So Nkrabea Di W’asetra So?
ƐTƆ BEBE bi a nneɛma ahorow ma nnipa susuw sɛ nkwa ne owu yɛ nea nkrabea na edi so. Wote nneɛma ahorow a ɛyɛ nwonwa ho asɛm wɔ afoforo asetra mu, sɛnea wowu anaa wonya nkwa wɔ tebea horow a ɛyɛ nwonwa mu. Ebia wobebisa sɛ: So na ɛsɛ sɛ ɛba saa? So wɔahyɛ yɛn mu biara bere ato hɔ?
Fa asiane bi a ɛbae July 25, 1956 anadwo, bere a Swedenfo po so hyɛn kɛse a wɔde fa nnipa a wɔfrɛ no Stockholm no ti kɔpem Italiafo po so hyɛn a wɔfrɛ no Andrea Doria no nkyɛn mu wɔ po so no sɛ nhwɛso. Stockholm no ano kowuraa Andrea Doria no hyɛn mu dan a ɛto so 52 ɛmu, kɔhyɛɛ Linda Morgan a wadi mfe 14 no mpa a ɔda so ase na epagyaa no. Bere a ɛresan n’akyi no ɛmaa no so bɔkɔɔ a hwee anyɛ no fi dade bi akyi kowuraa Stockholm no mu. Andrea Doria no kɔɔ nsu no ase, nanso Stockholm no de ɛtɛn nsu no ani.
Stockholm no mu hyɛnkafo panyin kae sɛ ɛnam “anwonwa kwan” so na wogyee Linda Morgan nkwa. Nanso, ne nuabea a wadi mfe awotwe, ne na ne akwantufo afoforo 46 wuwui wɔ saa asiane no mu. So wowuwui esiane sɛ “wɔn bere asõ” nti anaa? So wɔkoraa abofra kumaa Linda so esiane sɛ ná ne bere nsoe nti anaa?
Dɛn ne Nneɛma Ahorow a Gyidi wɔ Nkrabea mu De Ba?
Sɛ nkrabea na edi obiara asetra so ampa a, ɛbɛkyerɛ sɛ ná ɛsɛ sɛ nkrabea hyehyɛ sɛ ahyɛn abien no biara betwam wɔ ɔfoforo kwan mu bere koro no ara mu pɛpɛɛpɛ na wɔapem sɛnea wɔyɛe no pɛpɛɛpɛ ma akunkum nnipa a wɔwom a ná wɔn bere asõ pɛpɛɛpɛ no.
Enti, asiane kɛse biara anaa ɔyare anaasɛ nea ɛde owu ba biara a ɛwɔ wiase no yɛ nea ɛsɛ sɛ wodi kan hyehyɛ a wɔn a wɔn bere asõ no ntumi nkwati. Nnuru anaa ahwɛ yiye biara nni hɔ a ɛbɛboa. Ɛnde na anka Engiresini anwensɛm kyerɛwfo James Shirley asɛm a ɔkyerɛwee no bɛyɛ nokware sɛ: “Akode biara nni hɔ a wɔde tia nkrabea.”
Susuw ho. So ɛno remma nkrabea mmɛyɛ ade a edi yɛn nneɛma nyinaa so? So nkrabea ho adwene a ɛte sɛɛ remma wɔn a wogye di no abasam ntu na ama wɔagyae sɛ wobefi ase ayɛ biribi wɔ asetra mu?‘
Ɛda adi sɛ, sɛ saa “Nkrabea a Wontumi Nyɛ Ho Hwee” yi wɔ hɔ ampa a, ɛnde na ne tirim yɛ den paa, na ɔyɛ ade a ɛnteɛ. Ɔkata n’ani susuw obiara nna, a onsusuw ho kakraa sɛ onipa no pɛ sɛ ɔtra ase anaa ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛhwɛ ne nkwa so. Ɔhwehwɛ sɛ obiara de ne ho hyɛ n’ase koraa.
Sɛ gyidi a ɛte sɛɛ yɛ nokware a, dɛn nti na wohwɛ yiye bere a woreka afiri? Dɛn nti na wugyae sigaretnom, asanom bebrebe, nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so? Dɛn nti na ɛyɛ a wukohu oduruyɛfo anaa woyɛ ɔprehyɛn? Dɛn nti na wusua asuguare? Dɛn ntia—sɛ wɔakan wo nna dedaw na wɔadi kan ahyehyɛ wo wu a?
So Onyankopɔn Hyehyɛ Wo Nkwa To Hɔ?
Nnipa binom gye di sɛ Onyankopɔn na ɔhyehyɛ biribiara. Wosusuw sɛ Onyankopɔn nim biribiara a ɛrebɛba wɔn so dedaw. Enti, wosusuw sɛ biribiara a esi no yɛ nkrabea, efisɛ nea Onyankopɔn nim dedaw sɛ ebesi no woyɛ dɛn ara a ebesi. Nanso, so eyi nyɛ Onyankopɔn a wɔde no si nkrabea koro no ara ananmu? So saa gyidi yi renkowie ade koro no ara a nkrabea mu gyidi de ba no mu?
Onyankopɔn Asɛm Bible no nkyerɛkyerɛ nkrabea ho adwene a ɛte sɛɛ. Mmom no, ekura ɔkwan a obi fa so, ne nea efi mu ba ho mmara titiriw a ntease wom no mu pintinn, ka sɛ: “Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.”—Galatifo 6:7.
Bio nso, Bible no kyerɛkyerɛ mu wɔ ɔkwan a ɛyɛ nokware ankasa so, nea ɛhyɛ nneɛma ahorow a ɛyɛ nwonwa a ɛtɔ da bi a ɛba nkurɔfo so no mu pii akyi. Ɛkyerɛ sɛ nneɛma atitiriw abien na ɛde ba, a ɛne, “ɛbere ne akwanhyia.” (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Fa eyi toto nea ɛtoo Linda Morgan saa anadwo no wɔ Andrea Doria mu no ho na wobɛte nea enti a ɛbaa saa no ase.
Ɛnde, Hena na Odi W’asetra So?
Onyankopɔn ma obiara nea ɔpɛ ho kwan. Ɛnam Mose so no, Onyankopɔn tuu Israelfo no fo sɛ: “Mede nkwa ne owu, . . . masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefo nnya nkwa, na dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho.”—Deuteronomium 30:19, 20.
Da koro bi obi bisaa Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, nnipa dodow a wobegye wɔn nkwa. Nea ɛne nkrabea nkyerɛkyerɛ a ebetumi de anibiannasoyɛ aba bɔ abira no, Yesu ka kyerɛɛ n’atiefo no sɛ: “Mompere nhyɛn ɔpon teatea no mu!” Wɔ ɔkwan foforo so no, wɔabue ɔpon a ɛkɔ nkwagye mu; Onyankopɔn nnii kan mmuu obiara fɔ, na mmom mmɔden ankasa a obi bɛbɔ ma ɔde asiesie n’asetra na wɔhwehwɛ na ama watumi ahyɛn mu. Luka 13:24.
Ɛdenam Ne honhom kronkron no so no Onyankopɔn hyɛɛ ɔsomafo Petro den ma ɔkyerɛɛ nkurɔfo nea ɛsɛ sɛ wɔn ankasa yɛ na wɔafata ama nkwagye. Petro kae sɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa] din no, wobegye no nkwa.” Nneɛma a ɛho hia titiriw ma nkwagye no mu biako ne sɛ wobɛdan aba nokware Nyankopɔn a ne din ne Yehowa no nkyɛn, abɔ no mpae na woasom no.—Asomafo no Nnwuma 2:21.
Na, wɔ Bible no awiei koraa no, wubetumi ahu sɛnea Onyankopɔn nam ne honhom no so to nsa frɛ obiara sɛ: “Nea ɔpɛ mmegye nkwa nsu no kwa.”—Adiyisɛm 22:17.
Ɔkwan bɛn so na saa Bible mu nsɛm ahorow yi da Onyankopɔn adi? Ɛnyɛ sɛ obi a ne tirim yɛ den a ɔnam nkrabea so di w’asetra so, na mmom sɛ Onyankopɔn a ɔyɛ mmɔborohunufo, ɔteɛ na ɔwɔ ɔdɔ a ɔma wo hokwan a ɛfata, ɔde wo pɛ ma wo, na ɔhyɛ wo nkuran sɛ yɛ nea ɛteɛ na woanya nkwagye ne daa nkwa. Ɔrenyɛ saa, sɛ onim sɛ wɔahyehyɛ wo biribiara ato hɔ dedaw wɔ ɔkwan bi so a ɛfa nkwa ne owu ho a.
Dabi, nkrabea nni w’asetra so. Na ɛnyɛ Onyankopɔn nso na wahyehyɛ biribiara ato hɔ dedaw. Wo nkwa wɔ w’ankasa nsam. Awiei koraa no nea efi mu ba no gyina nneɛma ahorow a w’ankasa wopɛ ne nea wopaw so. Ɛbɛyɛ dɛn?