Ntoaso Sukuu Panyin Amanneɛbɔ A Ɛfa Abɔde Ho Nimdeɛ A Emu Dɔ Ho Nhwehwɛmu A Ɔyɛe
NYAN! nsɛmma nhoma
Anuanom Adɔfo:
Mepɛ sɛ meda mo ase wɔ nsɛm a emu da hɔ na ɛyɛ anigye a ɛte sɛɛ a mutintimii no ho. Mereka “Nyinsɛn a woyi gu! Ntua a Edi Awu,” “Nyinsɛn a Woyi Gu: Nea Wɔn a Wɔwɔ Ho Nimdeɛ Ka” ne “Abofra a Wɔnwoo No Da Biara Da Kyerɛwtohɔ” a ɛwɔ January 8, 1981 Nyan! mu no ho asɛm titiriw. Mepɛ sɛ meka m’ankasa osuahu a ɛfa saa asɛm yi ho kyerɛ. Sɛ́ nhwehwɛmu a ɛfa Abɔde ho Nimdeɛ a Emu Dɔ ho no, mekaa saa asɛm yi kyerɛɛ sukuufo no.
Sukuufo no ne ɔkyerɛkyerɛfo no tiee asɛm no yiye na na wɔayɛ komm bere a na mede ɔkasa no rema no. Na makenkan saa asɛm yi, a “Da Biara Da Kyerɛwtohɔ” no ka ho mpɛn pii ansa na mekaa ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Wiɛ, ɛkanyan me nkate bere a na merekenkan no, na bere a mekenkanee “Da Biara Da Kyerɛwtohɔ” no fã wiei no, mifii ase sui, na na ɛsɛ sɛ mifi ɔdan no mu. Tumi a kenkan a mekenkan no denneennen no nyaa wɔ me so no haw me ankasa.
Ɔkyerɛkyerɛfo no ka kyerɛɛ me sɛ maka asɛm bi a mfaso wɔ so kɛse akyerɛ na ɔkae sɛ na ne menewa mu asiw bere a merekenkan no. Ɔhwɛɛ “Da Biara Da Kyerɛwhotɔ” no so kyerɛw bi na ɔkyekyɛ maa me mfɛfo sukuufo no. Sukuufo no nyinaa kamfoo me wɔ amanneɛbɔ a mfaso wɔ so kɛse yi ho, na na ɛkame ayɛ sɛ sukuufo 24 no nyinaa pɛ sɛ wɔhwɛ “Da Biara Da Kyerɛwtohɔ” no so kyerɛw bi.
Da mu no nyinaa no, sukuufo afoforo a wɔnka m’adesuakuw a wosua Abɔde ho Nimdeɛ a Emu Dɔ ho no ka kyerɛɛ me sɛ wɔate m’amanneɛbɔ no na ɛyɛ nea eye na ɛyɛ awerɛhow ankasa. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ na sukuufo afoforo pii ate ho asɛm wɔ bɛyɛ nnɔnhwerew abien pɛ mu. Wiɛ, ɔkyerɛkyerɛfo no hwɛɛ “Da Biara Da Kyerɛwhotɔ” no so kyerɛw pii sɛ ɔde bɛma n’adesuakuw afoforo anan a wosua abɔde ho nimdeɛ ho ade no. Enti adesuakuw anan a wɔn a wɔwɔ adesuakuw biara mu no bɛyɛ fi 20 kosi 30 no nyaa bi.
Wɔ dapɛn no mu no, sukuufo afoforo kaa wɔn osuahu ahorow a ɛfa “Da Biara Da Kyerɛwtohɔ” no ho asɛm kyerɛe. Abarimaa biako ka kyerɛɛ me sɛ ne maame a na ɔyɛ ɔyarehwɛfo no de kyerɛɛ ne nuabea bi, na osui bere a na ɔrekenkan no. Abeawa bi kaa ho asɛm kyerɛɛ ne maame ne ne nana, na ɛhaw wɔn nso yiye. Abeawa foforo ka kyerɛɛ me sɛ “mama hooyɛ aba kurow no mu nyinaa.” Na nnipa ahorow a wɔyɛ nnwuma ahorow pii nam ɔkwan bi so akyerɛw bi afa, na ɔbea biako a ɔkenkanee bere a ɔreyɛ adwuma no sui. Ɔbea biako a ɔka sɛ ɔpene nyinsɛn a woyi gu so, kenkanee na ɔkae sɛ: “Ɛyɛ mmɔbɔ.” Abeawa a ɔde bi a wɔahwɛ so akyerɛw maa ɔbea no ka kyerɛɛ me sɛ memfa kyerɛwtohɔ no nyinaa mma no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔne saa ɔbea no bɛbom akenkan.
Dapɛn biako akyi no, na sukuufo no da so ara rekamfo me wɔ m’amanneɛbɔ no ho. Nanso mo, anuanom, fata ayeyi wɔ asɛm a ɛyɛ anigye a ɛte sɛɛ a moahyehyɛ wɔ ɔkwan a ɛkanyan anigye so no ho. Ɛwom sɛ wonnim oniiko a ɔkyerɛw “Da Biara Da Kyerɛwtohɔ” no de, nanso nnipa pii a wɔakenkan (na wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛkenkan) no nnim faako a minyaa asɛm no, na anyɛ yiye koraa no, magu aba a wɔbɛyɛ ho adwuma daakye.
Madi mfe 17 na meyɛ ɔpanyin wɔ ntoaso sukuu mu. Me ne Yehowa Adansefo bɔe fi bere a na madi mfe anum, na anka ɛsɛ sɛ wɔbɔ me asu afe biako ni wɔ March mu. M’ani gye nhoma horow no ho bere nyinaa, ne titiriw no Nyan! Mewɔ anidaso sɛ nea ɛbɛba akyiri yi mu nsɛm bɛyɛ anigye na ɛbɛkanyan anigye te sɛ nea atwam no.
Meda mo ase bio, na Yehowa nkɔ so ne mo ntra na mo nhyira nnɔɔso.
Me Kristofo dɔ,
S. B. [Edin]
January 30, 1984,
Bladenboro, N.C.
[Kratafa 23 adaka]
Abofra a Wɔnwoo No Ho Da Biara Da Kyerɛwtohɔ
OCTOBER 5:
Ɛnnɛ na me nkwa fii ase. M’awofo nnim, nanso mehyɛ hɔ. Ná merebɛyɛ abeawa. Me ti nhwi rebɛyɛ fitaa ne aniwa tuntum. Ná wɔasiesie biribiara awie mpo, nokware ne sɛ merebɛpɛ nhwiren.
OCTOBER 19:
Ebinom kyerɛ sɛ minnya nyee onipa ankasa ɛ, ne sɛ me na nkutoo na ɔwɔ hɔ. Nanso meyɛ onipa ankasa, te sɛ nea bodobodo mproporowa yɛ bodobodo ankasa no. Me maame te ase. Me nso mete ase.
OCTOBER 23:
M’ano afi ase rebue mprempren. Wo de susuw ho, wɔ afe pɛ mu no, merebefi ase aserew na makasa. Minim nea masɛm a edi kan no bɛyɛ: MAMA.
OCTOBER 25:
Me koma fii ase bɔɔ nnɛ nkutoo. Efi saa bere yi rekɔ no ɛrebobɔ brɛoo wɔ me mu, me nkwa nna nyinaa ɛrennyae bɔ da! Mfe pii bi akyi no ɛbɛbrɛ. Ebegyina, na mewu.
NOVEMBER 2:
Menyin nkakrankakra da biara da. Me nsa ne me nan afi ase reba. Nanso ɛsɛ sɛ metwɛn bere tenten bi ansa na me maame aso saa nsa ne anan no mu ama me so, ansa na saa nsa nketewaa no atumi atetew nhwiren na mede ayɛ m’agya atuu.
NOVEMBER 12:
Nsateaa nketewaa afi ase reba wɔ me nsa so. Sɛ wohwɛ sɛnea ɛyɛ nketewaa fa no a na ɛyɛ serew yiye! Metumi de eyinom asrasra me maame ti nhwi mu.
NOVEMBER 20:
Ɛnnɛ ansa na oduruyɛfo no ka kyerɛɛ me maame sɛ mehyɛ hɔ wɔ ne koma ase, O, sɛ́ ɛsɛ sɛ anka n’ani gye! Maame, w’ani agye anaa?
NOVEMBER 25:
Ebia na me maame ne me papa resusuw edin a wɔde bɛfrɛ me ho, nanso na wonnim sɛ meyɛ abeawa ketewaa. Mepɛ sɛ wɔfrɛ me Kathy. Mafi ase renyin, me reyɛ kɛse.
DECEMBER 10:
Me ti nhwi refuw. Ɛyɛ tromtrom fɛfɛɛfɛ. Ti nhwi bɛn mpo na me maame wɔ?
DECEMBER 13:
Afei na mafi ase rehu ade. Nea atwa me ho ahyia nyinaa yɛ sum. Sɛ me maame wo me ba wiase no mu a, mehu hann ne awia ne nhwiren. Nanso nea mehwehwɛ kyɛn biribiara ne sɛ mehu me maame. Maame, wo te dɛn?
DECEMBER 24:
Mintumi nhu sɛ me maame te sɛnea me koma bɔ no nka? Mmofra no mu binom ba wiase a, ɛyɛ a na wɔyare kakra. Nanso me koma yɛ den na ɛwɔ ahoɔden. Ɛbɔ pɛpɛɛpɛ: kim-kim, kim-kim. Maame wobɛwo ɔbabea a ɔwɔ ahoɔden!
DECEMBER 28:
Me maame kum me nnɛ.
—Onnidin