Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 8/15 kr. 3-4
  • So Nkrabea Mu Gyidi Di W’asetra So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Nkrabea Mu Gyidi Di W’asetra So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nyamesom Afã
  • Sika pa a Wɔtow Kɔ Soro De Bisa Ade ne Nsoromma mu Hwɛ
  • Ɛyɛ Nkrabea Anaa Ɛbɛbɔɔ mu Kwa?
    Nyan!—1999
  • So Bible no Kyerɛkyerɛ Nkrabea Mu Gyidi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nkrabea—So Ɛno Na Ɛkyerɛ Sɛnea Wo Daakye Bɛyɛ?
    Nyan!—1985
  • So Ɛsɛ Sɛ Nkrabea Di W’asetra So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 8/15 kr. 3-4

So Nkrabea Mu Gyidi Di W’asetra So?

ASIANE bi sii September 1988 mu. Nsubɔnten Ganges ne Brahmaputra abɔe no mu nsu a ano yɛ den no yirii kɔɔ soro koduu anammɔn 30 na ɛkataa Bangladesh mu nkyem anan mu abiɛsa so. Nsu faa nnipa ɔpepem pii. Nnipa bɛyɛ 37,000,000 afie sɛee. Akwan bɛboro akwansin 40,000 so katae.

Esiane sɛ nsuyiri a ɛtete sɛɛ abu afa Bangladesh so bere ne bere mu nti, atesɛm krataa bi frɛɛ ɔman no “Nkrabea Abɔe.” Saa nkyerɛkyerɛmu no da nea nnipa pii bu no sɛ ɛno ne ade a ɛde asiane ahorow a ɛyɛ hu saa ba no adi: hyɛbea, anaa nkrabea.

Ɛwom sɛ ebia afoforo te nka sɛ nkrabea nni asetra so de, nanso ɛyɛ nokware sɛ nkrabea ho adwene horow atrɛw wɔ wiase nyinaa. Dɛn nti na pii gye nkrabea di, na dɛn ne nkrabea?

Nyamesom Afã

Asɛmfua “nkrabea” no fi Latin asɛmfua fatum a ɛkyerɛ “nea wɔaka” no mu.a Nkrabeafo gye di sɛ wodi kan hyehyɛ nsɛm a ebesisi no ne sɛ adesamma nni tumi biara a wɔde bɛsakra nneɛma. Nyamesom ahorow atrɛw saa nsusuwii yi mu na akyerɛ wɔn a wogye di no ɔpepepem pii adwene kwan. Sɛ yetwa yɛn ani hwɛ wiase nyamesom akɛse abiɛsa a ɛsen biara no mu a yehu sɛ wɔka nkrabea ho asɛm akwan a ɛsonsonoe pii so​—ɛsonsonoe sɛnea Hindufo asɔrefi, Nkramofo adan, ne Kristoman asɔredan ahorow sonsonoe no.

Sɛ nhwɛso no, Nkramofo bɛyɛ ɔpepem 900 a wɔwɔ wiase no kyerɛ sɛ ɔsoro apɛde na ɛhyehyɛ nkrabea (Kismet).b Koran ka sɛ: “Bɔne bi mma asase so . . ., gye sɛ ɛwɔ nhoma mu ansa na yɛama aba.” “Na ɔkra bi renwu gye sɛ Allah ama kwan; wɔahyɛ bere no.”​—Surah 57:22; 3:145.

Karma ne nea ɛma biribi ba ne nea efi mu ba ho mmara​—nkrabea fã foforo​—ɛka Hindufo bɛyɛ ɔpepem 700 a wɔwɔ wiase nyinaa no asetra. Wɔkyerɛ sɛ nsɛm a esisi wɔ Hinduni asetra a ɔwɔ mu mprempren mu no yɛ nea ne nneyɛe wɔ n’asetra ansa na wɔresan awo no bio mu na ɛhyɛ too hɔ. Garuda Purana a ɛyɛ tete Hindu nkyerɛwee bi no se: “Obi ankasa nnwuma a ɔyɛe wɔ ne kan asetra bi mu no na ɛkyerɛ su a obenya wɔ asetra a edi hɔ no mu, ne nyarewa, sɛ ɛyɛ ɔhonam anaa adwene mu de, a ɛbɛbɔ no no . . . Nea wɔahyɛ sɛ onipa benya wɔ asetra mu no na onya.” Kristoman mufo bɛyɛ ɔpepem 1,700 no nso ɛ? Yegye tom sɛ ebinom a wɔwɔ Kristoman mu kyerɛ sɛ wɔde Onyankopɔn asi nkrabea ananmu, na wɔde adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn ahyɛ biribiara ato hɔ no asi nkrabea gyidi ananmu. Nanso Encyclopœdia of Religion and Ethics gye tom sɛ: “Wɔrentumi nka sɛ Kristosom . . . ade ne ho koraa afi Nkrabea mu gyidi no ho.” Asɔre ahorow bi da so ara kyerɛkyerɛ gyidi a na afeha a ɛto so 16 mu ɔsesɛwfo Martin Luther a ɔkae bere bi sɛ onipa “nne ne ho te sɛ nea duasin, ɔbo, ɛfã, anaa nkyene siw nne wɔn ho no” kura no.

Sika pa a Wɔtow Kɔ Soro De Bisa Ade ne Nsoromma mu Hwɛ

Ɛwom sɛ Kristoman asɔre akɛse no gyidi horow akata nsusuwii katee a ɛtete saa no so mprempren de, nanso onyamekyerɛfo bi gye tom sɛ emufo da so ara pene gyidi no so “wiasefo kwan bi so.” Saa kwan no so no, ebia nkrabea ho anigye a wɔwɔ no rentra hɔ nkyɛ na wɔfrɛ no akraye. Ebia wunim nnipa pii a wɔtow sika pa kɔ soro nnakoro nnakoro bi de pɛ akraye, anaasɛ nkrabea. Ebia wɔbɛbɔ mmɔden abɔ agu sɛ ɛyɛ amanne ara kwa de, nanso wɔkɔ so yɛ, na ɛtɔ mmere bi a, ɛte sɛ nea ɛyɛ adwuma ma wɔn. Sɛ nhwɛso no, The New York Times bɔɔ amanneɛ nnansa yi sɛ ɔbarima bi a ɔte United States huu sɛ kaprɛ (sika pa) bi da fam a na eti no hwɛ soro bere a na wakɔtɔ lotto nkrataa akyi no. Ɔkae sɛ: “Bere biara a mehu sɛ kaprɛ da fam a eti no hwɛ soro no, minya adepa bi.” Saa asɛm yi mu no, odii dɔla ɔpepem 25.7. So wugye di sɛ gyidi a ɔwɔ wɔ akraye, anaa nkrabea mu no ano abrɛ ase?

Ebinom mfa sika pa a wɔtow kɔ soro de bisa ade no asɛnhia biara. Nanso, ebia wogye di sɛ nsoromma dwumadi​—nkrabea mu ade foforo​—na ɛkyerɛ nea wɔn daakye bɛyɛ. Amerika Kusuu Fam nkutoo no, atesɛm nkrataa bɛyɛ 1,200 na wɔwɔ afã a ɛka nsoromma mu hwɛ ho nsɛm. Nhwehwɛmu bi kyerɛe sɛ mmofra a wɔwɔ United States no mu ɔha biara mu nkyem 55 gye di sɛ nsoromma mu hwɛ tumi yɛ adwuma.

Yiw, sɛ́ wɔfrɛ no Kismet, Karma, Onyankopɔn, akraye, anaasɛ nsoromma no, nkrabea mu gyidi atrɛw wiase nyinaa na ayɛ saa mfe pii. Sɛ nhwɛso no, so na wunim sɛ abakɔsɛm mu nnipa a wɔabobɔ wɔn din wɔ ha no nyinaa mu no, obiako pɛ na onnye nkrabea nni? Hena na wannye anni? Na ɔkwan bɛn so na adwene a na okura wɔ nkrabea ho no betumi aka w’ankasa de?

[Ase hɔ nsɛm]

a Encyclopedia of Religion, Po 5, kratafa 290, kyerɛ sɛ: “NKRABEA: Efi Latin asɛmfua fatum (biribi a wɔaka, nkɔmhyɛ mpaemuka, ɔsoro gyinaesi) mu.”

b “Kismet yɛ soronko wɔ Nkrabea ho wɔ ka a wɔka ho asɛm sɛ ɛyɛ Apɛde a ɛwɔ biribiara so tumi no mu nkutoo; nea adesamma bɛyɛ wɔ emu biara ho no yɛ ɔkwa.”​—Hasting Encyclopœdia of Religion and Ethics, Po V, kratafa 774.

[Adaka wɔ kratafa 4]

HENANOM NA NA WOGYE NKRABEA DI?

Maskarīputra Gośāla Yesu Kristo

Indian ɔhotuafo, Kristosom farebae,

Afeha 6/5 A.Y.B. Afeha 1 Y.B.

Zeno a ofi Citium Jahm, Safwān ba

Helani nyansapɛfo, Ɔkramoni ɔkyerɛkyerɛfo,

Afeha 4/3 A.Y.B. Afeha 8 Y.B.

Publius Vergilius Maro John Calvin

Romani anwensɛm kyerɛwfo, Franseni nyamekyerɛfo ne

Afeha 1 A.Y.B. ɔsesɛwfo, Afeha 16 Y.B

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena