Afɔrebɔ De Akatua Pa Ba
‘Lynette, me dɔfo,
‘Mepɛe sɛ migyaw wo krataa ketewaa bi de da wo ase sɛ woayɛ ɔbabea a ne ho yɛ anika na ɔwɔ ɔdɔ ama me. Me dɔfo, ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wo maame nni hɔ, nanso afoforo bɛboa, na wo Papa bɛhwɛ wo yiye. Boa wo nuabeanom nkumaa no—minim sɛ wobɛyɛ—efisɛ wɔde wɔn ho bɛto wo so kɛse. Mepɛ sɛ meka sɛ meda wo ase me dɔfo wɔ nea woayɛ ama me no nyinaa ho sɛ woayɛ abeawa ketewaa a ɔwɔ ɔdɔ na ɔyɛ osetie saa na woamma biribiara anhaw me da. Mebɔ mpae sɛ Yehowa bɛkae me ne sɛ yɛn nyinaa behyia wɔ Wiase Foforo no mu.
‘Ɔdɔ pii a efi wo Maame a ɔdɔ wo nkyɛn.’
BERE a akisikuru kum me Maame wɔ January 1963 mu no na madi mfe 13 pɛ. Bɛyɛ asram abiɛsa ansa na ɔrewu no, ɔmaa me ne me nuabeanom nkumaa no hui sɛ ɔrebewu. Mede aseda mae sɛ wammuamua nsɛm so na mmom ofi ayamye mu kyerɛkyerɛɛ tebea no mu na afei ɔyɛɛ ade de siesiee yɛn maa nsakrae a na ɛbɛba no.
Ɛwom sɛ na Maame da mpa mu de, nanso ɔkyerɛɛ me aduannoa, na mesiesiee nnuan no nyinaa wɔ n’akwankyerɛ ase. Ɔkyerɛɛ me adepam, sɛnea metwitwa abusua no mufo ti nhwi, sukuu awiaduan siesie, ne nnwuma afoforo pii nso. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ sɛ onni hɔ a, ɛho behia sɛ mede nneɛma ahorow pii bɔ afɔre de boa me nuabeanom nkumaa no.
Mekae sɛ sɛnea na Maame yɛ n’ade komm no yɛɛ me nwonwa. Afei na mahu sɛ na eyi fi n’ahotoso a emu dɔ wɔ owusɔre a wɔahyɛ ho bɔ no mu no. Wɔ ne wu akyi nna kakraa bi no, Papa de nkrataa bi a Maame kyerɛwee bere tiaa bi ansa na ɔrewu no momaa yɛn mmeawa no mu biara. Nea ɔkyerɛw maa me no mu nsɛm bi na ɛwɔ atifi hɔ no. Wubetumi de w’ani abu nusu a metee bere a mekenkanee saa krataa no, nanso ɛhyɛɛ me den honhom mu a na abofra a meyɛ no mfa ho. Ɛno akyi asram kakraa bi no, mehyiraa me ho so maa Yehowa na wɔbɔɔ me asu wɔ August 1963 mu.
Gyidi a Minyae
M’awofo bɛyɛɛ Yehowa Adansefo wɔ 1956, afe a yetu fii afuw ketewaa bi a ɛwɔ Sydney, Australia so no mu. Nea enye no, esiane ɔkwan a na wɔfa so ka Bible no mu nsɛm kyerɛ yɛn wɔ Kwasida sukuu mu no nti, na mabenya akyinnyegye ne onyame biara a wonnye no nni su. Nã mede m’adwene abu sɛ Bible mu nnipa no te sɛ anansesɛm ahorow a ɛnyɛ nokware mu de no ara. Nã mibu Onyankopɔn ankasa mpo sɛ ɔyɛ anansesɛm mu onipa foforo bi. Nanso, Adansefo no nokwaredi kaa me koma, na mifii ase susuwii sɛ sɛ wɔn ne me maame gye Onyankopɔn ne Bible no di a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea biribi wom.
Bere a midii mfe 11 no, Adansefo no fii ase suaa nhoma a wɔfrɛ no “Wo Pɛ Nyɛ Asase So”—a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu nhoma a Daniel kyerɛwee no mu nkyekyem biara mu no. Saa nkɔmhyɛ ahorow yi ne sɛnea enyaa ne mmamu pɛpɛɛpɛ no kaa me koma. Nã asafo nhyiam afoforo nso ka sɛnea Bible no ne nokware nyansahu hyia no ho asɛm. M’adwenem naayɛ no bi fii ase fii hɔ, na nkakrankakra no mibenyaa gyidi ankasa wɔ Onyankopɔn mu.
Afɔrebɔ Afoforo Bi
Sɛnea Maame kae no, na asɛyɛde a mɛfa ato me ho so ne me nuabeanom nkumaa baanu a mɛhwɛ wɔn no nyɛ mmerɛw bere nyinaa. Mehweree m’ankasa me mmofraabere no bi. Nanso, biakoyɛ soronko a ɛbaa yɛn mmeawa baasa no ntam ne ahotoso a me Papa nyae wɔ me mu no yɛɛ nea ɛsen eyi ho akatua mpo. Nanso na afɔrebɔ afoforo nso wɔ hɔ a ɛbɛba.
Bere a mewɔ sukuu mu no, m’ani gyee nnwonto ne ɔyɛkyerɛde ho kɛse. Nã yɛn abusua no ani gye nnwonto ho. Nã yɛn a yɛyɛ mmofra no bɔ piano, to dwom, saw, na yɛyɛ kɔnsɛt ahorow kosi sɛ yɛbɛbrɛ. Fi bere a midii mfe ason no na wɔmaa me afã atitiriw wɔ sukuu agodi ahorow mu. Akyerɛkyerɛfo hyɛɛ me sɛ menkɔ ɔyɛkyerɛde sukuu. Nanso mekaee nsɛm a ɛwɔ nnwom a na yɛto wɔ asafo nhyiam ase no mu no: “Yɛmfa akyɛde nyinaa nyɛ n’adwuma.” Enti ɛwom sɛ na ɛnyɛ mmerɛw de, nanso mepow saa ɔhyɛ a na wɔhyɛ me no.
Nã m’ani gye adesua ho nso enti ɛma minyaa nhomasua mu nkɔanim kɛse. Nanso, bere a misii gyinae sɛ mede me bere nyinaa bɛyɛ asɛnka adwuma no mmom sen sɛ mɛkɔ sukuupɔn no, wɔde me kɔɔ adwuma ho ɔkwankyerɛfo no anim. Bere a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛdan m’adwene ma makosua nnuruyɛ no, ɔkae sɛ: “Ɛte sɛ nea ɛyɛ bere sɛe kɛse.” Nanso minnuu me ho wɔ me gyinaesi no ho da.
Bere a mifii sukuu no, meyɛɛ adwuma afe biako ne fã wɔ aban adwuma bi fã a wɔyɛ computer ho adwuma wɔ hɔ no mu. Bere a mekae sɛ meregyae adwuma no, wɔtoo m’akatua mu mmɔho abien na wɔkaa sɛ menyɛ adwuma no so panyin. Nã eyi yɛ sɔhwɛ kɛse titiriw ma obi a wadi mfe 17! Nanso mikuraa me botae no mu na mifii bere nyinaa ɔsom adwuma ase sɛ daa ɔkwampaefo wɔ June 1, 1966 mu.
Dwumadi Afoforo
Bere a wɔpaw me ɔkwampaefo titiriw wɔ April a edi hɔ no mu no, m’ani gyei kɛse sɛ wɔmaa me dwumadi wɔ m’asafo a ɛwɔ Sydney no mu. Eyi maa minyaa hokwan sɛ me ne me nuabeanom no bɛtra kakra. Medaa eyi ho ase efisɛ na mewɔ anidaso sɛ me ne m’abusua no bɛtra anaasɛ mɛtra abɛn wɔn kosi sɛ me nuabeanom no bɛwareware na wɔakyekye wɔn afi.
Wɔ 1969 mu no wɔde me ne Enid Bennet a na ɔbɛyɛ me ɔkwampaefo titiriw ɔhokafo wɔ mfe ason a edi hɔ mu no kɔɔ Peakhurst Asafo a ɛbɛn hɔ no mu. Mfe abien akyi no, me papa tu kosomee sɛ ɔpanyin wɔ faako a na mmoa ho hia wɔ Tumut kurow ketewaa a na ɛhɔ ne Sydney mu twe kakra no mu. Asafo ti no fi ayamye mu maa me ne Enid dwumadi wɔ hɔ nso. Saa bere yi mu na me nuabea kumaa Beverley fii akwampae adwuma ase, na ɔkaa yɛn ho somee.
Awerɛhow a Ɛsen Owu
Ɛyɛ bɛyɛ saa bere yi mu na awerɛhowsɛm a ɛsen biara wɔ m’asetra mu no sii. Wotuu me nuabea Margaret ne ɔbarima a na ɔrebɛware no no fii Kristofo asafo no mu. Nã eyi yɛ koma a abubu bere, efisɛ afei de abusuabɔ kɛse a abɛda me ne Margaret ntam fi bere a me maame wui no mu atew. Nã minim sɛ Maame wɔ Yehowa nkae mu, ahobammɔ beae bi a obi betumi anya. Nanso na me nuabea no—anyɛ yiye koraa no mprempren de—ahwere Yehowa mpeneso. Na ɛsɛ sɛ mesrɛ Yehowa kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a medi me nkate a ayɛ basaa no so na matumi de anigye bi asom no, na obuaa me mpaebɔ no.
Margaret ho a yɛbɛtew yɛn ho afi koraa no sɔɔ yɛn nokwaredi ma Yehowa nhyehyɛe no hwɛe. Ɛmaa yɛn abusua no nyaa hokwan de kyerɛɛ sɛ yegye di ampa sɛ Yehowa akwan na eye. Nea ɛyɛɛ yɛn anigye no, bɛyɛ mfe abien akyi no, wɔsan gyee Margaret ne ne kunu no baa asafo no mu. Nã yennim sɛnea pintinn a yegyinae no nyaa wɔn so nkɛntɛnso no, sɛnea Margaret ka kyerɛɛ me akyiri yi no:
“Sɛ wo, Papa, anaa Bev buu tu a wotuu yɛn no adewa a, minim yiye sɛ anka merenyɛ biribi a ɛbɛma wɔasan agye yɛn ntɛm saa sɛnea meyɛe no. Me ho a metew fii wɔn a medɔ wɔn no ho ne asafo no a mintumi ne wɔn mmɔ yiye no ma minyaa ɔpɛ sɛ mɛsakra m’adwene. Bere a ɛkaa me nkutoo no, mihuu sɛnea me kwan no yɛ bɔne fa ne sɛnea ɛyɛ aniberesɛm sɛ mɛdan m’akyi akyerɛ Yehowa no.”
Yenyaa nhyira bio sɛ abusua mũ no nyinaa boom som Yehowa. Hwɛ aseda ara a yɛde mae sɛ akyiri yi yenyaa anigye a efi Bible mu nnyinasosɛm ahorow a wɔde nokwaredi gyina akyi pintinn mu bae no!
Aware ne Akwantu Adwuma
Akyiri yi mihyiaa Alan a ɔyɛ ɔkwampaefo ne Kristoni ɔpanyin no. Yɛwaree wɔ November 1975 mu a na ɛyɛ me nuabea Beverley aware akyi asram asia. Bere a yɛayɛ akwampae adwuma mfe abien akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn wɔ January 1978 mu sɛ yɛnkɔyɛ akwantu adwuma a na yɛbɛsrasra asafo ahorow dapɛn biara de ahyɛ wɔn den wɔ honhom mu. Nã yɛn dwumadi no ama yɛafi asetra a ano nyɛ hyew wɔ Queensland nkuraase no mu aba Melbourne ne Sydney mpɔtam hɔ nkurow akɛse a emu yɛ hyew no mu.
Wɔ me fam no, na nnaka so abuebue ne afi afoforo mu tra dapɛn biara no yɛ asɛnnennen. Nanso misusuwii sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ m’ani gye sɛ yɛwɔ nnaka yi ne nneɛma a yɛde begu mu. Nnipa pii nni eyinom mpo.’ Na me kunu a ogyaw me hɔ anadwo ahorow pii bere a ɔredi asafo asɛyɛde ahorow ho dwuma no nso nyɛ mmerɛw. Nanso, misusuwii sɛ mmea afoforo nso kununom gyaw wɔn hɔ saa ara, na wɔ nsɛm no pii mu no, ɛnyɛ wɔn ho a wɔde ahyɛ Awurade adwuma pa no mu no nti.
Nanso na tebea no mu nea ɛyɛ den sen ne nyinaa a na ɛsɛ sɛ migyina ano no ne m’akwahosan a enye no. Efi me mmofraase pɛɛ no, na metaa nya menewam kuru, ntini ne apɔw so nyarewa, ahrawa mu yare, ne mmerɛwyɛ. Na nnuruyɛfo ahorow ntumi nhuu nea ɛhaw me no.
Bere a mfe no twam no, ɔyare nsɛnkyerɛnne ahorow a ɛwɔ atifi hɔ no mu yɛɛ den a na akyi yare ne kɔn yare, awɔw, ɔbrɛ kɛse, nsaa, ahonhon, abofono a ɛba ntoatoaso, ne nyarewa afoforo a ɛba daa ka ho. Mifii ase susuwii sɛ nyarewa ahorow a ɛte sɛɛ no yɛ asetra fã a ɛsɛ sɛ wogyina ano, enti mannwiinwii.
Tebea a ɛte sɛɛ no biako bae bere a yɛafi yɛn ɔmansin adwuma a edi kan no ase no akyi bere tiaa bi. Bere biara a mɛnantew nea ɛboro dɔnhwerew biako no, mogya tu me, na eyi bɛkɔ so akosi sɛ mɛtra ase. Esiane sɛ na yɛn nhyehyɛe no hwehwɛ sɛ yɛnantew bɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa anɔpa biara wɔ afie afie dwumadi mu nti, misusuw sɛnea metumi agyina ano no ho. Mebɔɔ ho mpae. Dɛn na efii mu bae?
Wɔ saa anɔpa yi biara mu no—ɛtoaa so asram abiɛsa—na wɔma me akongua ma metra ase. Bere a honam mu nsɛnnennen no gyaee no, saa ara nso na akongua a wɔma me no gyaee! Esiane sɛ ɛnyɛ Australiafo amanne sɛ wɔbɛma ahɔho a wɔrenkyɛ akongua no nti, mete nka sɛ na eyi yɛ nea ɛsen hyia a ɛne no hyiae ara kwa.
M’akwahosan Sɛe Kɛse
Bere a miduu me mfe 30 mfiase hɔ a na yɛayɛ akwantu adwuma no mfe kakraa bi no, m’akwahosan kɔɔ so sɛee. Na etumi gye adapɛn abien anaa nea ɛte saa ansa na me ho atɔ me afi nna kakraa a mede adwene asi nhyiam horow no so no mu ɔhaw mu. Anadwo biako pɛ a manna ntɛm no betumi ahaw me adapɛn pii. Anɔpa biako adansedi betumi abɛyɛ akwanside a ɛte sɛ bepɔw. Ɛbɛbɔ nnɔndu anɔpa biara no, na mabrɛ. Ɛbɛbɔ 11 no, na mete nka sɛ me ho wosow, na m’adwene mu ayɛ kusuu. Ɛbɛbɔ awia 12 no na me ho pere me sɛ mɛda. Na awia nso de wɔ hɔ. Na ɛte sɛ nea ɛyɛ mmerɛw ma afoforo sɛ wobegyina ano na wɔwɔ ahoɔden a wɔde bɛyɛ dwumadi afoforo. Dɛn nti na ɛnte saa wɔ me ho?
Me so tewee beduu nkaribo 93, na sɛ na influensa nkaa me ntoo mpa so a, mete nka sɛ ɛnenam me ho. Nã merentumi nna anadwo biako a dwensɔtwaa mu yare nti, m’ani rentew bɛyɛ mpɛn 20 anaa nea ɛboro saa. Na mepɛ sɛ meda na ɛnyɛ sɛ mɛsɔre! Mekae wɔ me mpaebɔ mu mpɛn pii sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo, minim sɛ memfata hwee de, nanso mihia m’akwahosan nkutoo de asom wo. So wobɛma mahu nea ɛhaw me no? Sɛ ɛnte saa a, mesrɛ boa me ma minnyina ano.”
Na masi me bo sɛ merennyae bere nyinaa som adwuma no ntɛm ara. Enti mede adesrɛ ahorow pɔtee bi too Yehowa anim sɛ ɔmmoa me, nea edi kan no sɛ yebenya kar a ɔdan ka ho, efisɛ na mete nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛankasa nya yɛn dan. Mannka m’abisade no ho asɛm ankyerɛ Alan, nanso wɔ yɛn nhyiam a edi hɔ no ara ase no, onua bi baa yɛn nkyɛn na ɔde ne dan a ɛka kar ho no maa yɛn. Na m’abisade a edi hɔ no fa baabi a ɛhɔ dwo a wɔbɛsakra baabi a yɛyɛ adwuma no ama yɛakɔ ho, na wɔ bere tiaa bi akyi no, wobuaa saa mpaebɔ yi bere a wɔde yɛn kɔɔ Sydney no.
So wubegye adi sɛ bere a yeduu Sydney no akyi asram abien no, wɔmaa me nhoma bi a ɛka nyarewa ho nsɛnkyerɛnne ahorow a na ɛte sɛ me de no pɛɛpɛɛpɛ ho asɛm? Nea ɛyɛ nwonwa no, oduruyɛfo bi a ɔyɛ adwuma wɔ yɛn mansin no asasesin no mu na ɔkyerɛw nhoma no. Wɔ nhwehwɛmu pii akyi no, mibehui sɛ asikre a ɛwɔ me mogya mu no sua ne sɛ me nipadua mpɛ nneɛma pii a nkankyee mu nnuan bi, mmɔkaw, nnuru bi panpan, nnyinammoa, akraman, ne nnuan pii ka ho.
Egyee asram awotwe a emu yɛ yaw wɔ oduruyɛfo no ɔhwɛ ase ansa na mede rehu nnuan a me nipadua mpɛ no ansa na merede me ho afi nyarewa ho nsɛnkyerɛnne ahorow no ho. Ɛyɛ den sɛ mekyerɛkyerɛ sɛnea eyi kaa me nipadua akwahosan ne me su wɔ asetra mu no mu. Ɔsom adwuma no ne asafo nhyiam horow no bɛyɛɛ anigye kɛse bio. Metee nka te sɛ nea “wɔanyan” me afi owu a anka mereyɛ awu no mu! Ankyɛ na meyɛɛ kɛse na nsakrae no yɛɛ wɔn a na wohuu me akyɛ no nwonwa.
Akatua Pa Ahorow
Hwɛ sɛnea mfe 24 atwam ntɛmntɛm wɔ Maame wu no akyi! Na aseda bɛn ara na mede ma sɛɛ yi sɛ mede saa mfe no mu 21 ayɛ bere nyinaa som adwuma no! Ampa, nsɛnnennen aba, nanso sɛ ɛnyɛ eyinom a, ebia anka merennya anisɔ a mewɔ mprempren ma Yehowa dɔ no.
Sɛ misusuw ho a, sɛ mede afɔre biara a mabɔ no toto akatua a manya dedaw no ho a, na afɔre no sua koraa. Nea ɛka eyi ho ne abusuabɔ a ɛsom bo a me ne nnamfo a medɔ wɔn ne titiriw no m’ankasa abusua mufo anya no. Sɛ mɛyɛ eyi ho nhwɛso a, me nuabea Margaret kyerɛw me bere tiaa bi a me ne Alan afi akwantu adwuma no ase akyi sɛ:
“Meda wo ase pii sɛ wote sɛnea wote no. Minsusuw sɛ maka eyi pɛn, na sɛ menkae a, fa kyɛ me, nanso meda wo ase sɛ woyɛɛ nea wubetumi nyinaa de tetee me ne Bev ne sɛ wusii Maame ananmu. Mihu mprempren sɛ egyee ɔdɔ ne mmɔdenbɔ ne ho a wɔde bɔ afɔre pii wɔ wo fam. Metaa susuw saa mfe no ho na mebɔ mpae sɛ wubenya nhyira. Minim sɛ woanya.”
Afei daakye akatua pii nso wɔ hɔ—titiriw no hokwan a ɛsom bo sɛ yɛn adɔfo a wɔadeda no bɛsɔre no. Yiw, sɛ mekenkan Maame nkradi krataa no bio a, meda so ara su kakra. Me mpaebɔ te sɛ ne de no ara, “sɛ Yehowa bɛkae [no] ne sɛ yɛn nyinaa behyia wɔ Wiase Foforo no mu.”—Sɛnea Lynette Sigg ka kyerɛe.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 25]
Ná minim sɛ Maame wɔ Yehowa nkae mu, ahobammɔ beae bi a obi betumi anya
[Kratafa 24 mfoni]
Efi benkum so: Lynette, Margaret, ne Beverley, mfe abiɛsa ansa na wɔn maame wui
[Kratafa 27 mfoni]
Lynette ne ne kunu Alan, mprempren wɔresom wɔ Australia