Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 3/1 kr. 3-4
  • Saa Akwaa A Ɛyɛ Nwonwa No​—Yɛn Koma!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Saa Akwaa A Ɛyɛ Nwonwa No​—Yɛn Koma!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Ammirikatu Ne Nea Wo Koma Pɛ?
    Nyan!—1981
  • Obu A Nyamesuro Wom Ma Mogya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 3/1 kr. 3-4

Saa Akwaa A Ɛyɛ Nwonwa No​—Yɛn Koma!

“MEDA wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye.” (Dwom 139:14) Ɛsɛ sɛ saa odwontofo Dawid anisɔ nsɛm no ka yɛn ma yegye eyi tom wɔ yɛn mu pɛɛ, efisɛ ɔbɔadeɛ no ayɛ yɛn nipadua ahorow no wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa na ɛyɛ hu so ampa.

Enti, wɔ ne nhoma Man the Unknown no mu no, Alexis Carrel a onyaa Nobel akyɛde no kaa mogya a ɛyɛ “nkwa asuten” a ɛnenam yɛn ntini mu no ho asɛm sɛ: “Ɛma nkwaboaa biara aduan a eye. Bere koro no ara mu no edi dwuma sɛ biribi titiriw a eyi nnikae fi nipadua no mu. Ɛwɔ nneɛma afoforo ne nkwa-mmoawa nso a etumi siesie nkwaa ahorow wɔ baabiara a ɛho hia. Nneɛma ahorow yi yɛ nwonwa ampa. Bere a ɛreyɛ nnwuma ahorow a ɛyɛ nwonwa yi no, mogya kwan no yɛ adwuma te sɛ ɔhweam bi a ɛdenam dɔte ne nnua a ɛwom so no ɛboa ma esiesie “adan a esisi nsu no kɔn so no.” (Nkratafa 77-8) Yiw, susuw nipadua no mu aduan ne nnikae a wodi ho dwuma wɔ ɔkwan koro no ara so nanso ɛmfrara no ho hwɛ! Na dɛn na ɛma nkwa asuten yi tumi fa yɛn nipadua nyinaa mu no? Ɛyɛ koma no!

Koma no da Ɔbɔadeɛ no nyansa adi ampa. Ɛyɛ akwaa a tokuru da mu a ne kɛse bɛyɛ sɛ obi kuturuku anaa twɛre. Mmarima de mu duru yɛ auns 11 na mmea de yɛ bɛyɛ auns 9.a Ɛwɔ nkyekyem ahorow anan, abien wɔ nifa so na abien wɔ benkum so. Ɔkwan a ɛwɔ soro wɔ nifa fam no gye mogya a adi akɔneaba wɔ nipadua no mu no. Bere a ɛyɛ ma no, ɛbɔ mogya no kɔ ɔkwan a ɛwɔ ase no mu na ɛhɔ na efi kɔ ahrawa anaa ohurututu no mu. Nneɛma ahorow bi wom a ɛmma mogya no nnsan akyi bere a ɛbɔ kɔ n’anim no. Ahrawa anaa ohurututu no mu na mogya no yi mframa bɔne a ɛwom no na egye mframa pa dodow a ehia no. Sɛ mogya no fi ahrawa anaa ohurututu no mu a, ɛfa ɔkwan a ɛwɔ soro wɔ benkum fam no mu na ɛhɔ na efi kɔ gu ɔkwan a ɛwɔ ase no mu na edi akɔneaba wɔ nipadua no nyinaa mu na ɛma mogya no tumi siesie nkwa mmoawa no nyinaa na eyiyi mu nnikae ahorow no.

Enti asɛm no ne sɛ koma no bɔ mogya no wɔ akwan ahorow abien so na edi akɔneaba nso wɔ akwan ahorow abien so. Akwan nketewa abien a ɛwɔ nifa so no na edi mogya a edi akɔneaba wɔ ahrawa anaa ohurututu mu no ho dwuma na akɛse abien a ɛyɛ den wɔ benkum so no na ɛde mogya ma nipadua no nyinaa. Sɛnea wɔkyerɛ no, ntini ahorow a mogya no nam mu wɔ nipadua no mu no tenten bɛyɛ akwansin 60,000.

Sɛnea wɔyɛɛ no no, koma no wɔ nam ahorow pii a wɔawene afa ho wɔ nipadua no mu. Sɛ ɔbarima bi retu mmirika denneennen a, saa nam a ɛda nsow yi ma ne koma tumi yɛ adwuma a nam afoforo yɛ no mmɔho abien. Ɛnkyɛ na nam afoforo no abrɛ, nanso koma no ntini no yɛ adwuma, di akɔneaba a ennyae. Nanso, nea ɛsɛ sɛ yɛka ne sɛ, koma no nya ahomegye kakra wɔ ne bɔ biako biara mu. Sɛ wɔwo obi a, ne koma no bɔ bɛyɛ mpɛn 150 simma biako biara; bere a ɔrenyin no ano brɛ ase bedu bɛyɛ mpɛn 72 simma biara.b Wɔ nkwa-nna a ɛyɛ bɛyɛ mfirihyia 70 mu no, koma no bɔ bɛyɛ mpɛn ɔpepem 4,000. Na wɔ saa bere no mu no na abɔ mogya a ne dodow bɛyɛ galɔn ɔpepem 46. Sɛ yɛyɛ apɔw-mu-teɛteɛ ade bi a ano yɛ den a, ahoɔhare a ɛde bɔ no ano den yɛ mmɔho abien, na ɛbɔ ntɛmntɛm kɛse nso bere a yɛn ani agye, ehu aka yɛn anaa yɛn bo afuw no, na ɛnam saa yɛ so siesie yɛn ma “ɔko anaa aguan.”

Nokwasɛm foforo a ɛyɛ nwonwa wɔ koma no ho ne sɛ, ɛno ankasa ma ne ho ahoɔden. Ehon nkwaadɔm a ɛno ankasa yɛ n’adwuma no na ɛma didifuru no yɛ adwuma bere a esiesie aduan ma ayam no, na ɛno ara nso na ɛma nnyigyei ahorow kɔ so wɔ nsono no mu a epia nnikae no ba fam ma awiei koraa no woyi gu no. Nanso koma no ankasa wɔ n’ahoɔden fibea, ɔkwan a ɛfa so bɔ. Ná nokwasɛm yi nyɛ nea wonim bere nyinaa. Enti koma no fi ase bɔ ansa na anya ehon mpo. Na ada adi sɛ koma no kɔ so bɔ bere a wɔayi afi nipadua no mu no, na eyi te saa titiriw, sɛ wɔma koma no nya mogya a.

Ampa ɛsɛ sɛ wɔhwɛ akwaa a ɛho hia na ɛyɛ adwumaden yi so yiye. Ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔma enya nneɛma pa a ɛho hia, wɔma ɛhome sɛnea ɛsɛ na wɔma ɛyɛ apɔw-mu-teɛteɛ adwuma sɛnea ɛsɛ na ama akɔ so anya ahoɔden. Nea ɛsɛ sɛ wokwati titiriw koraa ne tawa. Bio nso, ɛsɛ sɛ wokari pɛ na wɔde anidahɔ yɛ ade wɔ asetra mu nneɛma pa mu anigye a wonya mu.

Esiane sɛ koma no yɛ akwaa a ɛho hia sɛɛ nti, wɔtaa bɔ din wɔ Bible no mu. Nanso, sɛnea yebehu mprempren no, Bible no ka koma no ho asɛm pii wɔ sɛnkyerɛnne kwan so sen ka a ɛka ho asɛm sɛ akwaa no.

[Ase hɔ nsɛm]

a auns no yɛ Engiresi asɛmfua ounce a wɔaka no Twi kasa mu.

b Mmara a ɛte sɛ nea edi dwuma wɔ mmoadoma nyinaa ho ne sɛ, sɛ ne nipadua yɛ ketewa a, koma no bɔ ntɛmntɛm. Enti aboa ketewa te sɛ ofiam koma bɔ bɛyɛ mpɛn 1,000 simma biako, bere a bonsu binom de bɔ bɛyɛ mpɛn 15 simma biara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena