Katolekfo A Wosusuw Wɔn Asɔre Ho Da Wɔn Adwene Adi
WƆ ATADE a ɛte sɛ nsõnsõ a wɔhyɛ no nyinaa akyi no, na ɔbea no yɛ ɔkokorani. Wɔ nokwarem no, na ɔno na ɔhwɛ Sisters of Mercy of Potomac, Maryland mmea kuw no so. Sɛ́ otitrani a ɔhwɛ mmea anyamesomfo kuw no so no, ɔne Paapa John Paul II nyaa kyɛfa wɔ asɛnka agua biako so bere a ɔde no kyerɛɛ ne mfɛfo nkokorafo 5,000 wɔ Washington, D.C. no. Wɔ nsɛm a wɔde maa akwaaba no mu no, ɔbea yi kaa sɛnea osusuw mmara a Vatikan ayɛ sɛ wɔremma kwan ma mmea adan asɔfo wɔ nsɔre no mu no ho. Bere a Paapa no fii ase sɛ ɔbɛkasa akyerɛ nnipakuw no, mmea nkokorafo no mu 53 begyinaa n’anim komm a wɔn nyinaa hyehyɛ ntade a ɔmanfo nyinaa hyɛ bi no bi a wɔde resɔre atia Paapa no.
Asram kakraa akyi, wɔ Europa no, Swiss nyamekyerɛ ho ɔdenimfo Hans Kung de yaw kae sɛ, “M’ani awu m’asɔre no ho,” bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ Roma te nka sɛ “wɔrentumi mmu no sɛ Roma Katolek nyamekyerɛ ho ɔdenimfo bio.” Dɛn ntia? Esiane sɛ ɔpow nkyerɛkyerɛ a ɛfa Paapanom a bɔne nni wɔn ho no ne Onyankopɔn a wɔkyerɛ sɛ Yesu Kristo yɛ no nti.
Ɛwom sɛ na Katolekfo pii gyina nea Vatikan yɛe a ɛfa Kung ho no akyi de, nanso Spania nyamekyerɛ ho adenimfo 50 kyerɛw krataa wɔ pefee mu kae sɛ wɔne Roma nyɛ adwene. Wɔ bere koro no ara mu no, Amerika ne Kanada nyamekyerɛ ho adenimfo 67 nso de wɔn nsa hyɛɛ krataa bi ase a akyerɛ sɛ nea wɔayɛ afa Kung ho sɛ ‘ɔnyɛ Roma Katolek nyamekyerɛ ho ɔdenimfo’ no nkyekyere wɔn.
Eyinom ne nneɛma a ɛda adi a ɛkɔ so bere nyinaa fa sɛnea wɔn a wɔyɛ ‘Katolekfo nokwarem no susuw fa wɔn asɔre no ho. Nsɛm a emu yɛ den a ɛfa ahonim ho a ɛrekɔ so dɔɔso wɔ asɔre no mu no nyɛ nea enya asɔre no mufo no so nkɛntɛnso nko na mmom enya asɔfo no nso so nkɛntɛnso. Wɔ nokwarem no, nsɛm a wɔaka a wɔakyerɛw wɔ Vatikan atesɛm krataa L’Osservatore Romano no mu no kyerɛ sɛ ɔhaw horow a ɛkɔ so wɔ asɔre no mu no mu reyɛ den. Susuw nhwɛso horow kakra yi ho:
Asɔfo a Wɔn Dodow So Rehuan
L’Osservatore Romano no kae wɔ May 16, 1979 de no mu sɛ: “Nea yehyia titiriw ne [asuafo a wɔde wɔn ho hyɛ asɔfodi sukuu mu wɔ Italia] a wɔn dodow so rehuan. Wohuu saa su yi bɛyɛ mfirihyia 10 a atwam ni na akɔ so saa de abesi mprempren. Nea ɛrekɔ so yi yɛ su a ada adi wɔ Europa nyinaa.”
Enti sɛnea Vatikan atesɛm krataa no kyerɛ no, mfirihyia 10 a atwam ni a wofii ase hweree nnipa fii asɔfodi no mu. Wɔ nokwarem no, sɛnea nkontaabu a ɛka ho yi kyerɛ no, dodow a wɔhwere wɔn no adɔɔso kɛse. Wɔ Italia no, sɛ wɔde asuafo a wɔde wɔn ho hyɛɛ asɔfodi sukuu wɔ 1962 mu to 1978 de no ho a na wɔn mu nkyem abiɛsa mu biako pɛ na wɔyɛɛ saa wɔ 1978 mu! Wɔ France no wɔn a wowiee adesua sɛ asɔfo mma no yɛɛ 1965 de no mu nkyem abiɛsa mu biako pɛ!
Vatikan atesɛm krataa no kae sɛ: “Eyi nso ama asɔfodi sukuu no ankasa dodow so aba fam. Wɔ afe 1970 mu no na [asɔfo] 375 na ɛwɔ hɔ, nanso wɔ 1978 mu no 259 pɛ na ɛwɔ hɔ. Wɔhyɛɛ 918 sɔfo [wɔ Italia] wɔ 1966 mu nanso wɔ 1978 mu no na wɔn dodow no yɛ 384 pɛ.”
Saa tebea yi nyɛ nea ɛrekɔ so wɔ Europa aman kakraa bi pɛ mu. Sɛnea Italia atesɛm krataa La Stampa, kyerɛ no: “ [Wɔ wiase nyinaa no] wɔatumi abu ano ahu sɛ efi afe 1965 mu kosi 1975 mu no anyɛ yiye koraa no asɔfo a wodi dwuma horow wɔ mmeae horow ɔpepem aduanan ne nkokorafo a wɔwɔ mmeae horow ɔpepem aduonu na wogyaee wɔn nnwuma horow no yɛ.”
Katolekfo Ahe Na Wɔda So Wɔ Asɔre No Mu?
Bere a eyi rekɔ so no, Katolekfo a wɔwɔ asɔre no mu no nso ɛ? Katolekfo bi suro sɛ ebia wɔn mu pii rebɛyɛ Katolekfo wɔ din nkutoo mu, na wɔde akontaabu ahorow yi adi dwuma wɔ Italia atesɛm nkrataa mu: Wɔn a wɔkɔ Mass no dodow wɔ Franse ne Italia no yɛ wɔn a wɔba bɛyɛ mfirihyia 15 kosi 20 a atwam no mu fã pɛ. Wɔ Italia a wosusuw sɛ ɛkame ayɛ sɛ ɔmanfo no nyinaa yɛ Katolekfo no, nea ennu wɔn mu nkyem abiɛsa mu biako na wɔkɔ Mass bere biara! Wɔ eyi nyinaa akyi no, Italiafo dodow a wɔkɔ Mass no kyɛn Fransefo a wɔn mu ɔha mu nkyem 16 pɛ na wɔkɔ dapɛn biara no.
Sɛ mmerante ne mmabaa nkate kyerɛ nea ɛbɛba daakye a, ɛnde na Italia Katolekfo wɔ biribi foforo a ɛsɛ sɛ wosusuw ho. Panorama nsɛmma nhoma no bisabisaa Italia mmerante ne mmabaa a wɔadi fi mfirihyia 16 kosi 24 asɛm na wohui sɛ wɔn mu ɔha mu nkyem 12.6 pɛ na wɔte nka sɛ honhom mu nneɛma na ɛho wɔ mfaso sen biara wɔ asetra mu. Nhyehyɛe horow a mmerante ne mmabaa yi nni mu gyidi na wommu no pii bio no mu nea edi kan ne “Ɔsom ne Asɔre no” na nea edi hɔ a ɛto so abien ne “abusua no, okunu ne ɔyere, aware, awofo.”
Mmerante a Wɔyɛ Asɔfo a Wɔtew Atua
Esiane sɛ nnipa a wɔde wɔn ho hyɛ asɔfodi no mu sua nti ɛte sɛ nea asɔfodi sukuu ahorow no ntumi mpaw wɔn a wogye wɔn no mu bio. Nea afi mu aba no ahaw Katolekfo, wɔn a wɔwɔ Italia ne wiase nyinaa.
Bere a ɔrekyerɛw Italia atesɛm krataa Seminari e Teologia no mu no, Katolek asɔre no muni bi kae wɔ 1976 sɛ “sɛnea ɛbɛyɛ na wobedi ɔhaw no so nkonim no, wɔabuebue asɔfodi sukuu apon no akɛse ma ano deda hɔ enti wɔagye mmerante ahorow nyinaa abam.” Ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ asɔfo a wofi saa asɔfodi sukuu ahorow yi mu ba no yɛ “atuatewfo, ahomaso, wommu ade a ɛyɛ kronkron na ɛkame ayɛ sɛ wɔn nyinaa yɛ Marxistfo a wontumi nsakra wɔn.”
Saa Katolek asɔre ɛno muni yi ka faa Italia asɔfo a wɔyɛ awo ntoatoaso foforo no ho sɛ “wɔn a wofi wɔn asɔre ti a ɛho ahura mu a ɔman ase tutu nkrataa ahyɛ hɔ ma a wɔyɛ ɔhawfo,” na ɔde kaa ho sɛ: “Wo de ma ɔsɔfopanyin no mmɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ saa nnipa no ho biribi. Yɛatumi ahu nea ebetumi aba—ɔman anidan a ebia ɛbɛba!” Hena na wobenunu no wɔ eyi ho? Ɔkyerɛwfo yi kɔɔ so kae sɛ: “Mfomso no fi wɔn a anka ɛsɛ sɛ wɔkora nea wɔahyehyɛ ato tɔ no so, nanso wɔama wɔahwim afi wɔn nsam, wɔ mmerɛw a wɔayɛ anaasɛ osuro nti, anaasɛ esiane sɛ wɔadan adwene akɔ nnɛ bere mu nsusuwii foforo no so nti.”
Nea Paapa No Reyɛ
Paapa John Paul II ama ada adi pefee sɛ ɔmpɛ sɛ obi ‘hwim’ asɔre ti a ‘wɔahyehyɛ ato hɔ’ no fi ne nsam. Nnansa yi anyamesom nkrataa horow akyerɛw nsɛm a ɛfa sɛnea Paapa no ‘resiw’ nyamekyerɛ ho adesua a wɔgow mu, abrabɔ a wɔagyaa mu ne basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ asɔfo mu no ano. Nanso sɛnea yehui wɔ saa asɛm yi mfiase no, nnipa a wɔagye din wɔ asɔre no mu mpo resɔre tia Paapa no.
Bere a Italia nsɛmma nhoma Avvenire no reyɛ sɛnea Paapa no sɔre tiaa ɔhaw a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa a ɛfa asɔfo no ho mfonini no, ɛbɔɔ amanneɛ sɛ Paapa no de ɔkasa a emu yɛ den kasa kyerɛɛ Society of Jesus (Jesuits) kuw no. Ɔka kyerɛɛ saa kuw yi mufo a wɔwɔ wiase nyinaa (wɔn dodow yɛ 27,700 wɔ aman horow 106 so) sɛ: “Wɔ nokwarem no minim nokware a ɛyɛ sɛ . . . ɔhaw horow a ɛrenya mo anyamesom asetra so nkɛntɛnso wɔ saa mmere yi mu no nso aka mo Fekuw no.” Ɔkae sɛ Jesuits no a “woanya din sɛ wɔde nhyɛase a asɔre no gyina so de ne ho hyɛ amansɛm ne kwasafo nhyehyɛe ahorow mu ma no” nnnyaa mu “mma wiase yi su horow no.”—New York Times, December 7, 1979.
Amerika sɔfo bi a ɔwɔ Vatikan kae sɛ ɔbea ne ɔbarima nna ho gyinapɛn a aba fam wɔ asɔre no asetra mu a mmarima ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne mmea ne mmea a wɔyɛ saa ara no rehaw Paapa no. Na ɔde kaa ho sɛ wɔabɔ amanneɛ sɛ Jesuits kuw yi mufo a wɔyɛ mmerante pii a wɔwɔ Amerika no “nnye owu akyi asetra nni, wonnye nni sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn ba, na wɔnkɔ Mass mpo Kwasida.”
Pam a Vatikan pam nyamekyerɛ ho ɔdenimfo Hans Kung fii wɔn kuw no mu no nso yɛ nhwɛso foforo a ɛfa ‘nsa a ɛyɛ den’ a Paapa no de di dwuma no ho na eyi de ɔhaw reba nyamekyerɛ ho adenimfo afoforo nso so. Kuw bi a wɔfrɛ wɔn Sacred Congregation for the Doctrine of faith (C.D.F.) a ɛyɛ nnɛ bere mu Holy Office of the Inquisition a kan no na wɔkyere wɔn a wɔsɔre tia asɔre no kum wɔn no nnɛ bere mu fã a, ɛwɔ hɔ no a wɔn na wɔpam Kung no bisabisaa Katolek anyamekyerɛ ho adenimfo te sɛ Edward Schillebeeckx ne Brazilia Fransisca sɔfo Leonardo Boff asɛm sɛnea ɛbɛyɛ na wɔbɛkyerɛkyerɛ nsɛm bi a wɔkeka no gyinae a wosisi mu akyerɛ wɔn.
Paapa no nam kasa frenkyemm so kasa kyerɛɛ Katolekfo a wɔwɔ wiase nyinaa sɛ wɔnyɛ biako wɔ n’akwantu a ɛde no kɔɔ mmeae horow wɔ 1979 twabere mu no mu. Osii so dua sɛ ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho tare abrabɔ gyinapɛn ahorow no ho denneennen—ɔsɔre tiaa aweresɛe, mmarima a wɔne wɔn ho da ne nyinsɛn a woyi gu. Wɔ eyi fam no, Katolekfo ne wɔn a wɔnyɛ Katolekfo pii yii no ayɛ.
Wɔ bere koro no ara mu no antumi ansiesie nea Katolek asɔre no kyerɛ, a wɔn mufo pii mpɛ bra a wɔbra nyinsɛn ano a wosiw ne asɔfo a wɔmma wɔn kwan sɛ wɔnware no.
Tebea a Ɛne Ne Ho Bɔ Abira
Eyinom nyinaa de tebea a ɛne ne ho bɔ abira na ɛbae. Bere a ɔresɔre atia nyinsɛn a woyi gu ne mmea a ɔmpene so sɛ wobedi sɔfo anaasɛ ɔde rebɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho abrabɔ gyinapɛn ho ban no, na Paapa no refrɛ Kyerɛw Kronkron no de agyina nea ɔka akyi. Wɔ bere koro no ara mu no wantumi annyina kasa a wɔkasa tia sɛ Paapa no nyɛ nea ne ho nni bɔne no akyi—nkyerɛkyerɛ a enni Bible no mu sɛnea wɔn a wɔkasa tia no no ka no. Wɔ nokwarem no, Kung kae sɛ ɛyɛ biribi a aba a ɛne su a ɛwɔ Bible no mu no bɔ abira. Wɔn a wɔkasa tia Paapa no kae sɛ onnyina Kyerɛwnsɛm no akyi esiane sɛ ɔpow sɛ ɔbɛma Katolekfo kwan na wɔde wɔn ankasa ahonim adi dwuma wɔ nsɛm a ɛte sɛ ɔkwan a wɔfa so siw nyinsɛn ano no ho sɛɛ no. Nanso, wɔn a wɔkasa tia no no ara na wodi akoten wɔ adenimfo ‘adwene foforo’ a wobu Bible no mu ɔfa dodow no ara sɛ ɛyɛ “anansesɛm a efi honhom mu” no.
Su a saa adenimfo yi kura wɔ Kyerɛwnsɛm no ho no yɛ nea Newsweek nsɛmma nhoma no daa no adi wɔ asɛm bi a ɛkyerɛwee a ɛne “Hena Ne Yesu?” no ase. Ɛkae sɛ “apam foforo ho adenimfo no mu binom gye di sɛ anyɛ yiye koraa no nsɛm a wɔkyerɛ sɛ Yesu kae no mu binom yɛ ne nsɛm ankasa, na ɛsɛ sɛ adenimfo a wofi amanaman nyinaa hyia na wɔakyerɛ wɔn adwene wɔ nsɛm horow a ɛsɛ sɛ wɔpene so sɛ ɛyɛ nokware no ho.” Sɛ nnipa a ɛte saa fa Bible mu nsɛm bi di dwuma de gyina nsɛm a wɔka akyi a, na ɛsɛ sɛ obi de anibere susuw sɛnea wobu wɔn ankasa nsɛm a wɔka no sɛ ɛyɛ ahiasɛm no ho.
“Pɛɛpɛɛ Wo Ankasa Ho Mu”
Katolek Yerusalem Bible no tu Kristofo nyinaa fo sɛ: “Mompɛɛpɛɛ mo ankasa mo ho mo ho mu nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa; monsɔ mo ho nhwɛ.” (2 Kor. 13:5) Ɛyɛ nea ɛfata sɛ Katolekfo a wɔkyerɛ sɛ wodi nokware no pɛɛpɛɛ wɔn ankasa ne honhom mu tebea a wɔn asɔre no wom no mu hwɛ.
Mmom no, ɛnyɛ Katolek asɔre no nkutoo ne anyamesom nhyehyɛe a nsakrae rekɔ so wom nnɛ. Protestant anyamesom nhyehyɛe ahorow nso regye nsɛm a ɛfa mmea a wɔbɛhyɛ wɔn sɔfo, mmarima nemmarima, a wɔne wɔn ho da a wobegye wɔn aba asɔre no mu, dwuma a Bible no di wɔ asɔre nkyerɛkyerɛ mu, ne abrabɔ gyinapɛn a ɛrekɔ so wɔ wiase a wɔbɛpene so wɔ asafo no mu no ho akyinnye.
‘So wo asɔre no de ne ho ahyɛ akyinnyegye a ɛte saa mu? Sɛ ɛte saa a, ɛnde na ɛho hia sɛ wobɛte Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛfa ho no ase yiye. Ɛmfa ho sɛ woyɛ Katolekni anaasɛ Protestantni, w’ani begye Bible mu nnyinasosɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 11 no ho yiye. Dɛn nti na womfa eyi nto nea wo asɔre no mu mpanyimfo no ka no ho nhwɛ?
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 9]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
ASƆFODI ASUAFO (wɔ Italia)
1962 30,595
1978 9,853
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 11]
Nsemmisa A Asɔre Horow Gye Ho Akyinnye
—Dɛn Na Kyerɛwnsɛm No Ka?
SO PAAPA NO NYƐ BƆNE?
“Na Kefa [ɔsomafo Petro] baa Antiokia no migyinaa n’anim misiw no kwan, efisɛ wɔahu ne ho asɛm bi a ɛnteɛ.”—Gal. 2:11, “The Jerusalem Bible.”
“Yɛadi kan akyerɛ sɛ nnipa nyinaa yɛ abɔnefo, sɛ wɔyɛ Yudafo anaasɛ amanaman mufo. Sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no, ‘obiara nni hɔ a ɔyɛ papa—obiara nni hɔ a ɔwɔ wiase a ne ho nni asɛm.’”—Rom. 3:9, 10, “Living Bible,” Catholic Edition.
SO ƐSƐ SƐ WƆMA ASƆFO KWAN MA WƆWARE?
“Nea ɛsɛ asafo mu panyin ne sɛ wonnya ne ho asɛm bi nka, ɔyɛ ɔyere biako kunu . . . nea ɔhwɛ ne fifo yiye, ma ne mma hyɛ n’ase wɔ ahotew nyinaa mu.”—1 Tim. 3:2, 4, “Douay Nkyerɛase.”
SO ƐSƐ SƐ WƆMA MMARIMA A WƆNE WƆN HO DA A WƆNSAKRA NO KWAN MA WƆBA ASƆRE NO MU?
“Munnnsisi mo ho. Wɔn a wobu ɔbra bɔne, wɔsom abosom, wɔsɛe aware anaasɛ mmarima a wɔne wɔn ho da—rennya ahenni no mu kyɛfa.”—1 Kor. 6:9, 10, “Living Bible,” Catholic Edition.
SO ƐSƐ SƐ BIBLE NO YƐ TUMI A ETWA NSƐM NYINAA TO MA ASƆRE NKYERƐKYERƐ?
“Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa te sɛ dade a wɔasɔ ahwɛ wɔ ogya mu; ɔyɛ ahobammɔfo ma wɔn a wɔde wɔn ani to no so. Mfa wo asɛm nka ne de ho; anka worenkyɛ na wo nneyɛe nyinaa ada adi.”—Mmeb. 30:5, 6, “Monsignor Knox Nkyerɛase.”
“Nkyerɛw nsɛm nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu na ɛho wɔ mfaso ma ɔkyerɛkyerɛ—animka, nteɛso, ntetee wɔ kronkronyɛ mu sɛnea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn nnipa no ho akokwaw a wɔasiesie no koraa ama adwuma biara.”—2 Tim. 3:16, 17, “New American Bible.”
SO ƐSƐ SƐ ASƆRE NO GOW ƆBEA NE ƆBARIMA NNA HO ABRABƆ GYINAPƐN NO MU?
“Sɛ mudi mo ankasa adwene a ɛnteɛ no akyi a bɔne a ɛte sɛɛ na ɛbɛba mo asetra mu: adwene a ɛnteɛ, akɔnnɔ bɔne a wɔde anibere di akyi . . . asabow, agorubɔne, ne nneɛma nyinaa. Momma menka nkyerɛ mo bio, sɛnea maka akyerɛ mo dedaw no, sɛ obiara a ɔyɛ ade a ɛte saa no rennya Onyankopɔn ahenni no.”—Gal. 5:19-21, “Living Bible, Catholic Edition. .
[Kratafa 9 akontaabu pon]
For fully formatted text, see publication)
ASƆFO A WƆRESÃ
Efi afe 1881 reba yi, Italia man no mu nnipa dodow abɔ ho, bere a asɔfo no dodow no mu fã pɛ na aka, efi 84, 834 de besi 40,866.
(Asɔfo ma Italiafo 1,000 biara) .
1881 (2.9)
1977 (0.72)
[Kratafa 11 akontaabu pon]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
ASƆREMMA A WƆRESA (Ɔha mu nkyem dodow a wɔkɔ Mass bere biara wɔ ltalia)
1956 69%
1977 28%