Mmofra Bisa Sɛ . . .
So Biribi Wɔ Hɔ A Ɛfata Sɛ Wogye Di?
“MMOFRA a me ne wɔn kɔ sukuu no nnye amansɛm anaa biribi foforo biara nni,” saa na Anne-Lynne, a ɔwɔ afe a ɛto so du wɔ sukuu mu a ofi California no kae. Ɛnde, dɛn na ɛyɛ ade titiriw ma wɔn? “Sɛ́ wɔbɛma wɔn ho atwa—ayi wɔn ti nhwi kama, asiesie wɔn ho fɛfɛɛfɛ.” Mmofra a wɔwɔ United States nyinaa tĩi n’asɛm yi mu kae. So saa na wo nnamfonom hwɛ ade nen?
So ná wunim sɛ Nea Ɛto so Abien a ɛhaw Amerikafo mmofra ne wɔn ho a wokum? Dɛn na atõto? Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi wɔ Sukuupɔn bi mu daa no adi sɛ Amerika sukuupɔn mu nhomasuafo hu wɔn asetra sɛ ɛyɛ nea anidaso ne atirimpɔw biara nni mu. So wote nka saa ara? So wo yam a anka w’asetra ayɛ nea atirimpɔw bi wom?
Mmofra a wɔwɔ aman afoforo so te nka saa ara. Fransefo atesɛm krataa Le Monde ka ‘nsakrae a ɛrekɔ so ne owu wɔ Fransefo mmofra mu’ ho asɛm. Wɔ Japan no, nhwehwɛmu bi daa no adi sɛ Japanfo mmofra ɔha biara mu 20 pɛ na wɔde nneɛma a wɔn ani gye ho bɛbɔ afɔre ama wɔn mfɛfo a wɔyɛ wɔn manfo yiyedi. Mmofra a wɔne wɔn kasae no bebree nnye tete Japanfo adwene a ɛne ɔman no yiyedi a wɔde di wɔn de anim no nni bio.
June, a onnya nnii mfe aduonu a ɔwɔ New York Kurom se: “Ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛte nka sɛ wɔapow wo, te sɛ nea obiara mpɛ sɛ otie wo ankasa. Me nnwom a mepɛ fa abofra a obiara nka mmɛn no ho. ‘N’awofo, n’akyerɛkyerɛfo, anaa obiara nte no ase. Ɔte nka sɛ ɛte sɛ nea ɔfasu bi a wonhu atwa ne ho ahyia. Ɛtɔ bere bi a mihu sɛ ɔte sɛ me ara.”
Mpanyimfo pii kasa tia rock nnwom. Nanso nokwasɛm no ne sɛ saa nnwom yi taa da basaa a mmofra ayɛ ne wɔn haw ahorow adi. Abofra bi a ofi California paw dwom bi a aba so nnansa yi. Ɔkae se: “Asɛm a dwom no gyina so yɛ nea aba nni mu. Asɛm a ɛwɔ dwom no mu ne sɛ, sɛ mmofra te sɛ mpanyimfo rekasa akyerɛ wɔn a, ɛyɛ nsɛm pii a ntease biara nnim ara kwa. Obiara onnye nea woreka no nni.”
Ɛbɛyɛ dɛn na mmofra agye amansɛm adi bere a amansɛmdifo de wiase no abɛn nuklea akodi pɛɛ, na wɔda so ara reyɛ atopae no? Na nyamesom ɛ? Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe mu no, mmofra ɔha biara mu 40 buu asɔfo a wɔwɔ baabiara sɛ wɔte sɛ nnipa afoforo no ara anaasɛ wɔba fam koraa sen saa wɔ nokwaredi ne abrabɔ pa mu! So ɛyɛ nwonwa sɛ mmofra hwɛ yiye wɔ biribi a wobegye adi mu?
Nsemmisa Atitiriw Ho Mmuaema
Ná David a mprempren ɔyɛ aberante no nnya nnii mfe aduonu wɔ 1960 mfe a na emu ayɛ bagyabagya no mu. Ose: “Sɛ́ ntoaso sukuu muni no ná wiase tebea horow no, titiriw akodi ama mayɛ basaa. Ná menyɛ obi a m’ani gye nyamesom ho kɛse, nanso mekae da koro anadwo bi a na migyina kwan ho repɛ kar a na merebɔ mpae sɛ, sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a, mesrɛ no ɔmmoa me na mente nea enti a ɔhaw ahorow wɔ asase so no ase.”
Ɔtoa so sɛ: “Minnye nni sɛ mehwɛɛ me mpaebɔ no ho mmuae kwan ankasa, nanso obi a ɔne me mfe bɛyɛ pɛ a na ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako faa me saa anadwo no. Yefii ase bɔɔ nea Bible no ka fa akodi ho ho nkɔmmɔ, na misusuw sɛ na otumi hu sɛ m’ani agye, efisɛ ɔde me kɔɔ ne fi, na yɛtraa ase bɔɔ nkɔmmɔ araa maa anadwo dumien bɔ twaam.
Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mihui sɛ na Bible no aka wiase ɔhaw ahorow a na etu me koma no ho asɛm ato hɔ! Mekenkan Mateo ti 24, faako a Yesu hyɛɛ nkɔm a ɛfa bere a nea ɛbɛhyɛ no agyirae ne ɔko a ɛbɛpae agu mpofirim, a nea ebedi akyi aba ne aduankɔm, nsasewosow ne wiase nyinaa amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso no. Na ɛte sɛnea afeha a ɛto so 20 yi ho asɛm na na ɔreka.
“Me ho dwirii me sɛ saa nneɛma yi wɔ Bible mu! Bere nyinaa ná mibu Bible no sɛ nyamesom nhoma bi ara kwa a wɔde ayɛsɛm ne abebusɛm ahorow kakra aka ho na ama ayɛ dɛ. Ɔdansefo no maa me Bible saa anadwo no na mifii ase kenkanee.”
Ohu Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Ogye Di
Nea abofra yi kenkanee no sakraa n’abrabɔ. Ose: “Yesu su a ɛyɛ nwonwa no kaa me. Ná m’asɔre no ma menya adwene no bere nyinaa sɛ na Yesu yɛ onipa bi a ɔyɛ mmerɛw a ɔsɛee ne bere de nkurɔfo bɔne firii wɔn. Bible no da no adi sɛ ɔkannifo a ɔyɛ den, obi a na onsuro sɛ ɔbɛkasa atia nyamesom mu nyaatwomyɛ denneennen ne ɔbarima a ɔyɛ nam a ɔpam sikasesafo fii asɔrefi hɔ. Ɔkannifo a ná metumi agye no adi ni!
“Ade foforo a ɛdaa adi ne Yehowa Nyankopɔn din ne ne su. Ná m’asɔre no adwene atu afra wɔ onipa ko a Onyankopɔn yɛ no ho, na na me nso saa ara. Na Onyankopɔn yɛ obi a ɔwɔ akyirikyiri a wommu no a na onni din mpo. Ɛte sɛnea na ne su titiriw ara ne sɛ ɔyɛ anibiannaso a ogye biribiara tom, a bɔne ka ho, a asɔre no frɛɛ no nyamesom kwan so sɛ ‘ne dɔ a enni ano’ no. Mekae sɛ me ho dwirii me bere a metee nka da koro bi, ɛbere a merekenkan Yesaia nkɔmhyɛ no, sɛ Onyankopɔn betumi ayɛ obi a ɔka anim no! Mihui sɛ na Onyankopɔn wɔ adwene pɔtee wɔ nneɛma ho na mpo nneɛma tumi yɛ no srew, ne sɛ ɔnyɛ Ade a nkwa fi mu ba ara kwa na mmom Onipa ankasa a ɔwɔ din—Yehowa.”—Dwom 83:18.
David ka sɛ: “Eyi nyinaa gyee bere ansa na ɛresian akɔ me mu. Ná m’adwene atu afra! Bere a ɔdansefo no kyerɛɛ me Bible no bɔhyɛ sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛma nsɛmmɔnedi agyae no, mantumi annye anni. Misusuwii sɛ ɛyɛ anigye dodo sɛ ebetumi ayɛ nokware, te sɛ biribi a ɛyɛ anansesɛm.
“Nanso ɔsɛnkafo nhoma no adwene ankasa pɔtee a ekura wɔ asetra ho a mekenkanee no boa ma migye dii sɛ Bible no nyɛ nhoma a anansesɛm na ɛwom. Afei nso nnipa a minhyiaa wɔn wɔ Yehowa Adansefo asafo a ɔwɔ baabi a mewɔ no mu no maa m’ani gyei. Ɛwom sɛ na wɔnyɛ pɛ de, nanso na wɔatumi ayɛ nsakrae ahorow wɔ wɔn asetra mu. Ɛnyɛ ka nko na Adansefo no ka onuadɔ ho asɛm na mmom wɔyɛ so ade denam ayamye mu a wofi kɔsra wɔn mfɛfo na wɔde wɔn ho ma sɛ wɔbɛboa wɔn ma wɔasua Bible no so. Asafo no bɔɔ mmɔden kyerɛɛ me Kristofo dɔ. Nea ehia titiriw no, na wɔwɔ biribi a ɛyɛ den a wogye di na ɛma wonyaa atirimpɔw wɔ asetra mu a m’ani beree.”
Wɔ ne mpaebɔ wɔ saa kwan no so akyi mfirihyia abiɛsa no, aberante yi bɛyɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Ɔkae sɛ, “Ansa na merebesua Bible no, misusuwii sɛ Onyankopɔn mu gyidi a mewɔ asa, nanso nokwarem no na minnim nea gyidi kyerɛ. Misusuwii sɛ na masua ade yiye, nanso Bible a mibuu m’ani guu so no yɛ nwonwa.”
No Wo Nso Ɛ?
Sɛ amammui ne nyamesom mu mpanyimfo a wɔwɔ wiase yi mu ama woayɛ basaa a, ɛnyɛ wo nkutoo. Nanso mma abasamtu nsiw wo kwan ma wunnyae biribi ankasa a ɛfata sɛ wogye di a ebetumi ama woanya atirimpɔw ankasa wɔ asetra mu ho nhwehwɛmu a wobɛyɛ no. So wopɛ sɛ wote nea enti a akodi, nsɛmmɔnedi ne amanehunu wɔ wiase no ase ankasa? Yehowa Adansefo betumi akyerɛ wo Bible nkyerɛkyerɛmu a ɛma akomatɔyam no. So ɛte sɛnea w’asetra ayɛ nea anidaso ne atirimpɔw biara nni mu? Ebetumi ayɛ nea atirimpɔw wom! Yehowa Nyankopɔn ani gye ho sɛ ɔbɛboa wo ma woanya asetra a atirimpɔw wom. Dɛn nti na wumfi koma pa mu mmɔ no mpae nhwehwɛ mmoa a ɛte saa? Afei yɛ nea ɛne wo mpaebɔ no hyia denam wo Bible no a wobɛkenkan ne Yehowa Adansefo no mu biako a wobɛka akyerɛ no ma wabɛboa wo ma woate ase no so.
So biribi wɔ hɔ a ɛfata sɛ wogye di? Yiw! Sɛ wohwehwɛ mu mprempren a ɛbɛma woanya anigye.
[Kratafa 14 adaka]
“Nhyira ne wɔn a wɔte wo fi, wɔbɛkɔ so ayi wo ayɛ. Nhyira ne onipa a n’ahoɔden wɔ wo mu, na w’atempɔn wɔ ne komam. . . . Wɔnantew fi ahoɔden mu kɔ ahoɔden mu bepue Onyankopɔn anim. . . . Na wo fi dakorodi ye sen nna apem. Mepɛ me Nyankopɔn fi nammɔnnampan mu tra mmom sen sɛ mɛtra abɔnefo ntamadan mu.”—Dwom 84:4, 5, 7, 10.
[Kratafa 12 mfoni]
‘Me nnwom a mepɛ fa abofra a n’abusuafo anaa obiara nte no ase ho. Ɛtɔ bere bi a mihu sɛ ɔte sɛ me ara’
[Kratafa 13 mfoni]
Ɛbɛyɛ dɛn na mmofra atumi agye nhyehyɛe a ɛde wiase no abɛn nuklea ɔsɛe pɛɛ no adi?
[Kratafa 14 mfoni]
Ne ho dwirii no wɔ nea ohui wɔ Bible mu no ho—ɛnyɛ nea n’asɔre no ma ɔhwɛɛ kwan no koraa