Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 3/8 kr. 21-24
  • Nnɛyi Mmofra Gye Onyankopɔn Di Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnɛyi Mmofra Gye Onyankopɔn Di Dɛn?
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Ebinom Gye Akyinnye Bere a Afoforo Gye Di
  • Wogye Di, Nanso Ɛnyɛ “Gyidi a Emu Yɛ Den”
  • “Asɔre”​—“Ade a Ɛtoto Onyankopɔn ne Nnipa Ntam”
  • Mmofra a Yɛbɛboa Wɔn ma Wɔanya Gyidi a Emu Yɛ Den
  • Gyidi
    Nyan!—2016
  • So Biribi Wɔ Hɔ A Ɛfata Sɛ Wogye Di?
    Nyan!—1982
  • Gyidi a Wonni Nnɛ—So Ɛsɛ sɛ Wɔkɔ So Hwehwɛ Kwan No?
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Mmofra, Monhyɛ Mo Gyidi Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 3/8 kr. 21-24

Nnɛyi Mmofra Gye Onyankopɔn Di Dɛn?

Wiesbaden, Germane

September 8, 1981

Ɔdɔfo Alan,

Mitumi te ayamhyehye a woda no adi wɔ wo krataa no mu no ase. Esiane sɛ wote ɔman a nyamesom wɔ mu mu, na wɔatete wo ma woanya Onyankopɔn mu gyidi, na w’ankasa woyɛ abofra nti, ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye adi sɛ mmofra a wɔdɔɔso yiye a wɔwɔ Germane ha nnye ntom sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Anyɛ yiye koraa no saa asɛm a wokan no nnansa yi no da no adi sɛ wɔn mu dodow no ara yɛ saa.

Yiw, nnipa dodow bi a wobisabisaa wɔn nsɛm, te sɛ nea wɔbɔɔ ne din wɔ asɛm no mu no, ɛnka biribiara a ebia ebehia sɛ yehu no nkyerɛ yɛn bere nyinaa. Adwumayɛ kuw bi a ɛwɔ New York a wɔyɛ nea afoforo ka wɔ asɛm bi ho ho nhwehwɛmu kyerɛkyerɛɛ mu nnansa yi sɛ nhwehwɛmu “nka sɛ ebia ɔmanfo . . . asusuw asɛm bi ho yiye anaasɛ dabi.” “Wɔnna no adi sɛ ebia afei na nnipa no resusuw ho, sɛ wɔasusuw ho ama wɔn adwenem ayɛ wɔn basaa anaasɛ wɔasi wɔn gyinae awie.”

Nanso, nsɛnkyerɛnne ankasa wɔ hɔ sɛ Onyankopɔn mu gyidi a mmofra a wɔwɔ Germane (ne ebia wo man mu, nso) wɔ no rekɔ fam. Wɔ mfe a mede atra Germane no, maka saa asɛm yi akyerɛ mmofra a wɔdɔɔso yiye. Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na mede asɛm foforo abrɛ wo nti, mesrɛɛ me nnamfo bi sɛ wɔmmoa me na yemmisabisa mmofra ahorow bi nsɛm. Yehui sɛ wɔn mu bebree kura adwene pɔtee bi, bere a ɛreyɛ den ama afoforo sɛ wobesi wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ no ho gyinae. Nsɛm a wɔka yɛ anigye yiye. Ma menka emu bi nkyerɛ wo.

Nea Enti a Ebinom Gye Akyinnye Bere a Afoforo Gye Di

Mmofra no kaa nneɛma atitiriw anan a ɛmmma wonnye Onyankopɔn nni. Biako a wɔn mu bebree kae ne sɛ: “Esiane sɛ minhuu Onyankopɔn da nti, merentumi nnye nni sɛ ɔwɔ hɔ.” Nanso Joachim, a wadi mfe 15 a ɔyɛ Katolekni kae sɛ “nneɛma a mahu wɔ adebɔ mu no ara dɔɔso a enti ɛsɛ sɛ migye di.” Ne yɔnko sukuuni, Ulrike, penee so, na ɔkae sɛ “wotumi hu” Onyankopɔn​—“wɔ ne nnwuma mu.”

Nanso, asɛm a ɛto so abien​—a wɔkae, a na adanse biara nnyina akyi​—ne sɛ “nyansahu akyerɛ sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ.” Afoforo kae sɛ: “Nea ɛne no bɔ abira no,” nhwehwɛmu a egyina nyansahu so da “nhyehyɛe ne biribiara a ɛkɔ so ne bere mu” wɔ amansan yi mu, “nnwuma a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ” a “ɛno ara ntumi mma” adi. Sascha, Katolekni a onnuu mpanyin afe so, kae sɛ, esiane sɛ “nyansahu ada no adi sɛ biribiara nyaa mfiase nti,” ɛsɛ sɛ Ade Nyinaa Farebae bi wɔ hɔ a ofii ade nyinaa ase​—Onyankopɔn.

Na nkyerɛkyerɛmu foforo a wɔde mae sɛ ɛno nti na wɔnnye nni yɛ anwiinwii mmom sen nkyerɛkyerɛmu. Abeawa kumaa bi de awerɛhow kae sɛ: “Nkurɔfo ka sɛ Onyankopɔn bɛboa wo, nanso ɔmmoa wo da.” Ɛnyɛ wɔn nyinaa na wogye tom. Yebetumi de mfatoho yi adi dwuma de ada mfomso a ɛwɔ n’asɛm no mu adi. So yɛn nyinaa nhui, mmere bi, sɛ nnamfo anaasɛ abusuafo antumi amfa mmoa amma yɛn bere a yɛtee nka sɛ yehia? Ebetumi aba sɛ nneɛma bi nti na wɔammoa, nanso ɛda adi sɛ emu biara nkyerɛ sɛ na wonni hɔ. Enti, ebetumi aba sɛ ɛyɛ yɛn mfomso sen sɛ ɛyɛ wɔn mfomso.

Na anoyi a ɛto so anan no yɛ nea yɛtaa te mpɛn pii: “Sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a, anka ɔremma ɔko, awudi ahorow ne nneɛma bɔne afoforo a asisi ho kwan.” Sukuuni bi a ɔwɔ Hamburg kae sɛ: “Sɛ otumfoɔ bi wɔ hɔ a, dɛn nti na onsiw saa nneɛma no kwan?” Ɛda adi sɛ na osuani no abu n’ani agu nokwasɛm no so sɛ, sɛnea Bible kyerɛ no, Onyankopɔn abra saa nneɛma yi. Nanso eyi nsiw nnipa kwan wɔ saa nneɛma no a wɔbɛyɛ ho. Nanso, so nyansa wom sɛ yɛbɔ gyina asoɔden a nnipa reyɛ so aka sɛ Onyankopɔn nni hɔ? So asoɔden a abofra yɛ kyerɛ sɛ onni agya biara?

Mmere bi wɔ hɔ a nnipa agyina hɔ ahwɛ amumɔyɛ akɛse bi a ɛrekɔ so a wɔanyɛ biribiara sɛ wɔde besiw ano. Yebetumi aka sɛ ebia saa a wɔyɛe no ná eye anaasɛ enye, nanso so yebegye akyinnye sɛ nnipa a na wogyina hɔ saa bere no nni hɔ? Saa nso na, nnipa bebree bisa sɛ ebia ayɛ nea ɛfata sɛ Onyankopɔn ma nsɛmmɔnedi ho kwan, nanso eyi nyɛ nea ɛsɛ sɛ wogyina so gye akyinnye sɛ onni hɔ.

Ebia mmuae a yebenya wɔ asemmisa yi ho bɛyɛ te sɛ nea ɛyɛ den. Nanso, sɛ wuhu mmuae no a, ɛyɛ anigye ankasa. Ɛfa ntease a yebenya sɛ ɔsɛmpɔw bi asɔre a ɛregye teɛ a Onyankopɔn nniso teɛ ne nokware a n’asɛm yɛ ho kyim. Hu a yebehu sɛ, bere ho hia na wɔde asiesie ɔsɛmpɔw no nso boa yɛn ma yɛte nea enti a Onyankopɔn ama nsɛmmɔnedi ho kwan no ase. Misusuw sɛ, Bible nhoma Hiob (ti 1 ne ti 2) de nkyerɛkyerɛmu a ɛfata ma.

Wogye Di, Nanso Ɛnyɛ “Gyidi a Emu Yɛ Den”

Mmofra bebree nni nnyinaso ma wɔn nsusuwii ahorow no. Ebinom ka sɛ wogye di, nanso wonhu nea enti​—ebia wɔka no tiawa sɛ, “Efisɛ m’awofo gye di.” Afoforo nnye nni. Mpɛn pii no wɔka sɛ: “Nea mate wɔ Onyankopɔn ho no, ntease nnim papa.” Nanso so wɔahwehwɛ mu ahu sɛ ebia nea wɔate no yɛ nokware? Mmɔden bɛn na wɔabɔ de asusuw asɛm no ho?

Wɔ asuafo 66 a wɔwɔ kuw biako bi mu no, 29 gye toom sɛ na wonnim sɛ ebia wɔn awofo gye Onyankopɔn di anaasɛ dabi. Ɛda adi sɛ wɔ wɔn afie mu no, wɔmmɔ Onyankopɔn ho nkɔmmɔ. Bere a wonsusuw asɛm no ho yiye no, saa mmofra yi da so hu wɔn ho sɛ wɔwɔ “wɔn nsusuwii no . . . mfiase.”

Eyi te saa wɔ mpanyimfo bebree fam, nso. Asɛm bi a ɛwɔ German nsɛmma nhoma Der Spiegel mu gye toom nnansa yi sɛ gyidi a Germanfo fã kɛse no ara wɔ yɛ “anidaso sen gyidi, ɛyɛ nsusuwii ara kwa sen sɛ ɛyɛ gyidi a emu yɛ den.” Nanso wɔ ɔman a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo mu no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ eyi ba saa?

“Asɔre”​—“Ade a Ɛtoto Onyankopɔn ne Nnipa Ntam”

Mmofra bebree kyerɛ sɛ ɛsono Onyankopɔn mu gyidi na ɛsono “asɔre a wɔahyehyɛ” mu gyidi. Nokwarem no, nnipa bebree te nka sɛ ortodoks asɔre horow no nyɛɛ hwee sɛ wɔbɛma wɔn gyidi wɔ Onyankopɔn mu no akɔ anim. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔ mfe du a etwaam no nkutoo mu no, nnipa bɛboro 2,000,000 twee wɔn ho fii Katolek ne Lutheran Asɔre horow a ɛwɔ Germane no ho.

Amammui ne abakɔsɛm ho nimdefo bi kae sɛ ɛwom sɛ wɔde nyamesom tetee me de, nanso “ɛdenam nhwehwɛmu anaasɛ adesua a m’ankasa meyɛe nkutoo so na minyaa gyidi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.” Enti, saa mmofra yi reka sɛ: “Onyankopɔn, yiw​—Asɔre, dabi.”

Wɔ 1968 mu no ná Stern nsɛmma nhoma no rebɔ kɔkɔ dedaw sɛ: “Kristofo baasa biara a wɔwɔ Germane no mu biako rehwere [gyidi wɔ] Onyankopɔn mu.” ‘Na afei, ɛrekyerɛ wɔn a wodi ho sõ no, ɛde kaa ho sɛ: “Asɔfo na wɔreboa wɔn ma wɔayɛ saa.”

Ampa. Asɔfo a wɔde mfe bebree ahyɛ nkyerɛkyerɛ a ese “Onyankopɔn awu” ho nkuran no. Asɔfo a wɔasi yɛ-w’ankasa-w’ade so dua sɛnea ɛmfata wɔ “asetra mu asɛmpa” a wɔka mu na wɔapow Onyankopɔn ahenni, onipa haw ahorow ano aduru a efi soro no. Asɔfo a wɔakyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ ahorow a ntease nnim na ɛda adi pefee sɛ ennyina kyerɛwsɛm so wɔ ‘Onyankopɔn din mu no. Asɔfo a, sɛ́ kuw no, wɔayɛ nhwɛso bɔne no. Obi a ofi Germane Atifi fam kae sɛ: “Asɔre no mpo nyɛ ne nhyehyɛe sɛnea Bible kyerɛ.” Enti dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi foforo yɛ saa?

Ná aberantewa bi a ɔde abufuw kae sɛ “biribiara a ɛfa Asɔre ho yɛ nnaadaa” no rekasa ma nnipa pii. Wɔ ne fam no na “Onyankopɔn mu gyidi” ka “biribiara” no ho. Ɛwom, Asɔre horow no rekyerɛ sɛ wogyina ɔbɔadeɛ no anan mu, nanso wɔaka ne ho atosɛm ma enti wɔatumi adi nkonim sɛ wɔama wɔn ankasa nkurɔfo pii adwenem ayɛ wɔn nãa wɔ wɔ a ɔwɔ hɔ no ho.

Eyi nyɛ nea wonhui. Bibini aberante suani bi a ɔwɔ Hamburg a wotumi hu fii n’anim sɛ wɔadaadaa no no kae sɛ: “Mo Aborɔfo paa de! Mobaa Afrika bɛsakraa yɛn fii nea mofrɛ no abosonsom ho kɔɔ Onyankopɔn bi som mu a mprempren mihu sɛ mo mu biara nni ne mu gyidi mpo!”

Wɔ mmɔden bi a wɔrebɔ na wɔasan anya wɔn asɔremma a wɔahwere mu no, Katolek ne Lutheran Asɔre horow de anibere resusuw dawuru a wɔbɛbɔ a ɛbɛma nsɛmma nhoma akenkanfo ahu nea asɔre ahyɛ nkuran sɛ wɔnyɛ wɔ afã a wɔbɔ samina ne aduru a wɔde hohoro ɛsẽ ho dawuru no mfinimfini sɛ “yɛretɔn gyidi.” Sɛnea amanneɛbɔ ahorow kyerɛ no, nneɛma ho dawurubɔfo a wɔaben a wɔresiesie saa dwumadi nhyehyɛe yi ne wɔn ho yɛ adwene sɛ, “wɔrefa ɔkwan a atwam so atɔn ‘asɛmpa’ no mmom sen sɛ wɔbɛka no wɔ ɔkasa a nkurɔfo bɛte ase nnɛ mu.” Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔateɛ saa mfomso yi no, wɔasiesie nsɛm a ɛyɛ dɛ ne mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ ma wɔde atɔn wɔn nneɛma no.

Nanso sɛ́ wɔbɛbɔ mmɔden atɔn gyidi denam ntama fɛfɛ bi a wɔde bedura ho so no renkosi baabiara. Nea ɛho hia kɛse sen nea wɔde akyekyere ho no ne ade no ankasa. Nnipa​—titiriw mmofra​—pɛ sɛ wohu nea ɛsɛ sɛ wogye di, nea enti a ɛsɛ sɛ wogye di, nea enti a nyansa wom sɛ wogye di ne mfaso horow a wobetumi anya afi gye a wobegye adi no mu. Ne tiaa mu no, wɔpɛ sɛ wonya wɔn nsemmisa ho mmuae:

Sɛ́ wobesuasua Yesu nhwɛso pa de mmuae a emu da hɔ na ɛyɛ tẽe a efi Onyankopɔn Asɛm mu ama no, Kristoman mu Asɔre horow ne wɔn asɔfo de nkyerɛkyerɛmu atenten a ntease nnim adi dwuma, na ɛno kaa nneɛma ho adawurubɔfo a wɔaben no mu biako ma ɔkae sɛ: “Asɔre no yɛ ade a ɛtoto Onyankopɔn ne nnipa ntam.”

Mmofra a Yɛbɛboa Wɔn ma Wɔanya Gyidi a Emu Yɛ Den

Nea asɔfo a wɔwɔ Kristoman mu Asɔre horow mu antumi anyɛ no, Yehowa Adansefo rebɔ mmɔden kɛse ayɛ. Ɛdenam Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware a wɔma ebua mmofra a wɔrepɛ biribi ahu no nsemmisa so no, wɔrenya nkɔso. Osuahu a edi so yi a efi obi a mprempren ɔyɛ Yehowa Dansefo hɔ no yɛ emu titiriw:

“Asɔfo ammua nsɛm a mibisaa wɔn bere a na mekɔ sukuu ne bere a na mekɔ nhyira ho adesua no yiye, anaasɛ wɔammua koraa, na ɛde me sii saa beae yi a mintumi nka sɛ Onyankopɔn nni hɔ, nà nso mintumi nnye nni ankasa. Nanso mansusuw asɛm no ho pii. Efisɛ, wɔn a wɔakɔ asɔfo sukuu akɔ anim mpo no, ɛsono adwene a wɔn mu biara kura wɔ Onyankopɔn ne Bible no ho. ‘Sɛ asɔfo a wɔasua Onyankopɔn ho ade wɔ ntoaso sukuu mu ntumi nte Bible ase a, ɛnde ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ nhoma a wontumi nte ase ne nea ɛbɔ no ho abira.’ Eyi ne nea migye dii kɛse.”

Saa asɛm yi ka sɛnea mmofra mpempem a wɔwɔ hɔ nnɛ no te nka. Bebree wɔ ɔpɛ no ne hia a ehia sɛ wogye di ho adwene; nea mpɛn pii enni hɔ ne ntease a ɛsɛ sɛ wogyina so yɛ saa. Wɔda so wɔ “wɔn nsusuwii no . . . mfiase.” Asɛm a abofra bi a ɔkyerɛkyerɛ nea enti a ɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo mu biako mu kae no yɛ eyi ho nhwɛso.

“Na migye di bere nyinaa sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, nanso na minni atirimpɔw a na ɔwɔ ma asase anaasɛ adesamma no ho adwene biara. Ɛdefa nea asetra kyerɛ ankasa ho de, ná mewɔ sum kabii mu. Mibisaa Ɔdansefo bi a na ɔbɛsra me dapɛn biara no nsɛm ahorow. Mebɔɔ mmɔden sɛ mesusuw nsemmisa a ɛyɛ den ho de ama no, na na migye di sɛ ɔrentumi mma ho mmuae. Otumi maa ho mmuae. Ná wuntumi ntu no ngu, na onyaa Bible mu mmuae maa asemmisa biara. Ɔsɔfo biara nni hɔ a na wama mate Bible ase sɛnea ɔyɛe no.”

Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ wobɛte sɛnea Bible mu mmuae horow betumi ahyɛ gyidi a obi benya sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no mu den na ama no awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛyɛ biribi na wadi adesamma haw ahorow ho dwuma denam N’ahenni so! Na, Alan, migye di sɛ w’ani agye sɛ woate sɛ, ɛwom sɛ mmofra bebree a wɔwɔ Germane ha nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ de, nanso afoforo a wɔdɔɔso yiye gye di. Anidaso wɔ hɔ sɛ mmofra bebree a “afei na wɔresusuw asɛm no ho” anaasɛ “wɔasusuw ho a wɔn adwenem ayɛ wɔn basaa . . . wɔ wɔn gyinaesi mu,” na wɔn gyidi yɛ “nsusuwii hunu” sen sɛ ɛyɛ “gyidi a emu yɛ den” no, benya adesua hokwan ahorow a Yehowa Adansefo de ma a wonnye hwee no mu mfaso na wɔnam saa so anya wɔn Bible mu nsemmisa ho mmuae.

Wiɛ, m’ani agye ho sɛ me ne wo abɔ nkɔmmɔ, Alan, sɛ ɛnam krataa kyerɛw so mpo a. Mewɔ anidaso sɛ mɛte wo nka ntɛm, na mede me Kristofo dɔ nkyia a emu yɛ hyew ma wo, masi ha

W’adamfo,

[Na ɔde ne din hyɛɛ ase, Johann]

[Kratafa 21 mfoni]

“Minhuu Onyankopɔn da”

[Kratafa 22 mfoni]

“Onyankopɔn mmoaa me da”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 23]

Asɔre Ahorow No Rema Bebree Ahwere Gyidi

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 24]

‘Asɛm Biara a Mibisae No, Ná Ɔdansefo a Ɔbɛsraa Me No Wɔ Mmuae a Efi Bible Mu’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena