Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 12/8 kr. 21-23
  • “Ɛsɛ Sɛ Obi Yɛ Ho Biribi!”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ɛsɛ Sɛ Obi Yɛ Ho Biribi!”
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkwan a Yesu Fua So
  • Nea Ɔyɛe
  • Ɔkwan a Mfaso Wɔ So a Ɔfaa So
  • Nkrasɛm a Ɛsɛ sɛ Yɛka
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Onyankopɔn Ahenni​—Nea Enti a Ɛho Hia Yesu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nea Yesu Ka Faa Onyankopɔn Ahenni Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Nnɛyi Atoro Adiyifo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 12/8 kr. 21-23

“Ɛsɛ Sɛ Obi Yɛ Ho Biribi!”

ƐDA adi sɛ na ɔbarima no nim nhoma yiye, onim kasa na wobu no kɛse. Ná ɔyɛ adwuma mu panyin na ɔwɔ abusua. Nanso na wɔredi n’asɛm sɛ watew kuw bi a ɛsɔre tia aban, kuw a ɛhyew nneɛma na ekunkum nnipa. Dɛn ntia? Nokwarem no, na ne mmuae ne sɛ: “Na ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi. Na ɛsɛ sɛ yedi dwuma!”

Bebree abasam retu wɔ ɔhaw ahorow a wohu sɛ atwa wɔn ho ahyia no ho na wɔte nka sɛ “ɛsɛ sɛ obi yɛ biribi.” Wɔhaw wɔn ho wɔ ohia ne ɔkɔm a atrɛw, nniso a aporɔw mframa a wɔhome ne nsu a wɔnom a wɔde awuduru resɛe no, amumɔyɛ a abu so, asetra mu gyinapɛn horow a ɛresɛe ne nneɛma bo a ɛrekɔ so yɛ den ne sika a ɛdɔɔso pii a wɔresɛe no wɔ akode ahorow ho no ho.

Yiw, eyi yɛ wiase bɔne, na ɛsɛ sɛ wɔsakra nneɛma bebree. Nanso, obiara nni hɔ a ɛte sɛ nea obetumi ayɛ nsakrae ahorow no. Eyi ma ebinom ba bɛyɛ wɔn a wɔn ani nnye amansɛm ho. Afoforo pa abaw na wɔba bɛyɛ wɔn a wɔdan kɔ nnuru a wɔnom so. Ebinom bɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn ho bɛhyehyɛ amammuisɛm anaasɛ ayamye nnwuma mu denneennen. Na mpɛn pii no, abasamtu ahorow de ɔsɔretia, ntɔkwaw, ne basabasayɛ ahorow te sɛ nea yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no ba.

Nea ɛyɛ awerɛhow no, ɛyɛ nea ɛsɛ sɛ wogye tom sɛ saa nneyɛe yi mu biara mfaa nsakrae mmae. Ɔman anidan ahorow ne nhyehyɛe foforo a wɔyɛ de bere tiaa mu nsakrae horow aba aman bi so; nanso, ne nyinaa mu no, nneɛma te sɛ nea ɛte ara bere nyinaa. Ɔporɔw ne nkontompo da so ara te yɛn mu, sɛnea nneɛma bo a ayɛ den, ɛka a wɔrebɔ wɔ akode ho, efĩ, ohia ne nyarewa afoforo pii da so wɔ yɛn mu no.

Nanso ɔkwan foforo wɔ hɔ a wɔfa so yɛ tebea yi ho biribi, ɔkwan a edi mu na mfaso wɔ so, a awiei koraa ɛde nsakrae bɛba. Ɛyɛ ɔkwan a ɔbarima bi a na ɔwɔ suban a ɛho yɛ nã kɛse wɔ wiase nnɛ faa so. Ɔbarima no ne Yesu Kristo, na suban a ná ɔwɔ no ne ahotoso a edi mu a na ɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu.

Ɔkwan a Yesu Fua So

Ná nnɛyi ɔhaw ahorow no mu bebree wɔ Yesu bere so, na ɛda adi sɛ ohui. Wɔ ne bɛ ahorow no mu no, ɔkyerɛe sɛ na onim sɛnea ɛyɛ den ma ohiani sɛ obenya atɛntrenee ne sɛnea na obi a ɔsrɛsrɛ ade asɛm betumi ayɛ mmɔbɔ. (Luka 18:2-5; 16:20, 21) Mpɛn pii no ne “yam hyehyee no” wɔ tebea a na ahiafo wom no ho, na bere koro no ara mu no, ohuu ne bere so atumfoɔ nhyɛso no.

Ɔyɛɛ n’ade dɛn? Ɛda adi sɛ ne bo amfuw na wannan n’akyi ankyerɛ tebea a enye no. Saa nso na wanyɛ keka anaasɛ otuatewfo. Bere bi nnipadɔm kɛse bi bɔɔ mmɔden sɛ wɔde no bɛyɛ wɔn hene, nanso Yesu ne wɔn anyɛ adwene.​—Yoh. 6:14, 15.

Dabi, na Yesu de ne ho to Onyankopɔn so. Nanso na onim sɛ, sɛ wɔde atirimpɔw pa mpo yɛ a, na amammui mu nsakrae horow ntumi nni nnipa haw ahorow nyinaa ho dwuma mma ɛnyɛ yiye, esiane sɛ na nea ɛde saa ɔhaw ahorow no ba boro nea amammui betumi adi ho dwuma so nti. Mpo bere a wɔde owu hunahunaa no no, wamfrɛ n’akyidifo sɛ wommegye no. Mmom no, ofi ahotoso mu de ne ho hyɛɛ n’Agya nsa kae sɛ: “Ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ nyɛ.”​—Luka 22:42.

Yesu kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo na ɔbɔɔ eyi ho dawuru sɛ ɛne wɔn haw ahorow ano aduru. Ɛnyɛ sɛ wamfa honam fam mmoa amma wɔn a na ahia wɔn. Mpɛn pii ɔsaa nkurɔfo a na nyarewa ama ahia wɔn no yare. Mpɛn abien na ɔdaa ayamye adi denam nnipadɔm bi a ɔmaa wɔn aduan dii so. (Marko 10:46-52; 6:35-44; 8:1-9) Nanso na n’adwuma no titiriw ne sɛ ɔbɛka Onyankopɔn ahenni ho asɛm. Kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na Yesu kyinii Galilea nyinaa kyerɛkyerɛe wɔn hyiadan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no.”​—Mat. 4:23.

Nea Ɔyɛe

Papa bɛn na eyi yɛe? Ɛboa ma wohuu nea ebeyi adesamma nyarewa ahorow afi hɔ daa. Na Yesu nim nneɛma ahorow a esiw nea adesamma ankasa betumi ayɛ ma wɔn tebea ayɛ yiye wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no kwan. N’asetra nyinaa kyerɛe sɛ ɔwɔ ahotoso a edi mu wɔ Onyankopɔn mu sɛ, wɔ n’ankasa ne bere mu ne ne kwan so no, obeyi saa akwanside ahorow no afi hɔ. Dɛn ne akwanside ahorow no?

Biako ne adesamma sintɔ ne bɔne. “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn.” (Rom. 3:23) Bere tenten a eyi te saa no, nnipa bɛkɔ so ahu bɔne, owu, ntawntawdi a ɛwɔ wɔn ntam ne abusuabɔ pa a enni wɔne Onyankopɔn ntam ho amane. Akwanside foforo ne Satan ne n’adaemone no dwumadi. Nnipa fã kɛse no ara nte tumi a Satan wɔ wɔ adesamma nsɛm mu no ase, na ebinom gye wɔ a ɔwɔ hɔ ankasa no mpo ho akyinnye. Nanso Yesu frɛɛ no “wi yi ase sodifo.” (Yoh. 14:30) Bere tenten a nnipa kɔ so tɔ sin na wɔhyɛ Satan nkɛntɛnso ase no, pɛsɛmenkominya ne subammɔne ahorow bɛkɔ so asɛe adesamma abusua no. Nsɛmmɔnedi abu so araa ma, ɛmfa ho sɛ ebia wiase sodifo bi bɛyɛ nokwaredifo, ɔrentumi nyɛ hwee mfa nsakra nneɛma wɔ bere a aka akyiri yi mu.

Eyi nti, Yesu kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm, efisɛ saa ahenni no ase nkutoo na wobetumi ayɛ nsakrae horow ankasa a ɛho wɔ mfaso. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ ‘Ɔbɛma akodi agyae de akosi asase ano.’ (Dw. 46:10) Wɔ mprempren wiase yi mu de, anidaso a ɛte saa yɛ nea entumi mma, nanso wɔ Onyankopɔn ahenni ase de, ebetumi aba. Wɔde “atemmu ne trenee” bɛwowaw saa ahenni yi. (Yes. 9:6) Nhyehyɛe a ɛte saa ase nkutoo na wobetumi atu nniso mu ɔporɔw ase afi hɔ. Na ɛdenam ahenni yi nkutoo so na Onyankopɔn “bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne su ne yaw bi nni hɔ bio.”​—Adi. 21:4.

Asɛm a ɛte saa a ɔkae no kyerɛe sɛ na Yesu wɔ gyidi a edi mu wɔ Onyankopɔn mu. Dɛn ntia? Wiɛ, “gyidi ne ade a yɛn ani da so ho ahotoso.” (Heb. 11:1) Ná Yesu reka biribi a ɛbɛba daakye ho asɛm. Na ɛsɛ sɛ ɔda ahotoso a edi mu a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu adi, sɛ obedi ne bɔhyɛ ahorow so. Ɛkyerɛe sɛ na ɛsɛ sɛ Yesu de wiase a na ɔte mu no mu mfaso horow bɔ afɔre na ohu nitan ne fɛwdi a efi wɔn a wonnye nni nkyɛn ho amane. Ɛkyerɛe nso sɛ na ɛsɛ sɛ osiesie ne ho sɛ obewu afɔrebɔ wu, esiane sɛ ɛnam ne wu so na na Onyankopɔn bɛma Satan Ɔbonsam tumi ayɛ hunu na afei nso wagye adesamma afi bɔne tebea mu nti.​—Yoh. 1:29; Heb. 2:14.

Yesu nyaa saa ahotoso no. Ná onim sɛ Onyankopɔn ne “wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan katuafo.’ (Heb. 11:6) Na wotuaa n’ahotoso no so ka, efisɛ, sɛnea nnipa ɔhaha pii a wohui dii ho adanse no, ne wu akyi no, wonyan no baa nkwa mu bio. Mprempren yi, ɔno ne Ahenni a ɔkaa ho asɛm no hene a ɔredi so.​—Adi. 11:15.

Ɔkwan a Mfaso Wɔ So a Ɔfaa So

Ɔkwan a Yesu faa so no ho wɔ mfaso efisɛ, na egyina ahotoso a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu sɛ ɔde ɔhaw ahorow a egu adesamma so no ano duru a ɛwɔ hɔ daa na ɛfata bɛma no so. So ɔkwan a ɛte saa a wɔfa so ho wɔ mfaso nnɛ?

Yiw, ɛho wɔ mfaso. Bebree a wɔasɔ akwan horow ahwɛ abehu eyi sɛ ɛne ɔkwan koro pɛ a ɛso wɔ mfaso a ɛsɛ sɛ wɔfa so. Sɛ nhwɛso no, na aberante bi bɔ mmɔden yiye sɛ obi a odi sukuufo ɔsɔretia ahorow anim. Bere a ɔtee huammɔdi nka denam ɔporɔw a ohui wɔ saa dwumadi no mu no, ɔdan kɔɔ nnuru a wɔnom so. Awiei koraa no, ɔtee “ahenni ho asɛmpa” no, na ohui sɛ eyi ne ano aduru no. Mprempren ɔde ne bere nyinaa ka ahenni koro no ara a Yesu bɔɔ no dawuru no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo.​—Mat. 24:14.

Te sɛ Yesu no, nokware Kristofo yɛ wɔn yɔnkonom yiye bere biara a wobetumi. Wɔda ahotoso a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu adi denam mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm ahorow bedi dwuma wɔ wɔn da biara da asetra mu no so. Sɛ wohyia ɔhaw anaa nsɛm a emu yɛ den a wɔde wɔn ho to Bible so hwehwɛ akwankyerɛ a Onyankopɔn de ama wom. Wɔwɔ ahotoso sɛ, wɔ wiase a nneɛma nkɔ yiye yi mu no, wɔn soro Agya no hwɛ wɔn so. Mpɛn pii na Kristofo ahu nokware a Yesu bɔhyɛ no yɛ sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde yi nom nyinaa bɛka mo ho.”​—Mat. 6:33.

Wogye di nokwarem sɛ ɛrenkyɛ koraa Onyankopɔn de basabasayɛ ne amanehunu a ɛwɔ wiase bɛba awiei, na ɔbɛyɛ saa denam n’ahenni no so. Ahotoso mu no, wɔbɔ mpae sɛ, “W’ahenni mmra,” na saa ahotoso yi de “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so” no ma wɔn. Te sɛ Yesu no, wɔde wiase yi mu nneɛma a ɛho wɔ mfaso bere tiaa bi no bi mpo bɔ afɔre sen sɛ, wobegyaa wɔn anidaso sɛ wɔbɛtra ase wɔ saa ahenni no ase no mu.​—Mat. 6:10; Fil. 4:7.

Dabi, nokware Kristofo nyɛ wɔn ade abufuw so wɔ nsisi a wohu wɔ wiase no ho. Wɔmfa abasamtu nka sɛ: “Ɛsɛ sɛ obi yɛ ho biribi.” Wonim sɛ Obi reyɛ ho biribi dedaw. Na wonim sɛ, sɛnea adanse nyinaa kyerɛ no, saa Onii no atirimpɔw bɛbam nkonimdi mu nnansa yi ara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena