So Woasusuw Ho Pɛn—
Dɛn Nti Na Yehowa Adansefo Ba Wo Pon Ano?
ƐNTAA MMA sɛ ɔhɔho bi bɛba wo pon ano sɛ ɔne wo bɛka nyamesɛm bere a wontoo nsa mfrɛɛ no. Asɔre ahorow mu mpanyimfo a wɔagye din mpo nyɛ saa. Nokwarem no, nnipa kakraa bi na wogye bere kɔ wɔn afipamfo nkyɛn ne wɔn kɔbɔ honhom mu nneɛma ho nkɔmmɔ. Ebia woahyɛ sɛnea nnipa betumi atra abɛn nanso wɔnkyerɛ anigye biara wɔ wɔn afipamfo ho no nsow.
SO ƐSƐ SƐ NKURƆFO KYERƐ ANIGYE KƐSE WƆ WƆN AFIPAMFO HO?
Nnipa pii bɛka sɛ, Yiw. Wonim sɛ sɛ afipamfo ne wɔn ho kasa a, sɛ ɛtɔ da bi a wɔn adwene nhyia mpo a, adamfofa su betumi atra wɔn mu. Sɛ afipamfo gye wɔn ho di na wɔne wɔn ho wɔn ho kasa a, so anka yɛn wiase yi mu tra renyɛ dwoodwoo?
Nanso nea yehu no nte saa. Nkurow akɛse pii abɛyɛ te sɛ kwae a nnipa a wɔn werɛ afi sɛnea ɛsɛ sɛ wodwen afoforo ho ahyɛ mu ma. Obi a na watra kurow kɛse bi mu mfe bebree fii mu akyiri yi, na ɔkae sɛ: “Obiara nserew. Mempɛ sɛ metra nnipa a wɔte saa mu bio.’
Yiw, nnipa pii a wɔahaw no ani gye ɔserew ne asɛmpa a wɔbɛte ho. Esiane eyi nti, wɔn ani agye Yehowa Adansefo nsrahwɛ ahorow a awerekyekye wom no ho. Nanso, bebree mpɛ sɛ wɔne wɔn kasa, esiane sɛ wɔn ankasa asɔre ne Yehowa Adansefo de no bɔ abira nti. Wɔte nka sɛ Adansefo no pɛ sɛ wɔba wɔn asɔre no mu.
SO ADANSEFO NO HWEHWƐ ASƆREMMA?
Dabida. Wɔyɛ nea wɔn din kyerɛ no: adansefo. Ɔdansefo di nea wahu na wate ho adanse. Nea ɔde Kristosom sii hɔ, Yesu Kristo, ‘ba bedii nokware no ho adanse’ na n’akyidifo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu no suaa no denam ‘nneɛma a wohui na wɔtee a wɔkaa ho asɛm’ no so.—Yoh. 18:37; Aso. 4:19, 20.
Yehowa Adansefo ‘ahu na wɔate’ Bible mu nokware ahorow a ɛho wɔ mfaso afi wɔn ankasa adesua ne asafo adesua mu. Nimdeɛ yi a wɔde di dwuma no ama wɔanya abusua asetra a anigye wom, ama wɔadi subammɔne ahorow so nkonim, wɔne afoforo bɔ wɔ anigye mu, wonya ahonim pa, wonya obu ma wɔn ho na wonya anidaso ma daakye. Esiane sɛ wɔn ankasa anya ho mfaso nti, wɔpɛ sɛ wɔka Kyerɛwnsɛm mu nokware yi kyerɛ wɔn afipamfo. Nnipa bebree a wɔakɔ wɔn nkyɛn no agye asɛm yi atom na aboa ɔpepem ma wɔanya anigye pii.
Nanso, sɛ wo ne Adansefo no mu biako akasa pɛn a, wunim sɛ ɛnyɛ nea ehia wɔn ne sɛ wobenya asetra pa wɔ nnɛ tebea horow a ɛyɛ awerɛhow yi mu. Asɛm a wɔka kyerɛ no yɛ aniberesɛm.
DƐN NTI KORAA NA WƆN ANI KU HO SAA?
Adansefo no gye nea Bible ka wɔ 2 Petro 3:7, 13 no di kɛse: “Ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara akoraso, ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no. Na, sɛnea ne [Onyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.”
Susuw nea “nnipa amumɔyɛfo sɛe” a wiase a “trenee te mu” bedi akyi aba, no bɛkyerɛ ho hwɛ! Wobeyi mmusua ahorow ntam ntawntawdi, nsɛmmɔnedi, ɔko ne bɔne afoforo nyinaa afi hɔ daapem. Bible no nso hyɛ aduankɔm, asetra a emu yɛ den, nyarewa ne owu a ɛbɛba awiei koraa ho bɔ. Yiw, ɛhyɛ wɔn a wɔwɔ adamoa mu a wobenya owusɔre mpo ho bɔ!—Dw. 72:16; Adi. 21:3, 4; Yoh. 5:28, 29.
Susuw anidaso a bɔhyɛ ahorow yi betumi de abrɛ onipa wɔ n’asetra mu no ho hwɛ! Yehowa Adansefo nim eyi, na ɛno nti na wɔpɛ sɛ wɔkɔ nnipa bebree nkyɛn sɛnea wobetumi, denam kɔ a wɔkɔ nkurɔfo afie tẽe no so. Wɔpɛ sɛ eyinom hu sɛ, ‘ɔsoro foforo ne asase foforo’ a wɔretwɛn no abɛn yiye.
SO WIASE TEBEA HOROW YƐ NEA ANIBERE WOM ANKASA?
Bible no ka siei sɛ ansa na Onyankopɔn bɛyɛ ade atia abɔnefo no, ‘sɛnkyerɛnne . . . a ɛfa nneɛma nhyehyɛe yi awiei’ ho bɛba. (Mat. 24:3) Ná “sɛnkyerɛnne” yi mmamu a wobehu wɔ wiase bɛma ada adi pefee sɛ awiei no abɛn. Sɛ wohwɛ benkum so a, wɔabobɔ nneɛma ahorow bi a ɛyɛ “nna a edi akyiri” no ho sɛnkyerɛnne din. Sɛnea wɔayɛ ho mfonini no, wubetumi ahu ne mmamu wɔ wiase tebea horow mu da biara da!—2 Tim. 3:1-5.
Sɛ́ ebebu yɛn abasam mmom no, Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ amanehunu tebea ahorow yi kanyan yɛn ma ‘yɛma yɛn ti so, efisɛ yɛn gye (a ɛde kɔ nhyehyɛe foforo mu) abɛn.’ (Luka 21:28) Asɛmpa yi a wɔde bɛbrɛ wo nti na Yehowa Adansefo ba wo pon ano.
[Kratafa 4 mfoni]
“NNA A EDI AKYIRI” NO HO SƐNKYERƐNNE
“Ɔman bɛsɔre ɔman so.”—Mat. 24:7.
“Ɔyaredɔm.”—Luka 21:11.
‘Aduankɔm’—Mat. 24:7.
‘Amumɔyɛ bɛdɔɔso.’—Mat. 24:12.