwa, nhyehyɛe a wɔyɛe wɔ mfe no mu de dii nnipa ahiade ho dwuma. Nanso eyi yɛ mfomso kɛse a ɛretutu nnɛyi mmusua nhyehyɛe a ɛresɛe no ase.
Dɛn ntia? Efisɛ ɔdɔ ne aware, a abusua ne mmofra ka ho no, yɛ nhyehyɛe a efi soro. Onii a ɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no de tumi maa wɔn sɛ wɔnwo mma, na ɔkaa wɔn boom ma wɔbɛyɛɛ abusua. (Gen. 2:21-24; Mat. 19:4-6) Na na ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn atirimpɔw a wɔada no adi sɛ saa abusua yi mu bɛtrɛw, na wɔanya mmusua afoforo pii kosi sɛ asase yi bɛyɛ ma.—Gen. 1:28.
So ɛnyɛ nea nyansa wom sɛ onii a ɔhyehyɛɛ abusua no nim nea ɛde anigye ba abusua asetra mu sen onipa foforo biara anaa? Nokwarem no, ade titiriw a ɛde awerɛhow ba abusua mu ne dwuma a adesamma mfa akwankyerɛ pa a yɛn Bɔfo no ama wɔakyerɛw ama wɔn wɔ Bible mu nni no. Anyɛ yiye koraa no, so ɛnyɛ nea nyansa wom sɛ yegyina nea Bible no ka no so susuw abusua mu nsɛm a emu yɛ den ho anaa?
Ɔtamfo a Aniwa Nhu no Dwumadi
Bible no ka siei sɛ ‘amumɔyɛ’ kɛse bɛkɔ so wɔ yɛn awo ntoatoaso yi mu, a ‘awofo asɛm ho asoɔdenyɛ’ ne ‘ɔdɔ a wonni’ ka ho. (Mat. 24:3-12; 2 Tim. 3:1-5) Na ɛtwe adwene kɔ tumi bi a emu yɛ den na aniwa nhu a ɛde nsɛm ahorow a ɛsɛe abusua asetra ba so. Ɛdefa yɛn bere yi ho no, Bible se: “Asase . . . nnue, efisɛ Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”—Adi. 12:9, 12.
Nanso hena ne ɔbonsam yi? Ɔnyɛ anansesɛm mu onipa bi ara kwa. Ɔyɛ onipa ankasa a aniwa nhu no, te sɛ Onyankopɔn. Na Bible no kyerɛ sɛ ɔwɔ nnipa adwene so tumi, na ɛka wɔn ma wɔyɛ nneɛma a ɛmfata.—1 Yoh. 5:19; 1 Pet. 5:8.
Ebia ebinom bɛbɔ saa adwene ayi agu. Nanso dɛn nkyerɛkyerɛmu na wɔde ma wɔ nea ɛde nneɛma a ɛmfata koraa a nkurɔfo yɛ, a mpɛn pii etia wɔn ankasa kununom, wɔn yerenom, wɔn mma ne wɔn awofo no aba? Nneyɛe a ɛte sɛɛ a ɛyɛ hu, a ɛbɔ nea onipa betumi ahwɛ kwan abira ho nkyerɛkyerɛmu a ntease wom nkutoo ma ɔbonsam ne honhom dɔm a wɔka ne ho no nkɛntɛnso a aniwa nhu no.
Bere a atwam no ɛyɛɛ te sɛ nea abakɔsɛm na ɛresan ati no ho mu, sɛnea aman ahorow sɔree nnidiso na wɔsan kɔɔ fam, a na abusua nhyehyɛe a ɛsɛe no ka ho titiriw no. Nanso nnɛ no ɛyɛ soronko. Bible no kyerɛ sɛ yɛn bere yi yɛ “nna a edi akyiri,” ɛnyɛ Hela, anaa Roma nkutoo de, na mmom nneɛma nhyehyɛe no nyinaa. Afei nso, ɔbonsam ne n’adaemone no dwumadi bɛba awiei. Yehowa Nyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ɔbɛma nsɛmmɔnedi nyinaa aba awiei na ɔde nneɛma nhyehyɛe foforo koraa aba.—2 Pet. 3:13; 1 Yoh. 2:17; Adi. 20:1-3.
Ɛnkosi saa bere no, bere a yɛte mmere a emu yɛ den yi mu no, dɛn na yebetumi ayɛ na anigye aba yɛn abusua asetra mu?