Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 7/8 kr. 9-10
  • Abusua No A Wosiesie Ho Na Atumi Agyina Owu Ano

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abusua No A Wosiesie Ho Na Atumi Agyina Owu Ano
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abusua Bi Osuahu
  • Anidaso Wɔ Onyankopɔn Bɔhyɛ Mu
  • Afɔrebɔ De Akatua Pa Ba
    Nyan!—1988
  • Ka Kyerɛ Wɔn Sɛ Wodɔ Wɔn
    Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
  • Ɛkanyan Yɛn Abusua No Honhom Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • ‘Masɔ Gyidi no Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Nyan!—1981
g81 7/8 kr. 9-10

Ɔfa 3

Abusua No A Wosiesie Ho Na Atumi Agyina Owu Ano

ƐTƆ BERE bi a, obi di kan hu sɛ ɛrenkyɛ na wawu. Dɛn na wobetumi ayɛ na wɔde asiesie abusua no mufo a aka no ama eyi yɛ?

Pii na wɔahu sɛ sɛ wɔrensusuw owu sɛ ɛyɛ biribi a ɛnsɛ sɛ wɔka ho asɛm wɔ fie no mu no boa kɛse, wɔ bere a abusua no mufo nyinaa mpo wɔ akwahosan pa mu. Eyi te saa titiriw bere a obi wɔ nea owu kyerɛ ankasa ne ɔkwan a wɔbɛfa so adi so nkonim no ho ntease a eye.

Enti, wobetumi asusuw owu ho bere a ɛfata mu, wɔ bere a asiane horow asi a atesɛm krataa aka ho asɛm, anaasɛ bere a nnamfonom ne abusuafo awu. Ɔkwan a ɛte sɛɛ so no ɛboa abusua no mufo no titiriw wɔn a wɔyɛ mmofra no na wotumi gyina owu a ebia ɛbɛba nea wɔdɔ no no so ano.

Chicago ɔkyerɛwfo Jory Graham a na n’ankasa ɛsɛ sɛ ogyina ɔyare a ɛyɛ samee anaasɛ akisikuru ano no no kae sɛ: “Sɛ abusua bi tumi susuw owu ho wɔ pefee mu a, biribi a ɛyɛ nwonwa ba abusua no so, na mahu eyi mpɛn ahorow bebree. Sɛ wɔka ho asɛm pefee susuw wɔn ho wɔn ho ho a, ɛde biakoyɛ bi a wɔrentumi nsusuw ho sɛ ɛbɛba wɔ ɔkwan foforo biara so ba.”

Abusua Bi Osuahu

Ɛte sɛ osuahu bi a Australia abusua bi a wɔn mufo yɛ baanum no nyae no. Wɔka kyerɛɛ ɛnã no a ɔyare samee anaasɛ akisikuru no sɛ aka asram kakraa bi na wawu. Wɔ saa bere tiaa bi ansa na ɔrewu no mu no, ɔyɛɛ adwuma de siesiee abusua no. Titiriw na ɔpɛ sɛ ɔboa ne babea panyin a wadi mfirihyia 13 no na watumi aboa ayɛn ne nuanom nkumaa baanu a wɔyɛ mmea no. Na ɔyɛɛ saa wɔ ɔkwan a ntease wom so. Akyiri no ɔbabea panyin no kaa saa asɛm yi:

“Mede aseda kae sɛ yɛn nã ma yɛtee ne wu a ɛrebɛn no nka na wamfa asɛm ansie. Ɔde ayamye kyerɛkyerɛɛ tebea no mu ma ɔyɛɛ nhyehyɛe boae.

Menoaa aduan no nyinaa wɔ n’akwankyerɛ ase, ɛwom sɛ na ontumi nnantew. Me ne no bom kyerɛw nnuan ko a yɛbɛnoa. Ɔkyerɛɛ me sɛnea mede adepam afiri no bɛpam ade yiye, efisɛ onim sɛ me na mɛpam abusua no nneɛma horow a aka: Yɛyɛɛ nhyehyɛe maa ɔkwan a yɛbɛfa so aprapra ofie hɔ, kyɛɛ nneɛma horow no mu, bɔɔ nnuru horow ne mmoa a wɔde ma bere a asiane asi ho nkɔmmɔ. Wɔ nokware a ɛyɛ sɛ m’agya wɔ ahotoso kɛse wɔ me mu sɛ metumi aboa no hyɛɛ me nkuran kɛse ma meyɛɛ nea eye sen biara a metumi ayɛ.

Me nã wu akyi mfirihyia dunsia no, me nsa kaa saa krataa yi fii me nuanom nketewaa no mu biako a na waware na ɔno ankasa wɔ mmofra baasa no nkyɛn. Ɔkae sɛ: “Ɛyɛ me anigye kɛse yiye sɛ mewɔ anuanom mmea a wɔn ho yɛ nwonwa te sɛ wo ne Bev. Merentumi mfa anuanom mmea biara nsi mo a mowɔ ɔdɔ ne ntease na mudi nokware no ananmu. Meda wo ase yiye sɛ woyɛ oniiko a woyɛ no. Minnye nni sɛ maka eyi akyerɛ wo da, na ɛyɛ me yaw sɛ menkaa saa, nanso meda wo ase sɛ woaboa atete Bev ne me na woyɛɛ saa wɔ yɛn Maame ananmu. Mihu mprempren sɛ egyee ɔdɔ ne mmɔdenbɔ ne ahofama kɛse wɔ wo fam. Metaa susuw saa mfe no ho na mebɔ mpae sɛ wobehyira wo. Minim sɛ woanya nhyira nso.”

Anidaso Wɔ Onyankopɔn Bɔhyɛ Mu

Abeawa panyin no kɔɔ n’asɛm no so kae sɛ: “Me nã anni awerɛhow da na mmom ɔfaa nhwɛso horow so kyerɛe sɛ ɔwɔ ahotoso ne gyidi koraa wɔ Bible mu bɔhyɛ a ɛfa owusɔre no ho no mu.

“Ne wu akyi no, yɛn agya de krataa a wakyerɛw yɛn hyɛɛ yɛn mu biara nsa. Me de no fã bi kenkan sɛ: ‘Lynette, me dɔfo, mepɛ sɛ migya wo krataa yi na mede ada wo ase sɛ woyɛ ɔbabea a wowɔ ɔdɔ na ne ho yɛ anigye saa ma me. Ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wunni ɛnã, me dɔfo, nanso afoforo bɛboa, na wo agya bɛhwɛ wo yiye. Boa wo nuanom mmea nketewa no​—minim sɛ wobɛyɛ saa​—efisɛ wɔde wɔn ani bɛto wo so pii. Mepɛ sɛ meda wo ase, me dɔfo, wɔ nea woayɛ ama me nyinaa ne sɛ woayɛ ɔbabea a ɔwɔ ɔdɔ na ɔyɛ osetie saa, na woanhaw me da. Mebɔ mpae sɛ Yehowa bɛkae me efisɛ yebehyia bio wɔ Wiase Foforo no mu. Mede ɔdɔ pii kyia wo, ɛyɛ me wo Maame a ɔwɔ wo ho dɔ.’”

Sɛnea na Anita Brown te no, saa ɛnã yi annyaw wiase yi a ɔresusuw nea daakye bɛyɛ ho. Ɔwɔ anidaso sɛ nkwa bɛba bio wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu. Afei denam nhyehyɛe pa a ɔyɛe so no, ɔboa siesiee n’adɔfo no na wɔatumi agyina ne wu no ano yiye.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]

“Me nã anni awerɛhow da, na mmom ɔfaa nhwɛso horow so kyerɛɛ yɛn sɛ ɔwɔ ahotoso ne gyidi wɔ Bible mu anidaso a ɛfa owusɔre ho no mu”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena