Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 5/8 kr. 17-18
  • So Ammirikatu Ne Nea Wo Koma Pɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ammirikatu Ne Nea Wo Koma Pɛ?
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA AMMIRIKATU YƐ MA KOMA NO
  • NEA AMMIRIKATU YƐ MA WO OHURUTUTU
  • NEA AMMIRIKATU YƐ MA WO MOGYA
  • NEA AMMIRIKATU YƐ MA WO NTINI HOROW NO
  • NEA AMMIRIKATU YƐ MA W’ADWENE
  • NEA AMMIRIKATU YƐ MA WO NIPADUA MU NAM
  • Saa Akwaa A Ɛyɛ Nwonwa No​—Yɛn Koma!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Komayare—Ade a Ɛde Nkwa To Asiane Mu
    Nyan!—1996
  • Wompɛ Sɛ Wutu Mmirika?
    Nyan!—1981
Nyan!—1981
g81 5/8 kr. 17-18

So Ammirikatu Ne Nea Wo Koma Pɛ?

Ɛte sɛ nea saa na ɛte, efisɛ koma no pɛ eyi yiye. Ammirikatu ye ma nipadua mu akwaa horow no

NEA AMMIRIKATU YƐ MA KOMA NO

Ɛma koma no yɛ adwuma ketewaa bi bere a nipadua no yɛ pii. apɔw-mu-ateɛteɛ ma koma no ntini yɛ atenten na emu yɛ den, koma no mpia mu yɛ akɛse na nea efi mu ba ne sɛ etumi pɔmpe mogya pii bere biara a ɛbɔ. Sɛ wumfii ntetee no ase a, koma no bɔ biako rennya mogya kuruwa fa; nanso wɔ ntetee no akyi no, koma no bɔ biako biara betumi apɔmpe bɛyɛ sɛ kuruwa ma. Efisɛ ne bɔ biara ma ɛpɔmpe bebree, ɛbɔ brɛoo na ɛhome yiye. Sɛ ntetee yi kyɛ kakra na sɛ wutie mpɛn dodow a wo koma bɔ bere a worehome no a, wobetumi ahu sɛ aba fam bɛyɛ sɛ efi 10 kosi 20 simma biako. Ntini nketewaa a ɛde mogya ma koma no mu yɛ akɛse bere a ntetee no rekɔ so, na etumi de mogya a mframa pa pii wom ma koma no. Saa ntetee yi nso brɛ mpɛn dodow a koma no bɔ ase a ɛkyerɛ sɛ etumi siw komayare ano.

NEA AMMIRIKATU YƐ MA WO OHURUTUTU

Apɔw-mu-ateɛteɛ a emu yɛ den ma nipadua mu ntini ahorow no hwehwɛ mframa pa pii. Wonya eyi fi mogya no mu efisɛ mogya no nso nya eyi fi ohurututu no mu. Ohurututu a nsu ne ahuru ahorow ɔpepem bebree wom a wɔfrɛ no sɛ alveoli na wɔde mframa pa ma mogya a ɛsen fa mu no. Wotumi sakra dannan bere a apɔw-mu-ateɛteɛ rekɔ so no. Ohurututu no mogya kã no mu trɛw, na ɛma mmeae ahorow a mframa pa fa kɔ mogya no mu no yɛ akɛse. Nea onipadua no de home a ɛyɛ koko no mu yɛ kɛse na ɛyɛ den. Mframa a obi a wɔatete no wɔ ammirikatu mu twe kɔ ne ohurututu mu no dɔɔso yiye​—nea ɔhome kɔ ne mu simma biako no bɔ ho bɛyɛ mpɛn abiɛsa.

NEA AMMIRIKATU YƐ MA WO MOGYA

Aerobic apɔw-mu-ateɛteɛ yi de nipadua mu nsu ahorow a ehia mogya no ma. Ɛhono mogya a ɛbobɔ atɔwatɔw no, na wɔka nso sɛ ebetumi ayiyi koma ntini no mu mogya atɔwatɔw a ɛtaa de komayare ba no afi mu. Sɔhwɛ bi mu no wohui sɛ sɛnea mogya no tumi yiyi nea ɛbobɔ atɔwatɔw no fi mu no bɔɔ ho mpɛn anan wɔ nnipa a wɔde wɔn ho hyɛɛ apɔw-mu-ateɛteɛ ho nhyehyɛe a edii dapɛn 10 no mu. Ammirikatufo a wɔatete wɔn yiye wɔ nea wɔfrɛ no high-density lipoproteins (HDL) wɔ wɔn mogya mu. HDL no yi srade a ɛka mogya ntini no afasu mu a ɛboaboa ano a esiw mogya kwan no mu na ɛde komayare ba no fi hɔ. Nipadua no mu nam a ntini horow nenam mu no tumi nya ntini ahorow ka ho a etumi twe mframa pa ba saa ntini no ne nipadua no mu. Apɔw-mu-ateɛteɛ nso ma nkwaboaa kɔkɔɔ a ɛyɛ mogya no dɔɔso efisɛ ɛno na ɛde mframa pa kɔ mogya no mu.

NEA AMMIRIKATU YƐ MA WO NTINI HOROW NO

Ntini nketenkete no mpo nya ahoɔden na etumi di dwuma yiye wɔ nipadua no mu, na ɛma nipadua no mu akwaa ahorow ne nipadua no mu nam yɛ den na ɛkyɛ. Ntetee ne dwuma a wɔde di no boa ma onipa no yɛ kamkam ne wɛwɛ. Ntini a ɛho nhia no home na nipadua no nsɛe ahoɔden pii. Dr. Lucien Brouha, apɔw-mu-ateɛteɛ ho nimdefo no kae sɛ: “Wɔn a wɔatete wɔn yiye no nsɛe wɔn ahoɔden pii bere a wɔde wɔn ho ahyɛ biribi yɛ mu na ɛbɛyɛ sɛ wɔn ahoɔden no mu nkyem anan mu biako pɛ na wɔde di dwuma.” Nnipa nyɛ nkura, nanso nkura a wɔde wɔn hyɛɛ apɔw-mu-ateɛteɛ ho nhyehyɛe ase no nyaa ntini horow bi a ɛmaa wɔn ahoɔden a wɔn a wɔanyɛ saa no annya bi.

NEA AMMIRIKATU YƐ MA W’ADWENE

Ammirikatufo ka anigye ne akomatɔyam a wonya wɔ ammirikatu mu no ho asɛm. Sɛ yɛbɛka no pefee a, adwenemyare ho ayaresabea bi a ɛwɔ Knoxville, Tennesee no hui sɛ ammirikatu ma ayarefo yi wɔn adwene fi wɔn haw so. Dr. Alan Clark a ɔwɔ St. Joseph’s Infirmary a ɛwɔ Atlanta, Greorgia no kae sɛ: “Ɛyɛ nea wɔatumi ahu yiye sɛ apɔw-mu-ateɛteɛ ne nea etumi dwudwo nnipa sen biara. Mepowee sɛ mɛhwɛ ayarefo a wɔwɔ ntini mu yare gye sɛ mema wɔsɔ aerobic apɔw-mu-ateɛteɛ no hwɛ yiye ansa.” Asɛm bi a epuei wɔ Medical World News no mu no kaa eyi sɛ n’asɛmti: “Ammirikatu Betumi Asiw ɔyaresafo Nkyɛn a Wɔn a Wɔahaw no Bɛkɔ no Kwan.” Wɔbɔɔ amanneɛ ahorow abien fii University of Wisconsin ne University of Virginia, na esii saa nokwasɛm yi so dua. Adesua no biako mu na wohui sɛ apɔw-mu-ateɛteɛ kanyan adwene no anaa amemene no ma ɛtwetwe adwene no mu nsu horow bi ma eyi ɔhaw nka a obi te no fi hɔ.

NEA AMMIRIKATU YƐ MA WO NIPADUA MU NAM

Sɛ́ apɔw-mu-ateɛteɛ hia nipadua no mu nam no yɛ nea ada adi wɔ obiara ho. Sɛ amma saa a nipadua no mu nam ne ntini no twintwam na ɛsɛe. Wɔde agumadifo bi dii dwuma suaa wɔn ho ade nnafua 20 ma wɔdaa mpa mu. Mframa pa a wɔhomee no so tewee nkyem anan mu biako. Saa ara nso na koma no dwumadi anaasɛ mogya a ɛpɔmpe no nso so tewee ara. Mogya no mu nkwaboaa ahorow a ɛde mframa pa ba mogya no mu no ano brɛɛ ase ɔha mu nkyem 15.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena