Abofra A Wɔnwoo No No Ho Da Biara Da Kyerɛwtohɔ
OCTOBER 5:
Ɛnnɛ na me nkwa fii ase. M’awofo nnim, nanso mehyɛ hɔ. Ná merebɛyɛ abeawa. Me ti nwi rebɛyɛ fitaa ne aniwa tuntum. Ná wɔasiesie biribiara awie mpo, nokware ne sɛ merebɛpɛ nhwiren.
OCTOBER 19:
Ebinom kyerɛ sɛ minnya nnyɛɛ onipa ankasa ɛ, sɛ me na nkutoo na ɔwɔ hɔ. Nanso meyɛ onipa ankasa, te sɛ nea bodobodo mproporowa yɛ bodobodo ankasa no. Me maame te ase. Me nso mete ase.
OCTOBER 23:
M’ano afi ase rebue mprempren. Wo de, susuw ho, wɔ afe pɛ mu no merebefi ase aserew na m’akasa. Minim nea m’asɛm a edi kan no bɛyɛ: MAMA.
OCTOBER 25:
Me koma fii ase bɔɔ nnɛ nkutoo. Efi saa bere yi rekɔ no ɛrebɛba brɛoo wɔ me mu me nkwa nna nyinaa a ɛrennyae bɔ da! Mfe pii bi akyi no ɛbɛbrɛ. Ebegyina, na mewu.
NOVEMBER 2:
Me nyin nkakrankakra da biara da. Me nsa ne me nan afi ase reba. Nanso ɛsɛ sɛ metwɛn bere tenten bi mu ansa na me maame asɔ saa nsa ne anan no mu ama me so, ansa na saa nsa nketewaa no atumi atetew nhwiren na mede ayɛ m’agya atuu.
NOVEMBER 12:
Nsateaa nketewaa afi ase reba wɔ me nsa so. Sɛ wohwɛ sɛnea ɛyɛ nketewaa fa a na ɛyɛ serew yiye! Metumi de eyinom asrasra me maame ti nhwi mu.
NOVEMBER 20:
Ɛnnɛ ansa na ayaresafo no ka kyerɛɛ me maame sɛ mehyɛ hɔ wɔ ne koma ase. O, sɛ́ ɛsɛ sɛ́ anka n’ani gye! Maame, so w’ani agye anaa?
NOVEMBER 25:
Ebia na me maame ne me papa resusuw edin a wɔde bɛfrɛ me ho, nanso na wonnim sɛ meyɛ abeawa ketewaa. Mepɛ sɛ wɔfrɛ me Kathy. Mafi ase renyin, reyɛ kɛse.
DECEMBER 10:
Me ti nhwi refuw. Ɛyɛ tromtrom fɛfɛɛfɛ. Ti nhwi bɛn mpo na me maame wɔ?
DECEMBER 13:
Afei na mafi ase reyɛ ahu ade. Nea atwa me ho nyinaa yɛ sum. Sɛ me maame wo me ba wiase no mu a mehu hann ne owia ne nhwiren. Nanso nea mehwehwɛ kyɛn biribiara ne sɛ mehu me maame. Maame, wo te dɛn?
DECEMBER 24:
Mintumi nhu sɛ me maame te sɛnea me koma bɔ no nka? Mmofra no mu binom ba wiase a ɛyɛ a na wɔyare kakra. Nanso me koma yɛ den na ɛwɔ ahoɔden. Ɛbɔ pɛpɛɛpɛ: kim-kim, kim kim. Maame wobɛwo ɔbabea a ɔwɔ ahoɔden!
DECEMBER 28:
Me maame kum me nnɛ.
—Onnidin